Nsɛm a Mfaso wɔ so Ma Awofo a Wɔwɔ Mmanoma
THE U.S. Bureau of the Census ka sɛ ebedu 1995 no, mmusua a mmanoma wom bɛdɔɔso asen nea ebi nnim. Ebedu saa bere no na mmofra 100 biara mu 59 wɔ “mma-noma abusua mu” ansa na wɔadi mfe 18. Nyansahyɛ kakra a ɛbɛboa awofo a wɔwɔ mmanoma a wɔredɔɔso no na edidi so yi.
Ma Bere: Ɛsɛ sɛ awofo a wɔwɔ mmanoma kae sɛ egye bere ansa na mmanoma agye ɔwofo foforo bi atom. Adwenem akwahosan ho nimdefo Mavis Hetherington, kyerɛkyerɛ nea enti a asram kakra —anaa mfe kakra—a edi kan no betumi ayɛ den saa no mu sɛ: “Bere a wɔasan aware mfiase pɛɛ no, ɛnyɛ wɔn maame kunu no nkutoo na mmabarima ne mmabea nyinaa mpɛ n’asɛm, womuna kyerɛ no, wɔtew n‘anim atua, na wɔn bo fuw no, na mmom wɔn maame nso. Wɔn bo fuw . . . wɔn maame sɛ wasan aware.” Ɛsɛ sɛ awofo a wɔwɔ mmanoma bɔ mmɔden sɛ wɔbɛte mmofra no ase, ɛwom sɛ ebetumi ayɛ den de.—Hwɛ Mmebusɛm 19:11.
Di Kan Hyehyɛ Abusuabɔ Pa: Joy Conolly bɔɔ kɔkɔ nyansam wɔ ne nhoma Stepfamilies mu sɛ awofo a wɔwɔ mmanoma no betumi ama wɔn mmanoma asakra wɔn suban wɔ bere a wɔne wɔn anya abusuabɔ pa no akyi. Saa bere no ebetumi ayɛ papa sɛ nea ɔwoo mmofra no ankasa de nteɛso a ehia no ma mmofra no. (Fa toto Mmebusɛm 27:6 ho.) Ɔkwan foforo so no, awofo a wɔwɔ mmanoma betumi ama mma no ate nka sɛ hwee nsakrae wɔ wɔn asetram denam boa a ɔbɛboa wɔn ma wɔakɔ so ayɛ nneɛma a wɔyɛ daa no—te sɛ mpasetu tenten anaa agoru a wɔbɛbom adi no so. Nanso, ɛnsɛ sɛ agyanom a wɔwɔ mmanoma de adidi bere ka abusua no anim.
Kwati Animhwɛ: Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, ɛsɛ sɛ agya anaa ɛna a ɔwɔ mmanoma no kwati biribiara a edi adanse sɛ ɔpɛ n’ankasa mma asɛm kɛse, ɛmfa ho sɛ eyi betumi ayɛ den wɔ mmere horow bi mu no.—Fa toto Romafo 2:11 ho.
Fa Ahwɛyiye Bɛn Wɔn: Wohui wɔ nnansa yi nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ mmusua a mmanoma wom ho mu sɛ ɛtaa yɛ den titiriw ma agyanom a wɔwɔ mmanoma no sɛ wɔne wɔn mmanoma a wɔyɛ mmabea no bɛtra anigye so. Ɔkyerɛwfo biako ka ho asɛm sɛɛ se: “Agyanom no bɔ mmɔden sɛ wɔne wɔn mmabea no bedi nkitaho, nanso mmabea no mpɛ sɛ wɔbɛyɛ saa. Agyanom no bɔ mmɔden sɛ wɔde nteɛso bi bɛma, nanso mmabea no sɔre tia. Ɔkyerɛwfo no twa no tiawa sɛ: “Ɛte sɛ nea fi mfiase no, biribiara nni hɔ a agya no betumi ne mmeawa ayɛ ma ayɛ yiye.” Enti boasetɔ ne tema kɛse ho hia. Ɛwom sɛ mmeawa pɛ sɛ wɔn maame kunu de wɔn ano bɛkamfo wɔn de, nan- so wɔmpɛ sɛ wɔbɛso wɔn mu, te sɛ ebia wɔbɛyɛ wɔn atuu. Ɛsɛ sɛ agya no hu sɛ abeawa a ɔyɛ abanoma no betumi ate nka saa. Sɛ ɔte nka saa a, ɛsɛ sɛ ɔde n’ano kamfo no kɛse sen sɛ ɔde ne nipadua bɛda ɔdɔ adi akyerɛ no.—Fa toto Mmebusɛm 25:11 ho.
Hwɛ Yiye na Woantwe Ninkunu: Osuahu ada no adi sɛ mmeawa a wɔyɛ mmanoma pii bu wɔn papa yere sɛ obi a ɔne no si akane. Enti ɛna a ɔhwɛ eyi kwan na ɔte abeawa a ɔyɛ n’abanoma nkate ase no fi nyansam besiw akansi a ɛho nhia ano. Agya no betumi ayɛ pii de ama abufuw no ano abrɛ ase denam ne babea no a ɔbɛma wanya awerɛhyem sɛ ɔbɛkɔ so adɔ no na wadi no ni no so. (Mmebusɛm 15:1) Nhwehwɛmufo bɔ kɔkɔ sɛ ɛnanom a wɔwɔ mmanoma taa yɛ ntɛm dodo sɛ wɔbɛbɔ mmɔden ama wɔn mmabea afoforo a wɔyɛ wɔn mmanoma no agye wɔn atom. Bio nso, ɛsɛ sɛ wonya boasetɔ.
Ɛnyɛ mmerɛw sɛ wobɛyɛ ɔwofo a ɔwɔ mmanoma. Nanso wubetumi ayɛ, sɛnea mpempem pii a wɔatumi ayɛ saa nhwɛso kyerɛ no. Na kae, Bible no de afotu pa a ɛsen biara a ɛma abusua mu tebea biara yɛ yiye ma bere a ɛka eyi no: “Monhyɛ ɔdɔ a ɛne pɛyɛ hama no.”—Kolosefo 3:14.