So Wiase Yi Rebɛn N’awiei?
NOKWAREM no, nnipa atitiriw a wɔwɔ wiase afanan nyinaa renya adwene sɛ awiei no abɛn. Tumi horow a epiapia amanaman no kɔ nuklea ɔko ho bere nyinaa no ma egyigye wɔ wɔn adwene mu te sɛ watch mu dɔn a ɛrebɔ. Wiase nyinaa sikasɛm nhyehyɛe a ɛsɛe ne nneɛma fĩ a atwa yɛn ho ahyia a edi awu ho hu ma wɔn koma kɔ so tu. Wɔte nka sɛ ɛnyɛ sɛ aman kakraa bi nkutoo na ɛrebɛn wɔn awiei na mmom wiase no nyinaa. Dɛn ntia? Efisɛ wɔn mu biara nni hɔ a obetumi de ano aduru a eye ankasa ama.
Nea wosusuw ho kɛse ne nuklea ɔko ho hu no. Wɔ afe yi mfiase pɛɛ no, sɛnea ɛbɛyɛ a ɛne nyansahufo 47 a wɔn a wɔanya Nobel akyɛde no mu 18 ka ho afotu ahyia no, Bulletin of the Atomic Scientists a wotintim ɔsram biara no piaa ne “ɔsɛe da watch” no kɔɔ anim simma biako—koduu aka simma abiɛsa na yɛahyɛn ɔdasu mu. Watch no kyerɛ sɛnea wogye di sɛ wiase no abɛn nuklea ɔko ho no. Wɔka sɛ, “Ɛno yɛ ade a ɛkyerɛ akomatu.” Mprempren no, dɔn a “ɔsɛe da watch” no abɔ no kyerɛ sɛ abɛn ɔdasu mu sen bere biara wɔ mfe 30 mu!
Nneɛma afoforo a eyi hu ma akomatu no yɛ kɛse.
● Ebia “nuklea kuw” a bere bi na wosusuw sɛ aman asia pɛ na ɛwɔ mu no abɛyɛ aman akron. Ɔkyerɛkyerɛfo Daniel Yergin a ɔwɔ Harvard Sukuupɔn mu no ka sɛ ebedu 1985 no na yɛanya aman 40 a wɔyɛ nuklea ɔtopae.
● Tumi a ahunmu betumi abɛyɛ akono daakye ne faako a ahunmu akode ahorow a ɛde mframa a ɛsɛe ade ba asase nyinaa ani wɔ no bɛyɛ paara.
● Wɔn a wɔyɛ sraadi ho nhyehyɛe ka adwene a ɛne to a wobedi kan atow ho asɛm kyerɛ a wɔwɔ anidaso sɛ wobetumi adi nkonim wɔ nuklea ɔko mu.
Saa nsɛm yi ma nuklea ɔko ho hu ka nkurɔfo efisɛ ɛma yɛbɛn nuklea ɔko ho na ɛma tumi a nuklea ɔsɛe betumi aba denam asiane so no yɛ kɛse.
So nuklea ɔko betumi aba denam asiane so? Harold Freeman a ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛfo wɔ Massachusetts Sukuu a Wosua Mfiridwuma Wom mu no kyerɛw nhoma bi a ne din ne This Is The Way the World Will End-This Is the Way You Will End Unless. Ɔka wɔ mu sɛ wohu biribi a ɛkyerɛ sɛ wɔrebɛtow ahyɛ wɔn so mpofirim mpɛn 151 wɔ asram 18 a edi October 1980 anim no mu. Ɔka sɛ, “Emu anan ma wɔyɛɛ wimhyɛn a wɔde tow ɔtopae ahorow a wɔfrɛ no B-52 ne aprɛm mmɛmma a wɔtow fi asasepɔn biako so kɔ foforo so krado sɛ wɔn nso de wɔn de bedi dwuma. Ankyɛ biara na wodii nneɛma a atoto no nyinaa ho dwuma, nanso na ebinom yɛ hu.” Ɛyɛ hu dɛn? Ɔkɔ so sɛ, wɔ November 9, 1979 mu no, “wimhyɛn ahorow a wɔde tow ɔtopae tu kɔɔ soro wɔ simma asia mu a wɔayɛ krado sɛ wɔn nso de wɔn nuklea ɔtopae ahorow bedi dwuma.”
Ɛhe na yebetumi akohintaw? So baabi wɔ hɔ a ɛrensɛe? Dabi! Ɔko a wɔde nuklea akode bedi dwuma wom wɔ asase no kusuu fam nkutoo betumi ama mframa bɔne abɔ afa asase no kesee fam nso anaasɛ ɛde wiase nyinaa “nuklea awɔw bere” bɛba. Tebea no mu den a ayɛ aka aman asia akannifo—India, Mexico, Tanzania, Sweden, Greece ne Argentina—ma wɔayɛ mpaemuka a wɔato din sɛ Nsasepɔn Anan Asomdwoe ho Nhyehyɛe Mfiase. Ɛka sɛ: “Ɛnnɛ, nkwa a adesamma benya ho aba asɛm.”
Nanso ɛnyɛ nnipa kakraa bi na wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛhyɛ wɔn ho den. Wosusuw sɛ biribiara nni hɔ a wobetumi ayɛ wɔ tebea no ho enti wɔbɔ mmɔden bu wɔn bra te sɛ nea biribiara rensi. Nanso su a ɛte saa no ma wɔn werɛ fi nokwasɛm titiriw bi. Ɛne dɛn?
[Box/Pictures on page 4]
Mmofra—Daakye Bɛn?
Mmofra binom gye di sɛ daakye bi wɔ hɔ ma’ adesamma abusua no ankasa. Pii nso gye di sɛ aka akyi dodo sɛ wobekwati wiase nyinaa ɔsɛe. Abofra biako a onnii mfe aduonu kae sɛ, “Mprempren magye nokwasɛm a ɛne sɛ ‘bere no awiei’ betumi aba no atom.”
Ebinom de, wɔn adwene mu a ɛyɛɛ wɔn naa ne basaa wɔ daakye ho no ama wɔadi wɔn ho dɔm. Ɔbarima nyansafo bi kyerɛwee bere tenten a atwam ni sɛ: “Anisoadehu nni hɔ a, nnipa ani so yɛ krakra.” (Mmebusɛm 29:18, The Bible in Living English) Esiane sɛ wonni “anisoadehu” a ɛyɛ nokware a ɛbɛma wɔanya daakye ho anidaso nti, mmofra pii di asetra kwan a adwene a ɛne “momma yennidi na yɛnnom, na ɔkyena na yɛawu” ama aba no akyi. (1 Korintofo 15:32) Ebinom dan kɔ nnubɔne ne aguamammɔ so, de anigyede akyidi di kan, susuw wiase ahorow a emu yɛ anigye nanso wɔn nsa ntumi nka ho a wɔpɛ sɛ wonya ne “nyinaa” mprempren efisɛ ebia “daakye” bi nni hɔ bio. Adwenemyare ho adenimfo baanu a wɔagye din a wɔfrɛ wɔn Beardslee ne Mack ka sɛ, wɔ wɔn fam no, “ɛte sɛ nea mfaso nni nhyehyɛe, nnyinasosɛm ahorow ne nneɛma pa so.”a
Saa abasamtu yi de mmofra a wokura adwene afoforo na ɛba. Ebia woahu wɔn sɛ wɔhyehyɛ ntade a ɛyɛ hu, wɔn ti nhwi a wɔde nnuru ahorow akeka a wɔayi wɔ ɔkwan soronko so, wɔn honam a wɔde akoroteaa ahwirow mu ne mmarima a wɔhyehyɛ asonkaa. Twe a wɔtwe wɔn ho ho nkate a anya wɔn so tumi kɛse aka wɔn ma enti wɔmpɛ sɛ wɔne adesamma abusua no bɛyɛ biribiara. Mmofra a wokura adwene foforo yi mu biako kae sɛ, “Ebia nneɛma ahorow bi a yɛyɛ no yɛ nea ɛtra so nanso ɛno ne ɔkwan biako pɛ a aka a yɛnam so bɛka sɛ yɛnyɛ mo wiase a abɔ dam no fã.”
Mmofra afoforo a wɔte nuklea ɔsɛe ho kɔkɔbɔ no ahaw. Esiane sɛ mmofra wɔ adwene a etumi susuw nneɛma ahorow pii ho nti, wɔrentumi nyi ɔsɛe a nuklea de bɛba ho suro no mfi wɔn adwenem te sɛ nea mpanyimfo binom betumi ayɛ no. Eyi ne nsɛm a wɔka:
● “Mempɛ sɛ mɛhyew.”—Vanessa, 11.
● “Sɛ wotra ase ankasa na wususuw ho a, ɛma wusuro. Wo nkwa gyina nuklea akode so, sɛ wɔtow a wobɛtetew.”—Dexter, 13.
● “Meso dae ahorow a ɛyɛ hu a ɛfa biribiara a ɛrenka wɔ ha wɔ ɔko no akyi ho na ɛnyɛ nea ɛfa nuklea ɔko ho.”—Stacey, 14.
Ɛwom sɛ mmofra a wonnii mfe aduonu afoforo susuw ho de nanso ɛnyɛ nea ɛhaw wɔn. Wɔwɔ anidaso sɛ daakye bi wɔ hɔ ma wɔn.
● “Yiw, minim sɛ daakye bi wɔ hɔ ma me.”—Pam, 17.
● “Nuklea ɔsɛe rentumi mma.”—Oliver, 17.
● “Ehu a ɛte saa nkaa me ɛ.”—Dashunta, 18.
● “Mewɔ anidaso sɛ mɛtra ase; ɛyɛ m’anigye sɛ manya saa nimdeɛ no.”—Elizabeth, 15.
Dɛn nti na mmofra yi wɔ ahotoso saa? Nimdeɛ bɛn na wɔwɔ? Wɔwɔ Bible no ne emu nkɔmhyɛ ahorow mu nimdeɛ, enti wonim nea enti a wiase yi awiei abɛn no.
[Ase hɔ nsɛm]
a “Sɛnea Nuklea a Wɔyɛ no Ka Mmofra ne Mmerante ne Mmabaa” a efi Amerika Adwenemyare Fekuw no nhoma a wɔfrɛ no Psychosocial Aspects of Nuclear Developments mu.