Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g85 8/8 kr. 5-7
  • Ammamuisɛm—N’aba A Ɛsowee Wɔ Wiase Ko I Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ammamuisɛm—N’aba A Ɛsowee Wɔ Wiase Ko I Mu
  • Nyan!—1985
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Efii Wiase Ko I Mu Bae
  • Ɔko Anaa Asomdwoe—Ne Wo
    Nyan!—1986
  • So Amammui Mu Mesia, Ahorow De Asomdwoe Aba?
    Nyan!—1985
  • Ɔko A Ɛde Akodi Bɛba Awiei
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • Hena Paa na Ɔde Ɔko ne Amanehunu Ba?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1985
g85 8/8 kr. 5-7

Ammamuisɛm​—N’aba A Ɛsowee Wɔ Wiase Ko I Mu

Bɛyɛ sɛ mfe 2,000 a atwam ni no, Yesu Kristo maa ne Bepɔw so Ɔkasa a agye din a ɔkaa Kristofo abrabɔ ho nnyinasosɛm atitiriw ho asɛm wom no. Sɛ́ anka ɔbɛkyerɛ sɛ wɔntan afoforo no, ose wɔnnɔ wɔn; sɛ́ anka ɔbɛkyerɛ sɛ wɔmfa bɔne nsi bɔne anan mu no, ose wɔmfa mfiri na wɔnnyɛ basabasa. (Mateo atiri 5-7) Wɔ abakɔsɛm mu no, Kristoman aka sɛ edi ne nhwɛso akyi. Nanso sɛ wohwɛ afeha a ɛto so 20 amammuisɛm mu yiye a, dɛn na ɛda adi? So Kristoman mu nniso horow no de Kristosom mu nnyinasosɛm adi dwuma? Anaa, so wɔahyɛ da di ahopɛ nnyinasosɛm a Niccolo Machiavelli aka ho asɛm wɔ adesamma abakɔsɛm ho nhwehwɛmu a ɔyɛe no mu no akyi wɔ ɔkwan a wonim anaa wonnim so? Wɔ ne nhoma The Prince mu no, ɔkaa akwan horow a amanyɛfo faa so bɛyɛ mfehaha pii ni no ho asɛm. Yɛaka ne nnyinasosɛm atitiriw no ho asɛm wɔ kratafa 7.

BERE a na wiase no rehyɛn afeha a ɛto so aduonu mu no, na ɛte sɛ nea nneɛma bɛkɔ so atra hɔ sɛnea na ɛte no daakye. Ná Europa aman atitiriw a wɔwɔ tumi no ayeyɛ apam ahorow a anka ɛsɛ sɛ ɛma asomdwoe tra hɔ. Nanso sɛnea abakɔsɛm kyerɛwfo R. R. Palmer kyerɛwee wɔ A History of the Modern World mu no, “Ná Europafo gye di sɛ wɔrehyɛn bere bi a nneɛma bɛkɔ so atra hɔ sɛnea na ɛte no mu, a nkɔanim kɛse ne anibuei pii ka ho a wɔbɛma mfaso horow a efi nnɛyi nyansahu ne abɔrehude mu aba no mu atrɛw kɛse no mu. . . . Mmom no, Europa baa asiane mu wɔ 1914 mu.”

Ɔkyerɛkyerɛfo panyin A. J. P. Taylor ka mpo sɛ: “Nokwarem no, na ɛyɛ den sɛ wobehu sɛ akameakamedi bi wɔ Europa aman a wɔwɔ tumi kɛse no ntam wɔ 1914 ahohuru bere mfiase no mu.” Nanso Europa amammuifo ‘baa asiane a ɛne Ɔko Kɛse a ɛbae 1914-18 mu no mu.’ Dɛn ntia? Sɛnea ɔkyerɛkyerɛfo panyin koro no ara kyerɛ no, “nea ɛde bae ne nkabom ahorow no [Germany/Austria-Hungary/Italy, aman abiɛsa nkabom no ne France/Russia/Britain aman abiɛsa apam no] . . . Wɔyɛe sɛ anka ɛmfa asomdwoe mmra nanso ɛbɛyɛɛ nea ɛde ɔko bae.”

Yesu kyerɛkyerɛe sɛ, “Na nea ɔbɛpae w’aso nifa mu no, dan biako nso ma no” ne sɛ, “Monnɔ mo atamfo.” (Mateo 5:39, 44) Machiavelli kyerɛe sɛ ‘ɔkwan a mmoa nam so yɛ ade a ɛne ɔhyɛ so no yɛ nea mpɛn pii ɛho hia’ na ama sodifo bi adu ne botae horow ho. Ɔkyerɛwee sɛ: “Ɛho hia sɛ ɔhene bi a ɔpɛ sɛ ɔkɔ so kura ne tumidi mu no hu sɛnea obedi mfomso, na ɛsɛ sɛ ɛyɛ saa a ɛnyɛ sɛ ɛho abehia nti na ɔyɛ saa”! Sɛnea ɔkyerɛ no, ɛsɛ sɛ wobu wɔn ani gu Kristofo nnyinasosɛm ahorow so na ama wɔatumi adi atirimpɔw bi a wosusuw sɛ ɛho bɛba mfaso ho dwuma.

Bere a Europa Katolekfo, Protestantfo, ne Ortodoksfo amammui sodifo​—ahemfo, ahempɔn, aman atitrafo ne aman asoafo mpanyin​—kae sɛ wɔretu sa wɔ 1914 mu no, na hena nkyerɛkyerɛ akyi na woredi no, sɛ́ ɛyɛ nea wonim anaasɛ nea wonnim no? So ɛyɛ Yesu Kristo a wɔka sɛ ɔyɛ wɔn Wura no de? Anaa, Machiavelli afotu no?

“Ɔko a ɛbɛma ɔko ahorow aba awiei” ne ɔko a “ɛbɛma demokrase atumi atra wiase no mu” yɛ nsɛm ahorow a wɔkae no mu binom de kyerɛɛ teɛ a nnipa pii a amammui akannifo no ma wokunkum wɔn wɔ 1914 mu no teɛ no. Na ɛyɛ ɔko bɛn? Dɛn na wɔhweree​—a ɛnyɛ amammuifo​—na mmom nnipa no?

Nea Efii Wiase Ko I Mu Bae

Ebia ko a wɔkoe wɔ Somme a ɛwɔ France kusuu fam no kyerɛ nnipa a wowuwui wɔ Ɔko Kɛse no mu a nyansa biara nni mu. Ɔkyerɛkyerɛfo panyin Palmer ka sɛ: “Ɔko a wɔkoe wɔ Somme fi July kosi October [1916 no], maa Germanfo bɛyɛ 500, 000, Britaniafo 400, 000 ne Fransefo 200, 000 wuwui.” Nnipa dodow a wowuwui​—mmarima 1,100,000! Dɛn na efii mu bae? Abakɔsɛm kyerɛwfo Palmer ka sɛ, “Wɔannya mfaso biara amfi mu.” Na mmom wɔahwere nneɛma pii​—nnipa 1,100,000 a wɔyɛ agyanom, okununom ne mmabarimanom a wogyaw awofo, ɔyerenom ne, nyisaa ɔpepem pii a wɔredi awerɛhow hɔ. Na eyi yɛ nnipa dodow a wowuwui wɔ ɔsa biako pɛ mu! Ade titiriw bɛn na ɛde eyi bae? Amammuisɛm mu mpaapaemu a ɛde ɔman ho dɔ ne ɔmampɛ dii dwuma ma ɛde ɔko a anka ɛremma bae.

Nneɛma bɛn na nnipa a na wɔte aman a wɔkoe no mu hweree, sɛ wɔka ne nyinaa bom a? Nhoma biako ka sɛ: “Ebeduu November 11, 1918 mu no . . . na asraafo ɔpepem awotwe awuwu, na na bɛboro ɔpepem aduonu apirapira, anya nyarewa ahorow, adi dɛm anaasɛ wɔfe mogya esiane mframa bɔne a wɔde kɔtoaa wɔn nti.” Na nnipa a wɔnyɛ asraafo a wowuwui anaa wopirapirae nso ɛ? Wokunkum nnipa a wɔnyɛ asraafo ɔpepem aduonu abien anaasɛ wopirapiraa wɔn, na wɔn a wonyaa nkwa no tete nkuraa ahorow a wɔabubu emu adan agu fam no ase.”

Esiane saa nnipa a wokunkum wɔn yi nyinaa nti, hwɛ sɛnea agyiraehyɛde a ɛwɔ Bible mu a wɔde gyinaa hɔ maa Satan wiase nyinaa amammui ahyehyɛde no​—aboa bi”​—no fata.a (Adiyisɛm 13:1, 2) Ɛtɔ bere bi a, mmoa kunkum nnipa anaa mmoa esiane pɛ a wɔpɛ sɛ wobekunkum wɔn ara kwa nti. Mmoa afoforo mpo kunkum wɔn ankasa mma.

Nanso na wɔwɔ anidaso kɛse bere a apam a wɔyɛe wɔ November 1918 mu no maa Wiase Ko I baa awiei no. Sɛnea ɔkyerɛwfo Charles L. Mee kae wɔ ne nhoma The End of Order, Versailles 1919 mu no: “Wiase Ko I ayɛ asiane kɛse. Wɔboaboaa mmarima ɔpepem aduosia anum ano​—wɔdɔɔso sen nnipa a wɔde wɔn akɔ ɔko biara pɛn dodow no so ɔpepem pii​—sɛ wɔnko ɔko a wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ ɛyɛ trenee ne nea nidi wom, nea ɛkyerɛ ɔman ho dɔ ne nea ɛfa nneɛma pa ho, sɛ wɔnko ɔko a ɛbɛma ɔko ahorow nyinaa aba awiei na wɔmfa asomdwoe ne atɛntrenee ho nhyehyɛe foforo koraa nsi hɔ wɔ wiase no mu.”

So amammui akannifo a wɔwɔ wiase no mu no suaa biribi fii mogyahwiegu a ɛyɛ hu yi mu? So aman a wɔka sɛ wɔyɛ Kristofo no daa ɔdɔ a Kristo kaa ho asɛm no adi? Dabi, efisɛ ɛda adi sɛ, nsɛm a asisi fi 1918 mu akyerɛ sɛ nsɛm ahorow a amammuifo, asɔfo ne asraafo nam nyansa kwan so kae no nyɛ nokware.

Ɔkyerɛwfo Mee asɛm a ɔkae no yɛ nokware: “Aban ananmusifo no hyiae [wɔ Paris Asomdwoe Nhyiam no ase] na sɛ anka wɔbɛma asomdwoe aba wiase no mu no, wɔpenee Ɔko Kɛse no mu basabasayɛ no so na ɛdenam hwehwɛ a wɔhwehwɛɛ sɛ wobetua afoforo bɔne no so ka, afoforo a wɔyɛ wɔn bɔne wɔ anibiannaso mu, di a wontumi nni wɔn ho so ne nnaadaa so gye toom sɛ ɛyɛ tebea a ɛsɛ sɛ ɛtra hɔ daa wɔ yɛn afeha yi mu.” Nokwasɛm a ɛkyerɛ sɛ wɔagye basabasayɛ atom sɛ ade ɛsɛ sɛ ɛkɔ so daa wɔ afeha a ɛto so 20 yi mu no yɛ nea nsɛm a esisii akyiri yi sii so dua.

[Ase hɔ nsɛm]

a Sɛ wopɛ amammui mu “aboa” a adiyisɛm ka ne ho asɛm no ho asɛm pii a, hwɛ “Then Is Finished the Mystery of God” nhoma a Ɔwɛn Aban Bible ne Nhomawa Asafo a ɛwɔ New York atintim no mu.

[Kratafa 7 adaka]

Wɔ ne nhoma The Prince mu no, Niccolo Machiavelli (1469-1527) , ɔmanyɛfo ne ɔkyerɛwfo a ne ho akokwaw no kaa nnyinasosɛm ahorow a edidi so yi a ɛfa sɛnea obi betumi adi nkonim sɛ amammui sodifo no ho asɛm.

(1) “Ɛyɛ ahobammɔ kɛse sɛ wobesuro wo sen sɛ wɔbɛdɔ wo . . . Ɛnhaw nnipa kɛse sɛ wɔbɛfom obi a wɔdɔ no sen obi a wosuro no.

(2) “Osuahu a yɛanya ne sɛ ahemfo a wɔyeyɛɛ nneɛma akɛse no nyaa nneɛma nketenkete mu gyidi kɛse.

(3) “Ɛsɛ sɛ wohu sɛ, akwan ahorow abien a wɔnam so di asi na ɛwɔ hɔ, biako nam mmara so na foforo no nam ɔhyɛ so; Ɔkwan a edi kan no ye ma nnipa na nea ɛto so abien no ye ma mmoa; nanso esiane sɛ mpɛn pii nea edi kan no nni mũ nti, ɛho hia sɛ wɔdan kɔ nea ɛto so abien no so.

(4) “Enti ɛho nhia sɛ ɔhene bi nya su pa ahorow nyinaa a maka ho asɛm no, nanso ɛho hia yiye sɛ ɔbɛda ne ho adi sɛ ɔwɔ ne nyinaa.”​—Yɛn na yɛde nkyerɛwde soronko akyerɛw afã bi no.

(5) Ɛsɛ sɛ ɔhene bi “da ne ho adi kyerɛ wɔn a wohu no na wotie no sɛ ɔyɛ mmɔborohunufo, ɔnokwafo, ɔwɔ ayamhyehye, ɔteɛ na ɔyɛ onyamesomfo. Biribiara nni hɔ a ɛho hia kɛse sen sɛ wobɛda wo ho adi sɛ wowɔ su a etwa to yi, efisɛ mpɛn pii nnipa gyina nea aniwa hu so mmom bu atɛn sen nea nsa ayɛ so . . . Obiara hu sɛnea woda wo ho adi sɛ wote no, nanso nnipa kakraa bi na wonim sɛnea wote ankasa.’

(6) “Ɛnsɛ sɛ ɔhene nya botae anaa nsusuwii anaa ɔpaw biribi foforo biara sen sua a obesua ɔko ne ɛho mmara ne ho ntetee horow ho ade nkutoo, efisɛ ade biako pɛ yi na ɛyɛ nea odi tumi no de.

(7) “Ɛho hia sɛ ɔhene a ɔpɛ sɛ okura ne tumidi mu no hu ɔkwan a wɔfa so yɛ bɔne, na ɔyɛ, a ɛnyɛ hia a ɛho hia nti na ɔyɛ saa.”

[Kratafa 6 mfoni]

Nnipa pii a wokunkum wɔn wɔ Wiase Ko l mu no da amammuifo agyimisɛm no adi

[Kratafa 7 mfoni]

Machiavelli de n’amammui ho nnyinasosɛm ahorow no gyinaa kan abakɔsɛm so

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena