Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g86 2/8 kr. 3-4
  • Ɔbarima A Onyaa Adehu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔbarima A Onyaa Adehu
  • Nyan!—1986
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Ɛsɛ sɛ Wɔma Wiase no Yɛ Nea Asomdwoe Wom ma Demokrase”
  • Asomdwoe Adehu No
    Nyan!—1986
  • Adehu No Awiei
    Nyan!—1986
  • “Ɔko A Ebetwa Akodi Nyinaa So”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • 1914—Nsakrae Afe
    Nyan!—1991
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1986
g86 2/8 kr. 3-4

Ɔbarima A Onyaa Adehu

WƆWOO no wɔ Staunton, Virginia, U.S.A., December 28, 1856 mu. Ɛwom sɛ wamfi sukuu ase ntɛm kosii sɛ onyaa mfe akron de, nanso ɔkɔɔ so ara suaa ade koduu Princeton Sukuupɔn mu. Afei ɔde ne ho hyɛɛ amammuisɛm mu. Ná ɛno yɛ gyinaesi a ɛde no bɛba n’anuonyam ne ne dadwene a ɛsen biara mu.

Ohuu biribi siei a ɛfa sɛnea wɔbɛma adesamma anya asomdwoe ho. Woodrow Wilson adwene, sɛ́ obi a ɔpɛ asomdwoe, no yɛ nea wɔda so ara kae wɔ asase a ɔko atetew mu yi nyinaa so. Amansɛmdifo binom da so ara gyina n’asomdwoe ho nhyehyɛe no so wɔ mmɔden a wɔbɔ sɛ wɔbɛma asomdwoe aba yɛn wiase yi mu no mu.

Dɛn na ɛbaa Wilson adehu no so? So na ɔwɔ yɛn haw ahorow a ɛne nitan, ɔko, mogyahwiegu no ano aduru?

Woodrow Wilson bɛyɛɛ Amerika ɔmanpanyin a ɔto so 28 wɔ 1913 mu. Afe a edi hɔ no mu na Ɔko Kɛse no pae gui wɔ Europa. Ná ɛyɛ owu ne basabasayɛ ko wɔ atɛkyɛ anaa dontori amoa ahorow mu a atuo nketewa ne akɛse ne mframa bɔne a wɔde di dwuma wɔ ɔko mu ka ho. Ná ɛyɛ nnipakum kɛse.

Mfiase no na Amerika sɔre tia wɔn ho a wɔde bɛhyɛ Europa ntawntawdi no mu denneennen. Ná Amerikafo mpɛ sɛ wɔde wɔn ho bɛhyɛ Europa tumi akɛse no ntam apereperedi no mu. Ná ɔman no botae titiriw ne sɛ ɛrenkɔ obiara afã.

Ná Ɔmanpanyin Wilson a ɔyɛ Presbyteriani no yɛ onyamesomfo kɛse ne ɔbarima a ɔwɔ adwempa. Ɔbɔɔ mmɔden kɛse sɛ ɔbɛkora afã biara a Amerika nni ne tew a atew ne ho no so. Nanso nsɛm bi sisii a na ɔrentumi nyɛ ho hwee. Germanfo po ase akohyɛn bi maa Lusitania po so hyɛn no memee wɔ 1915 mu na ɛmaa Amerikafo 128 wuwui. Nanso Wilson powee sɛ obetu Germany so sa. Wɔsan tow aba paw no bio sɛ Amerika ɔmanpanyin wɔ 1916 mu, a wɔn asɛm ne sɛ, “Wamma yɛamfa yɛn ho anhyɛ ɔko mu.”

“Ɛsɛ sɛ Wɔma Wiase no Yɛ Nea Asomdwoe Wom ma Demokrase”

Afe a edi hɔ no Germanfo bɔɔ amanneɛ sɛ, po so hyɛn biara a wobehu, sɛ́ ɛyɛ nea ɛka ɔko no ho anaasɛ ɛyɛ nea enni afã biara no, wɔn po ase akohyɛn no ne no bedi no bɔne. Ná eyi kyerɛ sɛ Amerikafo ahyɛn ahorow no nyɛ nea ɛwɔ asomdwoe bio wɔ po so. Ɛte sɛ nea na ɛno ama Wilson nhu nea ɔbɛyɛ bio. Ɔde amemenemfe tuu Germany so sa, na ɔkae sɛ: “Ɛyɛ ade a ɛyɛ hu sɛ wobedi ɔman kɛse a ɛpɛ asomdwoe yi anim akɔ ɔko mu, akɔ biribi a ɛyɛ hu na ɛsɛe ade sen ɔko ahorow nyinaa mu, ɛte sɛ nea anibuei ankasa ho aba asɛm.”

Bere a ɔrekasa akyerɛ ɔman no mmarahyɛ bagua no, ɔkae sɛ Amerika bɛko “ama wiase nyinaa asomdwoe ne de a emufo bɛde wɔn ho.” Afei ɔkaa n’asɛm a agye din no, “Ɛsɛ sɛ wɔma wiase no yɛ nea asomdwoe wom ma demokrase.” Baguafo no penee ne gyinaesi no so April 6, 1917. Ne mfɛfo a wɔka baguafo no ho ne ɔmanfo a wɔwɔ akyi no bɔ gyee no so. Nanso ɔno de wanni ahurusi. Akyiri yi ɔka kyerɛɛ n’aboafo no mu biako sɛ: “Susuw nea wɔrebɔ ose wɔ ho no ho. Asɛm a mekae nnɛ no yɛ owu nkrasɛm ma yɛn mmerante no. Hwɛ sɛnea ɛyɛ nwonwa sɛ wɔbɛbɔ ose wɔ ɛno ho.” Simma kakraa bi akyi no, “ɔpopaa nusu a abɛtaa n’ani ase no, na afei ɔde ne ti sii ne pon no so na osui te sɛ abofra.”​—Mr. Wilson’s War a John Dos Passos kyerɛwee.

Afã biara a wonni no baa awiei. Afei de ne man no de ne ho hyɛɛ ɔko a ɛsen biara a onipa ahu besi saa bere no mu.

[Kratafa 3 mfoni fibea]

U.S. National Archives

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena