Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g85 4/8 kr. 16-20
  • Me Sanku, Me Nnwom Ne Me Nyankopɔn

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Me Sanku, Me Nnwom Ne Me Nyankopɔn
  • Nyan!—1985
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Agoruhwɛ
  • Bere no Ankasa
  • Nea Ɛyɛe a Mebɛyɛɛ Kɔnset Sankubɔfo
  • Ahonhomsɛmdi Antumi Amma Me Akomatɔyam
  • So Bible no ne Ne Ho Hyia?
  • Nnyinasosɛm Ahorow Foforo
  • Me Nnwom ne Me Som
  • Metraa Ase Maa Nnwom
    Nyan!—1985
  • Nnwom a Ɛsɔ Onyankopɔn Ani
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
  • Nea Enti a Nnwom Nya Yɛn So Tumi
    Nyan!—1999
  • Hwɛ Yiye Wɔ Nnwom a Ɛmfata Ho!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
Nyan!—1985
g85 4/8 kr. 16-20

Me Sanku, Me Nnwom Ne Me Nyankopɔn

NÁ OCTOBER 30, 1963 yɛ da titiriw bi ma me. Na ɛsɛ sɛ me nkutoo bɔ sanku wɔ sanku nnwom a wɔbɛbɔ nnɔnhwerew abien wɔ Montevideo agorudibea titiriw hɔ no mu. Na wɔabɔ adeyɛ yi ho dawuru kɛse na na wɔnam radio so bɛbɔ ho dawuru wɔ Uruguay nyinaa nso.

Minyanee saa anɔpa no a na mayɛ baasa kɛse esiane hwɛ a na mehwɛ kwan sɛ mɛkɔ akogyina agoruhwɛfo pii, a wɔpɛ biribi ahwɛ anim nti. Esiane sɛ na ɛte sɛ nea bere nkɔ ntɛmntɛm te sɛ nea ɛsɛ sɛ ɛkɔ nti, baasayɛ yi kɔɔ so kɛse. Nanso sɛ midu agoruhwɛfo no anim a, ɛho behia sɛ midi me nkate horow so koraa na ama matumi de m’adwene asi ade a ɛyɛ hwanyann a wɔde nsateaa di ho dwuma no so. Pii a anka wobetumi abɛyɛ kɔnsɛt mu nnwontofo antumi anyɛ saa esiane wɔn ankasa nkate ahorow nti. Wɔ nsɛm ahorow bi mu no, ebinom ani so biriw wɔn. Wɔ eyi akyi no, sanku yɛ adwinnade bi a enni ayɛ. Etumi di wo huammɔ ntɛmntɛm. Mfomso kakraa bi a wubedi wɔ ne bɔ mu no yɛ nea ɛnyɛ den sɛ obi a onnim bɔ titiriw biara mpo no betumi ate.

Agoruhwɛ

Bɛyɛ 6:30 p.m. no, agoruhwɛfo no fii ase bae. Wɔn a wɔka ho ne wɔn a wɔde nnwonto ayɛ wɔn adwuma, pii a wɔn ani gye sankɔbɔ ho, nnwom ho akyerɛkyerɛfo mpanyimfo ne akyerɛkyerɛfo, nnwom ho sukuufo ne wɔn a wɔn ani gye nnwom ho ne ɔmanfo nso. Eyinom nyinaa kura atirimpɔw biako​—pɛ a wɔpɛ sɛ wotie kɔnsɛt nnwom a ɛyɛ dɛ. Na wɔhwɛ nnwonto mu mmɔdenbɔ kɛse nso kwan. Ɛyɛ papa sɛ wobehu sɛ nnipa pii ani da so ara gye nnwom a ano nyɛ den ho mmom sen nnwom a ano yɛ den.

Afei 7:20 p.m. bɔe. Mpofirim obi bɔɔ ɔdan a nnwontofo siesie wɔn ho wɔ mu no pon de kaee me sɛ wɔ simma anum pɛ ntam no ɛsɛ sɛ mekɔ adehwɛ pon no so. Eyi yɛ nkaebɔ ahorow abiɛsa no mu nea edi kan. Wɔbɔɔ nea edi hɔ no wɔ simma abiɛsa akyi na wɔbɔɔ nea ɛto so abiɛsa no wɔ aka simma biako na makɔ adehwɛ pon no so no. Dɛn nti na bere a wɔhwɛ kwan yi ma woyɛ basaa? Wiɛ, esiane sɛ radio dwumadibea a ɛwɔ ɔman no mu no bɛbɔ kɔnsɛt no ho dawuru akɔ ɔman no afã horow pii denam radio dwumadibea ahorow so nti, ɛsɛ sɛ nsɛnkyerɛnne a wɔyɛ ma “dawuru a wɔnam radio so bɔ no” fi ase no ne bere ankasa a wofi ase no kɔ pɛ.

Aka simma biako na wafi ase! Ebeduu saa bere yi na basaayɛ no ayɛ kɛse. Wodunnum nkanea ahorow a ɛwowɔ faako a agoruhwɛfo no tra ankasa wɔ agorudibea hɔ no. Afei na adehwɛ pon no so nkutoo na nkanea wɔ. Metee sɛ obi rebɔ me din na ɔreka akyerɛ me sɛ: “Afei wubetumi akɔ adehwɛ pon no so.”

Na eyi ne bere a emu yɛ den no. Na me koma rebɔ denneennen te sɛ nea ebefi me koko mu atɔ fam. Menantew ntɛmntɛm kɔɔ adehwɛ pon no mfinimfini wɔ nkataanim a ɛsɛn hɔ no akyi. Woyii nkataanim no na mekɔɔ m’anim na sɛ ade a wɔtaa yɛ no, agoruhwɛfo no de nsambɔ a emu yɛ hyew hyiaa me kwan. Eyi maa me ho fii ase tɔɔ me kakra na basaa a mayɛ no so tewee kakra. Nkitaho a me ne agoruhwɛfo no bedi no yɛɛ mmerɛw.

Bere no Ankasa

Ansa na mefi ase no, mesɔ hwɛe nea etwa to denam me nsa a mede faa nhama no so de hwɛɛ sɛnea adwinnade no nnyigyei dɛ te no so. Afei mifii ase bɔɔ ɔfã a edi kan no brɛoo. Wɔ ne bɔ a edi kan yi mu no me nsa popoe na ehinhimii. Nkakrankakra no egyaee na me nsa totɔɔ so koraa. Dwom no nnyigyei no bɛyɛɛ nea wɔte no yiye, nea ɛyɛ dɛ na ɛkɔ pɛpɛɛpɛ nso. Ansa na meredu ɔfã a ɛto so abien no so no na basaayɛ ne ahopopo no agyae koraa.

Metee nka sɛ sɛnea mebɔ nnwom no ntiantia, sɛnea ne nnyigyei no mu da hɔ, tumi a ɛwom ne sɛnea egyigye anaasɛ ano den no anya nkɔso kɛse. Ɛte sɛ nea na nnipakuw no ayɛ asõ wɔ kommyɛ mu sɛnea ɛbɛma wɔate ne nyinaa. Anigye a wɔde bɔɔ wɔn nsam nea ɛtwa to no ma mihui sɛ madi nkonim.

Ɛdaa adi sɛ anigye ne nsambɔ no kyerɛe sɛ mfaso aba me mmɔdenbɔ no so. Nanso dɛn na ɛhyɛɛ me sɛ menkɔ so mmɔ nkyerɛ ɔmanfo no? So na ɛyɛ nsambɔ, anigye anaa nnipa a wɔhwehwɛ sɛ mekyerɛw me din ama wɔn no na ɛma mitĩi adeyɛ yi mu mpɛn pii no? So ebetumi ayɛ pɛsɛmenkominya anaasɛ ahohoahoa wɔ me fam?

Nea Ɛyɛe a Mebɛyɛɛ Kɔnset Sankubɔfo

Bere na meyɛ abofra no na ɛte sɛ nea ɔpɛ a emu yɛ den bi ka me. Na mewɔ ɔpɛ sɛ mɛyɛ odwontofo. Nnwonto a mede bɛyɛ m’adwuma no bɛdaa adi bere a na madi mfe anum no. Na mepɛ sɛ mebɔ sanku bere nyinaa. M’awofo amma wɔn ani anku eyi ho kɛse. Wosusuwii sɛ ɛyɛ biribi a megyae. Mfe anum twaam ansa na wɔfaa nea na mereyɛ no aniberesɛm. Enti mfii ase suaa sankubɔ ankasa bere a madi mfe du no.

Bere a midii mfe 15 no, mifii ase sɛ mɛbɔ akyerɛ ɔmanfo. Afei wɔ 1959 mu no, midii me akansi a edi kan no mu nkonim bere a midii kan wɔ agoru a wodi afe biara a Belgium amanaman ntam ahyehyɛde bi ma wodii no mu. Wɔ afe 1961 mu no, midii kan bio wɔ nnwom mu akansi bi a nnwom ho sukumtitiriw abiɛsa a ɛwɔ Uruguay yɛɛ ho nhyehyɛe no mu. Bɔ a mebɔ kyerɛɛ ɔmanfo no bɛyɛ nea metaa yɛ.

Wɔ 1964 mu no, me ne obi a ɔbɔ adakabɛn sanku tuu kwan kɔɔ United States. Yɛkɔyɛɛ kɔnsɛt ahorow pii wɔ Washington D.C. Bere a mesan baa fie wɔ 1965 mu no, mekɔɔ so maa me nnwonto adwuma no nyaa nkɔso. Na mikodi nsa a wɔto frɛ me mpɛn pii sɛ memmɛbɔ wɔ radio ne television dwumadibea ahorow no ho dwuma bere nyinaa. Migyee din kɛse na na ɛkame ayɛ sɛ wonim me wɔ baabiara a mekɔ wɔ Uruguay.

Ahonhomsɛmdi Antumi Amma Me Akomatɔyam

Ansa na eyi reba no na mekɔ honhonsɔre. Mesomee sɛ ɔsamanfrɛfo ne ɔyaresafo mpo. Nanso na anigye kɛse ne ɔpɛ a mewɔ ne sɛ mehu Onyankopɔn yiye. Nanso bere a me nsa kaa nea ɛda adi sɛ ɛyɛ “nsɛm” a ɛne ne ho bɔ abira fii ahonhom wiase no mu no, eyi maa m’adwenem yɛɛ me nãa na ɛmaa gyidi a mewɔ wɔ ahonhonsɛmdi mu no ano brɛɛ ase. Basabasayɛ a ɛkɔɔ so wɔ ahonhonsɔre nhyiam ahorow yi ase ma mihuu pefee sɛ nokware Nyankopɔn no rentumi mpene nneyɛe ahorow a ɛte sɛɛ so. Enti migyaee ahonhonsɛmdi nanso mannyae hwehwɛ a na merehwehwɛ nokware no.

Wɔ 1965 mu no, minyaa hokwan tuu kwan kokyinkyin Europa nyinaa kodii agoru kyerɛe wɔ nkurow akɛse pii mu, biribi a na mepɛ sɛ meyɛ bere nyinaa. Nanso wɔ saa bere yi mu no, me ne obi a ɔkyerɛ sankubɔ faa adamfo a emu yɛ den. Adamfofa yi ma meyɛɛ nsakrae akɛse pii wɔ m’adwuma ne abusuabɔ a me ne yɛn Bɔfo no wɔ no mu.

So Bible no ne Ne Ho Hyia?

Na adwen horow a mewɔ wɔ Onyankopon ho no yɛ nea emu nna hɔ a atu afra. Nanso bere a m’adamfo a ɔkyerɛ sankubɔ no bɛsraa me no nneɛma fii ase sakrae Yɛde yɛɛ yɛn su sɛ yebehyiam bere nyinaa na yɛabɔ nnwom ne nsɛm afoforo a asisi ho nkɔmmɔ. Na nyamesom ne amammuisɛm ka nsɛm ahorow a yɛbɔ ho nkɔmmɔ no ho. Ɛwom sɛ na ɔyɛ obi a onnye Onyankopɔn nni de, nanso osii gyinae sɛ obesua Kyerɛwnsɛm no. Esiane eyi nti ɔpenee so sɛ ɔne Yehowa Adansefo asɛmpatrɛwfo nkumaa baanu bi bɛyɛ ofie Bible adesua dapɛn biara. Esiane sɛ na onim sɛ m’ani gye Onyankopɔn ho ade a mesua ho kɛse nti, ɔtoo nsa frɛɛ me sɛ memmɛka wɔn ho. Mede anigye penee so.

Yesuaa nhomawa a ɛne “Ahenni ho Asɛmpa Yi” no. Nanso na mewɔ nsemmisa ahorow pii ma enti nkɔso kakraa bi na yenyae wɔ nhomawa no ankasa a yɛresua no mu. Nanso mihui ntɛm ara sɛ eyi ne nokware no a merehwehwɛ no. Mede nokware no a ɛne ne ho hyia no sii atoro nyamesom nkyerɛkyerɛ ahorow a ɛne ne ho bɔ abira no ananmu. Na ɛte sɛ nnwom wɔ m’asom. Hwɛ sɛnea m’ani gyei bere a misuaa Yehowa ho ade, na mihuu nea ɛmaa nsɛmmɔnedi bae, ne sɛ, Onyankopon Ahenni no nkutoo na ɛde onipa haw ahorow no ano aduru a eye bɛma no! Ehu kaa me bere a mihuu sɛnea na asiane wom sɛ me ne Ahonhommɔne bɛyɛ adwuma tẽe sɛ wɔn samanfrɛfo wɔ bere a atwam mu no.​—Deuteronomium 18:9-13; Yesaia 8:19.

Bere a mifii ase ne Yehowa Adansefo suaa ade no, Myriam a na me ne no ayɛ aware nhyehyɛe no ne Adventistfo fii ase suaa ade. Sɛ yɛsrasra yɛn ho yɛn ho hwɛ a, yɛka nea yɛresua no ho asɛm kyerɛ yɛn ho yɛn ho bere nyinaa. Nneɛma pii a na masua afa nsɛm ahorow te sɛ Baasakoro, hell, owusɔre, Ahenni no ne nsɛm afoforo ho no maa ne ho dwiriw no. Ade a osuae wɔ bere koro yi ara mu ne di a “obedi homeda.” Mihui sɛ wɔde Homedadi mmara no maa lsraelfo nkutoo na ɛnyɛ obiara. (Dwom 147:19) Na anya ne mmamu na ɛbaa awiei bere a Yesu wui no. (Efesofo 2:14-16; Kolosefo 2:16) Meboaa Myriam ma ɔtee asɛm yi ase na osii gyinae sɛ ɔne Adventistfo no begyae adesua na ɔne Adansefo no afi ase asua ade.

Yɛwaree wɔ 1967 mu, na yɛn baanu nyinaa de nsu mu asubɔ yɛɛ yɛn ahosohyira ma Yehowa no ho sɛnkyerɛnne wɔ 1970 mu. Nea ɛyɛ awerɛhow no, m’adamfo ɔkyerɛkyerɛfo a ɔboaa me kɛse ma mihuu nokware no antoa adesua no so.

Nnyinasosɛm Ahorow Foforo

Sɛ́ Yehowa Adansefo mu biako no, misuaa nnyinasosɛm ahorow foforo. Wɔ me sintɔ ahorow mu mpo no, mifii ase huu nneɛma sɛnea Yehowa hu no. Eyi maa misusuw botae ahorow a mewɔ wɔ asetra mu no ho bio, na ɛma meyɛɛ nsakrae ahorow a ɛho hia. Migyinaa abusuabɔ foforo a me ne Yehowa anya no so hwehwɛɛ m’asetra mu adwuma a ɛyɛ nnwonto no mu. Misusuw bere pii a na mesɛe wɔ kɔnsɛt ahorow, akwantu ne bɔ a mebɔ kyerɛ ɔmanfo mpɛn pii no ho. Ɔkwan bɛn so na eyi betumi aboa me ma makura m’ahosohyira ma me Bɔfo no mu?

Na me daakye sɛ kɔnsɛt sankubɔfo no yɛ nea na biribi pa betumi afi mu aba. Nanso afei na biribi asi a ɛbɛma eyi nyinaa asakra. Afei saa nneɛma atitiriw yi nyinaa a mehwɛ kwan no bɛyɛɛ nea ɛho nhia titiriw biara, bere a misusuw Yesu nsɛm a ese “Monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafo” no ho no. Mikarii asɛm no hwɛe a mepɛ sɛ mihu nea ɛho behia m’atiefo kɛse​—sɛ́ wobetie kɔnsɛt sanku anaa wobetie Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa no? Nnwom a eyi Yehowa ayɛ na ɛde nkwa brɛ n’atiefo no a mɛyɛ no yɛ nea mfaso kɛse wɔ so ma yɛn nyinaa. Na me sanku no ma wonya bere tiaa mu anigye nanso afei asɛm a efi Onyankopɔn Asɛm mu a mɛka na makyerɛkyerɛ no betumi de mfaso a ɛtra hɔ daa aba.​—Mateo 28:19, 20.

M’ahonim a na mede Bible atete no no ma misii gyinae bi a ɛho hia. Misii gyinae sɛ eye sɛ megyae m’adwuma sɛ kɔnsɛt sankubɔfo no. Minnuu me ho sɛ mitwaa m’adwuma ho nhyehyɛe ahorow a tu a anka metu kwan akɔ Europa akɔbɔ akyerɛ no ka ho no mu. Mante nka sɛ ɛteɛ sɛ mɛka sɛ: “Mɛsom wo Yehowa, nanso ma me kwan na menkɔyɛ nneɛma ahorow a m’ani gye ho yi ansa, na sɛ miwie a, afei maba abedi wo nokware.”​—Luka 9:57-62.

Sɛnea wobɛhwɛ kwan no, gyinae a misii yi de ɔkasatia a ano yɛ den bae. M’abusuafo, me nnamfo pii ne nnipa atitiriw a wɔyɛ nnwontofo tee nka sɛ m’adwene reyɛ basaa. Wɔanhu sɛ na mereyɛ m’adwene a na kan ayɛ basaa no yiye. Wodii mfomso kae sɛ m’asɔre foforo no na asiw me kwan sɛ menntoa me kɔnsɛt ahorow no so. Na ɛyɛ den sɛ mɛma wɔagye atom sɛ gyinae no yɛ nea m’ankasa na misii. M’ahonim kaa me ma meyɛɛ asɛmpaka adwuma no a egye ntɛmpɛ ne Kristofo nnwuma afoforo. Na merentumi nkɔ Kristofo nhyiam ahorow no bi na mede me ho ahyɛ asɛnka adwuma mu bere a matu kwan rekɔ akoyi kɔnsɛt ahorow no.

Me Nnwom ne Me Som

Efi bere a mihyiraa me nkwa so maa Yehowa no, m’anigye ne m’akomatɔyam sɛ́ Kristoni no asen nneɛma nyinaa a mahu pɛn bere a na kɔnsɛt kyerɛ biribiara ma me no. Ayɛ anigye ankasa ne hokwan a manya sɛ mɛboa nnipa afoforo ma wɔabehu ‘nokware no nnyigyei’ a ɛyɛ fɛ na ɛtra hɔ kyɛ sen ‘nnwom nnyigyei’ no. Wɔ ka a meka asɛmpa no wɔ anigyefo afie mu bere nyinaa ne wɔ asɛnka agua so akyi no, me nnwuma pii sɛ ɔpanyin wɔ Kristofo asafo mu no ama minni adagyew na ama manya adwuma a mfaso wɔ so wɔ m’asetra mu, Wɔ nokwarem no, mayɛ nsakrae kɛse wɔ adwuma a meyɛ wɔ m’asetra mu no mu. Mede nnwonto dwumadi no ato baabi a ɛsɛ sɛ mede to wɔ m’asetra mu efisɛ mprempren ‘mehwehwɛ Ahenni no kan.’​—Mateo 6:33.

Yɛyɛɛ dɛn tumi traa ase bere a magyae me kɔnsɛt adwuma no? Wɔ mfe kakraa bi mu no, meyɛɛ adwuma sɛ ɔkyerɛkyerɛfo wɔ sukuu a wɔkyerɛ nsaanodwuma wom no fã bi mu. Wɔ 1977 mu no, wɔpaw me sɛ menka atemmufo baanum ho wɔ bere a wosii amanaman ntam sankɔbɔ mu kane wɔ Porto Alegre, Brazil no. Wɔ bere koro no ara mu no na mekyerɛ ade wɔ Amanaman Ntam Nnwom Sukuu mu wɔ hɔ.

Wɔ 1980 mu no, yetu kɔɔ Spain, faako a mprempren mekyerɛ sankubɔ wɔ hɔ no. Wɔ saa kwan yi so no, me sanku no boa me ma mehwɛ me yere ne me ho wɔ yɛn som a yɛde ma Yehowa no mu. Wɔ bere ne bere mu no, meto nnwom de kamfo Yehowa denam nnwontofo kuw a wɔde wɔn di dwuma wɔ Kristofo nhyiam ahorow ase ho a mekɔka no so. Afei nso wɔ Kristofo apontow ahorow ase no mitumi bɔ me sanku a ɛso nhama yɛ du no na ɛte sɛ nea me nnamfonom ani gye ho.

Wɔ nneɛma nhyehyɛe foforo a ɛrenkyɛ Onyankopɔn de bɛba no mu no, yebenya bere pii de ama yɛn dom akyɛde ahorow anya nkɔso na ɛde anigye kɛse abrɛ Onyankopɔn ne onipa. Pɛ a yɛbɛyɛ wɔ honam ne adwene mu a daa nkwa ka ho no bɛma yɛanya kwan adu yɛn botae horow ho na yɛatumi ayɛ nneɛma a mprempren yentumi nte ase anaasɛ yentumi nsusuw ho no. Yɛde nnwom a yɛbɛtow wɔ Nhyehyɛe Foforo no mu no bɛkamfo Ɔbɔadeɛ no na ɛnyɛ sɛ yɛde bɛhyɛ odwontofo no anaasɛ dwom no kyerɛwfo anuonyam.

Mete nka te sɛ odwontofo ne dwom kyerɛwfo Dawid a ɔkae sɛ: “Treneefo, momfa anigye nhuro [Yehowa] mu, ɛsɛ wɔn a wɔteɛ no sɛ woyi no ayɛ. Momfa sanku nna [Yehowa] ase, momfa sanku a ɛso hama du nto no dwom! Monto dwom foforo mma no, mommɔ sanku yiye nka ɛnne ho!” (Dwom 33:1-3) Mebɔ mmɔden sɛnea metumi de yi Yehowa ayɛ wɔ asɛmpa no ka ne bɔ a mebɔ me sanku a ɛso nhama yɛ du no nyinaa mu.​—Sɛnea Herman Pizzanelli ka kyerɛe.

[Kratafa 18, 19 mfoni]

Na metaa bɔ kyerɛ wɔ TV so. . . . . .Mprempren mebɔ kyerɛ me nnamfo

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena