Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g86 2/8 kr. 4-7
  • Asomdwoe Adehu No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asomdwoe Adehu No
  • Nyan!—1986
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Nkonimdi a Ɛsen Biara anaasɛ Asiane a Ɛsen Biara”
  • “Betlehem Nsoromma no Repue Bio”
  • Apam no ne Katolek Asɔre No
  • “Amanaman Apam no Gyina Asɛmpa no So”
  • Adehu No Awiei
    Nyan!—1986
  • Wɔpow Adehu No
    Nyan!—1986
  • Nea Enti A Apam Bi Ho Hiae
    Nyan!—1992
  • So Amammui Mu Mesia, Ahorow De Asomdwoe Aba?
    Nyan!—1985
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1986
g86 2/8 kr. 4-7

Asomdwoe Adehu No

Wɔ 1916 mu, ansa na Amerika de ne ho ɔko no mu mpo no, Wilson fii ase kaa n’adehu a ɛfa daa nhyehyɛe a ɛbɛma somdwoe atra asase so no ho asɛm. Sɛnea ɔkyerɛwfo Gene Smith kyerɛ no, ohuu “Amanaman Apam bi a wɔde besi hɔ a ɛno na ɛbɛyɛ ɔkwan a wɔbɛfa so adi atɛntrenee ma nnipa nyinaa ho dwuma na ayi ɔko ho hu afi hɔ koraa” no siei. Afei wɔ 1917 mu, bere a na Amerika reko no, ɔbɛyɛɛ nea na ɔwɔ anidaso sɛ ɛbɛyɛ daa asomdwoe ne n’adwuma no awiei a anuonyam wom no ho dawurubɔfo kɛse.

Afei ɔde n’ahoɔden nyinaa trɛw n’asɛmpa a ɛfa Amanaman Apam a na wanya ho adwene ho no mu. Ɔde “asomdwoe a nkonimdi nka ho” yɛɛ ne botae a emu na ɛbɛyɛ nea Germanfo a wɔadi wɔn so nkonim biara nni hɔ, na mmom, asraafo ne katabaako nniso horow a wɔatu agu no.

Sɛ́ asomdwoe ho nhyehyɛe no mfiase no, ɔde ne Nsɛntitiriw Dunan a agye din no sii hɔ. Nea na ɛka eyi ho ne nsɛm anum a eye a ɛsɛ sɛ aman a wɔreko no nyinaa tie, ne afei nsɛntitiriw awotwe a ɛfa amammuisɛm mu ɔhaw ne nsɛmmɔnedi ahorow pɔtee bi ho. Asɛm a ɛto so 14 no ne nea na ɛho hia titiriw, efisɛ na ɛno fa Wilson dawurubɔ no ho kɛse​—Amanaman Apam a wɔde besi hɔ.

“Nkonimdi a Ɛsen Biara anaasɛ Asiane a Ɛsen Biara”

Ná ogye di kɛse sɛ Onyankopɔn gyina n’akyi wɔ n’adwuma yi mu araa ma ɔkae sɛ nea ɛbɛyɛ biara ɔbɛkɔ Paris Asomdwoe Nhyiam no ase bi wɔ 1919 mu​—ɔyɛɛ eyi a nokwasɛm a na ɛyɛ sɛ ne nnamfo a wɔyɛ amansɛmdifo susuw sɛ ɛnsɛ sɛ Amerika ɔmanpanyin no de ne ho hyɛ asomdwoe ho nhyehyɛe no mu no mfa ho. Ná ogye di sɛ nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa gyina n’akyi, sɛ ɛyɛ nea ɛnte saa wɔ amansɛmdifo no nyinaa ho mpo a. Ná ogye di sɛ ɔyɛ Onyankopɔn adwinnade a ɔnam so de asomdwoe bɛba. Ɔne onipa titiriw a ɛsɛ sɛ ɔkɔ Paris.

Ɔka kyerɛɛ ne kyerɛwfo Tumulty sɛ: “Ebia saa akwantu yi bɛyɛ nkonimdi a ɛsen biara anaasɛ asiane a ɛsen biara wɔ abakɔsɛm nyinaa mu; nanso migye Ɔsoro Akwankyerɛ di . . . Mewɔ gyidi sɛ nnipa biara nni hɔ a sɛ wɔde wɔn tumi anaa wɔn nkɛntɛnso bom mpo a, wobetumi asɛe wiase nyinaa adwuma kɛse yi.” (Yɛn na yɛde nkyerɛwde soronko akyerɛw afã bi no.) Sɛnea ɔbenfo bi kae no: “Ná Ɔmanpanyin no asi ne bo sɛ ɔde ne tumi ne n’anuonyam bedi dwuma de ayɛ asomdwoe ho nhyehyɛe a etwa to no a Amanaman Apam ho nhyehyɛe ka ho.

Wɔ November 1918 mu no na Germany asraafo reyɛ adi nkogu. Wɔmaa wɔn ahome kakra a na ɛno na ɛde ɔko no rebɛba awiei. Wofii nhyehyɛe ahorow ase a na Britania Ɔsoafo Panyin Lloyd George, Franse Ɔmanpanyin Georges Clemenceau, Italy Ɔsoafo Panyin Vittorio Orlando, ne Japanfo nanmusini Count Nobuaki Makino ka ho. Ná Wilson awe ahinam so sɛ ɔbɛma wɔagye atom sɛ n’Apam no nkutoo ne Europa ɔhaw ahorow ne wiase nyinaa de nso ano aduru.

“Betlehem Nsoromma no Repue Bio”

Nnipa no gyee Wilson toom kɛse bere a okyinkyin Europa ansa na Asomdwoe Nhyiam no refi ase wɔ Paris no. Sɛnea Herbert Hoover kyerɛwee akyiri yi no: “Ɛkame ayɛ sɛ wɔde nyamesom mu anigye a ano yɛ den gyee no wɔ baabiara . . . Anigye a wɔde maa no akwaaba no sen nea wɔde ama onipa biara pɛn.” N’asomdwoe ho mmɔdenbɔ ne n’adehu no kanyan ɔmanfo pii. Bere a ɔkɔsraa Italy no, nnipadɔm no teɛɛm sɛ, “Mo Wilson, Asomdwoe Nyankopɔn.” Ɛkame ayɛ sɛ na wosusuw sɛ ɔwɔ tumi a ɛsen onipa de. Hoover de ka ho sɛ: “Wɔn fam de, na onipa biara nni hɔ a ne bra ye na ɔwɔ amammuisɛm mu tumi a ɔyɛ asomdwoe ho sɛnkafo saa a waba fi bere a Kristo de Bepɔw so Asɛnka no mae no. . . . Ná Betlehem nsoromma no repue bio.”

Ɛda adi sɛ na Wilson gye di sɛ nyamesom mu nkate a emu yɛ den wɔ n’adwuma no mu bɛboa ma asomdwoe aba asase so. Ɔkyerɛwfo Charles L. Mee se: “Bere bi ɔmaa Lloyd George ne Clemanceau ho dwiriw wɔn bere a ɔkyerɛkyerɛɛ sɛnea apam no de onipa ne onipa ntam onuayɛ bɛba wɔ faako a Kristosom antumi anyɛ saa no mu no. Lloyd George kae sɛ Wilson kãe sɛ, ‘Dɛn nti na Yesu Kristo antumi annya wiase no ma wɔanni Ne nkyerɛkyerɛ no akyi wɔ nsɛm yi mu? Nea enti a ɛte saa ne sɛ ɔkyerɛkyerɛɛ nea eye no nanso wankyerɛ ɔkwan pa a wɔbɛfa so anya. Ɛno nti na merekyerɛ nhyehyɛe a eye a wɔde bedi Ne botae ahorow no ho dwuma no.’”​—The End of Order, Versailles 1919.

Ɛda adi sɛ Wilson nyaa nkuranhyɛ fii mmeae pii. Amerika po so asraafo panyin Josephus Daniels de nsɛm yi gyee Amanaman Apam no toom: “Ɛkame ayɛ sɛ Asomdwoe Apam ho nhyehyɛe no mu da hɔ tiawa te sɛ Yesu Bɛ ahorow no mu biako na ɛhyerɛn na ɛma nkɔso te sɛ ɛno. Bere adu sɛ asɔre dɔn ahorow gyigye denneenneen, na asɛnkafo bu nkotodwe, na amanyɛfo di ahurusi, na abɔfo to dwom sɛ, ‘Anuonyam wɔ Sorosoro ma Onyankopɔn!’”

Apam no ne Katolek Asɔre No

So asɛnkafo buu nkotodwe? Ebinom de ntɛmpɛ bɔ gyee Apam no so sɛ adesamma haw ahorow ano aduru a efi Onyankopɔn. Ɛkaa kakra anka Paapa Benedict XV piaa Wilson too nkyɛn wɔ August 1917 mu bere a sɛnea ɔkyerɛwfo John Dos Passos kyerɛ no, ɔsrɛɛ aman a wɔreko no sɛ “wɔnyɛ asomdwoe a nkonimdi nnim ho nhyehyɛe a ɛkame ayɛ sɛ egyina nhyehyɛe a Woodrow Wilson de too hɔ wɔ asɛm a ɔkae ansa na Amerika de ne ho rehyɛ ɔko no mu no mu so no.” Nanso, Wilson tee nka sɛ ɔko no ama onni adagyew a ɔde bɛdan n’ani aba paapa no so​—kosi sɛ ne nsa kaa krataa a ɛkyerɛ biribi fii ɔsahene House a ɔyɛ ne boafo no nkyɛn. Ɛkae sɛ:

“M’ani agye hia a tebea no ho hia no ho araa ma merehaw wo bio . . . Migye di sɛ wowɔ hokwan a wode begye asomdwoe ho nhyehyɛe no afi Paapa no nsam na ayɛ nea ɛwɔ w’ankasa nsam.”

Wilson yɛɛ ho biribi ntɛm ara sɛnea ɛbɛyɛ a nea wafi ase no remfi ne nsa. Ná Amanaman Apam ho adehu no yɛ ne de, ɛnyɛ paapa no de. Ná ɔne onipa a ɛsɛ sɛ ɔhwɛ ma ɛyɛ yiye.

Nanso, Katolek Asɔre no gyinaa Apam no akyi. Ɔsɔfo Bourne a na ɔyɛ Westminster Katolek Sɔfopanyin de besi 1934 awiei no kae sɛ: “Monkae sɛ sintɔ ahorow bɛn ara na ebia Amanaman Apam no wɔ no, ɛredi nea Katolek Asɔre no pɛ wɔ Asomdwoe ho no ho dwuma, na ɛreyɛ nea yɛn Agya Kronkron, Paapa, no pɛ.”

“Amanaman Apam no Gyina Asɛmpa no So”

Protestant asɔfo nso anyɛ komm wɔ Apam no akyi a wogyinae no mu. The New York Times, January 11, 1920, de no bɔɔ amanneɛ sɛ: “London asɔre dɔn ahorow no agyigye denneennen anwummere yi a wɔde rehyɛ asomdwoe a aba wɔne Germany ntam ne si a wɔde Amanaman Apam no asi hɔ ankasa ho fa.”

Nhomawa a wotintimii wɔ England a ne ti ne The Christian Church and the League of Nations no kae sɛ: “Kristofo Asɔre a ɛwɔ Britania no gyina Amanaman Apam no akyi. Ɛso duasi a efi Canterbury ne York Sɔfo-panyin no, ne Engiresi asɔfo mpanyin aduasa anum, Scotland Asɔre no Sɔfopanyin ne asɔreasɔre a ɛde ne ho wɔ England no nyinaa ananmusifo hɔ ni:

“Yegye di:

“(1) Sɛ Onyankopɔn refrɛ wiase amanaman no saa bere yi sɛ wonsua sɛnea wɔbɛtra ase sɛ abusua biako;

“(2) Sɛ amanaman ntam biakoyɛ ho nhyehyɛe a Amanaman Apam no de asi hɔ no ma wonya ɔkwan a eye sen biara a wɔbɛfa so de Kristo Asɛmpa no mu nnyinasosɛm adi dwuma de ama ɔko agyae, na atɛntrenee aba, na wɔde ayɛ asomdwoe ho nhyehyɛe.”

Ansa na wɔrebɛka eyi no na Federal Council of the Churches of Christ a ɛwɔ Amerika no ayɛ mpaemuka bi wɔ December, 1918 mu a ne fã bi ka sɛ: “Sɛ́ Kristofo no, yɛka sɛ wɔmfa Amanaman a Wɔde Wɔn Ho Apam bi nsi hɔ wɔ Asomdwoe Nhyiam a ɛreba no ase. Apam a ɛte sɛɛ nyɛ amammui ade a eye ara kwa; mmom no Onyankopɔn Ahenni no a wɔda no adi wɔ amammui kwan so wɔ asase so.” (Yɛn na yɛde nkyerɛwde soronko akyerɛw afã bi no.) Afei ɛkɔɔ so kae sɛ: “Asɔre no wɔ pii a ɛde bɛma ne pii a ebenya mũ mfaso. Ebetumi ahyɛ mmara denam biribi a ɛfa Onyankopɔn Ahenni no anuonyam nkɔmhyɛ no ho a ɛde bɛma amanaman ahyehyɛde foforo no so. . . . Amanaman Apam no gyina Asɛmpa no so.”

Sɛ na Apam no “gyina Asɛmpa no so” na ɛyɛ “Onyankopɔn Ahenni no a wɔda no adi” ampa a, ɛnde na nea Apam no bɛyɛ bɛda Asɛmpa no ne Ahenni no adi. So na Wilson yɛ ahantan sɛ ogye dii sɛ ɔyɛ Onyankopɔn adwinnade a ɔnam so bɛma amanaman no anya daa asomdwoe no? Na asemmisa a ɛho hia titiriw mpo ne, So na Onyankopɔn gyina Amanaman Apam no akyi ampa?

[Kratafa 6 adaka]

Afa a na Wɔsɔre Tia Wɔn Ho wɔ Europa​—Wiase Ko I (1914-18)

Mfinimfini Tumi Horow Tumi Horow a Ɛka Boom

Germany Britania

Austria-Hungary Franse

Bulgaria Rusia (besii 1917)

Turkey Italy, Romania, Greece,

Serbia, Poland, Belgium,

Portugal, Albania, Finland

[Kratafa 5 mfoni]

Wogyee Wilson toom wɔ Europa titiriw

[Asɛm Fibea]

U.S. National Archives

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena