Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g86 5/8 kr. 9
  • “Mmanoma A Wɔne Wɔn Tra”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Mmanoma A Wɔne Wɔn Tra”
  • Nyan!—1986
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mmusua a Mmanoma Wom Betumi Ayɛ Yiye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Ɔhaw Atitiriw a Mmusua a Mmanoma Wom Hyia
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Ma Asomdwoe Ntra W’abusua Mu
    Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba
  • Mmusua a Mmanoma Wom ne Emu Haw
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1986
g86 5/8 kr. 9

“Mmanoma A Wɔne Wɔn Tra”

​—Nsɛm bi a wobisaa Abusua a Mmanoma Wom Ahyehyɛde no kwankyerɛfo

Owura-yere Jeanette Lofas a ɔyɛ Ahwehwɛde bi a ɛfa abusua a mmanoma wom ho kwankyerɛfo a ɔka ho na wɔkyerɛw Living in Step no asua ɔhaw soronko a ɛkɔ so wɔ abusua a mmanoma wom mu no ho ade. Nsɛm a edidi so a Nyan! kyerɛwfo bi bisabisaa no no kyerɛ sɛnea wobetumi adi eyi ho dwuma.

A. Owura-yere Lofas, dɛn nti na ɛyɛ den kɛse sɛ obi bɛyɛ ɔwofo a ɔne mmanoma te?

M. Mpɛn pii ɔwofo a ɔte sɛɛ nnya tebea no ho adwene a ɛfata. Awofo a wɔwɔ mmanoma pii nya anidaso sɛ mmanoma no begye wɔn atom te sɛ nea wɔbɛyɛ wɔn awofo ankasa. Ɛnyɛ nea wɔtaa yɛ saa. Mpɛn pii mmanoma yi pow yɛ a wɔpɛ sɛ wɔde wɔn yɛ mma yi efisɛ wɔte nka sɛ wɔanni wɔn awofo a wɔagyae wɔn aware no nokware. Wobu wɔn awofo ankasa no kɛse. Ɛnyɛ bere nyinaa na etumi yɛ yiye sɛ, ‘Sɛ wodɔ me a, wobɛdɔ me mma nso.’

A. Dɛn nti na mmanoma taa yɛ basabasa?

M. Ɛyɛ den ankasa ma abofra bere a n’awofo agyaa aware no. Ɛyɛ abofra no yaw sɛ ne maame kɔ anaasɛ ne papa nni hɔ a ɔbɛma n’ani akũ ne ho. Mpɛn pii mmofra no dan ɛyaw a wodi yi kɔ ɔwofo foforo yi so. Enti awofo afoforo yi na wɔde wɔn anibere kowie wɔn so. Mpofirim ara, abanoma no fi ase yɛ basabasa.

A. Ɔkwan bɛn so na wobetumi aboa abofra ma wagyina atenka “bɔne” yi ano?

M. Nea edi kan no, ɛho hia sɛ ɔwofo no ne mmofra no nyinaa gye tom sɛ nkate ahorow a ɛte sɛɛ yɛ abusua a mmanoma wom asetra no fã. Sɛ wode ho asodi to abofra no anaa ɔwofo foforo yi so na woanhu sɛ efi su yi a, ebetumi de ɔhaw kɛse aba. Ɛho hia sɛ mmofra no te ase mfiase no sɛ abufuw ne huammɔdi nka a wɔte no yɛ nea ɔkwan biara so ɛbɛba. Mpɛn pii boa a wobɛboa abofra no ma wahu nea enti a ɔte nka saa na woahu no mmɔbɔ no ara kɛkɛ yɛ mmoa kɛse. Ɛsɛ sɛ ɔwofo ankasa no si so dua kyerɛ abofra no sɛ ɔwɔ gyinabea titiriw bi na enti ɛho nhia sɛ osuro sɛ ɔwofo foforo no rebegye hokwan bi afi ne nsam anaasɛ ɔrebetu no.

A. So ɔwofo no betumi ateɛ n’abanoma no so ankasa?

M. Yiw, denam ‘ofie mmara’ a ɔbɛhyɛ fi mfiase no so. Nea ɔdɔ kyerɛ ne sɛ wode anohyeto ahorow bɛma wɔn a womma wɔnnyɛ nea wɔpɛ. Ɛsɛ sɛ nteɛso ne ɔdɔ kari pɛ. Nanso wɔ abusua a mmanoma wom mu no, ɛtaa yɛ den sɛ wɔbɛte ɔdɔ no nka. Esiane sɛ wɔnyɛ mogya biako ankasa nti, ebia ɔwofo foforo no bɛyɛ ade ama atra so anaasɛ ebia abanoma no bɛpow nteɛso a efi “ɔhɔho” hɔ. Ɛsɛ sɛ agya a ɔwɔ mmanoma da ne tiyɛ adi denam akanni so na ɛnyɛ denam ɔhyɛ so.

A. Dɛn na ɛde nsɛnnennen ba wɔ asotwe mu?

M. Bere a agya ne ɛna no ma ɛda adi wɔ mmofra no anim sɛ wɔne wɔn ho nyɛ adwene no. Sɛ́ abofra no behu sɛ mpanyimfo baanu a wɔwɔ n’asetra mu no adwene nhyia yɛ ade a enye koraa. Ɛba saa a, abofra no nhu nea ɔyɛ. Ɛho hia titiriw sɛ awofo no susuw ofie no gyinapɛn ahorow ne nea sɛ wobu so a ebefi mu aba ho wɔ kokoam na wogye tom. Afei ɛsɛ sɛ wɔda eyi adi pefee kyerɛ abofra no. Agya bi a ɔwɔ abanoma kaa no sɛɛ se: “Ɛyɛ anigyesɛm bere a ne na ka sɛ, ‘Me kunu ni, ɔyɛ w’agya nso. Yɛrebom atete wo’ no.”

A. Awarefo no ntam abusuabɔ ho hia dɛn?

M. Eyi ne nea ɛho hia titiriw, na ɛsɛ sɛ emu yɛ den; anyɛ saa a, nea aka no renyɛ yiye. Ɛho hia sɛ munya nea yɛfrɛ no awarefo ahoɔden no. Eyi de abusua biakoyɛ ba. Sɛ ɛno nni hɔ a, ɛnyɛ nsɛm a ɛbɔ ne ho abira nko na mobɛka akyerɛ mmofra no na mmom wɔbɛma mo baanu no ntam nso apae. Mumfi adi sɛ awarefo. Munnya mmofra no ho anigye sɛ awarefo, mommma ɛnyɛ ɔwofo biako pɛ so adesoa.

A. So nyamesom tumi boa?

M. Yiw, ɛboa kɛse. Ɛboa mo ma mubu mo ani gu mfomso nketenkete a moyɛ tia mo ho no so. Sɛ nhwɛso no, ebia okunu bedi mfomso apɛ n’ankasa ba asɛm asen afoforo no. Ɔyere no bo fuw. Afei, so obebu n’ani agu eyi so a ɔmfa nea asi no nhyɛ ne mu? Ampa, ne kunu no adi mfomso. Enti dɛn? Aba saa. Yefi ha a ɛhe na yɛrekɔ? Ɔbea no nyamesom su no boa efisɛ osusuw ho sɛ: ‘Dɛn ne Onyankopɔn apɛde? Sɛ́ yɛbɛma abusua no ayɛ yiye. Enti dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ mprempren na ama aba saa? Ɛdenam Onyankopɔn apɛde a yɛbɛbɔ mmɔden adi so no so no, yebetumi ama ayɛ yiye.’

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena