Nea Enti A Apam Bi Ho Hiae
NA WIASE NYINAA KO I yɛ mfe anan mu okunkɛse ne ɔsɛe a na wonhuu ɛso bi da. Aman a wɔwɔ tumi kɛse a na wɔn mu akyɛ ayɛ akuw abien a wɔne wɔn ho wɔn ho di asi no nyinaa ne afoforo, too santen kɔɔ ɔsa a na wɔn mu biara wɔ awerɛhyem sɛ obedi nkonim, na ɔmanfo a wɔdaadaa wɔn ma wosusuwii sɛ ɔko yɛ anuonyam adeyɛ no osebɔ hyɛɛ wɔn nkuran.
Nanso asram kakraa bi mu no, wiase no de ɛyaw mmoroso huu ɔko ho akatua a ɛyɛ hu no. Na bere a ɛbaa awiei no, okunkɛse no, nkwa ne nneɛma a wɔsɛee no kwa no de ɔko mu ka kɛse too wiase no so. Na ɛsɛ sɛ wɔyɛ biribi na ɔko a ɛte saa amma bio. Dɛn nti na wɔnyɛ nhyehyɛe bi a amanaman no nam so bedi wɔn ntam nsɛm asomdwoe mu mmom sen sraadi kwan so? So na ɛno yɛ ade foforo? Ɛnte saa ankasa.
Nea Enti a Mmɔden Ahorow a Edi Kan Dii Huammɔ
Ansa na Wiase Nyinaa Ko I reba no, na wɔahyehyɛ asennibea a wɔde bedi nsɛm asomdwoe mu. Na ɛno ne Permanent Court of Arbitration a ɛwɔ The Hague wɔ Netherlands no. Wɔ 1900 mfe no mfiase no, na nnipa pii wɔ anidaso sɛ ɛbɛyɛ beae a aman ntam nsɛm asiesie besi ɔko anan mu. Nanso dɛn na esii wɔ Hague Asomdwoe Nhyiam horow ase wɔ 1899 ne 1907 a ɛma wɔhyehyɛɛ asennibea yi a wɔato din sɛ Hague Asennibea no?
Wɔ nhyiam abien no nyinaa ase no aman a wohyiae no ampene wɔn ntam nsɛm a wobedi ne wɔn akode a wɔbɛto ne yɛ ano hye no so. Nokwarem no, wɔpow nhyehyɛe biara a ebesiw wɔn akodeyɛ ho kwan na wɔsɔre tiaa nhyehyɛe biara a ɛbɛhyɛ wɔn ma wɔnam wɔn ntam asiesie so adi wɔn nsɛnnennen ho dwuma no.
Enti, bere a awiei koraa no Hague Asennibea no tii ase yɛɛ adwuma no, na amanaman no ahwɛ ahu sɛ ɛnto ahofadi koraa a wɔwɔ no ano hye. Ɔkwan bɛn so? Ɛdenam ɔkwan ketewaa bi so: Wɔkae sɛ sɛ obi pɛ a na ɔde n’asɛm bɛba atemmufo no anim. Na na ɛnyɛ ɔhyɛ sɛ aman a wɔde wɔn ntam akasakasa kɔɔ asennibea yi no di gyinae biara a ebesi no so.
Nanso, na anifere kwan a wɔfa so de bɔ wɔn tumidi ho ban yi sɛe wiase asomdwoe ne dwoodwoo asetra. Enti akodeyɛ ho akansi no kɔɔ so a wɔanyɛ ho hwee kosii sɛ awiei koraa no ɛde adesamma kɔɔ akodi a ɛsɛee wiase asomdwoe wɔ 1914 ahohuru bere mu no mu.
Ɛda adi sɛ, bere a asomdwoe mmere no resa no, wɔ Serbia mmuae a ɔmae wɔ ahyɛde bi a Austria de maa no no mu no, ɔkaa ɔpɛ a ɔwɔ sɛ ɔbɛpene “asɛm no a wobesiesie no asomdwoe mu no so denam asɛm no a yɛde bɛkɔ akɔma . . . Amanaman Ntam Asennibea a ɛwɔ Hague sɛ wommua no so.” Nanso esiane sɛ sɛ obi pɛ a na ɔde n’asɛm kɔ Hague Asennibea nti, Austria ante nka sɛ ɛsɛ sɛ ogye nea anka ebetumi ayɛ “asɛm no a wobesiesie no asomdwoe mu” yi tom. Enti wɔpaee ɔko na ama asomdwoe atra hɔ—na wɔde wɔn a wɔnyɛ asraafo ne asraafo bɛboro ɔpepem 20 afunu tuaa so ka!
Asɔfo Ka Sɛ Wɔnyɛ Apam
Wɔ May 1919 mu no, Episcopal ɔsɔfo panyin Chauncey M. Brewster kae wɔ asɔre mpanyimfo nhyiam bi ase wɔ United States sɛ “wiase no trenee asomdwoe a ɛbɛtra hɔ daa ho anidaso no gyina amanaman ntam mmara a wɔbɛsan ahyehyɛ wɔ tumi foforo bi ase no so. . . . Ɛsɛ sɛ wɔhyɛ amanaman ntam mmara wɔ tumi bi a emu yɛ den sen Hague Nhyiam [a ɛhyehyɛɛ Hague Asennibea no] de no ase. Enti ɛsɛ sɛ amanaman ntam biakoyɛ no yɛ fekubɔ bi a ɛte sɛ apam.”
Na Roman Katolek ɔsɔfo panyin Mercier a ofi Belgium nso wɔ adwene a ɛte saa. Ɔkae wɔ nsɛm bi a wobisabisaa no wɔ March 1919 mu sɛ: “Ɛyɛ me sɛ nea ɛsɛ sɛ Nniso horow yɛ ma daakye awo ntoatoaso ne sɛ wobesiw nsɛmmɔnedi a ɛda so haw wiase no foforo ano.” Ɔfrɛɛ wɔn a wɔhyehyɛɛ Versailles asomdwoe apam no “wiase foforo no hyehyɛfo” na ɔkae sɛ wɔ nyɛ amanaman apam a ɛbɛma wɔadu botae yi ho. Na ɔwɔ anidaso sɛ apam yi bɛyɛ ade a edi mũ a ɛde asomdwoe bɛba.
Asɛmti a edi so yi puei wɔ January 2, 1919 The New York Times no kratafa a edi kan: “Paapa Wɔ Amanaman Apam Nhyɛase Mu Anidaso.” Ne nkyekyem a edi kan no bɔɔ nkae sɛ: “Afe Foforo nkrasɛm ma Amerika mu no, . . . Paapa Benedict kaa anidaso a ɔwɔ sɛ Asomdwoe Nhyiam no de wiase nhyehyɛe foforo ne Amanaman Apam bi bɛba no ho asɛm.” Paapa no amfa ɔkasasin “wiase nhyehyɛe foforo” no ankasa anni dwuma wɔ ne nkrasɛm no mu. Nanso, na Apam no mu anidaso a ɔkyerɛe no yɛ kɛse araa ma ɛda adi sɛ Associated Press no anaasɛ Vatican Press Office no susuwii sɛ ɔkasasin yi yɛ nea ɛfata.
Susuw wɔn mmere no so anidaso ahorow yi ho hwɛ. Na adesamma a wɔahaw resu sɛ ɔko nnyae. Na ɔko pii wɔ mfehaha pii mu no asɛe ade kɛse. Na afei emu nea ɛso sen biara no aba awiei. Paapa no kasa kyerɛɛ wiase a na ɛde ahopere hwehwɛ anidaso no sɛ: “Wɔnhyehyɛ saa Amanaman Apam no a ɛnam sraadi a ɛbɛbara no so bɛtew akodeyɛ so no; a ɛdenam amanaman ntam asennibea ahorow a ɛbɛhyehyɛ so, ebegu anaasɛ ebedi mansosɛm, nea ɛde asomdwoe besi fapem a ɛyɛ den so, na ama obiara anya ahofadi ne hokwan a ɛyɛ pɛ.” Sɛ na Amanaman Apam no betumi ayɛ eyi nyinaa a, ɛnde na ɛde “wiase nhyehyɛe foforo” bi bɛba ampa.
Nea Enti a Edii Huammɔ
Krataa so no, na ɛte sɛ nea Apam no botae ne akwan no ye, nyansa wom, wobetumi adi ho dwuma. Amanaman Apam Nhyehyɛe no kae sɛ n’atirimpɔw ne sɛ “ɛde amanaman ntam biakoyɛ bɛba na amanaman ntam asomdwoe ne dwoodwoo asetra aba.” Asomdwoe ne dwoodwoo asetra a ɛbɛba no gyina amanaman no a wɔne wɔn ho wɔn ho bɛyɛ biako ne, “asɛyɛde a wɔwɔ sɛ wɔrenni ako a wobegye atom no so.”
Enti, sɛ akasakasa bi a emu yɛ den ba a, na ɛsɛ sɛ aman a ɛfa wɔn ho a wɔahyɛ bɔ sɛ wɔbɛma asomdwoe atra hɔ no de wɔn asɛm no kɔdan Apam no “Bagua no ma wosiesie, wobua, anaa wɔhwehwɛ mu.” Nea ɛka ho no, na Amanaman Apam no de Permanent Court of Arbitration a ɛwɔ Hague no aka nhyehyɛe a wɔnam so ma asomdwoe ba no ho. Wosusuwii sɛ nokwarem no, eyi besiw asiane biara ne ɔko kɛse foforo a ɛbɛba no kwan Nanso anyɛ saa.
Abakɔsɛm akyerɛwfo binom kyerɛ sɛ ade biako enti a Apam no antumi amfa asomdwoe amma ne sɛ emufo no mu pii antumi “anhu ade a ɛsɛ sɛ wɔyɛ na ama wɔanya asomdwoe no.” Na nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ yi fã titiriw bi ne akode a wɔbɛtew ne yɛ so no. Nanso na amanaman no mpɛ sɛ wɔyɛ ade a ɛte saa. Enti nea esii wɔ abakɔsɛm mu no san sii bio—ma ɛboroo so. Amanaman no fii akodeyɛ ho akansi no ase bio. Apam no antumi amma amanaman no anyɛ biako annyae. Wɔantie adesrɛ ne ɔkasatia ahorow biara. Amanaman no werɛ fii 1914 mu asuade kɛse no: Akode pii taa ma obi te nka kɛse sɛ ɔsen afoforo wɔ sraadi mu.
Na “wɔn nyinaa dwoodwoo asetra” a wobehu sɛ ɛho hia no nso yɛ nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ na ɛde asomdwoe aba no fã titiriw foforo. Na anka ɛsɛ sɛ wɔfa ntua a wɔde bɛba ɔman biako so no sɛ wɔatua wɔn nyinaa. Nanso dɛn ankasa na ɛbae bere a wɔn mu biako de basabasayɛ dii dwuma mmom sen sɛ wobesiesie asɛm no? Sɛ anka amanaman no de biakoyɛ besiw ɔko no ano mmom no, wɔkyekyɛɛ wɔn ho mu akuw horow ne wɔn ho yeyɛɛ apam de hwehwɛɛ ahobammɔ. Nnaadaa koro no ara na ɛtwee wɔn koguu 1914 amanehunu no mu no!
United States a amfa ne ho anhyɛ Apam no mu no nso amma emu anyɛ den. Nnipa pii susuw sɛ na ɛno ne “tumi kɛse biako a anka ebetumi ama atu mpɔn” ne sɛ Amerika ho a ɛde bɛhyɛ Apam no mu no na anka ɛbɛma wɔagye atom wɔ baabiara sɛnea na ehia na atu mpɔn no.
Nanso nnɛema afoforo wɔ hɔ a ɛmaa Apam no dii huammɔ. Hwɛ mmara a ɛnteɛ a wɔhyɛe wɔ Apam no mfiase yi: “Apam no mu Ɔman biara a ɛpɛ sɛ efi Apam no mu no betumi ayɛ saa bere a adi kan abɔ amanneɛ mfe abien ansa sɛ ɛpɛ sɛ ɛyɛ saa akyi.” (Mmara 1 (3)) Nanso, hokwan yi, ɛmfa ho sɛnea wofi adwempa mu de mae no, amma Apam no annya nnyinaso a ɛyɛ den, na eyi sɛee amanaman no bo a na wɔasi sɛ wɔbɛtra mu adi no nokware no.
Hokwan a na wɔabue sɛ nea ɔpɛ biara betumi afi mu yi maa bere a Apam no de bɛtra hɔ no gyinaa emufo a wobetumi afi mu bere biara a wɔpɛ no so. N’afã horow no ho behiae sen ade mũ no nyinaa. Enti, eduu May 1941 no, na aman 17 nni Apam no mu bio. Na Wiase Nyinaa Ko II mu atuo akɛse no resɛe “wiase nhye hyɛe foforo” ho anidaso no na ɛsɛee Apam no.
Na ɛsɛ sɛ wɔhwehwɛ ɔkwan a eye!
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 7]
Amanaman Apam no antumi ansiw Wiase Nyinaa Ko II ano
[Kratafa 7 mfonini]
Cassino, ltaly a wɔtotow ɔtopae wɔ ho, March 15, 1944
[Asɛm Fibea]
U.S. Army