Akyɛde Ahorow A Dua De Ma
Efi Morocco “Nyan!” kyerɛwfo hɔ
ADE biako bɛn na ɛda adi wɔ Noa adaka, atɛntɛbɛn, Copernicus asase mfonini a wɔde dua ayɛ no kurukuruwa ne nsɛmma nhoma a worekenkan yi ho? Wode ade biako na ɛyɛɛ ne nyinaa: nnua. Nneɛma kakraa bi a nnipa yɛ na wɔmmfa nnua nni dwuma wom anaasɛ wɔda so ara mfa nni dwuma wom. Sɛ ebia esi kwae mu anaasɛ wɔatwa a wɔde rebɛyɛ adwuma no, dua de akyɛde pii ma abɔde a wɔwɔ nkwa mu ne titiriw onipa.
Dua a Esi Hɔ
Sɛ dua si kwae mu a, ɛyɛ fɛ. Hena na n’ani nnye dua bi a wɔfrɛ no birch nhaban a ɛte sɛ dwetɛ a ɛwosow brɛoo no ho anaasɛ dua bi a wɔfrɛ no maple a ɛwɔ Amerika kusuu fam a n’ahaban yɛ fɛ yiye wɔ ahohuru bere mu no mma ne ho nnwiriw no? Hena na ɔmpɛ sɛ ɔbɛhome kwae mu mframa a emu tew akɔ n’ahrawa mu bere a watra kurow bi a emu mframa asɛe mu no? Nnua ma mmoa ne nnomaa ahorow pii nya dabere. So wunim sɛ sɛ edu anadwo a, nnomaa mpempem pii tumi kɔda dua biako so? Wɔ Morocco ha no, mmirekyi a woforo nnua bi a wɔfrɛ no argan a wɔwe ɛso nhaban no kɔda nnua ahorow bi so.
Onipa nya kako, nnuru a wɔde yɛ ntama, ɔbɔwe, samina, akado, anowatere, aduhuam ne nnuru a wode sa yare ne nea ɛkeka ho fi nnua mu.
Nnua yɛ adwuma foforo bi a ɛho hia. Wɔtwe mframa bi a wɔfrɛ no carbon dioxide (a epira nnipa) kɔ wɔn nhaban mu na ɛde sie na ɛde mframapa a wɔfrɛ no oxygen a ɛma nnipa tumi tra nkwa mu no ma. Enti ɛma mmoa ne nnipa nya mframa pa home. Nnua siw dɔte pa a nsu hohoro kɔ no ano nso denam nsu a ɛma etumi tra dɔte mu no so. Esiane sɛ nnua tumi de nsu pii sie nti, ɔpɛ a esi no nka kwae ahorow no kɛse. Bio nso, nnua ma afifide a enni ahoɔden kɛse no nya ne fonwini no bi. Mfikyifuw nketewa a wɔaduadua nnuadewa wom yɛ yiye wɔ nsase a nnua akɛse ama srade aba mu so wɔ nsase a ɛreyɛ adan anhweatam a ɛwɔ mmeae horow te sɛ Algeria kesee fam no.
Dua a Wɔatwa De Yɛ Nneɛma
Sɛ da a ɛsɛ sɛ wotwa dua bi no du a,—ɛne sɛ wobetwa de ayɛ nneɛma—wobetumi de adi dwuma wɔ akwan horow abiɛsa yi mu biako so; wɔde sɔ gya (wɔsɔ anaasɛ wɔde hyew gyabiriw) wɔde yɛ nhoma—ebia ade titiriw a wɔde dua yɛ; wɔde si dan (wɔde si dan bere a wɔmpaapae mu anaa bere a wɔapaapae mu ayɛ no ntaabo no) . Dua yɛ ade a ɛsom bo a wɔde si dan wɔ Amerika kusuu fam ne Scandinavia, faako a awɔw a ɛba wɔ awɔwbere mu ano yɛ den wɔ hɔ no. Wɔde nnua nkutoo asisi afie pii, sɛ mpo abo anaa ntayaa a wɔato afa ho no mma wonhu nokwasɛm yi a.
Sɛ wotwa dua bi a eye ma adwuma pɔtee bi wɔ bere a eye mu na wɔde di dwuma wɔ tebea pa mu a, ebia ɛbɛkyɛ kɛse. Bɛyɛ mfe 20 a atwam no mu bere a na wɔreyɛ hyɛn gyinabea a ɛwɔ La Palliee a ɛwɔ France no, wohuu nnua bi a wɔaboaboa ano a adi mfe 2,000. Nnua ahorow bi wɔ hɔ a ɛkyɛ yiye ansa na asɛe, te sɛ kyeneduru a wɔde fofam afasu a ɛwɔ Salomo asɔredan a osii no mu no ho ne ɔkanto a wɔde yɛɛ apam adaka no. (Exodus 25:10; 1 Ahene 6:14-16) Wɔ Europa nkuropɔn ahorow pii mu no, wɔakora afie a wɔde ntaaboo sisii wɔ mfinimfini bere no mu no so. Ɛwom sɛ anya mfehaha pii de, nanso wɔatutu adan no bi na wɔasan akosisi wɔ mmeae horow bere a ɛmma wonhu nnɛyi nkɔso a ɛba wɔ nkurow akɛse mu no.
Ebeduu afeha a etwaam no mu no, na wɔde nnua na ayeyɛ po so ahyɛn nyinaa. Nnansa yi ara, wobisabisaa po so ahyɛn kakraa bi a wɔde nnua ayɛ a wɔda so ara de tu kwan no mu biako so panyin nsɛm wɔ Fransefo radio so dwumadi bi mu. Bere a wobisaa no mfe a ne po so hyɛn no anya ho asɛm no, ɔkyerɛ n’adwene bere a ɔkae sɛ: “Sɛ po so hyɛn a wɔde nnade ayɛ nya mfe 25 a, ɛnyɛ hwee sɛ nnade gow ara nko, bere a nea wɔde nnua ayɛ no da so ara yɛ foforo no.”
Na dua adwumfo nim sɛnea wɔkora nnua so na ama atumi akyɛ yiye. Sɛ nhwɛso no, wɔkae sɛ po so asraafo a wɔyɛ dua adwumfo de nnua a wɔde yɛ po so hyɛn fã baabi siee atɛkyɛ a ɛwɔ hyɛn gyinabea hɔ no mu mfe du ansa na afei wɔde yɛɛ po so hyɛn no. Wogye di sɛ saa ade a wɔyɛɛ yi maa dua no bɛyɛɛ nea mfɔte antumi anwe na ɛbɔɔ ho ban. Bio nso wohui sɛ nnua a wɔde gu nsuani kɔ baabi foforo no tumi kyɛ sɛ wɔde gu nsu no ani bere tenten ansa na woyi fi mu ma ɛwo a. Dua a ɛtra nsu a nkyene wom mu kosi sɛ nsu no bɛnonom akɔ mu nyinaa no nkyiakyia. Nnansa yi nkurɔfo pɛ ntɛm araa ma wontumi ntwɛn ma wɔmfa akwan horow a na wɔnam so tete bere no mu de kora nnua so no so.
Bɛyɛ sɛ mfe ɔha no, na wɔde nnua na ayeyɛ keteke. Sɛ enya mfe 50 a, ebia na ɛso adan no ayeyɛ dedaw de, nanso na ɛda so ara wɔ ahoɔden. Ebeduu 1920 mfe no mu no, na wɔde nnua yɛ lɔre ahorow. Ɛnnɛ nnipa pii a wɔn ani gye lɔre ho no de anigyina susuw bere a adwumfo nyaa anigye wɔ adwuma pa a wɔyɛɛ no ho. Nnɛyi lɔre ahorow ahe na wobetumi de ayɛ adwuma mfe 20 anaa nea ɛboro saa na afei wɔde akɔ tete nneɛma akorae a ɛho nneɛma no da so ara wɔ ahoɔden?
Nnua ahorow bi te sɛ odum yɛ den sen aluminum dade a ɛte sɛ ɛno. Eyi kyerɛkyerɛ nea enti a wode dua dii dwuma kɛse wo wimhyɛn yɛ mu wɔ tete no. Nnua ahorow a amane wom nso yɛ nea wɔde yɛ nneɛma ahorow wɔ mfiridwuma ne anyinam ahoɔden nnwuma ahorow mu.
Adwuma biako wɔ hɔ a wɔde dua yɛ titiriw: ɔdan mu nneɛma. Wɔn a wosiesie adan mu nnɛ no de nneɛma afoforo te sɛ dade, ahwehwɛ ne plastik di dwuma. Nanso biribi nni hɔ a ɛma ɔdan mu ye fɛ sen dua. Ebia ɛno nti na woabɔ mmɔden ama Formica a ayɛ te sɛ dua.
Dua ka sɛnea yɛte nneɛma dɛ no mpo. Bere a Julius Ceasar ne n’asraafo dom ko faa Gaul (nnɛyi France) no, wohuu bobesa a eye. Nea enti a ɛte saa ne sɛ esiane sɛ wonte sɛ Mediterraneanfo afoforo nti, na wɔde wɔn bobesa gu nnua nnaka mu. Bare a wɔde nnua ayeyɛ no ma nsa a wɔayɛ no foforo a ɛyɛ yerɛwyerɛw no yɛ nsa a ɛyɛ dɛ.
Wɔ nnwonto mu no, nnua nnyigyei a ɛyɛ dɛ no yɛ nea ɛso bi nni. Dua pɔtee bi a wɔpaw a ɛyɛ dua pa ho hia wɔ yɛ a wɔyɛ ade a wɔde bɔ nnwom a ne bo yɛ den no mu.
Ɛkame ayɛ sɛ wɔde dua ayɛ biribiara. Wɔde ayeyɛ keteke so adan ne mmorɔn ahorow. Wɔde n’abaa adi dwuma de nteɛso ama na wɔde akyerɛ nnwontofo kuw kwan wɔ sɛnea wɔtow dwom mu. Wɔde ayeyɛ nsuka ne watch akɛse mpo. Mona Lisa a ɛda adi sɛ ɛyɛ mfonini a agye din sen biara wɔ wiase no mu no yɛ nea wɔyɛ guu ntaabo so. Ade a nnuruyɛfo de tie sɛnea onipa koma bɔ a edi kan a Ɔbenfo René Laennec yɛe no yɛ nea wɔde dua nso na ɛyɛe.
Adwuma a Etwa To
Awiei koraa no, bere a ɔdan mu nneɛma a wɔde nnua ayɛ, nnwinade ahorow anaa nneɛma afoforo yɛ gow na wɔhyew no, yebetumi de dua ayɛ biribi foforo. Dua a wɔahyew nso yɛ nea wɔde yɛ samina ne ɔyɛɛ asase yiye. Na wusiw mu ade tuntum a ɛwɔ ogya mu no nso ɛ? So ɛnyɛ biribi a mfaso nni so? Dabida! Saa dua mu ade a etwa to yi mpo yɛ ɔyɛɛ asase yiye a etumi sɛe sare so apopobibiri.
Enti bere a dua si kwae mu ne bere a woatwa de yɛ nneɛma nyinaa mu no, ɛde akyɛde pii brɛ adesamma. Ampa nnipa de nnua ayɛ po so akohyɛn ne akode ahorow a wode kunkum nnipa. Nanso, ɛnnɛ, akode ahorow a wɔde nnua ayɛ yɛ nea ne bere atwam. Eyi yɛ nea ɛfata! Eye sɛ dua bɛsom onipa sen sɛ ɛbɛboa ma wɔasɛe no. Hwɛ nhyira ara a ɛyɛ sɛ Yehowa bɔɔ dua! Sɛnea odwontofo no tow dwom (ɛda adi sɛ na ɛka dwom a wɔde nneɛma a wɔde bo nnwom a wɔde dua ayɛ ho) no: “Nnua a ɛsow ne nkyeneduru nyinaa . . . munyi [Yehowa] ayɛ!”—Dwom 149, 13.
[Box on page 31]
“Wɔmma ɔsoro ani nnye, na asase ho nsan no; wɔnka amanaman mu sɛ: [Yehowa] adi hene. Ɛpo ne ne mãyɛ bɛworo. Mfuwa ne nea ɛwɔ mu nyinaa bedi ahurusi. Ɛno na kwae mu nnua bɛto ahosan dwom [Yehowo] anim, na ɔreba abebu asase atɛn. Monna [Yehowa] ase, na oye, na n’adɔe wɔ hɔ daa. Na monka sɛ: Gye yɛn nkwa, yɛn nkwagye Nyankopɔn, na boaboa yɛn ano, na yi yɛn fi amanaman mu, no yɛnna wo din kronkron no ase, na yɛmfa w’ayeyi nhyehye yɛn ho. Nhyira ne [Yehowa], lsrael Nyankopɔn, fi daa kosi daa. Na ɔman no nyinaa kae sɛ Amen, yii [Yehowa] ayɛ.”—1 Beresosɛm 16:31-36.