Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g93 2/8 kr. 13-15
  • Nnyina So Hyew A Wɔhyew No De Daakye Reto Asiane Mu?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nnyina So Hyew A Wɔhyew No De Daakye Reto Asiane Mu?
  • Nyan!—1993
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dɛn Nti na Ɛho Ayɛ Na
  • Sɛnea Ɛka Nkurɔfo
  • Nea Wɔreyɛ Wɔ Ho
  • Daakye Anidaso Horow
  • Akyɛde Ahorow A Dua De Ma
    Nyan!—1985
  • Asase Bi A Kwae Nni So​—So Ɛno Ne Nea Ɛbɛba Daakye?
    Nyan!—1988
  • Ɔkɔm Bere A Aduan Pii Wɔ Hɔ—Dɛn Ntia?
    Nyan!—1985
  • Nnipa a Ohia Afa Wɔn Nnommum
    Nyan!—1998
Nyan!—1993
g93 2/8 kr. 13-15

Nnyina So Hyew A Wɔhyew No De Daakye Reto Asiane Mu?

Efi Nigeria Nyan! kyerɛwfo

OWIA kɔtɔ na ɛma wim yɛ kɔkɔɔ wɔ Afrika. Sampa noa ɔmo ma ne kunu ne wɔn mma. Ɔsaw nsu fi bokiti bi mu na ɔde gu aluminium kankyee bi a wusiw abiri ho mu. Ogya ketewaa bi a ɔde nnyantia abiɛsa na asɔ dɛw wɔ kankyee no ase.

Wɔaboaboa nnyina pii wɔ nkyɛn hɔ. Sampa tɔ fi mmarima a wɔde lɔre kɔfa fi mmepɔw no so no hɔ. Nnyina no ho hia. Nnyina nni hɔ a, wontumi nsɔ gya. Ogya nni hɔ a, wuntumi nnoa ɔmo.

Sampa ba barima panyin ka sɛ: “Sɛ yenni nnyina a, yennidi.” Ɔteɛ ne nsa akyerɛ adefo afie a ɛwɔ bepɔw no so no. “Anyinam ahoɔden wɔ saa afie no mu. Sutof ahorow a wɔde anyinam ahoɔden sɔ ne sutof a ɔforo a wɔde mframa sɔ wɔ hɔ.” Ɔhwɛ ogya no, na ɔka sɛ: “Nnyina na na yɛsɔ.”

Mmusua afoforo pii wɔ Sampa abusua no tebea no ara mu. Aman a afei na wɔrenya nkɔso mu nnipa 4 mu 3 biara de nnyina nkutoo na ɛsɔ ogya de noa aduan anaasɛ ɛma wonya ɔhyew. Nanso nnyina ho ayɛ na yiye.

Sɛnea FAO (Amanaman Nkabom Aduan ne Kuayɛ Ahyehyɛde) kyerɛ no, nnyina ho asɛnnennen no kɔ akyiri yiye. Aman a afei na wɔrenya nkɔso mu nnipa bɛyɛ ɔpepepem biako na nnyina ho ayɛ na ama wɔn. Sɛ mprempren tebea no kɔ so saa ara a, ebedu afeha no awiei no, na dodow yi ayɛ mmɔho. FAO ananmusifo bi kae sɛ: “Mfaso ahe biara nni so sɛ wɔbɛma wɔn a ɔkɔm de wɔn wɔ wiase no aduan, bere a wonni nea wɔde bɛnoa.”

Dɛn Nti na Ɛho Ayɛ Na

Adesamma fi tete de nnyina asɔ gya. Dɛn ntia? Nnyina ho dwumadi nyɛ den. Wunhia nnwinade a ne bo yɛ den anaasɛ mfiridwuma ho nyansa pii na wode aboaboa ano. Sɛ wɔamfa anni dwuma mmoroso a, ɛnde wobetumi akɔ so anya bi bere nyinaa denam nnua afoforo a wodua so. Enhia sutof ne heater ansa na wɔatumi de nnyina anoa aduan anaa ama wɔanya ɔhyew. Sɛnea ɛsɛ sɛ ɛyɛ no, wonya nnyina kwa na ne nya nyɛ den koraa. Mfe ahanu a atwam yi mu nkutoo na wiase aman a wodi yiye no adan akɔ anyan afoforo te sɛ mframa, gyabiriw, ne asase mu ngo so. Wɔn a aka no akɔ so de nnyina adi dwuma.

Abenfo binom se nea ɛde asɛnnennen no aba nnɛ ankasa no ne sɛnea asase so nnipa adɔɔso ntɛmntɛm no. Bere a nnipa redɔɔso no, wotwitwa kwae mu nnua gu de trɛw nkurow ne kuayɛ mu, na ama wɔanya nnua ama nnwuma ahorow ne nea wɔde bɛsɔ gya nso. Kwae mu nnua a wotwitwa gu ntɛmntɛm ba wɔ ɛkame ayɛ sɛ ɔman biara nkɔso mu. Kusuu Fam Amerika ne Europa faa bere a ɛte saa ara mu.

Nanso nnipa redɔɔso ntɛmntɛm nnɛ ma ɛyɛ hu. Mprempren, nnipa ɔpepepem anum ne fa na wɔte okyinsoroma yi so. Wɔ aman a afei na ɛrenya nkɔso mu no, nnipa dodow yɛ mmɔho mfe 20 kosi 30 biara mu. Bere a nnipa redɔɔso no, saa ara na nnyina nso ho hia kɛse. Ɛte sɛ nea nnipa dodow yi adan aboakɛse bi a ɔwe kwae na odidi a ɔmmee da; aboa a daa ɔkɔ so yɛ kɛse, na ne kɔm mu kɔ so yɛ den. Enti wɔde nnyina a wonya no di dwuma ma ɛsã ansa na wɔanya bi ahyɛ ananmu. Sɛnea FAO kyerɛ no, mprempren mpo aman 26 mu nnipa bɛboro ɔpepem ɔha nnya nnyina a wohia na wɔde adi wɔn ahiade nketenkete mpo ho dwuma.

Nanso, ɛnyɛ wɔn a wɔte nsase a nnyina ho ayɛ na wɔ hɔ yiye so nyinaa na ɛka wɔn pɛpɛɛpɛ. Wɔn a wobenya ho sika no dan kɔ anyan afoforo te sɛ kɛrosin anaasɛ mframa a wɔde agu tumpan mu so. Nnyina ho asɛnnennen no yɛ asɛnnennen ma ahiafo a wɔredɔɔso no.

Sɛnea Ɛka Nkurɔfo

Nnansa yi mfe mu no, nnyina bo ayɛ mmɔho abien, abiɛsa, ne anan wɔ mmeae bi. Ɛnnɛ, ne bo kɔ so yɛ den bere a wotwa nea ɛwɔ mmeae a ɛbɛn nkuropɔn ma ɛsã no. Ɛkame ayɛ sɛ nnua a ɛwɔ mmeae a atwa Asia ne Afrika nkuropɔn pii ho ahyia no reyɛ asã. Ɛsɛ sɛ nkuropɔn binom kɔpɛ nnyina wɔ mmeae a ɛhɔ kwan tenten boro kilomita 160.

Ne bo a ɛrekɔ soro no ma wɔn a ahia wɔn yiye dedaw no adesoa yɛ kɛse. Nhwehwɛmu akyerɛ sɛ wɔ Mfinimfini Fam Amerika ne Afrika Atɔe Fam afã bi no, mmusua a wɔyɛ adwuma gye akatua no de wɔn akatua no mu ɔha mu nkyem 30 tɔ nnyina. Ɛsɛ sɛ wɔyere wɔn ho de nkae no di biribiara a aka​—aduan, atade, dabere, akwantu, nhomasua​—ho dwuma. Wɔn fam no, asɛm yi a wɔka sɛ “nea ɛkɔ kuku no ase no bo yɛ den sen nea ɛkɔ kuku no mu” no yɛ ampa.

Wɔyɛ dɛn tra ase? Mmeae a nnyina ho yɛ na anaa ne bo yɛ den no, nkurɔfo tew nnuan a ɛyɛ hyew a wodi so. Wɔtɔ nnuan a ne bo nyɛ den anaasɛ nnuan kakraa bi, na nea efi mu ba ne aduan a ahoɔden nnim pii. Afei wɔnnoa wɔn aduan nkyɛ. Entumi nkum ɔyare mmoawa ahorow, na aduannuru kakraa bi pɛ na ɛkɔ nipadua no mu. Wɔnnoa nsu a wɔnom. Wokyinkyin pɛ biribiara a etumi dɛw.

Nnipa ɔpepem pii de wɔn ani asi anyan a ɛnyɛ papa pii te sɛ sare, edua, anaasɛ mmoa bin a awo so. Faako a nnyina bo yɛ den na mmoa bin nte saa no, sika fam no, ntease wom sɛ wɔde mmoa bin sɔ gya mmom sen sɛ wɔde begu mfuw mu. Mpɛn pii no wontumi nyɛ ho hwee. Nanso nea efi mu ba ne sɛ wɔmmma asase no nnya nneɛma a ɛsom bo a ehia no. Bere bi akyi no, asase no dan asase bonin.

Ɛwom sɛ wɔn a wɔtete nkuraase no ntaa ntɔ nnyina de, nanso ɛho den a ayɛ no ma bere a wɔde boaboa ano no yɛ pii. Wɔ Amerika Kesee Fam mmeae bi no, mmea de wɔn bere ɔha mu nkyem 10 kɔhwehwɛ nnyina. Wɔ Afrika nsase bi so no, nea wonya fi da mũ nyinaa anyankɔ mu no tumi di nnansa pɛ. Ɛtɔ mmere bi a, mmusua bi paw abofra biako a ɔde ne bere nyinaa kɔhwehwɛ nnyina.

Mpɛn pii no, wɔde nneɛma a ɛwɔ nkuraase bɔ afɔre na ama wɔatumi anya nea kuropɔn mufo hwehwɛ. Wotwa nnua tɔn no ntɛmntɛm sen sɛnea etumi nyin no koraa. Enti ɛho yɛ na, na mmusua tu kɔ nkuropɔn mu anaasɛ wɔde bere pii kɔhwehwɛ nnyina.

Enti nnipa ɔpepem pii de bere ne sika pii na edi wɔn anyan ho ahiade no ho dwuma. Nneɛma afoforo bɛn na wobetumi de asi ananmu? Ahiafo fam no, ɛkyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ wodidi pii, awɔw bɛde wɔn, na wɔnnsɔ kanea anadwo.

Nea Wɔreyɛ Wɔ Ho

Mfe bi a atwam ni no, amanaman no ani fii ase baa nnyina ho asɛnnennen no so. Wiase Sikakorabea ne adwumakuw afoforo sɛee sika pii wɔ kwaeyɛ nnwuma mu. Ɛwom sɛ ɛnyɛ nnwuma yi nyinaa na ɛyɛɛ yiye de, nanso wosuaa nneɛma pii. Osuahu kyerɛe sɛ ɛnyɛ nnyina ho asɛnnennen no ano aduru ara ne sɛ wobedua nnua pii. Ná asɛnnennen biako ne sɛ, ɛtɔ mmere bi a, agyinatufo nsusuw mpɔtam hɔfo nkate ahorow ho. Enti wɔ Atɔe Fam Afrika man bi so no, nkuraasefo no sɛee nnua aba, efisɛ woduae wɔ mmeae a wofi tete ayɛ hɔ mmoa adidibea.

Asɛnnennen foforo nso ne sɛ kwaeyɛ gye bere pii. Ebetumi adi mfe bɛyɛ 25 ansa na nnua bi ankasa atumi ama nnyina. Eyi kyerɛ sɛ ɛbɛkyɛ ansa na wɔanya sika a wɔde hyeem no so mfaso. Ɛkyerɛ nso sɛ nnua a wodua no nni mprempren ahiade no ho dwuma ɔkwan biara so.

Wɔafi kwaeyɛ nnwuma ase wɔ aman pii mu. Nanso so wobetumi adi daakye ahiade ahorow ho dwuma? Kwaeyɛ mu abenfo se dabi. Wotwa nnua ntɛmntɛm sen sɛnea wodua no koraa. Worldwatch Institude nhwehwɛmufo bi kyerɛw sɛ: “Awerɛhosɛm ne sɛ, nhimahobea aman a afei na wɔrenya nkɔso no pii nni amammui mu ɔpɛ ne nneɛma a wɔde ma a ehia na ama wɔatumi asiw nea ɛde kwae a wɔsɛe no ba no ano. Mprempren yi, sɛ wotwa nnua ahama du biara a, hama biako pɛ na wodua. Nkyekyemu no so sen biara wɔ Afrika, faako a wodua nnua hama biako biara a wotwa ahama aduonu akron no. Sɛ aman a afei na wɔrenya nkɔso no benya nnyina a wobu akontaa sɛ ebedu [afe] 2000 mu no na wohia no a, ɛbɛhwehwɛ sɛ wɔma nnua dodow a mprempren wodua a wɔmfa nyɛ mfiri nnwuma no nya nkɔanim mmɔho dumiɛnsa.”

Daakye Anidaso Horow

Nnipa komapafo pii rebɔ mmɔden kɛse nnɛ sɛ wobenya nnyina ho a ayɛ na no ano aduru. Nanso wɔn daakye akwanhwɛ ahorow no ntaa nyɛ nea ahotoso biara wom. Earthscan nhwehwɛmufo kyerɛw wɔ wɔn nhoma Fuelwood​—The Energy Crisis That Won’t Go Away mu sɛ: “Mmɔden a ɛte sɛɛ yi nyinaa [a wɔde reko atia nnyina ho asɛnnennen no] rentumi mmrɛ nnesoa a anyan a ɛho ayɛ na ne nnyina bo a ɛrekɔ soro no de bɛto ahiafo so no ase korakora.” FAO ɔkyerɛkyerɛ nhoma The Fuelwood Crisis and Population​—Africa no ka sɛ: “Mmɔden biara a wɔbɛbɔ wɔ ho no renyɛ yiye gye sɛ sɛnea nnipa redɔɔso no ano brɛ ase.” Nanso nhoma koro no ara ka sɛ nnipa bɛkɔ so adɔɔso “efisɛ daakye awofo dɔɔso sen nnɛ awofo. Wɔawo daakye awofo dedaw.”

Nea ɛne akwanhwɛ ahorow a anidaso nnim no bɔ abira no, Bible nkɔmhyɛ kyerɛ pefee sɛ Paradise na Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn abɔ ne tirim sɛ ɔbɛsan de aba asase yi so. (Luka 23:43) Ɛnyɛ den mma no sɛ obedi ɔhaw akɛse a ɛfa nnyina, nnipa a wɔredɔɔso, ne ohia ho no ho dwuma.​—Yesaia 65:17-25.

So nnyina hyew de daakye reto asiane mu? Dabida! Ɛrenkyɛ na nkɔmhyɛ a ɛfa yɛn Bɔfo a ɔwɔ ɔdɔ no ho abam sɛ: “Wubue wo nsam, na woma ateasefo nyinaa nya nea wɔpɛ di mee.”​—Dwom 145:16.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 14]

‘Mfaso ahe biara nni so sɛ wɔbɛma nnipa aduan, bere a wonni nea wɔde bɛnoa’

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena