Mmusua a Mmanoma Wom Betumi Ayɛ Yiye
SO MMUSUA A MMANOMA WOM BETUMI AYƐ YIYE? YIW, TITIRIW BERE A EMUFO NYINAA KAE sɛ “kyerɛw nyinaa fi Nyankopɔn home mu, na eye ma ɔkyerɛkyerɛ, ntɛnyi, nteɛso ne trenee mu yɛn” no. (2 Timoteo 3:16) Sɛ obiara de Bible nnyinasosɛm di dwuma a, ebesi wɔn yiye koraa.
Su Titiriw
Nnipa abusuabɔ ho mmara ankasa kakraa bi pɛ na Bible no de ma. Mpɛn pii no, su ne nneyɛe pa a ɛbɛma yɛayɛ ade wɔ nyansam ho nkuran na ɛhyɛ. Nneyɛe ne su pa a ɛte saa no na ɛma wonya abusua asetra a anigye wom.
Ebetumi ayɛ sɛ nea yenim saa dedaw, nanso ɛfata sɛ yɛbɛka sɛ su titiriw a ehia ma asi abusua biara yiye ne ɔdɔ. Ɔsomafo Paulo kae sɛ: “Mommma nyaatwom mmfra ɔdɔ mu! . . . Momfa onuadɔ nnodɔ mo ho yiye.” (Romafo 12:9, 10) Wɔtaa de asɛmfua “ɔdɔ” di dwuma ɔkwammɔne so, nanso na su a Paulo reka ho asɛm wɔ ha no yɛ soronko. Ɛyɛ Onyankopɔn dɔ, na ‘ɛto ntwa da.’ (1 Korintofo 13:8) Bible ka ho asɛm sɛ ɛnyɛ pɛsɛmenkominya, na ayɛ krado sɛ ɛbɛsom. Ɛyɛ adwumaden ma afoforo yiyedi. Ɛwɔ boasetɔ ne ayamye, ɛnyɛ ahoɔyaw, ahohoahoa, anaa ɛnhoran. Ɛnhwehwɛ n’ankasa de. Bere nyinaa ɛyɛ krado sɛ ebenya nneɛma ho koma, ebetie ade nyinaa, anya ade nyinaa mu anidaso, na agyina biribiara a ɛba ano.—1 Korintofo 13:4-7.
Nokware dɔ boa ma wosiesie nsɛmnsɛm, na ɛka nnipa a wokura ntetee ne nipasu ahorow koraa bom. Na ɛboa ma wɔko tia adesɛe a awaregyae anaa obi wofo ankasa wu de ba no. Ɔbarima bi a obenyaa mmanoma ka ne haw ankasa ho asɛm sɛ: “Ná metaa susuw m’ankasa nkate ho araa ma na mintumi nsusuw me mmanoma anaasɛ me yere mpo de ho. Ná ɛsɛ sɛ misua sɛ memma nneɛma nhaw me kɛse. Nea ehia sen biara no, na ɛsɛ sɛ misua ahobrɛase.” Ɔdɔ boaa no ma ɔyɛɛ nsakrae a ɛho hia no.
Obi Wofo Ankasa
Ɔdɔ betumi aboa ma wɔadi abusuabɔ a na mmofra no ne nea ɔwoo wɔn ankasa a onni hɔ bio wɔ no ho dwuma. Agya bi a ɔwɔ mmanoma ka sɛ: “Ná mepɛ sɛ me mmanoma no dɔ me sen wɔn papa ankasa. Sɛ na wɔkɔsra wɔn papa a, na ɛyɛ den ma me sɛ menkasa ntia no. Sɛ wɔne no kogye wɔn ani ba a, na ɛhaw me yiye. Sɛ nneɛma ankɔ yiye amma wɔn a, na m’ani agye. Nokwarem no, na misuro sɛ mɛhwere wɔn dɔ. Ná nneɛma a ɛyɛ den sen biara no mu biako ne gye a na megye hia a me mmanoma no papa dwumadi ho hia wɔ wɔn asetram atom no.”
Nokware dɔ boaa agya a ɔwɔ mmanoma yi maa ohuu nokware a ɛyɛ sɛ ɛrenyɛ yiye sɛ wɔbɛdɔ no “mpofirim” no. Anka ɛnsɛ sɛ ɔte nka sɛ mmofra no apo no bere a wɔannye no antom ntɛm no. Obehui sɛ ontumi mma mmofra no nnɔ no koraa nsen wɔn papa no da. Ná mmofra no nim wɔn papa yi fi wɔn mmofraberem, nanso na wɔn maame kunu no yɛ onipa foforo a ɛsɛ sɛ ɔyere ne ho ma mmofra no dɔ no. Nhwehwɛmufo Elizabeth Einstein ka nnipa pii suahu ho asɛm bere a ɔka eyi no: “Wɔrentumi mfa obiara nsesa nea ɔwoo mmofra no ankasa da—dabida. Ɔwofo a wawu anaa nea wanhwɛ mmofra no mpo wɔ gyinabea titiriw bi wɔ mmofra no asetram.”
Nteɛso—Ade a Egye Ahwɛyiye
Bible kyerɛ sɛ nteɛso a ɔdɔ wom ho hia ma mmofra, na mmanoma ka ho. (Mmebusɛm 8:33) Nhomanimfo pii ne Bible no reyɛ adwene wɔ eyi ho. Ɔbenfo Ceres Alves de Araújo kae sɛ: “Obiara nni hɔ a ofi awosu mu pɛ anohyeto, nanso ɛho hia. ‘Dabi’ yɛ asɛmfua a ahobammɔ wom.”
Nanso, wɔ mmusua a mmanoma wom mu no, adwene a wokura wɔ nteɛso ho betumi akowie ɔhaw a emu yɛ den mu. Ɔkwan bi so no, ɔpanyin a onni hɔ seesei na ɔtetee mmanoma no. Akyinnye biara nni ho sɛ, wɔwɔ su anaa nneyɛe bi a ebetumi ahyɛ nea ɛnyɛ ɔno na ɔwoo wɔn no abufuw. Na ebetumi aba sɛ wɔnte nea enti a nea ɛnyɛ ɔno na ɔwoo wɔn no yɛ katee wɔ nsɛm bi ho no ase. Wɔbɛyɛ dɛn adi tebea no ho dwuma nkonimdi mu? Paulo tu Kristofo fo sɛ: “Di . . . ɔdɔ, boasetɔ, odwo akyi.” (1 Timoteo 6:11) Kristofo dɔ boa ɔwofo a ɔwɔ mmanoma ne mmofra no nyinaa ma wɔda odwo ne boasetɔ adi bere a wosua sɛ wɔbɛte wɔn ho wɔn ho ase no. Sɛ ɔwofo a ɔwɔ mmanoma nni boasetɔ a, ‘anobow, abufuw, ne abususɛm’ betumi asɛe abusuabɔ biara a wɔanya no ntɛm.—Efesofo 4:31.
Odiyifo Mika de ɔkwan a yɛbɛfa so ahu nea ɛbɛboa wɔ eyi mu mae. Ɔkae sɛ: “Nea [Yehowa, NW] hwehwɛ wo hɔ: ɛnyɛ biribiara sɛ adetreneeyɛ ne adɔepɛ ne ahobrɛase a wode ne wo Nyankopɔn nantew.” (Mika 6:8) Atɛntrenee ho hia bere a wɔde nteɛso rema no. Na ayamye nso ɛ? Kristoni panyin bi ka sɛ mpɛn pii no, na ɛyɛ den sɛ ɔbɛma ne mmanoma asɔre Kwasida anɔpa akɔ asafo nhyiam. Sɛ́ anka ɔbɛyeyaw wɔn no, ɔdaa ayamye adi. Ná onyan ntɛm, siesie anɔpaduan, na afei ɔde tii kɔma wɔn mu biara. Nea efi mu bae ne sɛ, wonyaa ɔpɛ sɛ wobetie ka a ɔka sɛ wɔnsɔre no.
Ɔbenfo Ana Luisa Vieira de Mattos kaa anigyesɛm a edi so yi: “Ɛnyɛ abusua ko a obi wom no na ehia, na mmom abusuabɔ ko a ɛda wɔn ntam. Nhwehwɛmu a mayɛ ada no adi sɛ ɛkame ayɛ sɛ bere nyinaa mmofra a wɔwɔ nneyɛe ho nsɛnnennen no fi mmusua a awofo ɔhwɛ mu nyɛ den, na mmara ne nkitahodi nnim no mu.” Ɔsan kae sɛ: “Yɛrentumi nsi so dua nwie da sɛ dabi a wɔbɛka ho hia wɔ mmofra ntetee mu.” Bio nso, Nnuruyɛfo Emily ne John Visher kae sɛ: “Ade titiriw ne sɛ, nteɛso yɛ adwuma bere a onii a wɔreteɛ ne so no susuw onipa a ɔde nteɛso rema no nneyɛe ne abusuabɔ a ɔne no wɔ ho no.”
Saa nsɛm yi twe adwene si asɛmmisa a ɛfa onii a ɛsɛ sɛ ɔde nteɛso ma wɔ mmusua a mmanoma wom mu ho no so. Hena na ɛsɛ sɛ ɔka dabi? Bere a awofo bi asusuw nsɛm ho awie no, wosi gyinae sɛ, mfiase no, onii a ɔwoo mmofra no titiriw na ɛsɛ sɛ ɔde nteɛso ma na ama ɔwofo a ɛnyɛ ɔno na ɔwoo wɔn no anya bere ne mmofra no anya abusuabɔ a emu yɛ den. Ma mmofra no nnya ahotoso sɛ nea ɛnyɛ ɔno na ɔwoo wɔn no dɔ wɔn ansa na wateɛ wɔn so.
Na sɛ ɔwofo a ɔwɔ mmanoma no ne agya no nso ɛ? So Bible nka sɛ agya ne abusua no ti? Yiw. (Efesofo 5:22, 23; 6:1, 2) Nanso, ebia agya a ɔwɔ mmanoma no bɛpɛ sɛ ogyae nteɛso no ma ɛna no kakra, titiriw sɛ ɛfa asotwe ho a. Ebia ɔbɛma mmofra no kwan ma wɔadi ‘wɔn na mmara’ so bere a wɔto nhyɛase ma mmofra no a ‘wɔde betie wɔn agya [foforo] no nteɛso’ no. (Mmebusɛm 1:8; 6:20; 31:1) Adanse kyerɛ sɛ awiei koraa no, eyi nsɔre ntia tiyɛ ho nnyinasosɛm no. Bio nso, agya bi a ɔwɔ mmanoma ka sɛ: “Mekaee sɛ nea ɛka nteɛso ho ne afotu, ateɛteɛ, ne animka. Sɛ wɔde eyi ma wɔ ɔkwan a ɛfata na ɔdɔ ne mmɔborohunu wom so, na sɛ awofo no de wɔn nhwɛso taa akyi a, ɛtaa yɛ adwuma.”
Ehia sɛ Awofo Di Nkitaho
Mmebusɛm 15:22 ka sɛ: “Wɔkwati agyinakɔ a, tirimpɔw yɛ ɔkwa.” Wɔ abusua a mmanoma wom mu no, agyina a awofo tu no bɔkɔɔ nanso wɔda nsɛm adi wom no ho hia. Atesɛm krataa O Estado de S. Paulo mu sɛnkyerɛwfo bi kae sɛ: “Mmofra sɔ anohyeto a awofo de ma wɔn no hwɛ bere nyinaa.” Ɛno betumi ayɛ nokware mmɔho ankasa wɔ mmusua a mmanoma wom mu. Enti, ehia sɛ awofo no adwene hyia wɔ nsɛm ahorow ho na ama mmofra no ahu sɛ wɔayɛ biako. Na sɛ ɔwofo a ɔwɔ mmanoma no yɛ ade a ɔwofo a ɔwoo mmofra no te nka sɛ ɛmfata nso ɛ? Ɛnde ɛsɛ sɛ baanu no siesie nsɛm wɔ kokoam, ɛnyɛ mmofra no anim.
Ɛna bi a ɔwaree foforo ka sɛ: “Ade a ɛyɛ den sen biara ma ɛna ne sɛ obehu sɛ ne kunu no reteɛ ɔno ɔbea no mma no so, titiriw sɛ ɔbea no te nka sɛ ɔbarima no de ahopere reyɛ ade anaasɛ nea ɔreyɛ no mfata a. Ɛsɛe ne koma, na onya ɔpɛ sɛ obegyina ne mma no akyi. Wɔ mmere a ɛte saa mu no, ɛyɛ den sɛ ɔbea a ɔte saa bɛbrɛ ne ho ase ama ne kunu na waboa no.
“Bere bi, me mmabarima baanu a wɔadi mfe 12 ne 14 srɛɛ me kunu kwan sɛ wɔrekɔyɛ biribi. Ɔbɔ gui ntɛm ara fii dan no mu a wamma mmarimaa no ankyerɛkyerɛ nea enti a na wɔn akwammisa no ho hia wɔn no mu. Ná mmofra no reyɛ asu, na na me nso mintumi nkasa. Abarimaa panyin no hwɛɛ me kae sɛ: ‘Maame, so wuhuu nea ɔyɛe no?’ Mibuae sɛ: ‘Yiw, Mihui. Nanso ɔno na ɔyɛ yɛn abusua no ti, na Bible kyerɛ yɛn sɛ yemmu tiyɛ.’ Ná wɔyɛ mmofra pa na wɔtee eyi ase, na wotwaa wɔn bo too wɔn yam kakra. Saa anwummere no ara, mekyerɛkyerɛɛ nneɛma mu kyerɛɛ me kunu, na ohui sɛ ɔreyɛ ayɛ katee dodo. Ɔkɔɔ mmarimaa no dan mu tẽẽ kɔpaa wɔn kyɛw.
“Yesuaa pii fii nea esii no mu. Me kunu suaa sɛnea obetie asɛm ansa na wasi gyinae. Misuae sɛ mekura tiyɛ ho nnyinasosɛm no mu, sɛ ɛyɛ den ma me mpo a. Mmarimaa no suaa hia a ehia sɛ wɔbrɛ wɔn ho ase. (Kolosefo 3:18, 19) Na me kunu kyɛwpa a efi komam no kyerɛɛ yɛn nyinaa ahobrɛase mu asuade titiriw. (Mmebusɛm 29:23) Ɛnnɛ, mmarimaa baanu no nyinaa yɛ Kristofo mpanyimfo.”
Yebedi mfomso. Mmofra bɛka nsɛm ayɛ nneɛma a epira. Mprempren nhyɛso bɛma awofo a wɔwɔ mmanoma ayɛ ade a ntease nnim. Nanso, saa nsɛmfua tiawa, “Madi mfomso, mepa wo kyɛw fafiri me,” betumi ayɛ pii de asiesie nsɛm.
Abusua Biakoyɛ a Wɔbɛhyɛ Mu Den
Egye bere na wɔahyehyɛ abusuabɔ a ɛyɛ anigye wɔ mmusua a mmanoma wom mu. Sɛ woyɛ ɔwofo a wowɔ mmanoma a, ɛsɛ sɛ woda tema adi. Da ntease adi, na yɛ krado sɛ wubegye bere ne mmofra no abɔ. Wo ne mmofra nkumaa a wɔwom no nni agoru. Yɛ ahoboa sɛ wo ne wɔn a wɔn ani afi wom no bɛbɔ nkɔmmɔ. Hwehwɛ hokwan ahorow a mode bɛyɛ nneɛma abom—sɛ nhwɛso no, to nsa frɛ mmofra no ma wɔmmoa wɔ ofie nnwuma te sɛ aduannoa anaa kar ho hohoro mu. Sɛ worekodi gua a, frɛ wɔn ma wɔmmoa wo. Nea ɛka ho no, biribi ketewa bi a wobɛyɛ de akyerɛ sɛ wodɔ wɔn no bɛma wɔahu ɔdɔ a wowɔ ma wɔn no. (Nokwarem no, ɛsɛ sɛ agyanom a wɔwɔ mmanoma de ahwɛyiye hu baabi a ɛsɛ sɛ wɔne wɔn mmanoma a wɔyɛ mmea bɔ kodu na amma wɔn ho anyeraw wɔn. Na ɛsɛ sɛ ɛnanom a wɔwɔ mmanoma kae sɛ mmarimaa nso wɔ baabi a ɛsɛ sɛ ɔne wɔn bɔ kodu.)
Mmusua a mmanoma wom betumi ayɛ yiye. Pii ayɛ yiye. Mmusua a atumi ayɛ yiye sen biara no ne mmusua a emufo nyinaa, titiriw awofo no, nya su a ɛfata ne akwanhwɛ pa no. Ɔsomafo Yohane kyerɛwee sɛ: “Adɔfo, momma yɛnnodɔ yɛn ho; na ɔdɔ fi Nyankopɔn mu.” (1 Yohane 4:7) Yiw, ɔdɔ a efi komam ne ade titiriw a ɛma wonya anigye wɔ mmusua a mmanoma wom mu.
[Kratafa 7 mfonini ahorow]
MMUSUA A MMANOMA WOM A WƆWƆ ANIGYE
bom sua Onyankopɔn Asɛm. . .
bom yɛ ade . . .
bom bɔ nkɔmmɔ . . .
bom yɛ adwuma . . .