Asikreyare—Sɛnea Wɔtra Ase Wom
KATHY yɛ ababaa. Ɔhwɛ n’aduan a odi ne ne mu duru yiye, ɔteɛteɛ n’apɔw mu mpɛn pii, na odi oduruyɛfo akwankyerɛ no akyi. Ɔwɔ ne ho paane da biara a ɛma onya nea wɔfrɛ no borɔfo mu insulin no bi. Kathy yɛ nnipa ɔpepem pii a wɔyare asikreyare no mu biako.
Wɔ Kathy ahwɛyiye yi nyinaa akyi no, ogye tom sɛ: “Merentumi nkyerɛ nea asikre a ɛwɔ me mogya mu no bɛyɛ. Ebetumi ayɛ 300 awia bi. Ebetumi ayɛ 50 ɛda a edi hɔ bere a mayɛ ade koro no ara no, me ho dwiriw me kɛse wɔ insulin a ɛso tew no ho.” Ɛnkyɛe na ɔyare bɔɔ no kɛse a ɛma odii adapɛn pii wɔ ayaresabea.
Mae yɛ ɔbea panyin. Ɔnhwɛ n’aduan a odi yiye ma enti ne mu ayɛ duru aboro so nkaribo 50. Ogye tom sɛ onni oduruyɛfo ahyɛde ahorow no akyi yiye. Ommu nokwasɛm a ɛyɛ sɛ asikre a ɛwɔ ne mogya mu no taa boro 300 no aniberesɛm, na ɔpow sɛ ɔbɛwɔ insulin paane. Ɛwom sɛ ɔnom asikreyare ho nnuru da biara de, nanso ɛte sɛ nea ne yare no ho asɛm nhaw no.
Ɛwom sɛ ɛte sɛ nea ɛsono wɔn mu biara de, nanso mmea baanu yi nyinaa wɔ ɔyare koro. Wɔfrɛ no borɔfo mu sɛ diabetes mellitus. Dɛn nti na nsonsonoe a ɛte saa wɔ n’abien no ntam? Nea ɛho hia titiriw no, dɛn na ama wɔatumi atra ase wɔ asikreyare no mu?
Asikreyare—Ɛne Dɛn?
FirstNea edi kan no, ɛho hia sɛ yɛte nea asikreyare yɛ no ase. Ade titiriw a ɛwɔ ɔyare no ho fa insulin, biribi a akutae (pancreas) a ɛwɔ nipadua mu ma wonya ho. Insulin ma nipadua no tumi yi asikre fi mogya no mu na ɛde kɔ nkwaboaa no mu, faako a ɛma ɛdan ahoɔden anaasɛ ɛkora so no.
Nanso sɛ nipadua no mma wonnya insulin a ɛdɔɔso sɛnea ɛsɛ a, asikre no kakraa bi na ɛkɔ nkwaboaa no mu ma ɛdan ahoɔden anaa ɛkora so. Nea ɛka no ano boaboa ma ɛdɔɔso wɔ mogya no mu na efi ase de ɔhaw ahorow ba. Sɛ yɛbɛka no tiawa a, ɛno ne asikreyare no. Na ɛwom ahorow abien, sɛnea yɛde Kathy ne Mae de no ayɛ ho nhwɛso no.
Wɔ Kathy fam no, wɔfrɛ ne de no wɔ borɔfo mu sɛ Insulin Dependent Diabetes Mellitus, anaasɛ asikreyare a Edi Kan. Nea ɛyɛ ɔhaw wɔ ha ne sɛ, akutae no ntumi nyɛ insulin. Nnansa yi adanse da no adi sɛ ebetumi aba sɛ anyɛ yiye koraa no, ɛtɔ bere bi a nea ɛde asikreyare yi ba ne ɔyare a ɛka akutae no. Obi a eyi bi ka no no taa nya bere a onnyinii pii (bere a onnii 30) , ɔtaa yɛ ketewa a ohia insulin paane na ama wakɔ so atra ãse.
Wɔ Mae fam no, wɔfrɛ ne yare no Non-insulin Dependent Diabetes Mellitus, anaasɛ asikreyare a Ɛto so Abien. Wɔtaa frɛ no asikreyare a ɛka mpanyimfo na ɛyɛ soronko wɔ Nea Edi Kan no ho. Wɔ eyi mu no, ɛnyɛ sɛ akutae no mma wonnya insulin no bi na mmom nea etumi yɛ no nnɔɔso. Srade nkwaboaa no twe insulin a ɛyɛ no fã kɛse no ara. Akutae no ntumi mma wonnya insulin a ɛdɔɔso kɛse a ebetumi asiw eyi ano, na ɛma asikre a ɛwɔ mogya no mu no dɔɔso kɛse. Nnipa a saa asikreyare yi bi ka wɔn no taa yɛ wɔn a wɔaboro mfe 30 a wɔayɛ kɛse atra so, na ɛtɔ bere bi a wotumi tra ase a wɔnnwɔ insulin paane. Ebetumi aba nso sɛ wonya asikreyare yi fi awo mu.
Asikreyare a Edi Kan ho Aduruyɛ
FirstKathy asikreyare a ɛno ne Nea Edi Kan no mu yɛ den kɛse, nanso ɛnyɛ nea ɛtaa ka nkurɔfo. Ɛte sɛ nea Nea Edi Kan yi ano aduru yɛ tiawa—insulin no bi a wobenya asi ananmu. Ɛwom sɛ insulin paane a wɔbɛwɔ obi a ɔwɔ asikreyare yi bi no betumi ama wakɔ so atra ase de, nanso ɛrentumi nkyerɛ insulin dodow a nipadua no behia wɔ simma biara mu.”
Sɛnea ɛbɛyɛ a asikreyare mu ɔhaw ahorow, te sɛ anifurae ne asaabo mu yaw ahorow no ano bɛbrɛ ase no, ɛho hia sɛ wɔbɛma asikre a ɛwɔ mogya ne dwensɔ mu no so atew. Nea ɛho hia ne sɛ wobesuasua sɛnea insulin no di akɔneaba wɔ nipadua no mu no. Nanso asemmisa no ne ɔkwan bɛn so na wɔbɛfa ayɛ saa. Ɛho aduruyɛ no yɛ abien: (1) ahobammɔ ne nsiesiei, ne (2) insulin a wɔde bi si ananmu.
Ɛdefa ahobammɔ ne nsiesiei ho no, ɛsɛ sɛ wɔhwɛ ma wɔbrɛ insulin a nipadua no hia a ennyina faako no ase. Ade a ɛho hia titiriw ne aduan a onipa no di, efisɛ eyi na adidi ne ɔnom nkwaadɔm no ma ɛdan asikre wɔ mogya mu no. Obi a ɔyɛ ɔbadwemma a ɔyare asikreyare a Edi Kan no bi hu ntɛm ara sɛ ɛsɛ sɛ ɔhwɛ n’aduan a odi yiye. Nea ɛsɛ sɛ odi ne carbohydrates ne afei srade ne proteins. Onni asikre, ɛwo ne nnɔkɔnnɔkɔwade ahorow. Carbohydrates ahorow yi kɔ mogya no mu ntɛm ara.
Ɛsɛ sɛ wɔma nipadua no aduan yi ntoatoaso. Sɛ ɔyarefo no anhwɛ yiye na odi biribiara a ɔpɛ bere biara a, ntɛm ara, insulin ne asikre a ɛwɔ mogya no mu no ba bɛyɛ nea ɛnkari pɛ. Eyi betumi ama ɔyare a emu yɛ den anaa asikreyare no mu ɔhaw ahorow akã no kɛse.
Apɔwmuteɛteɛ ma asikre a ɛwɔ mogya mu no so tew. Enti obi a asikreyare wɔ no so a n’ani da hɔ no de apɔwmuteɛteɛ ka nea ɔyɛ da biara no ho, na ɔhwɛ sɛ ɔwɔ biribi a ɛbɛma wanya asikre wɔ nipadua no mu ntɛm ara, sɛ ɛba sɛ apɔwmuteɛteɛ no ma asikre a ɛwɔ mogya no mu no kɔ fam dodo a. Ɛno betumi ama ade atɔ no so. Nkate ahorow nso betumi ayɛ nea ɛhaw adwene.
Nanso wɔ eyi nyinaa akyi no, ebia obi a asikreyare a Edi Kan yi bi wɔ no so te sɛ Kathy bɛkɔ so ara abrɛ wɔ asikre a ɛwɔ mogya no mu a ɛbɛyɛ pɛpɛɛpɛ no mu. Ɛnde dɛn bio?
N’aduru titiriw a ɛto so abien ne insulin paane. Bere a wɔyɛɛ insulin bɛboro mfe 60 a atwam ni no, egyee pii a ɔyare yi wɔ wɔn so nkwa. Na akyiri yi wonyaa paane a wɔwɔ da biara a na mfiase no wosusuw sɛ ɛno ye kɛse.
Ɛwom sɛ paane a wɔwɔ da biara no ye de, nanso wosusuw sɛ ebetumi de ɔhaw ahorow aba akyiri yi. Wɔanya ɔkwan foforo nso a wɔfa so hu sɛnea asikre a ɛwɔ mogya no mu te wɔ fie. Ɛyɛ afiri ketewaa bi a onipa no ankasa de susuw hwɛ na ɛma ohu insulin dodow a ohia wɔ da no mu.
Ade biako a enye wɔ eyi ho ne sɛ, ɛsɛ sɛ onipa no de ade wɔ ne nsateaa ano ma mogya ba ansa na wahwɛ. Foforo nso ne afiri no bo. Nanso bere a wonya nkɔso wɔ ne yɛ mu no, ebia ne bo no bɛba fam.
Afei nso wɔanya paane foforo a ne bo nyɛ den nanso ɛmma wɔnte ne yaw no kɛse bere a wɔwɔ no. Afei nso insulin a wɔyɛ nnɛ no yɛ nea ɛho nhia sɛ wɔde si fridge mu te sɛ kan de no, enti ɛyɛ nea ɔhaw kɛse biara nni ho.
Mprempren wotumi yɛ insulin no bi a ɛte sɛ onipa de ankasa a wɔtɔn, na wɔkamfo kyerɛ sɛ ɛno ye ma wɔn a afei na wɔahu sɛ asikreyare a Edi Kan yi bi wɔ wɔn so no.
Ɛdefa mmofra a asikreyare a Edi Kan yi bi ka wɔn ho no, nea nnansa yi wɔyɛ ne sɛ wobebu wɔn ani agu aduan ho asɛm no so. Ebinom te nka sɛ wobetumi adi aduan biara na afei wɔde insulin biara a ɛho hia agu so. Ɛwom, ɛnsɛ sɛ mmofra a wɔte sɛɛ kɔ so ara di nnɔkɔnnɔkɔwade pii. Nea ama ɛte sɛ nea wotumi yɛ nea nnipa afoforo nyinaa yɛ no bi ne asikre a ɛwɔ mogya no mu a wosusuw hwɛ bere nyinaa ne insulin a wɔtaa ma wɔn no.
Asikreyare a Ɛto so Abien no ho Aduruyɛ
FirstWonyaa nkɔso pii wɔ asikreyare a Ɛto so Abien a ɛno ne nea abu so kɛse no ho aduruyɛ mu. Sɛnea yɛahu no, ɛnyɛ sɛ akutae no ntumi mma wonnya insulin koraa. Na mmom entumi mma nipadua no nnya dodow a ehia no, na emu bɛyɛ den bere a onipa no yɛ kɛse tra so no.
Ɛwom sɛ pills na wɔtaa nom de, nanso nea eyi yɛ ara ne sɛ ebepia akutae no ma ayɛ insulin pii. Nanso ɛwɔ baabi a wubetumi ‘ahwe ɔpɔnkɔ a wabrɛ’ akodu, na wɔ eyi mu no, saa ara na ɛte wɔ akutae a abrɛ no ho. Aduan pa a ɛma kɛseyɛ ne asikre no so tew a apɔwmuteɛteɛ a eye ka ho betumi aboa kɛse.
Sɛ aduan, apɔwmuteɛteɛ, ne nnɔkɔnnɔkɔwade a wogyae di amma asikre a ɛwɔ mogya no mu no ankɔ fam sɛnea ɛsɛ a, ɛnde ebia pills ho behia. Adwene a nkurɔfo wɔ wɔ ha no sonosonoe. Nnuruyɛfo binom pɛ insulin paane a wɔwɔ sen pills wɔ asikreyare a Ɛto so Abien no mu mpo. Pills no betumi apira nipadua no, na ebinom adwenem yɛ wɔn nãa sɛ ebia ɛyɛ nea ebetumi asiw ɔhaw ahorow a ɛkyɛ a ɛde ba ano ankasa.
Wɔ emu biara mu no, ɛho hia sɛ nnuruyɛfo kari eyi nyinaa hwɛ ansa na wɔakamfo aduruyɛ bi akyerɛ. Na ɛsɛ sɛ nea ɔyare no kari nea ɔbɛyɛ ho.
W’asikreyare no a Wobɛtra Ase Wom
FirstEnti asikreyare ano a wogyina hwehwɛ sɛ wɔyɛ nneɛma ahorow a egyina sɛnea ɛte no so. Wɔ wɔn a asikreyare a Ɛto so Abien no ka wɔn fam no, ebia ano aduru bɛyɛ aduan ne wɔn so a ɛbɛtew. Nanso oduruyɛfo biako kae sɛ: “Nokwarem no, osuahu ama mahu sɛ ba a ebetumi aba saa no ho yɛ den. Misiesie me ho mpɛn pii sɛ mɛma ayarefo no pills anaasɛ insulin mpo fi mfiase no ara.”
Ɛdefa nea ɔwɔ Nea Edi Kan no ho no, ɔyare no mu a wɔtra no nyɛ mmerɛw. Wɔ eyi mu nso no, ebia ano aduru no fã bi nyɛ nea ɛwɔ aduru ko a ɔyɛ no mu na mmom onipa no ankasa su wɔ asikreyare no ho. Ampa, ɛnyɛ ade a ɛyɛ anigye sɛ wobɛhwɛ kwan sɛ wobɛwɔ paane da biara, ebia mpɛn dodow bi da koro, na saa ara na ade a wode bɛwɔ wo nsateaã ano bere biara de ahwɛ sɛnea asikre a ɛwɔ mogya no mu no te. Saa ara na ɛnyɛ mmerɛw bere a ɛsɛ sɛ obi yɛ n’asetra ho nhyehyɛe wɔ aduan koro no ara a obedi da biara na ɛsɛ sɛ ɔyɛ apɔwmuteɛteɛ ho nhyehyɛe yiye no.
Bere koro no ara mu no, nokwasɛm a wobegye atom kyerɛ sɛ wonni asikreyare ano aduru ankasa biara mprempren. Nanso aduruyɛ a egye animia wɔ hɔ a etumi ma obi a ɔyare bi no nya ahotɔ kakra na ɔtra hɔ mfe pii sen sɛ ɔrennyɛ aduru biara.
Su Horow a Ɛsɛ sɛ Wokwati
FirstƐho hia sɛ wokwati akwan horow abien a enye a wɔbɛfa so no. Biako ne sɛ, ɛnsɛ sɛ ɔyɛ obi a ɔyare no mfa ne ho a onni akwankyerɛ a eye a nnuruyɛfo de ma no so a ebia ɔwɔ anidaso sɛ ɔyare no bɛkɔ. Ɛrenkɔ.
Biako nso ne sɛ, esiane sɛ adwene mu nkate ahorow ma asikre a ɛwɔ mogya no mu kɔ soro nti, ɛrenyɛ nea eye sɛ wobɛma ɔyare no ahaw wo kɛse. Enye sɛ wobɛma ehu aka wo bere nyinaa a ɛho aduruyɛ agye w’adwene nyinaa a wonyɛ biribi foforo biara. Ɛwom sɛ ɛsɛ sɛ obi a ɔyare bi hwɛ n’asetra yiye de, nanso wɔn mu pii tumi yɛ nea nnipa afoforo nyinaa yɛ no.
So asikreyare ne nyarewa afoforo befi hɔ koraa da bi? Onyankopɔn Asɛm Bible no ma mmuae a akomatɔyam wom: Yiw, ebefi hɔ! Na ɛno bɛba nnansa yi ara! Wɔbɛyɛ eyi wɔ asase so ha wɔ Onyankopɔn Ahenni, a ɛyɛ nniso a Yesu kyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔmmɔ ho mpae no ase. (Mateo 6:9, 10) Saa bere no, “ɔmanfo no mu biara renka sɛ: ‘meyare.’”—Yesaia 33:24, NW.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 16]
Ebia ano aduru no fã bɛyɛ nea egyina onipa no su so
[Kratafa 16 mfoni]
Sɛnea ɛbɛboa ma wadi asikre a ɛwɔ mogya no mu so no, ɛho hia sɛ obi a asikreyare wɔ ne so hwɛ yiye sɛ ɔrenni nnɔkɔnnɔkɔwawde