“Henanom Afã Na Onyankopɔn Wɔ?”
NNIPA a wɔtotow atopae a wɔn dodow yɛ apem tu fii England May 30, 1942 anwummere. Ná ɛno ne wim ntua a ɛso sen biara wɔ abakɔsɛm mu besi saa bere no. Ná meyɛ dɔm a wɔtotow atopae a wɔwɔ wimhyɛn a ɛwɔ engine anan mu no akannifo no biako. Ná wimhyɛn no mu biara wɔ atopae a emu duru yɛ nkaribo 8,000, nea ano yɛ den ara yiye a ebetumi asɛe ade kɛse.
Bere a yɛakɔ soro adu anammɔn 20,000 no, yesii so a yɛrekɔ Germanfo kurow Cologne mu. Na wimhyɛn no mufo ani abere rehwɛ ne engine, petrol, radio, akwankyerɛ ne nea ɛkeka ho no yiye. Atuo tofo baasa no srɛe sɛ captain no mma wɔn kwan ma wɔnhwɛ wɔn atuo no na wɔntotow. Afei de na yɛasiesie yɛn ho awie sɛ yɛbɛkɔ atamfo no asasesin mu.
Bere a yetwaam wɔ Holland mpoano no, mesɔre kogyinaa m’afã wɔ wimhyɛn no soro, faako a mifi hwɛ nea ɛrekɔ so no. Sɛ migyina hɔ a, mihu baabiara. Ɛhɔ na na migyina a merehwehwɛ atamfo no anadwo no sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi atow ahyɛ wɔn so na yɛde akwankyerɛ ama atuo tofo no. Mifi akyirikyiri hui sɛ wim ayɛ kɔkɔɔ esiane sɛ na ebinom adi kan atotow atopae wɔ hɔ ama Cologne kurow no rehyew dedaw nti.
Adu Yɛn So sɛ Yɛbɛtow
Afei de na yɛasiesie yɛn ho ama ntua no. Ná Germanfo wim akohyɛn retwa beae a wɔatotow atopae no ho hyia a wɔasiesie wɔn ho rebɛtow ahyɛ yɛn so. Ná yɛne nnipa apem a wɔtotow atopae guu Cologne so saa anadwo no kuw a etwa to, na na ogya redɛw fi kurow no ti kɔpem ti. Bere a na yɛrehwehwɛ beae a ogya nnya ntɔɔ mu a yebetumi atow yɛn atopae no wɔ hɔ no, na ɛsɛ sɛ yɛba fam bedu anammɔn 10,000.
Ná wɔaka akyerɛ yɛn sɛ wɔn post office kɛse no ne yɛn botae. Wɔkae sɛ: “Ɛhɔ na mmeae ahorow a wɔyɛ akode no wɔ.” Nanso na yɛn mu pii gye di sɛ yɛrekunkum nnipa a wɔnyɛ asraafo, efisɛ na yenim sɛ wɔ nkurow akɛse pii mu no wɔmfa adwumayɛbea akɛse ntwa post office kɛse ho nhyia.
Tebea no mu bɛyɛɛ den bere a wimhyɛn kafo no buee faako a wɔtow ɔtopae fa no. Eyi ne bere a emu yɛ den ankasa. Afei de na ɔtopae a ne tenten ne yɛn wimhyɛn no reyɛ ayɛ pɛ no ho da hɔ. Sɛ biribi bɔ saa ɔtopae no a, yɛn awiei ara nen!
Afei de na nea ɔrebɛtow ɔtopae no na ɔrekyerɛ wimhyɛn no kwan. Bere a ɔde n’ani akyerɛ ne botae no, afei ɔkyerɛɛ no kwan: “Kɔ benkum-benkum; nifa-nifa-eye; kɔ benkum kakra—twɛn—ma ɛnkɔ tẽe—botae no ho. Tow ɔtopae no!” Wimhyɛn no wosowee na metee nnyigyei no bere a ɔtopae no tew fii wimhyɛn no mu no. Simma kakraa twaam, bere a yɛtwɛnee sɛ yebetwa beae no mfonini no. Bere a yetwaa beae a asɛe no mfonini akyi no, yɛde yɛn ani kyerɛɛ fie.
Ahonim mu Ɔhaw
Bere a yɛdan yɛn ho a yɛrekɔ soro no, mihuu sɛ Cologne kurow no nyinaa rehyew wɔ fam. Misusuw mmarima, mmea ne mmofra a wɔahwere wɔn nkwa no ho. Mibisaa me ho sɛ, ‘Dɛn nti na mede me ho ahyɛ nnipa a wɔn ho nni asɛm mpempem pii a wokunkum wɔn wɔ kurow yi mu no mu? Mebɔɔ mmɔden sɛ mɛkyekye me werɛ sɛ eyi yɛ ɔko a yɛde retia Adolf Hitler nniso bɔne no.
Bere a yɛrekɔ fie no mekaee biribi a egyina m’ani so wɔ atopae ahorow 60 a yɛtotoe no mu. Wɔ ɔko no mfiase mu hɔ no, Germanfo wimhyɛn biako pɛ totow atopae pii wɔ beae bi a ɛbɛn Lincoln wɔ England. Meboa ma woyiyii mmea a na wɔwɔ hɔ a wɔn mu atetew no. Wɔ asram pii akyi no na ɛda so ara gyinagyina m’ani so. Afei mibisae sɛ: ‘Mpɛn dodow ahe na wɔatĩ adeyɛ yi mu denam nnipa apem a wɔtotow atopae guu Cologne kurow a nnipa ayɛ mu ma no so? Na Onyankopɔn susuw nnwuma bɔne a ɛte sɛɛ ho dɛn?’
Ná metaa susuw eyi ho, efisɛ mifi abusua a wɔpɛ nyamesom mu wɔ Inverness, Scotland. Ná m’abusuafo yɛ Scotland Asɔre no mufo fi bere tenten. Mayɛ Kwasida sukuu kyerɛkyerɛfo ne asɔre no Mmaabun Kuw no titrani pɛn. Ná yɛtaa kogyina Inverness aguabɔbea no nkyɛn Memeneda anwummere na yedi yɛn gyidi ho adanse wɔ baguam. Nyamesom ho anigye hyɛ me ma wɔ mmere yi mu na na mewɔ ɔpɛ sɛ mɛyɛ ɔsɔfo.
“Henanom Afã Na Onyankopɔn Wɔ?”
Ná me ne asraafo asɔfo no taa kasa wɔ saa mfe asia a na ɔko rekɔ so (1939-45) no mu, na na mibisa wɔn sɛ, “Henanom afã na Onyankopɔn wɔ wɔ ɔko yi mu?” Mmuae a na wɔde ma ara ne sɛ, “Ɔwɔ yɛn afã! Yɛreko atia katabaako nniso bɔne a ɛpɛ sɛ edi wiase nyinaa so, na yɛn Kristofo dɔm no nkutoo na ebetumi asɛe no!” Nanso eyi amma me koma antɔ me yam.
Da koro me ne Katolek sɔfo no traa ase wɔ asraafo mpanyimfo atrae hɔ, na mekae sɛ: “Ɔsɔfo, wunim sɛ wɔ yɛn wimhyɛn no mu no na nnipa no biako yɛ Katolekni na wuhyiraa no ansa na yɛretu akɔtow atopae agu Germany so. Afei, Katolek asɔre koro no ara a ɛwɔ Germany rehyira Germanfo wimhyɛn muni bi a ɔyɛ Katolekni bere a wɔba bɛsɛe yɛn nkurow ahorow no. Enti asɛm a mibisa ne sɛ, ‘Henanom afã na Onyankopɔn wɔ?’”
Obuae sɛ, “Ɛno yɛ asemmisa a emu yɛ den. Nea minim ara ne sɛ, sɛ yɛma Hitler kwan ma odi wiase yi so a, me ne wo anaa Kristoni foforo biara rennya baabi ntra.” Eyi nso amma mannya m’asemmisa no ho mmuae, efisɛ nea ɛbaa m’adwenem ne sɛ: ‘Ɛnde dɛn nti na Germany Katolekfo ntwe wɔn ho mfi Hitler ho? Mannya m’asemmisa no ho mmuae kosii ɔko no akyi.
Wɔ May 18, 1945, mu no na migyina Ɔhene George VI anim wɔ Buckingham Ahemfie, London, a meregye afã kɛse a minyae wɔ ɔko no mu ho abasobɔde. Nkurow akɛse ne nketewa ne nkwa a wɔsɛe no ho abasobɔde! Wɔ nnipa 13 a yefii ɔko no fã a ɛto so abien yi mu bae no mu no, me nkutoo na hwee anyɛ me.
Wogyaa me ɛrekɔ saa afe no awiei na me ne me yere Barbara ne yɛn ba ketewaa no kɔtraa Doncaster, England. Saa bere yi mu na meyɛɛ basaa kɛse; m’adwene nyinaa asɛe. Kyɛfa a minyae wɔ nnipadɔm a wɔde atopae kunkum wɔn wɔ Germany ne Italy no mu no maa ehu kɛse kaa me. Mibisaa me ho mpɛn pii sɛ, ‘So Onyankopɔn de befiri me?’ Na metaa bɔ mpae srɛ fafiri.
Awia Adidi a Biribi Betwaam
Bere a meredidi da koro awia no, obi bɛbɔɔ yɛn pon na me yere kobuei. Ɔkyɛe kakra wɔ ɔpon no ano na na me ho pere me sɛ ɔde m’aduan no nkae bɛba. Enti mede abufuw sɔre fii ɔpon no ho kɔɔ ɔpon no ano, faako a ɔne ɔbarima bi rebɔ nkɔmmɔ no na mibisae sɛ, “Eyi nyinaa kyerɛ dɛn?”
Ɔbarima no buae wɔ ayamye mu sɛ, “Wo yere ani gye Ma Onyankopɔn Nyɛ Ɔnokwafo nhoma yi ho. Meyɛ Yehowa Adansefo no mu biako a meresrasra mo wɔ mpɔtam ha.”
Mekae sɛ, “Meda wo ase, nanso mempɛ.” Yehowa Adansefo din ara kwa a ɔbɔe no maa me bo fuwii. “Yɛn ani nnye saa nnipa a wɔamfa wɔn ho anhyɛ yɛn ko no mu nanso wɔn ani gye ho sɛ wobedi yɛn aduan a yɛn hyɛnmufo de ba wɔ asiane kɛse mu no ho!”
Ɔbarima no de ahobrɛase nne kae sɛ, “Owura, ade biako a mepɛ sɛ meka ne sɛ, baabiara a na Yehowa Adansefo te wɔ ɔko bere no mu no, na wonni obiara afã na wɔamfa wɔn ho anhyɛ ɔko no mu. Nanso sɛnea wunim no, wɔ ɔko koro no ara mu no, Protestantfo kum Protestantfo na Katolekfo kum Katolekfo a wɔn tiboa anhaw wɔn wɔ ɔkwan biara so. Nanso Yehowa Adansefo ankunkum wɔn ho wɔn ho anaa obi foforo biara.”
Wɔn a Onyankopɔn Wɔ Wɔn Afã
Ne mmuae no maa m’adwene kosii asɛm a mibisae wɔ ɔko no mu sɛ “Henanom afã na Onyankopɔn wɔ? no so. Enti metow asemmisa no maa no.
Obuae sɛ, “Ɛno nyɛ asemmisa a ɛyɛ den.” Obuee Yohane 13:34, 35 na ɔkenkanee sɛ: “Ahyɛde foforo na mema mo, sɛ monnodɔ mo ho, sɛnea medɔɔ mo no, sɛ mo nso monnodɔ mo ho mo ho! Sɛ mododɔ mo ho a, nnipa nyinaa behu sɛ moyɛ m’asuafo.”
Ɔde kaa ho sɛ: “Ɛda adi sɛ, sɛ yɛdodɔ yɛn ho ampa a, baabiara a yɛwɔ no, yɛrenkunkum yɛn ho yɛn ho, ɛmfa ho sɛ dɛn ara na amansɛmdifo bɛka a ɛbɔ eyi abira. Yehowa Adansefo di saa ahyɛde no so, ɛwom sɛ wɔ Germany no, pii wuwui wɔ nnadeban ahorow mu esiane sɛ wonni afã biara nti, na wɔde afoforo pii te sɛ me nso guu afiase wɔ ɔman yi mu. Yegye di sɛ wɔn a wɔdodɔ wɔn ho ankasa no afã na Onyankopɔn wɔ.”
Ná n’asɛm no yɛ nea ntease wom, enti yegyee nhoma no. Me ne me yere traa mpa so kenkan nhoma no, hwɛɛ kyerɛw nsɛm ahorow no kosii ahemannakye. Yehuu sɛnea akodi ahorow te sɛ wiase nyinaa ko a mede me ho hyeem no yɛ “sɛnkyerɛnne” a edi adanse sɛ ɛrenkyɛ Onyankopɔn nniso bɛma atirimɔdensɛm nyinaa aba awiei na ama asase yi ayɛ beae a Kristofo betumi atra wɔ asomdwoe mu no fã.—Mateo 24:3-14.
Wɔ bɛyɛ dapɛn biako akyi no, yɛkyerɛw ɔbarima a obegyaw nhoma no ne n’address maa yɛn no krataa sɛ ɔmmra. Ná yɛwɔ nsɛm pii a yebebisa no. Wɔ nna bi akyi no ɔsan bae, na yɛne no fii ase suaa Bible no. Wɔ adesua a ɛto so abien akyi no, yefii ase kɔɔ nhyiam wɔ Yehowa Adansefo Ahenni Asa so na awiei koraa no me ne me yere gyee asubɔ wɔ 1948 mu.
Ɔsom Adwuma a Ɛkorɔn Foforo
Wɔ mfe yi nyinaa mu no na me ne me yere wɔ ɔpɛ sɛ yɛbɛyɛ bere nyinaa asomfo, na bere a yɛn babarima no kɔyɛɛ ɔsɛmpatrɛwfo wɔ South America no, ɔpɛ no mu bɛyɛɛ den kɛse. Nanso na ɛyɛ gyinaesi a emu yɛ den efisɛ ebeduu saa bere yi no na yɛn asetra ayɛ yiye; yɛwɔ ofie fɛfɛ, na na m’adwuma yɛ nea akatua wom. Ná yɛn mfe akɔ anim a obiara wɔ ɔyare a ɛhaw no. Nanso na minim sɛ yebetumi ayɛ pii ankasa.
Bere a yɛde mpaebɔ asusuw ho bere tenten akyi no, yesii gyinae. Yɛtɔn ofie no na eyi ma yedii awerɛhow efisɛ na yɛatra saa ofie no mu mfe 20. Na enti wɔ 1973 mu no yɛkɔɔ La Paz wɔ Bolivia.
Ná me ba no ne ne yere rebehyia yɛn wɔ wimhyɛn gyinabea hɔ. Bere a yefii wimhyɛn gyinabea hɔ simma kakraa bi no, yegyinae na mihuu ade a ɛyɛ fɛ sen biara a mahu pɛn. Ná La Paz a ɛyɛ Bolivia ahenkurow no gu obon bi mu a efi hɔ ba baabi a yegyina no tenten yɛ anammɔn 1,000. Ná ɛyɛ anwummere enti yetumi huu kurow no mu akanea nyinaa wɔ ase hɔ. Wɔ ɛno akyi na wuhu owia a ɛrekɔtɔ no hann wɔ Bepɔw Illimani no akyi.
Nanso nea na ɛyɛ anigye kɛse ne sɛnea nnipa no ani gye Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no ho kɛse no. Mfiase no mema wɔkyerɛw asɛm a mepɛ sɛ meka no guu kratasin bi so maa me na aboa me ma makae nea ɛsɛ sɛ meka wɔ Spanish kasa mu. Ampa, ɛtɔ bere bi a na kasa no yɛ den ma me. Nanso mfe 12 wɔ hɔ akyi no, na mitumi de kasa no ma baguam ɔkasa na mesomee sɛ ɔpanyin wɔ asafo no biako mu. Yenyaa osuahu ahorow a ɛyɛ anigye pii wɔ saa mfe yi mu, na yɛne nnipa 20 suaa ade ma wogyee asubɔ. Nanso esiane ɔyare nti na ɛsɛ sɛ me ne me yere san ba England, faako a yɛakɔ so ara aka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm akyerɛ afoforo no.
Sɛ mekae anadwo a yɛtotow atopae guu Cologne so no a, adesɛe ne nnipa a mema wohuu amane no ho adwene ma meyare. Ná metaa bisa me ho sɛ, ‘So Onyankopɔn hyira wɔn a wɔko no ampa?’ Hwɛ aseda ara a mede ma sɛ mahu sɛ Onyankopɔn nni obiara afã bere a aman ahorow ko no. Mmom no, sɛnea Ɔdansefo no kyerɛkyerɛɛ mu kyerɛɛ me no: “Wɔn a wɔdodɔ wɔn ho ankasa no afã na Onyankopɔn wɔ.” (Yohane 13:34, 35)—Sɛnea David Walker ka kyerɛe.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 5]
Wimhyɛn no wosowee, na metee nnyigyei no bere a ɔtopae no tew fii wimhyɛn no mu no
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 6]
Mibisae sɛ, ‘Dɛn nti na mede me ho ahyɛ nnipa a wɔn ho nni asɛm mpempem pii a wokunkum wɔn wɔ kurow kɛse yi mu no mu?’
[Kratafa 5 mfoni]
Atopae atofo apem de wɔn ani kyerɛɛ Cologne
[Asɛm Fibea]
RAF Museums, London
[Kratafa 6 mfoni]
Cologne, kurow biako a yɛde yɛɛ yɛn botae wɔ me atopae 60 adwuma no mu no
[Asɛm Fibea]
U.S. Army photo
[Kratafa 7 mfoni]
Walker ne ne yere Barbara ne ne ba wɔ Wiase Ko II mu
[Asɛm Fibea]
“Topical” Press Agency, LTD., London
[Kratafa 8 mfoni]
David Walker ne ne yere reka Onyankopɔn Ahenni ho asɛm akyerɛ Boliviani bi