Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w99 3/1 kr. 3-4
  • Ɔhaw Atitiriw a Mmusua a Mmanoma Wom Hyia

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔhaw Atitiriw a Mmusua a Mmanoma Wom Hyia
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mmofra Ntetee mu Haw Ahorow
  • Mmusua a Mmanoma Wom Betumi Ayɛ Yiye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • “Mmanoma A Wɔne Wɔn Tra”
    Nyan!—1986
  • Mmusua a Mmanoma Wom ne Emu Haw
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • Nsɛm a Mfaso wɔ so Ma Awofo a Wɔwɔ Mmanoma
    Nyan!—1993
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
w99 3/1 kr. 3-4

Ɔhaw Atitiriw a Mmusua a Mmanoma Wom Hyia

WOBETUMI ANYA MMUSUA A MMANOMA WOM A EMU YƐ ANIGYE! ƆKWAN BƐN SO?

Mmusua a mmanoma wom abɛyɛ mmusua a abu so wɔ wiase mmeae pii. Nanso, mmusua a mmanoma wom hyia ɔhaw ahorow a ɛda nsow. Akyinnye biara nni ho sɛ, ɔhaw a emu yɛ den sen biara ne mmofra ntetee. Nanso, sɛnea nsɛm abien a edi hɔ no bɛda no adi no, wobetumi atete mmofra ama ayɛ yiye wɔ mmusua a mmanoma wom mu.

WƆNKA AGYANOM NE ƐNANOM A WƆWƆ MMANOMA HO ASƐM PA WƆ ASETRA MU. BERE A NA YƐYƐ mmofra no, yɛn mu pii tee anansesɛm bi a ɛfa Cinderella a ohuu amane pii wɔ ne papa yere tirimɔdenfo nsam ho no. Europa mmofra nso sua Snow White and the Seven Dwarfs anansesɛm no. Ná Snow White papa yere yɛ ɔbayifo tirimɔdenfo!

So anansesɛm a ɛtete saa no ma wonya mmusua a mmanoma wom ho adwempa? So awofo a wɔwɔ mmanoma nyinaa na wonye saa? Dabida. Nea eye nkutoo na wɔn mu dodow no ara pɛ sɛ mmofra a wɔkɔtoo wɔn wɔ aware ase no nya. Nanso ɛsɛ sɛ wogyina ɔhaw ahorow a emu yɛ den a mmusua a mmanoma wom hyia ano.

Mmofra Ntetee mu Haw Ahorow

Sɛ aware a edi kan gu a, mpɛn pii no ɛyɛ a na efi ahokokwaw a awarefo no nni. Wɔ aware a ɛto so abien mu no, mmofra no a wɔne wɔn tra no betumi de ɔhaw aba abusua no mu. Kyerɛwtohɔ ahorow bi kyerɛ sɛ mmusua a mmanoma wom 10 biara mu 4 na ɛkowie awaregu mu wɔ mfe anum a edi kan no mu.

Ebia wɔn a wɔaware foforo no renhu nkate fam yaw, nokwaredi ho haw, ne ninkuntwe ne abufuw a nea waba aware no ma mmofra no nya. Mmanoma yi betumi asusuw sɛ wɔn wofo ankasa no dɔ nea ɔnyɛ wɔn wofo no sen wɔn. Bio nso, ɛbɛyɛ den ama nea ɔwoo mmofra no ankasa a ne hokafo agyae no no sɛ ɔbɛte abusuabɔ a mmofra no ne ne hokafo dedaw no renya no ase. Abarimaa bi bɔɔ mmɔden kyerɛkyerɛɛ abusuabɔ pa a ɔne n’agya a ɔwoo no wɔ no mu sɛ, “Maame, minim sɛ Paapa ne wo anni no yiye de, nanso ɔne me di no yiye!” Ɛwom sɛ asɛm a ɛte saa no fi nokwaredi mu de, nanso ebetumi ama ɛna bi anya abofra no agya no ho adwemmɔne.

Agya bi a ɔwɔ mmanoma kae sɛ: “Ná menyɛɛ ahoboa koraa sɛ megyina ɔhaw ahorow a me mmanoma a mɛtete wɔn de bɛba no ano. Mehyɛnee tebea no mu a na misusuw sɛ seesei a maware wɔn maame no, meyɛ wɔn agya. Saa na misusuwii! Ná mente abusuabɔ a mmofra no ne wɔn papa ankasa wɔ no ase, na midii mfomso pii.”

Ɔhaw betumi asɔre titiriw wɔ nteɛso ho. Mmofra hia nteɛso a ɔdɔ wom, nanso mpɛn pii no wɔsɔre tia bere a efi wɔn wofo ankasa hɔ mpo no. Ɛnde hwɛ den a ɛbɛyɛ sɛ wobegye atom bere a efi obi a ɔnyɛ wɔn wofo ankasa hɔ no! Mpɛn pii no, sɛ wɔde nteɛso a ɛte saa ma abanoma bi a, ɔbɛka biribi te sɛ, “Ɛnyɛ wo na wowoo me!” Hwɛ sɛnea nsɛm a ɛte saa betumi ahaw ɔwofo a ɔwɔ mmanoma a ɔwɔ nsusuwii pa no!

So wobetumi atete mmofra wɔ mmusua a mmanoma wom mu ma ayɛ yiye? So awofo a wɔwɔ mmanoma betumi adi dwuma pa de ama mmusua a mmanoma wom asi yiye? Nsɛmmisa abien no nyinaa ho mmuae yɛ yiw, bere a emufo nyinaa di afotu a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm a efi honhom mu, Bible, mu akyi no.

[Kratafa 3 mfonini]

“Ɛnyɛ wo na wowoo me!”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena