Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g99 10/8 kr. 5-8
  • Nea Enti a Nnwom Nya Yɛn So Tumi

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nea Enti a Nnwom Nya Yɛn So Tumi
  • Nyan!—1999
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nnwom Mu Nnyigyei Ahorow
  • Nnyigyei a Ɛka Bom Yɛ Dɛ, Nea Ɛnyɛ Dɛ, Nnyigyei Biako
  • Sɛnea Nnwom Nya Adwene So Tumi
  • Sɛnea Nnwom ne Emu Nsɛm Nya Wo So Tumi
  • Hwɛ Yiye Wɔ Nnwom a Ɛmfata Ho!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Nnwom​—So Ebetumi Ayɛ Nea Ɛsɛe Ade?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
  • So Nnwom Betumi Apira Me Ankasa?
    Nyan!—1993
  • Hwɛ Yiye Wɔ Nnwom A Ɛsɛe Ɔbra Pa Ho!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1999
g99 10/8 kr. 5-8

Nea Enti a Nnwom Nya Yɛn So Tumi

NNWOM ne kasa ho hia nnipa ankasa. Yɛrentumi nnya wiase a wɔnto nnwom na wɔnkasa wom. The Musical Mind nhoma no ka sɛ: “Kasa ne nnwom ho hia nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa.” N’abien nyinaa ho hia na yɛatumi ne afoforo abɔ nkɔmmɔ. Enti yebetumi aka sɛ sɛnea yɛn ani gye kasa ho no, saa na sɛ ‘wɔto nnwom a etumi kanyan yɛn.’

Dɛn nti, na nnwom nya yɛn nkate so tumi na ɔkwan bɛn so na ɛyɛ saa? Sɛ yebetumi ama mmuae a, ɛsɛ sɛ yesusuw eyinom ho: (1) Nnwom mu nnyigyei ahorow ne nkɛntɛnso a enya wɔ yɛn adwene so; (2) yɛn nkate ne ɔman a yefiri mu, a ɛma yɛn ani gye nnwom bi ho; ne (3) kasa a wɔde to nnwom no a ɛno nso tumi nya yɛn so nkɛntɛnso no.

Nnwom Mu Nnyigyei Ahorow

Wɔtaa frɛ ɛnne ahorow a ɛwɔ nnwom mu no sɛ “nnwom mu nnyigyei.” Saa nnyigyei yi na adwinnade no ma ɛda adi no. Sɛ nhwɛso no, wɔka sɛ Fransefo abɛn a wɔde bɔ nnwom no “nnyigyei wɔ soro” na ne nnyigyei yɛ soronko koraa wɔ torobɛnto a ne nnyigyei “da fam” no ho. Ɛwom sɛ n’abien nyinaa yɛ torobɛnto de, nanso ɛsono nnyigyei a emu biara kura. Eyi na ɛma yenya nnyigyei soronko a adwinnade biara kura no. Nnyigyei a ɛte sɛɛ na nnwontofo de bɔ nnwom ma enya nea otie so tumi no.

Ebia ade a edi kan a yehu wɔ nnwom ho ne sɛnea esi kɔ—ebia saa na na ɛte bere a na yɛda yɛn maame yafunu mu retie sɛnea ne koma bɔ no. Wɔaka mpo sɛ sɛnea yɛn koma bɔ ne sɛnea yɛhome ne nnwom a yetie wɔ abusuabɔ. Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ ebia ebinom ani gye nnwom a wɔ simma biako biara mu no ɛbɔ nnyigyei 70 anaa 100—sɛnea nipa a ne mfe akɔ anim na ɔte apɔw biara koma bɔ no—ho. Anyɛ yiye koraa no saa na Perceptual and Motor Skills nsɛmma nhoma no ka.

Yebetumi ahu sɛnea nnwom biara te, sɛ yesusuw nnyigyei pii a ɛwom ne nnwom ko no ho a. Mozart nnwonto abɛn no nnyigyei a ɛto so abien a ɛkeka no betumi akanyan obi kɛse. Japanfo atɛntɛbɛn a wɔfrɛ no shakuhachi no nnyigyei a ɛda fam bɔkɔɔ no betumi aka koma. Sasofon abɛn a ne nnyigyei yɛ dɛ no tumi ma nnwom a nnyegyei dɛdɛ yi bi wom no ka nnipa pii adwene mu. Germanfo abɛn bi a ne nnyigyei kɔ akyiri no tumi ma obi nya anigye mmoroso. Sanku nnyegyei dɛdɛ a wɔde bɔ Struass nnwom a wɔde saw asaw soronko bi no kanyan atiefo ma wonya ɔpɛ sɛ wɔbɛsaw. Sɛnea Clive E. Robbins a ɔwɔ Nordoff-Robbin Nnwonto Asoɛe a ɛwɔ New York kyerɛ no, yetumi te nnyigyei ahorow yi nyinaa efisɛ “nnwom ka nipadua no nyinaa.”

Nnyigyei a Ɛka Bom Yɛ Dɛ, Nea Ɛnyɛ Dɛ, Nnyigyei Biako

Nnyigyei a ɛka bom yɛ dɛ tumi ma nnwom yɛ dɛ na nea ɛnyɛ dɛ no ma nnwom sɛe. Nanso, so wunim sɛ nnyigyei yi abien nyinaa ho hia wɔ nnwom bi mu? Ebetumi aba sɛ nnwom a nnyigyei no ka bom yɛ dɛ mu no, nnyigyei a ɛnyɛ dɛ pii wom sen sɛnea ebia wususuw. Wɔde nnyigyei a ɛyɛ dɛ ne nea ɛnyɛ dɛ nyinaa di dwuma wɔ nnwom mu ma ɛtaa kanyan yɛn. Nnwom a ɛyɛ dɛ sɛɛ tumi kanyan obi, na nnyigyei a ɛnyɛ dɛ nkutoo a wɔde bɔ nnwom no mma no nyɛ dɛ na entumi nkanyan anigye—ɛte sɛ nea obi bɔwerɛ a ɔde yɛ dede wɔ pon so nyɛ anika no ara pɛ. Nea ɛne eyi bɔ abira no, sɛ wɔde nnyigyei a ɛka bom yɛ dɛ no nkutoo nso bɔ nnwom a, ebetumi ama ne tie ayɛ anihaw.

Melody nso yɛ nnwom a wɔde nnyigyei biako bɔ. Sɛnea nnwom ho animdefo bi kyerɛ no, wonyaa din no fii Hela asɛmfua meʹlos, a ɛkyerɛ “nnwom” no mu. Sɛnea nsɛm asekyerɛ nhoma ahorow kyerɛ no, nea melody kyerɛ ne nnwom anaa nnyigyei biara a ɛyɛ dɛ.

Nanso, ɛnyɛ nnwom a wɔde nnyigyei biako pɛ bɔ nyinaa na ɛyɛ dɛ. Sɛ nhwɛso no, nnwom a wɔtwetwe mu pii no tumi kã obi ara kɛkɛ nanso ɛnyɛ dɛ. Nanso, nnwom a wɔde nnyigyei biako bɔ a wɔntwetwe mu pii no betumi ama nnwom ko no ayɛ dɛ. Sɛnea nnwom mu nnyigyei kɔ na ɛbɛkyerɛ sɛ ɛbɛkanyan awerɛhow anaasɛ ɛbɛkanyan anigye. Sɛnea ɛte wɔ nnwom a wɔde nnyigyei ahorow na ɛbɔ ho no, saa na wotumi de nnyigyei biako bɔ nnwom ma no kɔ soro ba fam de kanyan yɛn—ekura ahyɛnsode a ɛkyerɛ bere a ɛsɛ sɛ wɔde kɔ soro anaasɛ wɔde ba fam.

Sɛ wɔde nnyigyei ahorow yi nyinaa di dwuma wɔ nnwom mu a, etumi nya yɛn so nkɛntɛnso. Nea enti a eyi te saa no gyina sɛnea nnwom no kɔ adwene no mu na ɛkanyan no no so.

Sɛnea Nnwom Nya Adwene So Tumi

Ebinom kyerɛ sɛ yɛn adwene no fa a ɛwɔ benkum no na ɛma yetumi kasa na yedwennwen asɛm ho, na adwene no fa a ɛwɔ nifa a yɛn atenka gyina so titiriw no na yɛde susuw nnwom ho. Sɛ eyi yɛ nokware anaasɛ ɛnyɛ nokware no, ɛda adi pefee sɛ nnwom tumi nya wɔn a wotie no so nkɛntɛnso kɛse. Perceptual and Motor Skills nsɛmma nhoma no ka no saa kwan yi so sɛ: “Nnwom wɔ tumi a etumi nya obi so nkɛntɛnso ntɛm ara. Bere a ɛkyɛ ansa na nhoma atumi akyerɛkyerɛ asɛm bi mu no . . . , ɛtaa gye bere tiaa bi na nnwom anya obi so tumi.”

Ɛdefa biribi a yehu ne asɛm a yetie ho no, Music and the Mind nhoma no ka no yiye sɛ: “Asɛm a yɛte no nya yɛn so nkɛntɛnso kɛse sen biribi a yehu. . . . Sɛ obi hu aboa bi a wapira anaa onipa bi a ɔrehu amane nanso ɔda hɔ dinn a, entumi nnya ne so nkɛntɛnso pii. Nanso sɛ nea ɔrehwɛ wɔn no hu sɛ wɔrepene a, ɔtaa te nka kɛse ma wɔn.”

Sɛnea Nnwom ne Emu Nsɛm Nya Wo So Tumi

Nhomanimfo ka sɛ tumi biako na nnwom nya wɔ wɔn a wotie no nyinaa so. Afoforo nso ka sɛ nnwom ho anigye a obi nya no gyina ne tebea a ɔwom anaa ne suahu a wanya so. Eyi ho nhwɛso ne bere a ebia obi a ne dɔfo bi awu te nnwom bi wɔ asɔredan mu no. Ebia nnwom no bɛma nea ne biribi awu no akaakae nsɛm ma ne werɛ ahow na wate nusu mpo. Ebia wɔn a wɔwɔ hɔ a wɔn biribiara nwui no nso de anigye na ɛbɛto nnwom koro no ara.

Afei nso susuw nsonsonoe a ɛda Fransefo abɛn ne torobɛnto a yɛaka ho asɛm dedaw mu no ho. Ebia worennye ntom sɛ Fransefo abɛn no ano yɛ den. Ebetumi ayɛ nea ano yɛ den anaasɛ nea ɛyɛ dɛ, nanso torobɛnto nnyigyei betumi ama w’ani agye kɛse. Yɛn mu biara wɔ atenka kɛse na sɛ yetie nnwom a, etumi da adi—nanso wɔ ɔkwan soronko so.

Nnwom boa ma yesusuw nsɛm ne adwenkyerɛ ahorow ho. Ɛno nti, nneɛma ho dawuru a wɔbɔ no television ne radio so no kakraa bi na wɔmfa nnwom nka ho. Mpɛn pii no, ntease nni nsɛm a wɔka no mu. Nanso, sɛ wɔrebɔ biribi ho dawuru na wɔde nnwom a nkurɔfo ani gye ho ka ho a, etumi nya wɔn a wɔretie no so tumi ntɛm ara. Hwɛ sɛnea ɛyɛ nokware sɛ aguade ho dawurubɔfo kanyan afoforo nkate ma wɔtɔ wɔn nneɛma sen sɛ anka wɔbɛma wɔn ankasa afi wɔn pɛ mu ayɛ saa!

Ɛwom sɛ aguade a wɔbɔ ho dawuru ma nkurɔfo sɛe wɔn sika de, nanso nnwom ne mu nsɛm a etumi nya nkurɔfo so tumi wɔ ɔkwan a enye koraa so nso wɔ hɔ. Journal of Youth and Adolescence nsɛmma nhoma no ka sɛ, wɔn a wɔhyehyɛ nnwom no nam to a wɔkɔ so to no so kyerɛ mmofra sɛ wommu afoforo adwenkyerɛ animtiaa na ɛma wɔbɛyɛ “asoɔdenfo.” Sɛnea amanneɛbɔ foforo nso kyerɛ no, rap nnwom a ano yɛ den kɛse mu “nsɛm a enye . . . , na ɛka nsɛm penpen sen rɔk nnwom afoforo no,” tumi nya nea ɔretie no so nkɛntɛnso kɛse na ɛma obenya subammɔne.

Sɛ obi tie nnwom no ara kɛkɛ na obu n’ani gu emu nsɛm no so a, so ɛrennya ne so nkɛntɛnso bɔne? Ɛsɛ sɛ yegye tom sɛ rɔk ne rap nnwom a ano yɛ den kɛse no mu nsɛm mu nna hɔ yiye. Nokwarem no, nsɛm a wɔka wɔ nnwom a ɛtete sɛɛ mu no taa yɛ nea ano yɛ den dodo na ntease biara nni mu. Nanso, sɛ wɔte nnwom no mu nsɛm anaasɛ wɔnte no, ɔkwan a wɔfa so to nnwom no da so ara kyerɛ biribi!

Adɛn ntia? Efisɛ nnwom afoforo a ɛtete saa no bi ma yehu nea nnwom no ankasa kyerɛ. Afei nso, sɛnea nnwom no ankasa te no ma yehu nea ɛkyerɛ. Dɛn nsɛm na ɛyɛ a ɛka? Mmofra nsɛmma nhoma bi ka sɛ: “Ɛma obi susuw sɛ ɔwɔ tumi.” Ɔfoforo nso ka sɛ: “Ɛka . . . ɔsɔretia, nsɛmmɔnedi, nnubɔnenom, nna mu ɔbrasɛe, ne Satansom, ho nsɛm nkutoo.”

Mmofra binom ka sɛ, ɛwom sɛ eyi yɛ nokware de, nanso entumi nnya wɔn so nkɛntɛnso bɔne. Wɔka sɛ nnwom a ɛtete saa no so wɔ mfaso efisɛ ɛma ‘wohu nnipa ko a wɔyɛ.’ So ɛyɛ nokware? Journal of Youth and Adolescence nsɛmma nhoma no ka sɛ: “Ebia mmofra a wohu wɔn sɛ wɔmmɔ mmɔden wɔ sukuu no ani bɛgye abufuw ne nitan ho nsɛm a rɔk nnwom da no adi no ho kɛse.” Ɛka bio sɛ: “Anwonwasɛm ne sɛ, mmofra hwehwɛ ahofadi kɛse denam nsɛm ho dawuru so. Sɛ anka wɔn ankasa bɛhwehwɛ suahu ahorow mmom no, wɔma nsɛmma nhoma ahorow a wɔatintim na ɛkyerɛ wɔn kwan.” Wɔ ɔkwan foforo so no, ɛyɛ obi na ɔkyerɛ mmofra yi nea wɔnyɛ.

Momma yɛnhwehwɛ rɔk kɔnsɛt ahorow nso mu. Tumi bɛn na enya wɔ nnipadɔm a wɔkɔ ase no so? Music and the Mind nhoma no bua sɛ: “Akyinnye biara nni ho sɛ, bere a nnwom a wɔreto no ama nkurɔfo ani agye mmoroso, na wɔkɔ so ma wɔn ani gye no, etumi fura wɔn adwene ani ma wogyaa wɔn ho mu ma ade bɔne a ɛrekɔ so no, nea ɛda adi bere a nnipadɔm bi ahyia no.” Nneɛma a ɛkɔ so wɔ rɔk kɔnsɛt ase no si nokwasɛm yi so dua.

Enti, nea ɛbɛyɛ na yɛamfa yɛn adwene ne yɛn koma ankɔ nneɛma bɔne so no, ɛsɛ sɛ yɛyɛ nyiyim wɔ nnwom a yetie ho. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa? Yɛde eyi ho mmuae bɛma wɔ asɛm a etwa to no mu.

[Kratafa 7 mfonini]

Wɔn a wotie nnwom no taa nya ɔpɛ sɛ wɔbɛsaw

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena