Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g86 2/8 kr. 28-30
  • Ɔdan A Agye Din Kɛse Ba Bɛyɛ Yehowa Adansefo Nhyiambea

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔdan A Agye Din Kɛse Ba Bɛyɛ Yehowa Adansefo Nhyiambea
  • Nyan!—1986
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Ɛsɛ Sɛ Meyɛ Ara Na Mayɛ No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2020
  • Meda Yehowa Ase—Denam Bere Nyinaa Som Adwuma So!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
  • Asetra Bi a Merempɛ sɛ Mesesa
    Nyan!—1994
  • So Ɛdɔɔso Sɛ Wobɛyɛ Obi A Wagye Din?
    Nyan!—1984
Nyan!—1986
g86 2/8 kr. 28-30

Ɔdan A Agye Din Kɛse Ba Bɛyɛ Yehowa Adansefo Nhyiambea

BERE a wobuee Stanley agorudibea foforo no ano wɔ Journal Square, Jersey City wɔ March 24, 1928 mu no, na ɛyɛ nea ɛso sen biara no mu biako wɔ United States. Fɛ a na ɛyɛ no ma wɔkamfoe kɛse, ne titiriw no, emu fɛ ne anim a wɔayɛ no sɛ Italiafo dan anim no. Tete sɛnkyerɛwfo biako kae sɛ, “Sɛ woatu kwan akɔ Italy pɛn, . . . faako a adan ne asennibea ahorow a ɛyɛ fɛ ma yɛkae mfonini ahorow a ɛyɛ fɛ a na ɛwɔ Roma no a, ɛnde wubetumi anya sɛnea saa Stanley Agorudibea foforo yi mu te no ho adwene bi.”

Nanso bere a wɔde mfe pii ayi sini na wɔadi agoru wom akyi no, Stanley agorudibea a ɛyɛ fɛ no sɛee. Nhyehyɛe a wɔyɛe sɛ wɔbɛyɛ no agorudibea ahorow nketewa anum anaasɛ wobebubu agu mpo na wɔasi office adan wɔ hɔ no yɛɛ nea wɔanni ho dwuma. Afei wɔ May 12, 1981 mu no, Stanley Agorudibea no gyee din foforo: Wɔde kaa mmeae ahorow a agye din wɔ New Jersey no ho.

Nanso ebeduu saa bere no, na wɔagyae agoru a wodi wɔ Stanley agorudibea hɔ no na na ɛho ahia kɛse sɛ wosiesie no. Na adehwɛ pon no fã bi si nsu a emu dɔ yɛ anammɔn abien mu. Ná adwini a wɔde ayowa ne kɔbere adi agu apon ne mfɛnsere ho no yɛ nea paint ne fĩ mma wonhu. Ná mfirihyia 50 sigaret wusiw ne tutuw mma wonhu anim a ɛyɛ fɛ no. Na nneɛma akeka nkongua no ho na wɔabubu no. Ná fĩ mma wonhu akanea a ɛsensɛn hɔ no fɛ. Wɔkae sɛ wɔtɔn Stanley agorudibea no wɔ 1982 mu. Esiane sɛ Yehowa Adansefo hui sɛ ɛyɛ nea wohia na wɔde ayɛ wɔn ɔmansin nhyiam ahorow wɔ hɔ nti, wɔtɔe wɔ November 1983 mu.

Nsɛnnennen sɔree. Kurow no mu mpanyimfo kae sɛ ɛnyɛ nea wobetumi de adi nyamesom nsɛm ho dwuma. Nanso, wɔmaa Adansefo no kwan sɛ wonsiesie suhyɛ ne ɛsɛn a wɔnoa nsu wom no. Nanso bere a Adansefo no pɛe sɛ wɔsesa tiafi, anyinam ahoɔden nkanea nhama ne ɔdorobɛn mu nsu ho nneɛma a ayɛ dedaw no, wɔamma wɔn tumi krataa a ɛbɛma wɔayɛ eyi. Wɔde asɛm no kɔɔ asennibea wɔ September 1984 mu. Adansefo no kae sɛ asɛm no ankasa ne sɛ kurow no sohwɛfo no mpɛ sɛ obehu Yehowa Adansefo wɔ Journal Square. Ɔwɔ nhyehyɛe foforo a wayɛ wɔ agyapade no ho. Wɔsamanaa kurow no sohwɛfo no ne afoforo wɔ bu a wobuu mmara mu hokwan ahorow a Adansefo no wɔ no so no ho.

Ɔtemmufo Debevoise adwenkyerɛ a na wɔatɔ wɔn bo ase asusuw ho no daa no adi sɛ ɛsɛ sɛ wosiesie anyinam ahoɔden ne ɔdorobɛn mu nsu ho nneɛma no, ne sɛ, atirimpɔw nti a wosii Stanley agorudibea no “da no adi pefee sɛ wobetumi de ayɛ nhyiambea.” Bere a oduu asɛntitiriw a na ɛwɔ asɛm no mu no so no, ɔkyerɛwee sɛ: “Nea ɛyɛ ade titiriw wɔ hokwan ahorow a ɔmanfo wɔ no mu a United States Mmara ma ho kwan ne hokwan a wɔwɔ sɛ wɔbɛde wɔn ho afi mmara ahorow a esiw nyamesom ho kwan anaasɛ ɛto ɔkasa mu ahofadi ano hye no mu . . . Wɔ ha no, wɔn a wɔasamana mo [Adansefo no] pɛ sɛ wɔkyerɛkyerɛ na wɔka wɔn nyamesom mu gyidi ahorow ho asɛm kyerɛ denam di a wɔde ade a wobu no sɛ ɛfata kɛse ma saa atirimpɔw no bedi dwuma no so.”

Ɔtemmufo Debevoise de kaa ho sɛ, sɛ kurow no de asɛm no kɔdan a, “wɔn a wɔasamana mo no bɛma ada adi wɔ asɛm a etwa to a wobedi no mu sɛ, nkyerɛkyerɛmu a Jersey City de ma wɔ ne Mansin Mmara no ho ne di a wɔde di dwuma no bu wɔn nyamesom mu ahofadi so.” Ɛno akyi no kurow no mpanyimfo no gyaee wɔn ɔsɔretia no.

Adwumaden a edi hɔ a na ɛda Adansefo no anim ne sɛ: wɔbɛsan asiesie Stanley agorudibea no ma wɔabue ano wɔ September 7, 1985 mu na ama nhyehyɛe a wɔayɛ wɔ sukuu a Ɔwɛn Aban Bible Gilead Sukuu no adesuakuw a ɛto so 79 no rebewie ho no atumi akɔ so da a edi hɔ no. Esiane sɛ na aka asram akron pɛ a wɔde bɛyɛ saa adwumaden yi nti, na ɛyɛ “nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ no ntɛmntɛm.”

Adwumayɛfo mpempem pii baa Stanley agorudibea hɔ na wɔmaa ɛhɔ dan adwumayɛbea kɛse. Nkurɔfo a wɔn ho akokwaw wɔ nnwuma ahorow mu kaa ɔdan no ho paint, wɔyɛɛ ɔdorobɛn mu nsu ho adwuma, wɔkokwaw ho, wɔyɛɛ dua adwumfo nnwuma na wɔyɛɛ anyinam ahoɔden ho nnwuma. Wɔtɔɔ wɔn bo ase yɛɛ nnwuma ahorow pii araa ma ɔkwan a enni krataa yi mu no rentumi mma yɛnka nnwuma ahorow nyinaa a wɔn a wotuu wɔn ho mae yɛe da mu nyinaa ne anadwofa, adapɛn ne asram pii no ho asɛm. Mfonini ahorow a ɛka ho no bɛma woanya nsakrae kɛse a akɔ so wɔ hɔ no ho adwene bi.

Wɔyɛɛ dwumadi a edidi so yi ho nhyehyɛe August 17 ne 18: Yehowa Adansefo ɔmansin nhyiam. August 30 ne 31: Wobue maa nsrahwɛfo a wofi nkurow ahorow a ɛbemmɛn mu. September 7: Wobuee agorudibea a nnipa 4,300 tumi tra hɔ ano sɛ Yehowa Adansefo nhyiambea. September 8: Ɔwɛn Aban Bible Gilead Sukuu adesuakuw a ɛto so 79 wie sukuu.

Mprempren Jersey City betumi de nhyiambea ahorow a ɛyɛ fɛ sen biara a ɛwɔ baabiara wɔ United States no mu biako ahoahoa ne ho. Ɛnyɛ sɛ wɔama asan anya ne kan anuonyam no bio na mmom wɔama ayɛ kɛse. Adwuma kɛse a wɔde bɛyɛ mprempren ne sɛ wɔde bɛda anuonyam a Amansan Nyinaa Nyankopɔn ne ne Bɔfo, Yehowa Nyankopɔn wɔ no adi akyerɛ.

[Kratafa 28 mfoni]

Mfonini ahorow a wotwae bere a wɔreyɛ asiesie hɔ awie no. Nea ɛwɔ benkum so no ne abrannaa no

Nea ɛwɔ nifa so no yɛ aguabɔbea no ankasa sɛnea wohu fi abrannaa no so

[Kratafa 29 mfoni]\

Bible mu nsɛm ho mfonini ahorow a Ɔwɛn Aban adwumayɛbea ti adwumayɛfo yɛ de sii anansesɛm mu de ananmu no

Nea ɛwɔ atifi hɔ no yɛ Yehonadab a ɔreforo atra Yehu teaseɛnam mu ho mfonini. Nea ɛwɔ nifa so no yɛ apɔnkɔsotefo a wɔaka wɔn ho asɛm wɔ Adiyisɛm ti 6 no

[Kratafa 30 mfoni]

Adwumayɛfo a wotuu wɔn ho mae siesiee akanea a ɛsensɛn hɔ, ahwehwɛ mfɛnsere a nneɛma akeka mu. Wɔde ahoɔden mensa afiri a etumi ma nneɛma so kɔ soro anammɔn 50 dii dwuma

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena