Asɛmpatrɛwfo—Hann Adwumayɛfo Anaa Esum De?—Ɔfã 5
Asɛm Foforo ma Wiase Foforo
WODII kan frɛɛ Kusuu ne Kesee Fam Amerika nsase no Wiase Foforo wɔ 1516 mu. Bere a Columbus “hui” wɔ 1492 mu no, ohui nso sɛ na nnipa tete hɔ dedaw na wɔatra hɔ mfehaha pii. Nanso saa bere no ne bere a edi kan a Amerika Asase no Sotefo tee atoro Kristosom ho asɛm. Na eyi bɛkyerɛ dɛn ama Wiase Foforo no?
Na aka kakra ma Katolek Asɔre no adi Europafo asetra so tumi korakora mfehaha pii. Ɛkame ayɛ sɛ ɛhyehyɛɛ nnipa asetram biribiara ho gyinapɛn ne mmara a na wɔn ammamuisɛm ka ho. Asɔre ne Ɔman nkabom a ɛte saa, apam a na ɛde Kristofo Mmeamudua ho Akodi aba no nso bedii Wiase Foforo no so.
Sidney H. Rooy a ɔwɔ Educación Teológica a ɛwɔ Buenos Aires kyerɛw sɛ ebeduu afeha a ɛto so 15 no mu no, na Spania ahemfo gye tom sɛ “Spania ahenni no yɛ adwinnade a Onyankopɔn apaw a ɔde regye Wiase Foforo no nkwa.” Pope no twaa hye too Atlantic mu de kyɛɛ tumi a wɔwɔ wɔ asase foforo a wohui no so mu yɛɛ no kusuu ne kesee fam de maa Spain ne Portugal. Wɔ 1494 mu no, aman abien no yɛɛ apam de piaa hye no kɔɔ atɔe fam akyirikyiri. Enti, bere a Spain faa Amerika Mfinimfini Fam ne Kesee Fam no, Portugal kɔfaa Brazil a saa bere no na n’apuei fam mpoano da ɔhye no apuei fam no. Sɛnea Rooy kyerɛ no, aman abien no kyerɛkyerɛɛ pope mmara a ɔhyɛe no ase sɛ ɛkyerɛ sɛ “asɛmpa a wɔbɛka akyerɛ nsase no sotefo no ka ɛso tumidi no ho.”
Wiase Foforo no so Nkonimdi
Ná asɔfokuw a wɔahyɛ da apaw wɔn sɛ wɔnkɔsakra asase no sotefo no ka Columbus ho wɔ n’akwantu a ɛto so abien no mu wɔ 1493 mu. Efi saa bere no reba no, Europafo a wɔko peree nsase ne asɛmpatrɛwfo yɛɛ adwuma boom de dii Wiase Foforo no so.
Hernán Cortés duu ɔman a wɔfrɛ no Mexico nnɛ no mu wɔ 1519 mu a na ɔsraani sɔfo ne asɔfo afoforo ka ne ho. Asɛmpatrɛwfo no dodow kɔɔ anim koduu 800 wɔ mfe 50 mu. Na afoforo 350 wɔ Peru, baabi a na Francisco Pizarro adu hɔ wɔ 1531 mu no.
Pope mmara horow a ɔhyehyɛe wɔ 1493 mu no maa wiase tumidifo no nyaa abrabɔ fam nnyinasode a wɔhwehwɛ de apere nsase. Na wosusuw sɛ Onyankopɔn taa wɔn akyi efisɛ wɔtee nka sɛ na aman foforo so tumidi yɛ n’apɛde. Asɔre mpanyimfo a na wɔn ho pere wɔn sɛ wɔbɛsɔ nnipa ani ne wɔn yɛɛ biako kyerɛe sɛ ɛteɛ sɛ wobedi aman foforo so. Nokwarem no, afeha a ɛto so 17 mu Jesuitni bi a wɔfrɛ no António Vieira a wɔwoo no Portugal na wɔtetee no wɔ Brazil no kamfoo aman foforo so tumidi no, kae sɛ, sɛ ɛnyɛ ɛno a anka wɔantumi anyɛ asɛmpaka adwuma no.
Asɛmpatrɛwfo no anhu mfomso biara a ɛwɔ ho sɛ wɔnam wɔn a wodii aman foforo so tumi so bɛtrɛw wɔn nyamesom mu. Nanso, eyi ma wɔbɛyɛɛ wiase a Yesu kae sɛ ɛnsɛ sɛ n’akyidifo yɛ emufo no fã.—Yohane 17:16.
Nkurɔfo a Wɔsakra Wɔn
Sɛnea Rooy kyerɛ no, Kristoman asɛmpatrɛwfo no dii kan fii ase sɛ “wobegu Indiafo nyamesom mu amanne dedaw ne emu nneyɛe dodow no ara ase.” Ɔde kaa ho sɛ: “Ɛwom sɛ wɔhyɛɛ ebinom wɔ mmere a na ɛho hia mu de, nanso asɔfo no kɔɔ Indiafo no nkyɛn tee kɔsakraa wɔn mu pii asomdwoe mu.”
Ɛyɛ nokware sɛ na asɛmpatrɛwfo no binom gye di sɛ ɛmfata sɛ wɔhyɛ nkurɔfo ɔkwan biara so. Sɛ nhwɛso no, Dominican ɔsɛmpatrɛwfo bi a na ɔyɛ ɔsɔfo a ofi Spain a wɔfrɛ no Bartolomé de Las Casas ani annye atirimɔden akwan a wɔfaa so no ho. Mpɛn pii na ogyinaa Indiafo no ananmu srɛ maa wɔn wɔ Spain aban anim, ma enti aban no maa no abodin a ɛne “Indiafo Akyigyinafo.” Nanso, ɛsono sɛnea obiara huu ne mmɔdenbɔ no. Ebinom frɛɛ no mmeamudua ho ɔkofo, odiyifo, Onyankopɔn somfo, ne ɔdehufo; afoforo frɛɛ no ɔfatwafo, ohufo, otuatewfo, Marx a odi kan.
Wogyaee amanne dedaw a wɔde yɛɛ wɔn botae sɛ wobegu ase no akyidi akyiri yi. Sɛ wonya hyɛ asase no sotefo no ma wɔpene so sɛ wɔmfrɛ wɔn Kristofo wie pɛ a, afei wɔpene so ma wokura wɔn abosonsom gyidi ne nneyɛe mu. Enti, Man, Myth & Magic ka sɛ, “na Incafo tete gyidi ahorow a ne bere atwam pii wɔ Kristofo afahyɛ pii a Sierra Indiafo a wɔwɔ Peru di mu.” The Cambridge History of Latin America kyerɛkyerɛ mu sɛ Mexico Indiafo faa Kristosom “mu nneɛma a ɛne wɔn ankasa som ne amanne hyia de frafraa wɔn nananom gyidi mu.”
Ɛyɛ nokware sɛ wɔbɔɔ Amerika Asase no Sotefo ankasa ɔpehaha pii asu. Nanso “Kristosom” a wɔde hyɛɛ wɔn no yɛ nea na emu nnɔ. Wɔannye bere pii amfa ankyerɛkyerɛ wɔ Kristosom nnyinaso ahorow a ɛso na wogyina nya gyidi a ɛyɛ den no. The Cambridge History of Latin America ka sɛ: “Na nneɛma pii wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ Indiafo a wɔagye ɔsom foforo no atom anigye so no da so ara som wɔn ahoni dedaw no kokoam.” Nokwarem no, wɔbɔɔ amanneɛ sɛ na Indiafo binom de abosonsom ahoni sisi “Kristofo” afɔrepon akyi na sɛ ɛkɔba sɛ “Kristofo Nyankopɔn” no ammua wɔn a, wɔagye so. Wɔtwentwɛn wɔn nan ase nso sɛ wɔbɛtwe wɔn ho afi nneyɛe a atra hɔ akyɛ te sɛ aware dodow ho.
Roma Katolek ahyehyɛde no mufo anyɛ wɔn ade sɛnea wɔhwɛ kwan sɛ “Kristofo” asɛmpatrɛwfo bɛyɛ bere nyinaa. Na ɔham kɔ so wɔ ahyehyɛde no mufo ntam mpɛn pii. Na wɔtaa kasa tia Jesuitfo no titiriw wɔ wɔn nhyehyɛe ne wɔn nneyɛe ahorow ho. Nokwarem no, wɔpam wɔn fii Brazil wɔ 1759 mu.
Protestantfo asɛmpatrɛwfo ba a wɔbae no ansakra nneɛma ahe biara. Bere a asɛmpatrɛwfo no dodow nyaa nkɔanim no, saa ara na atoro Kristosom mu mpaapaemu no nso yɛe. Katolekfo no bɔɔ Protestantfo no sobo sɛ wɔrehyɛ aberempɔnsɛmdi ho nkuran; Protestantfo bɔɔ Katolekfo sobo sɛ wɔretrɛw abosonsom gyidi ahorow mu, na wɔn na wɔama nkurɔfo no kɔ so di hia. Na sobo ahorow yi nyinaa mu fã kɛse no ara yɛ nokware. Kristoman asɛmpatrɛwfo, Katolekfo ne Protestantfo nyinaa anni Yesu nhwɛso akyi.
Sɛnea The Encyclopedia of Religion kyerɛ no, “nnipa a wɔsakraa wɔn no kɔɔ so sɛ tumi a Spaniafo, Fransefo, ne Engiresifo aban kodii wɔ aman foforo so no fã” wɔ Wiase Foforo no nyinaa mu. Bere a na Spain ne Portugal de wɔn adwene sii Latin Amerika so no, na France ne Britain redi dwuma wɔ nsase a akyiri yi ɛbɛyɛɛ United States ne Canada no so titiriw.a
Fransefo ne Britaniafo asɛmpatrɛwfo no de botae ahorow a ɛmfata sisii wɔn anim na wɔde wɔn ho hyehyɛɛ amammuisɛm mu, te sɛ asɛmpatrɛwfo a na wɔwɔ Latin Amerika no. Enti, The Encyclopedia of Religion ka sɛ, “ebeduu bere a Fransefo tumidi baa awiei wɔ Canada no, na asɛmpatrɛwfo atumi ama Indiafo no di nokware ma France sen sɛ wɔbɛsakra wɔn.”
Wɔhwehwɛ Onyankopɔn Anaasɛ Sika Kɔkɔɔ?
Ebia ebinom bɛka sɛ “Onyankopɔn ahenni no ntrɛwmu ne botae” a tetefo a wɔko peree nsase no dii akyi. Nanso wɔ nea wɔhwehwɛe ankasa ho no, The Cambridge History of Latin America ka sɛ: “Nea ɛsen ne nyinaa no, na wɔhwehwɛ sika kɔkɔɔ.” Wosusuwii sɛ, sɛ wonya sakra Indiafo no wie a, “wobefi ahobrɛase mu de sika kɔkɔɔ pii abrɛ wɔn.”
Enti Kristoman asɛmpatrɛwfo binom gyaee wɔn ho mu ma wɔbɛyɛɛ adwinnade a nnipa a wokura adwemmɔne de dii dwuma. Europafo a wodii kan huu eyi no biako ne Bartolomé de Las Casas a yɛadi kan aka ne ho asɛm no. The New Encyclopædia Britannica faa n’asɛm a ɔkyerɛwee wɔ 1542 mu kae sɛ: “Nea akanyan Kristofo ma enti wɔadi awu na wɔasɛe akra a wɔn dodow nni ano a ɛte saa ne pɛ a wɔpɛ sɛ wonya sika kɔkɔɔ na wonya wɔn ho bere tiaa mu.”
Europafo a wɔko peree nsase no amfa honhom mu hann titiriw biara amma. James A. Michener ka wɔ ne nhoma Mexico mu sɛ, wɔn a wɔtaa Kristofo nneyɛe akyi kyerɛ sɛ bere a Cortés ko faa Mexico no, “ohui sɛ ahamufo a ɔno maa wohuu anibuei ne Kristosom na wɔte asase no so.” Nanso, Michener ka sɛ wɔ 900 Y.B. mu mpo no, na Mexico Indiafo no “nyɛ ahamufo, na mmom wɔyɛɛ anibiannaso a wɔammɔ wɔn anibuei a na ɛyɛ nwonwa no ho ban na wɔmaa ahamufo ankasa bedii wɔn so.” Ná nnipa a wɔyɛ “ahamufo ankasa” yi mu bi yɛ wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo.
Ahosiesie Adwuma
Kristoman asɛmpatrɛwfo antie Yesu akwankyerɛ a ɛne sɛ ‘wɔnkɔyɛ asuafo, na wɔnkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wonni nneɛma’ a wahyɛ wɔn nyinaa so no. (Mateo 28:19, 20) Wɔankyerɛkyerɛ wɔn a wɔasakra wɔn foforo no sɛ wɔnna Onyankopɔn honhom aba adi. Na wɔanyɛ biako wɔ gyidi koro no mu.
Kristoman asɛmpatrɛwfo a na wɔyɛ anokwafo no mpo antumi anyɛ biribi papa biara sɛ Kristosom a awae mu a wɔtrɛwee. Na “hann” a epuee Wiase Foforo no so yɛ wusiwusi ankasa. Nanso, esiane Bible no a Kristoman asɛmpatrɛwfo no de kyerɛkyerɛ koduu baabi no nti, wɔbɔɔ kwan maa asɛmpatrɛw ɔsatu a ɛho hia a Yesu hyɛɛ ho nkɔm sɛ wɔbɛyɛ wɔ awiei bere no mu no. (Mateo 24:14) Na ɛbɛyɛ ɔsatu soronko, nea ebedi nkonim asen biara wɔ nea Kristofo ayɛ wɔ abakɔsɛm mu, a ɛso bɛba nnipa a wofi amanaman nyinaa mu mfaso. Kenkan ɛho asɛm wɔ nea ɛbɛba no mu wɔ asɛm “Nokware Asuafo a Wɔbɛyɛ Nnɛ” no mu.
[Ase hɔ nsɛm]
a Nokwarem no, Spain nkɛntɛnso kaa Florida ne nea seesei wɔfrɛ no United States no kesee fam atɔe ne atɔe fam akyirikyiri, titiriw, California.
[Kratafa 20 mfonini]
Asɛmpatrɛwfo ne Europafo a wɔko pere nsase na ɛbaa Amerika
[Asɛm Fibea]
Efi nhoma Die Helden der christlichen Kirche mu