Sɛnea Wobɛbɔ Wo Ho Ban Wɔ AIDS Ho
NEA edi kan no, kwati nneɛma a ɛde ɔyare no ba no. Wobɛyɛ saa wɔ ɔkwan bɛn so? Ɛdenam abrabɔ ho gyinapɛn ahorow a Ade Nyinaa So Tumfoɔ Nyankopɔn no de ama a wobɛtra ase ma ɛne no ahyia no so. Susuw sɛnea anka eyi bɛbɔ nnipa mpempem pii a mprempren AIDS rekunkum wɔn no ho ban no ho.
Nnipa a Ɔyare No Betumi Aka Wɔn Ntɛm
Eyinom yɛ mmarima a wɔne wɔn ho da, ne titiriw, wɔn a wɔkɔ so hwehwɛ ahokafo afoforo no. Bible no ka sɛ:
“Na wo ne ɔbarima nnna ɔbea nna; ɛyɛ akyide.”—Leviticus 18:22.
“Mmarima gyaw wɔne ɔbea honam fam ayɔnkofa yɛbea a ɛyɛ ne kwan so no maa wɔn ho akɔnnɔ dɛwee wɔn mu, na mmarima ne mmarima yɛɛ adapaade, na wɔde nyaa akatua a ɛsɛ wɔn nnaadaa wɔ wɔn ankasa mu.”—Romafo 1:27
“Nni mfomso; aguaman anaasɛ ɔbosonsonni, obiara a odi awaresɛe anaasɛ ɔbarima ne ɔbarima nna ho fɔ rennya Onyankopɔn ahenni.”—1Korintofo 6:9, 10, The New English Bible.
Henanom Nso Na Ɔyare No Betumi Aka Wɔn?
Nnipa a wɔne obi a ɔwɔ AIDS mmoawa no bi nya ɔbarima ne ɔbea nna mu kyɛfa sɛ ebia onii no yɛ ɔbarima anaasɛ ɔbea no. Bible no ka wɔ eyi ho sɛ:
“Wonni aware ni, ade nyinaa mu, na wonngu aware mpa ho fi; efisɛ nguaman ne awaresɛefo de, Onyankopɔn bebu wɔn atɛn.”—Hebrifo 13:4.
“Munkum mo akwaa a ɛwɔ asase so no: aguamammɔ, afideyɛ, akɔnnɔ nhyɛso . . . Eyinom na ɛde Onyankopɔn abufuw ba.”—Kolosefo 3:5, 6.
Afoforo a Ɔyare No Betumi Aka Wɔn Ntɛm
Wɔn a wɔde nnubɔne di dwuma de gu wɔn nipadua ho fi na wɔde paane a ɔyare no wɔ ano wɔ wɔn ho no. Ɛda adi sɛ asabow a Bible kasa tia no fa nnɛyi nnuru a wɔde di dwuma wɔ ɔkwammɔne so a anyɛ yiye koraa no bow a ɛbow obi anaasɛ tumi a enya wɔ adwene no so no ano den te sɛ nsa de no.
“Momma yɛnhohoro yɛn ho mfi ɔhonam ne honhom mu fi nyinaa mu na yɛawie yɛn ahotew Onyankopɔn suro mu.”—2 Korintofo 7:1.
“Mommma wɔnnnaadaa mo, nguaman . . . ne asabofo . . . rennya Onyankopɔn ahenni no.”—1 Korintofo 6:9, 10.
Nnipakuw Foforo a Wobetumi Anya Ɔyare no Ntɛm
Nnipa a wogye mogya a ɔyare no wom no. Nea ɛho hia titiriw no. Bible no bara nnipa sɛ wonnni mogya. Ɛka sɛ:
“Munnni nam biara mogya, efisɛ ɔhonam nyinaa kra ne ne mogya; obiara a odi no wobetwa no akyene.”—Leviticus 17:14.
“Ɛyɛɛ honhom kronkron ne yɛn sɛ eye sɛ wɔmfa adesoa bi nto mo so, gye nea ehia yi ara, sɛ munyi mo ho mfi mogya ho.”—Asomafo no Nnwuma 15:28, 29.
Ɛnyɛ obiara na ɔpɛ sɛ ɔde Bible mu nnyinasosɛm ahorow a ɛfa asɛm yi ho no bedi dwuma anaasɛ obegye nokwasɛm a ɛyɛ sɛ Onyankopɔn wɔ hokwan sɛ ɔka nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ kyerɛ yɛn no atom. Nanso nkurɔfo a wɔayɛ saa no anya anigye sɛ wɔyɛɛ saa.