So Amammui Mu Mesia, Ahorow De Asomdwoe Aba?
NÁ KAN U.S. ɔmanpanyin Woodrow Wilson yɛ wɔn a wɔyɛɛ asomdwoe ho nhyehyɛe wɔ Wiase Ko I akyi no akannifo no mu biako. Ebinom huu no sɛ “wiase foforo bi nhyehyɛe a egyina atɛntrenee ne obu a wɔwɔ ma nneɛma ahorow a nnipa nyinaa pɛ so no kannifo a ɔnyɛ pɛsɛmenkominya.” Amanaman Apam no ne wiase asomdwoe ho ɔhaw ahorow no ano aduru a ɔde mae. Na ɔwɔ n’adwuma a n’ani gye ho no ho anidaso kɛse.
Kyerɛwtohɔ biako ka sɛ: “Bere bi ɔmaa [Britaniafo Ɔman Soafo Panyin] Lloyd George ne [Fransefo Ɔman Soafo Panyin] Clemenceau ho dwiriw wɔn bere a ɔkyerɛɛ sɛnea apam no de nnipa onuayɛ bɛba bere a Kristosom antumi anyɛ saa no.” Dɛn nti na Yesu Kristo antumi “anni nkonim”? Wilson buae sɛ: “Ɔkaa nneɛma pa ho asɛm nanso wamfa akwan horow a eye a wɔbɛfa so anya ho nhyehyɛe biara amma. Ɛno nti na mereka nhyehyɛe a eye a ɛbɛma yɛadi Ne botae horow no ho dwuma akyerɛ no.”
Fransefo nsɛm amanneɛbɔ dwumadibea kaa Wilson ho asɛm sɛ ɔne “Nsusuwii Pa Ho Sɔfo Panyin, Amanaman Ɔpamfo, Ɔdɛɛfo Ma Adesamma, Nkonimdi Ho Kwankyerɛfo ne Asomdwoe Ho Mmarahyɛ Baguani.” Bio nso na wɔrema nnipa no de wɔn ho nyinaa ato amammuifo ne wɔn nhyehyɛe ahorow a ɛde “wiase nhyehyɛe foforo” bi bɛba no so. So Amanaman Apam no de asomdwoe a enni awiei bae? Anaa, so ɛboa maa basabasayɛ bere bae?
Italiafo Mesia
Bere a wofii ase de apam no dii dwuma akyi no, amammui mu mesia pii sɔree na wɔmaa ɔpepem pii huu amane. Wɔ 1922 mu no, Benito Mussolini a ɔyɛ obi a ɔkenkan Machiavelli ho asɛm kɛse no bedii tumi wɔ Italy. Wɔkaa ne fasist nniso no ho asɛm sɛ ɛyɛ “nokware som.” Abakɔsɛm kyerɛwfo Palmer ka sɛ, nanso ɛde “basabasayɛ ne nsisi ne abatow mu nnaadaa” bere bae. Ɔbenfo Gentile, fasist nniso no ho nyansapɛfo a ɔyɛ Italiani a wagye din no “kamfoo basabasayɛ a wɔnam so yɛɛ wɔn ade, fasistfo basabasayɛ a wɔnam so yɛɛ wɔn ade wɔ ɔman no yiyedi din mu mpo no.” Ɔkae sɛ basabasayɛ a ɛte saa no yɛ nea “Onyankopɔn ne nnipa a wogye Onyankopɔn di no nyinaa pɛ, . . . na ɛwɔ mmara a ɛda adi sɛ Onyankopɔn de ama wiase no mu.”
So eyi yɛ Kristo abrabɔ ho mmara a wodi so anaa Machiavelli de no? Nea ɛwɔ he na ɛkae sɛ, “Ɛyɛ ahobammɔ kɛse sɛ wobesuro wo sen sɛ wobɛdɔ wo” no? Ɛda adi sɛ ɛnyɛ Yesu Kristo de no! Nea ɛne eyi bɔ abira no, ɔkyerɛkyerɛe sɛ: “Sɛ mododɔ mo ho a, nnipa nyinaa behu sɛ moyɛ m’asuafo.”—Yohane 13:35.
Wɔ 1935 mu no, ɛdenam Katolek Asɔre no nkuranhyɛ so no, Fasist Italy kɔtow hyɛɛ Ethiopia so na edii so nkonim. Dɛn na Wilson Mesia Apam no yɛe wɔ ho? “Bio nso, Amanaman Apam no antumi anyɛ hwee . . . antwe Ɔman a ɛwɔ tumi a ɛnam ɔkwammɔne so no aso.”—A History of the Modern World a R. R. Palmer kyerɛwee.
Basabasayɛ Bere
Ebeduu 1983 mu no, na Adolf Hitler a na kan ɔyɛ Austria Katolekni a obiara nnim no no abɛyɛ Germany ɔman soafo panyin. Wamma ankyɛ koraa na ɔkyerɛe sɛ n’ani nnye Amanaman Apam no ne Versailles Apam no a ɔtee nka sɛ nhyehyɛe a ɛwom no brɛɛ Germany ase koraa wɔ 1919 mu no ho. Oyii Germany fii apam no mu na ɔkasa tiaa apam no mu anohyeto ahorow no na ofii ase tetee Germany asraafo no.
Hitler kyerɛkyerɛɛ nea enti a akyiri yi ɔdan kɔɔ honhom fam basabasayɛ a egyina atoro so no so no mu wɔ n’amammui ho adwen ho nhoma Mein Kampf (M’apereperedi) no mu: “Eyi yɛ nhyehyɛe a egyina adesamma mmerɛwyɛ ho nhwehwɛmu a wɔayɛ a ɛdi mũ so, na nea ebefi mu aba no bɛma yɛadi nkonim a asɛm biara nni ho . . . Minyaa ntease a ɛte saa ara wɔ hia a basabasa a wɔyɛ ankorankoro ne ɔmanfo ho hia no ho.”
Hitler hyehyɛɛ Gestapo de kaa SS no ho ma ɛbɛyɛɛ ahyehyɛde a wɔnam so di atirimɔdensɛm. Ɛdenam nnipa kakraa bi a ɔnam atirimɔden kwan so taa wɔn no so no, nnipa dodow suroo no a wɔannya ne ho tan. Saa nnipa dodow a wɔanka wɔn ano antom no gyee Hitler toom sɛ wɔn kannifo. Wɔn mu fã kɛse no ara buu wɔn ani guu eyi so anaasɛ wodii n’akyi a asɔre a wɔkɔ no mfa ho. Bio nso, Machiavelli nnyinasosɛm ahorow no bɛyɛɛ amammuisɛm mu nokwasɛm.
Efi 1936 reba no, Hitler dii nhyehyɛe bi akyi a ɛne ko a ɔbɛko afa aman ahorow na ɔde aka ne man ho a ɛma ɔde n’asraafo koguu Rhineland, Danzig, Austria ne Czechoslovakia no. Eyinom nyinaa dii basabasayɛ kɛse bi a na ɛbɛba no anim.
“Ɛsɛ sɛ Yekunkum Wɔn Te Sɛ Mprako!”
Wɔ 1936 mu no, fasistfo Ɔsahene Franco dii atua a wɔtew tiaa kwasafo nniso a ɛwɔ Madrid no anim. Katolek Asɔre no hyɛɛ atua a wɔtewee wɔ Spain no ho nkuran te sɛ nea ɛyɛ mmeamudua ho akodi kronkron. Sɛnea ɔkyerɛwfo C. L. Sulberger kyerɛ no, ankyɛ na Hitler ne Mussolini de asraafo 85,000 kɔboaa Franco asraafo no. Germanfo wimhyɛn totow ɔtopae ahorow guu Spaniafo nkurow so.
Bere a Antonio Bahamonde, Franco asraafo mpanyimfo no mu biako adamfo paa reka mogyahwiegu ne nneduafo pii a wokunkum wɔn no ho asɛm no, ɔkae sɛ, na Franco asraafo mpanyimfo no “nim yiye sɛ ɛnam basabasayɛ nkutoo so na wobetumi adi nnipa no so . . . Ɛyɛ mmara kwan so basabasayɛ na mmara no yɛ amusie mmara.” Ɔsraani panyin foforo ka no pefee sɛ: “Nnipa mpapahwekwa no yɛ mprako. Na ɛsɛ sɛ yekunkum wɔn te sɛ mprako!” (Miracle of November, Madrid’s Epic Stand 1936 a Dan Kurzuman kyerɛwee) Ná saa mmarima yi yɛ asraafo a wɔredi nkonim a wɔn mu fã kɛse no ara yɛ Katolekfo mpanyimfo. Wɔ ade a amammuifo bu sɛ ɛyɛ nea mfaso wɔ so din mu no, wɔpenee awudi so.
Sɛnea ɛte wɔ ɔko nyinaa mu no, afanu no nyinaa dii atirimɔdensɛm. Bio nso, aba a amammui a ɛhyɛ nitan ho nkuran a nyamesom gyina akyi sowee no yɛ nea ɛdaa adi. Ɔmanfo no na wohuu amane. Ɔko a Spaniafo twaa wɔn ho koe a edii mfe abiɛsa ansa na ɛbaa awiei no maa nnipa bɛboro ɔpepem fã wuwui. Spaniafo ko no dii basabasayɛ kɛse bi anim—Wiase Ko II.
Wiase Ko ll ne Ɔko Ahorow Pii
Ko a Hitler ko faa Poland wɔ September 1939 mu no, maa Britania ne Franse tuu Germany so sa. Adesamma san de wɔn ho hyɛɛ basabasayɛ a ɛsɛee nneɛma pii na ɛde amanehunu bae mu. Amammui a nnwuma akɛse hyɛ akyi dii nnipa a wɔba fam no huammɔ bio.
Dɛn nti na na nnwuma akɛse no ho wom? Wɔ amammui mu no, sika kyerɛ tumi, na nnwuma akɛse no mu na sika no wɔ. Sɛ ɛnyɛ ɛno a, anka ebia Hitler rentumi mmɛyɛ ɔman soafo panyin wɔ Germany. William Shirer kyerɛwee wɔ The Rise and Fall of the Third Reich no mu sɛ: “Bere a 1920 mfe no bɛn n’awiei no, mfiridwuma wuranom a wɔwɔ Bavaria ne Rhineland no mu kakraa bi a wɔn ani gyee sɔre a Hitler sɔre tiaa Marxistfo ne adwumayɛfo akuw ahorow no ho no fii ase maa Nasi Amanyɛkuw no sika.”
Wiase nyinaa ko a ɛto so abien no ma wokunkum nnipa pii bio. Nnipa baahe na wowuwui wɔ mfe asia awudi a amammuisɛm hyɛɛ ho nkuran no mu? Ebinom ka sɛ nnipa ɔpepem 55. Egyaw ɔpepem pii a “wɔayɛ mmubuafo, wɔn ani afura, wɔadi dɛm, wonni afie, wɔayɛ nyisaa na ahia wɔn.” (The People’s Chronology a James Trager kyerɛwee) “Aboa” a ogyina hɔ ma amammuisɛm no, san sɔree bio.
Sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛma asomdwoe a enni awiei aba asase so no, wiase amanaman a wɔwɔ tumi no mu amammuifo yɛɛ Apam foforo a ɛne Amanaman Nkabom ahyehyɛde no wɔ 1945 mu. Nanso efi saa bere no reba no, anyɛ yiye koraa no, ɔko, ɔmanfo a wɔatwa wɔn ho ako, ɔman anidan ahorow 62 akɔ so wɔ wiase no mu na ama nnipa ɔpepem pii awuwu—ne nyinaa wɔ amammui ho adwen horow a ɛsonsonoe din mu.
Ɔbenfo Palmer kyerɛwee sɛ: “Adesamma wiase no adi ako . . . fi 1914 reba no. Wiase Ko a Edi Kan, ɔko no akyi ɔhaw ahorow, Rusiafo, Chinafo, Turkeyfo ɔman anidan afoforo, sikasɛm mu ahokyere kɛse bere, sodifo atirimɔdenfo, Wiase Ko a Ɛto So Abien, nsakrae a ɛto so abien a ɔman anidan ahorow de bae ne ɔko no akyi ɔhaw ahorow no nyinaa yɛ nsakrae koro no ara ho nhyehyɛe horow no fã, . . . ɛmmaa awiei na ‘ɔko’ nyɛ asɛmfua a emu yɛ den ma no.”
Mprempren wɔ 1985 mu no, ɛda adi sɛ wɔakyekyɛ wiase no mu ayɛ no amammui akuw abien a ɛsɔre tia wɔn ho wɔn ho. Wɔ saa akuw yi mu no, wɔda so ara wowɔ amammui ne asetra mu nhyehyɛe ahorow a efi asraafo atirimmɔden nniso ahorow so kosi demokrase nniso a egu ahorow ahorow so. Adwen horow a enhyia reyɛ ama nuklea ɔsɛe aba, ɔsɛe a adesamma mu fã kɛse no ara mpɛ.
Ɛwom mpo sɛ ebia amammuifo koma pafo wɔ hɔ a wɔreyɛ adwuma ma ɛho aba adesamma mfaso de, nanso ɛsɛ sɛ yegye tom sɛ amammuisɛm a ɛde mpaapaemu ba no de yɛn abɛn ɔsɛe yi ho. So ɔkwan bi wɔ hɔ a wobɛfa so afi mu? So nniso bi wɔ hɔ a ebetumi aka adesamma abusua no abom wɔ asomdwoe mu na ama wɔanya obu ama wɔn ho wɔn ho ankasa?
[Kratafa 8 mfoni]
Ɔmampanyin Wilson kae sɛ wɔmfa Amanaman Apam no nsi hɔ sɛ “nhyehyɛe pa a wɔnam so di [Kristo] botae horow ho dwuma”
[Kratafa 9 mfoni]
Benito Mussolini fasist nniso no nam basabasayɛ so yɛɛ ade wɔ ɔman no yiyedi din mu
[Kratafa 9 mfoni]
Adolf Hitler nam basabasayɛ so kuraa ne tumidi mu
[Kratafa 10 mfoni]
Ɔsahene Franco penee boa a Hitler ne Mussolini boaa no no so