Duasen—Tete Afrika Adwinni Bi
Efi Nyan! kyerɛwfo a ɔwɔ Nigeria hɔ
DUASENFO fi bere tenten anya adwuma ayɛ wɔ Benin City, a ɛwɔ baabi a nnɛ wɔfrɛ hɔ, Nigeria kesee fam no. Mfe ahanan a atwam ni no, na Benin City yɛ tete kwae mu ahemman bi a ɛyɛ den na ɛwɔ nhyehyɛe pa no ahenkurow. Kurow no atempɔn a ɛtrɛw na ɛyɛ tee, afie a wɔasisi asi yiye, ne emu nnipa a wɔfɛre ade na wodi mmara so no yɛɛ nsrahwɛfo a wofi Europa no nwonwa. Benin City dii yiye sɛ Afrika atɔe fam aguadibea ne amammerɛ ho asoɛe atitiriw no mu biako.
Ahemfo a na wɔfrɛ wɔn oba, na wodii Benin ahemman no so ntoatoaso. Obafo no de wɔn ho gyee adwinni mu hyɛɛ ho nkuran. Wɔde nipa ti a wɔde dua asen, nneɛma a wɔde bobɔ dan ho a wɔde kɔbere ayɛ a ɛyɛ fɛ, asonse horow a wɔde ahokokwaw asen no fɛfɛɛfɛ siesiee Benin City ahemfie a ɛyɛ fɛ no. Ɛwom sɛ tete nnua a wɔsenee no antumi annyina mmere bɔne ne mfɔte ano de, nanso ɛda adi pefee sɛ na duasenfo yɛ adwuma kɛse wɔ ahemman no mu. Martins Akanbiemu a na kan ɔhwɛ Ɔman Tete Nneɛma Akorae so wɔ Lagos no kyerɛw sɛ: “Ɛkame ayɛ sɛ tete duasenfo kuw . . . no ne nkurɔfo a wɔakyɛ sen biara a wɔyɛɛ adwuma maa Oba no.”
Wɔ 1897 mu no, Britania asraafo bɛfow Benin City de wɔn adwinne a ɛnnɛ ɛyɛ wɔn agyapade a ɛsom bo no, kɔɔ Europa—dodow a ɛboro 2,000. Ɛnnɛ, ɛnyɛ Nigeria na wɔde tete Beninfo adwini kyerɛ, na mmom wɔ tete nneɛma akorae wɔ London ne Berlin.
Ɛnnɛ Mmere mu Duasen
Ɛnnɛ, Benin City yɛ kurow a adagyew nnim koraa te sɛ Nigeria nkurow pii. Nanso, ne kan anuonyam no ho mpopoe da so ara wɔ hɔ. Wɔasan asi ahemfie no, na oba a odi ade mprempren no te hɔ. Wubetumi ahu nsuka a na atwa tete kurow no ho ahyia no ho adanse; na sɛ wowɛn w’aso a, wobɛte dua a wɔde pɛe sensen no nnyigyei, kɛ kɛ kɛ.
Ɔbarima bi a wɔfrɛ no Johnson de mfe 20 de dua adi adwini wɔ Benin City. Wɔ mfeha a atwam mu no, na wɔde dua ne ayowa sen atiri de kae wɔn a wɔawuwu; wɔde hyehyɛ nananom a wɔawuwu som mu afɔremuka horow ho. Nanso atiri a Johnson sen no nsɛ nea na kan no wɔde yɛ ɔsom mu nneɛma no. Ne de no yɛ nea wɔde siesie baabi nkutoo.
Johnson de duabo, dua dennen bi a ɛnsɔ a eye ma duasen, na ɛyɛ adwuma. Dua no mfinimfini dennennen no na mpɛn pii no ɔde yɛ adwuma. Nigeria duabo dua mfinimfini dennennen no taa yɛ tuntum, ɛwom sɛ nnua bi mfinimfini wɔ nsensanee anaasɛ ani yɛ nsonso kosi tuntum de. Ɔde dua no akyi nso ka dua no ho sen; eyi de kɔla kɔkɔɔ a ɛyɛ fɛ a ɛne tuntum no di afra, ka ho. Sɛ wɔka duabo dua tuntum ne kɔkɔɔ ho a, ebiara hyerɛn fɛfɛɛfɛ.
Duabo dua abu so wɔ Nigeria. Sɛ wotwa duabo dua a, wɔtaa gyaw no wuram hɔ asram kakra ma ɛwo. Sɛ duabo dua no bedu adwinnan no mu mpo a, Johnson ma dua no wo asram pii ka ho ansa na ɔde adi dwuma. Eyi ho hia, efisɛ dua a ɛnwoe no yɛbea tumi sesa na ɛpaapae.
Sɛ edu sɛ Johnson rebɛsen dua no a, ɔde sradaa twa duasin a ne tenten bɛyɛ nsateakwaa 15. Bere a Johnson atwɛn dapɛn biako bio aka ho de ahwɛ ahu sɛ dua no rempaapae no, ofi ase de chalk sensan eti a ɔpɛ sɛ ɔsen no, na afei ofi adwuma ase.
Odi kan de pɛe tratraa na edi dwuma, afei ɔde pɛe a akonton toa so na ɔde pɛe a ano yɛ nam nso di dwuma. Ɛno akyi no, ɔde twitae twiw ho. Afei ɔde duasenfo sekamma yiyi ho. Bere a Johnson yɛ adwuma no, ogyen n’ani wɔ dua no ho yiye. Sɛ wanhwɛ yiye a, ɛremma adwini no serew nyɛ fɛ, anaa n’ani bɛhwɛ baabi a ɛnsɛ sɛ ɛhwɛ.
Sɛ Johnson sen dua no wie a, ne mmofra a wosua adwuma no de sampepa ahorow twitwiw adwini no ho kosi sɛ ɛho bɛyɛ toromtorom. Awiei koraa no, wɔde nkongua anaa mpaboaduro yɛ ho ma ɛhyerɛn. Egye nnanu na wɔde asen dua ti biako te sɛ nea ɛwɔ mfonini no mu no. Egye nnansa bio na wɔde atwitwiw ho aka ho.
Sɛ Johnson sen wie a, ɔde to baabi bɛyɛ asram abien hwɛ hu sɛ ɛho baabiara mpaapaee. Sɛ dua no woo yiye ansa na wɔresen a, ɛrempaapae. Saa na ɛtaa ba. Sɛ baabi pae a, wɔde nea wɔasen no san kɔ adwinnan mu hɔ kotua tokuru no, de sampepa twitwiw ho san ka ho.
Sɛnea Wosua Duasenfo Adwinni No
Nnipa baasia a wɔadi fi mfe 10 kosi 18, na wosua adwuma wɔ Johnson hɔ. Wosua duasenfo adwuma no fi akyi, fi adwuma a etwa to so kosi nea edi kan so. Wɔ saa kwan yi so no, osuani no di kan sua sɛnea wɔka dua ho. Afei, osua sɛnea wotwitwiw ho. Ɛno akyi no, wɔkyerɛ no sɛnea wɔde twitae yɛ adwuma. Bere bi akyi no, bere du ma oso pɛe tratra mu de twa duasin foforo nea edi kan.
Johnson ka sɛ: “Ɛnyɛ obiara na obetumi ayɛ duasenfo. Nea edi kan no, ɛsɛ sɛ woyɛ mmɔdenbɔfo na wutumi de adwene si ade so yiye. Afei nso, ɛsɛ sɛ wusua sɛnea wubenya wo nkɔso ho abotare ne sɛnea wubegyina wo nkogudi ano. Wuhia boasetɔ nso, efisɛ anyɛ yiye koraa no, egye mfe abiɛsa ansa na obi ho akokwaw wɔ duasen mu. Nanso, na ɛnsae—wonsua nwie ara da. Sɛ wokɔ so yɛ a, bere nyinaa wunya nkɔanim.”
[Kratafa 30 adaka/mfonini]
Nkanka ne Duasenfo No
Ebinom ka sɛ Afrika duasenfo de nkanka anaa mfɔte ka. Duasenfo no yɛ adwini, na nkanka (a nhimahobea wim tebea boa no) sɛe no, ɛtɔ mmere bi a nna kakraa bi mu! Mfehaha a atwam no, nkanka ama duasenfo anya adwuma pii ayɛ. Ayɛ adwuma a wɔyɛ san yɛ a mfaso wɔ so: Nkanka no sɛe no, na duasenfo no afi ase bio, na onya hokwan de sesa ne nsa ano ma etu mpɔn, na osua akwan foforo a ɔde bɛbɔ ne tirim ayɛ foforo.
African Kingdoms nhoma no ka sɛ: “Ntuw ne nkanka a ɔyɛ nsi no nnyaw biribiara mma nkyirimma na ama wɔahwɛ so asuasua nnwuma dedaw no. Ne saa nti, nea ɛka nnwuma foforo a wɔyɛɛ no bere nyinaa ho no, wonyaa hokwan foforo nso de sesaa mu; wɔansuasua afoforo adwuma kɛse, na adwuma no gyinaa ankorankoro ahokokwaw ne sɛnea wotumi bɔɔ wɔn tirim so.”
Ebinom ka sɛ abusuabɔ a ɛda nkanka ne duasenfo ntam no na ɛma yɛte nea enti a Afrika adwinni yɛ fɛ ma enti agye din yiye no ase. Ɔbenfo William Fagg ka wɔ ne nhoma Nigerian Images mu sɛ: “Momma . . . yɛnkamfo nkanka a ɛmfa ho sɛ nnipa mpɛ nneɛma a ɔyɛ no bebree no, ɔne duasenfo a wɔwɔ nhimahobea anya abusuabɔ a mfaso wɔ so kɛse wɔ mfehaha ne mfe mpempem a abɛsen kɔ mu no.”
[Mfonini Fibea]
Ɔbenfo Richard Bagine na ɔmaa hokwan
[Kratafa 29 mfonini ahorow]
Sɛnea wɔsen dua:
1. dua a eye sen biara a wɔpaw,
2. san a wɔsensan etiri a wɔbɛsen no,
3. pɛe a wɔde yɛ ho adwuma, 4. ɛho twiw, 5. ɛho ka