Ɔko Anaa Asomdwoe—Ne Wo
Dɛn Ne Ɔko?
“Ɔko yɛ wiase a Onyankopɔn de sii hɔ no mu nhyehyɛe no ho biribi. Ɔko nni hɔ a anka wiase no mu bɛyɛ anihaw na honam fam nneɛma amene no.”—Germani ɔsahene Helmuth von Moltke.
“Siw ɔko ano, na ɛbɛyɛ te sɛ nea worebɔ mmɔden asiw adebɔ mu nneɛma a ɛkɔ so no ano.”—Joseph P. Goebbels, Nazi ɔsoafo a ɔhwɛ amammuisɛm ho amanneɛbɔ ho nsɛm so.
‘Ɛyɛ amammuisɛm fã.’—Rusiafo ɔmanpanyin Lenin.
“Ade koro pɛ a ɔhene sua. Ɛsɛ sɛ obu asomdwoe sɛ bere kakraa bi a ɔde home a ɛma onya bere de sua akodi ho akwan ahorow.”—Italiani amammuisɛm ho nyansapɛfo Niccolò Machiavelli.
Dɛn Ne Asomdwoe?
“Ɔko mmere ahorow abien ntam nsisi bere.”—Ambrose Bierce, Amerikani nsɛnkyerɛwfo.
“Tebea a enye a nnipa a wɔnnyɛ asraafo a wɔdɔɔso ma ɛboro so de ba a ɔko bɔ mmɔden sɛ ebesiesie.”—Cyril Connolly, Engiresini ɔkyerɛwfo.
“Adaeso a ɛnyɛ nea ɛyɛ dɛ mpo.”—Helmuth von Moltke.
ƆKWAN bɛn so na nsɛm a wɔafa aka wɔ atifi hɔ no kã wo? So wote nka sɛ sɛnea wodi ɔko ne asomdwoe ho dwuma no kyerɛ sɛ wɔn ani mmeree? So wɔma wunya adwene sɛ wɔ nnipa pii, ne titiriw no atumfoɔ ne amansɛmdifo, fam no, nkwa yɛ fow—bere dodow a ɛnyɛ wɔn nkwa na ɛho aba asɛm no? Nanso yegye di sɛ ɛmfa ho sɛ ɔman bɛn so na wufi no, wobɛpɛ sɛ wotra wiase bi a asomdwoe ne biakoyɛ wom mu.
Wɔ mfirihyia 6,000 a adesamma de atra ase no abakɔsɛm mu no, ɔko akunkum nnipa ɔpehaha pii. Wɔ wiase nyinaa ko ahorow abien akyi mpo no, ɛte sɛ nea asomdwoe ne biakoyɛ yɛ adaeso ara kwa. Sɛnea Gwynne Dyer kyerɛwee wɔ ne nnansa yi nhoma a wɔfrɛ no War mu no: “Wɔ mfe abien a etwa to wɔ wiase Ko II mu no mu no, na wokunkum nnipa bɛboro ɔpepem biako ɔsram biara. Sɛ tumi akɛse no ne wɔn ho wɔn ho di ako biako pɛ bio na wɔde akode a wɔwɔ mprempren no nyinaa di dwuma a, wobekunkum nnipa ɔpepem biako simma biako biara.” Na sɛ nuklea tumi akɛse no bɛko a, so wobedi kan abisa nnipa no na wɔahu wɔn adwene ansa? Abakɔsɛm kyerɛ sɛ ɛnte saa.
Ɔko ahorow a atwam ne nea ebetumi aba mprempren no ma yebisa sɛ, Dɛn na ɛde ɔko ba? Anidaso bɛn na ɛwɔ hɔ sɛ nokware asomdwoe a ɛkyɛ bɛba wɔ yɛn bere yi mu—a ɛnyɛ bere kakraa bi a wɔde home wɔ ɔko ahorow mu? Na wɔ nuklea bere yi mu no, so daa asomdwoe yɛ adaeso a ɛremma mu da?