Wɔpow Adehu No
“APAM no wɔ hɔ, nanso dɛn na ɛbɛyɛ? So ɛno ne ade no ankasa anaasɛ ɛyɛ nnaadaa ade bi?” Britaniani Lord Robert Cecil a na ɔyɛ Amanaman Apam no Mpanyimfo Bagua no Titrani no na obisaa saa asɛm no. Yiw, ɛwom sɛ wɔmaa nnipa pii gye dii sɛ Apam no de asomdwoe bɛba de, nanso afoforo adwenem yɛɛ wɔn naa kɛse.
Engiresi ɔkyerɛwfo Jerome K. Jerome kyerɛwee sɛ: “Amanaman Apam no baa wiase a na awu dedaw. . . . Wɔn a wɔhwɛ so no . . . to nsa frɛ yɛn ba ne dinto ase. Wɔn ani da Mesia foforo so. Ɛte sɛ nea wɔagye adi sɛ wɔnam nteɛteɛm ne nea ɛte saa so betumi anyan no afi awufo mu.” London Standard no kae sɛ: “Amanaman Apam a obiara nnye nni, nanso obiara de n’ano di no ni yɛ nnaadaa ara kwa, nnaadaa a asiane wom sen biara.”
Ɛnne Soronko
Wɔ ɔkwan foforo so no, yɛahu sɛnea asɔfo gyee Apam no toom. Nanso wɔ ɛho anigye kɛse a nyamesom kyerɛe mu no, May 1920 Watch Tower nsɛmma nhoma no tintim mpoatwa a emu da hɔ pefee a ɛfa Apam no ho, sɛ: “Woagye eyi atom wɔ baabiara sɛ adesamma gyefo kɛse . . . Nanso nea ɛho hia no, ɛsɛ sɛ egu.”
Dɛn nti na ɛsɛ sɛ Apam no di nkogu? So ɛyɛ amammuisɛm, esiane sɛ Amerika amfa ne ho anhyem nti anaa? Dabi, Yehowa Adansefo huu asɛm a ɛfa Amanaman Apam ho no nyinaa sɛ biribi a asi a ɛfa asɛm kɛse bi ho ara kwa—amansan nyinaa ntawntawdi a ɛda Amansan Hene, Yehowa, ne nea ofii atuatew ase wɔ amansan yi mu, Satan, ntam no. (Hiob, atiri 1 ne 2; Yohane 8:44) Enti na Apam a amansɛmdifo hyɛɛ ho nkuran na asɔfo kamfoe no yɛ Satan nnaadaa kwan ankasa a ɔnam so dan adwene fi adesamma nyarewa ahorow ano aduru koro pɛ a ɛyɛ nokware—Onyankopɔn Ahenni nam Kristo so—no so. Wɔ Onyankopɔn fam no na Apam no yɛ “nnaadaa” ampa.—Fa toto Dwom 2 ho.
Enti Watch Tower a yɛafa mu asɛm aka wɔ atifi ho no toaa so sɛ: “Sɛ Amerika gyee Amanaman Apam no toom ma ɛne wiase aman afoforo no boom mpo a, anka ɛrentumi nni atirimpɔw a wɔada no adi no ho dwuma, efisɛ onipa na ayɛ, nnipa a wɔyɛ pɛsɛmenkominya na ɛde asi ho; na bio nso ɛne Onyankopɔn kwan bɔ abira.”
Wɔpowee kɛse mpo wɔ Yehowa Adansefo nhyiam kɛse bi ase wɔ Cedar Point, Ohio, September 10, 1922. Ɛhɔ na wokae wɔ mpaemuka bi mu:
“Sɛ, ɛsɛ sɛ amanaman ntam nhyiam ne nhyehyɛe anaa apam ahorow a ebefi mu aba a Amanaman Apam no ne ahyehyɛde ahorow a ɛte saa ka ho nyinaa gu, efisɛ Onyankopɔn na wahyɛ sɛ ɛbɛba saa.”
Afei nso wɔkasa tiaa gyina a asɔfo no gyinaa Apam no akyi no, sɛ, “[asɔfo no] pow Awurade no ne n’ahenni no nso a wɔda nokware a wonni no adi denam wɔn pɛ mu a wofi de wɔn ho bɔ Satan ahyehyɛde ho na wɔde akokoduru bɔ dawuru kyerɛ wiase no nyinaa sɛ Amanaman Apam no yɛ Onyankopɔn ahenni no a wɔada no adi wɔ asase so, dawurubɔ a wɔde bu Yesu ne asomafo no asɛm animtiaa.”
Dɛn nti na Adansefo no sɔre tiaa Apam no denneennen saa wɔn ne mfiase pɛɛ? Nea enti a ɛte saa ne sɛ na wɔn Bible no sua ama wɔahu “sɛ 1914 na ɛhyɛɛ wiase dedaw no awiei agyirae na saa bere no na Kristo, Ɔhene a hokwan wɔ no faa Ne tumi sɛ ɔhene;
“Sɛ Awurade Yesu Kristo aba mprempren a onipa aniwa nhu, na wafi N’ahenni a ɔde besi hɔ no ho adwuma ase, ahenni a ɔkyerɛɛ N’akyidifo sɛ wɔmmɔ ho mpae no.”—Mateo 6:9, 10.
Enti Adansefo no huu Apam no sɛ ade a onipa ayɛ a wɔde resi Onyankopɔn Ahenni no ananmu. Enti ɛsɛ sɛ egu. (Yeremia 10:23; Daniel 2:44) Dɛn na ɛbaa Woodrow Wilson Apam no so? Sɛnea ɛbɛyɛ a yebenya ho mmuae no, ma yɛnhwehwɛ nsɛm a esisii fi 1920 besi 1946 no mu.
[Kratafa 8 mfoni]
Ná wiase no ani da Amanaman Apam a ɛwɔ Geneva, Switzerland, no so
[Asɛm Fibea]
United Nations
U.S. National Archives