Nsoromma Mu Hwɛ Asan Aba So Bio!
Ɔhene no yere awu. Ɔhene a ɔredi awerɛhow no ma wɔkɔfaa nsoromma mu hwɛfo a wahyɛ asiane yi ho nkɔm no bae. Esiane sɛ ɔhene no anya adwene sɛ obekum no nti, ɔkae sɛ: “Woayɛ wo ho onyansafo ne ɔdenimfo kɛse. Ka kyerɛ me, dɛn na wo nkrabea bɛyɛ?”
Obuae sɛ, “Me Wura, mitumi hu sɛ mewu bere a aka nnansa na me wura ɔhene awu no.” Nyansa gyee nsoromma mu hwɛfo yi nkwa!
SƐ́ ASƐM yi yɛ nokware anaasɛ ɛnte saa no, ɛkyerɛkyerɛ nokwasɛm a ɛyɛ sɛ na ahemfo mpo bu nea nsoromma mu ahwɛfo ka no aniberesɛm wɔ mfehaha a atwam no mu no mu. Abakɔsɛm kyerɛwfo biako kyerɛwee wɔ Louis XI a ofi France no ho sɛ: “Nsoromma mu ahwɛfo pii . . . nyaa suro a na osuro no ho mfaso—wodii ne sika.” Wɔ mfeha a ɛto so 15 ne 16 mu no, nsoromma mu hwɛ gyee din kɛse sen bere biara wɔ Europa. Nyansahufo a wɔagye din mpo gye dii.
Nanso ankyɛ na anigye kɛse a na nkurɔfo wɔ wɔ nsoromma mu hwɛ ho no ano fii ase brɛɛ ase. Nhoma a wɔfrɛ no Astrology—The Celestial Mirror no gye tom sɛ, “Nyansahu a na ɛregye din no maa nsoromma mu hwɛ gui.” Sukuupɔn ahorow a ɛwɔ Europa no barae. Ebeduu afeha a ɛto so 20 no mu no, abakɔsɛm kyerɛwfo Bouché-Leclerq kaa Atɔe Fam nsoromma mu hwɛ ho asɛm sɛ “agu koraa.”
Bɛboro mfe 30 a atwam ni no, nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ England no daa no adi sɛ wɔn a wɔyɛɛ wɔn ho nhwehwɛmu no mu ɔha biara mu 6 pɛ na na wogye nsoromma mu hwɛ di. Mprempren ɔha biara mu 80 yɛ saa. Na nsɛmma nhoma, TV so dwumadi ne atesɛm nkrataa ahorow ka nsoromma mu hwɛ ho anigye a ɔmanfo anya a ɛreyɛ kɛse wɔ aman afoforo so no ho asɛm. Ɔbarima bi a ofi South Africa ka kyerɛɛ Nyan! sɛnkyerɛwfo bi sɛ: “Sɛ me nsa ka m’atesɛm krataa a, ade a midi kan kenkan ho asɛm ne nsoromma no.”
Dɛn nti na asan aba so bio saa? Bere a wobisaa Italiani ɔbea bi nea enti a ɔne nnipa afoforo kɔ nsoromma mu ahwɛfo nkyɛn no, obuae sɛ: “Wiase yi mu nneɛma pii resɛe.” Yiw, yɛte “mmere a emu yɛ den” mu. (2 Timoteo 3:1) Nnipa binom te nka sɛ nsoromma mu hwɛ ma wonya akwankyerɛ a wohia no. Enti ama nsoromma mu hwɛ asan agye din bio. Ɛho nhoma adɔɔso. Asɛm a ɛne “Wo sɛnkyerɛnnede ne dɛn?” no abɛyɛ asɛntitiriw a wɔde fi nkɔmmɔbɔ ase. Mmarima binom mpo pow sɛ wɔne ɔbea bepue sɛ ɛyɛ nea ɛne wɔn “sɛnkyerɛnnede” nhyia a.a
Wɔ din a agye nyinaa akyi no, nsoromma mu hwɛ mu nkɔmhyɛ gyina nsusuwii a ɛnyɛ nokware so: wɔkyerɛ sɛ faako a owia, ɔsram, ne okyinsoromma ahorow wɔ wɔ bere a wɔwo obi mu no ma wohu ne nipasu ne ne daakye. Nanso nnipa a wɔde nsoromma mu hwɛ ayɛ wɔn adwuma no tumi kyerɛw nsoromma mu hwɛ mu nkɔmhyɛ kakraa bi anaasɛ bebree—egyina sika a obi pɛ sɛ otua no so. Sɛnea Psychology Today nsɛmma nhoma no kyerɛ no, “wɔsɛe dɔla ɔpepem pii wɔ nsoromma mu hwɛ mu nkɔmhyɛ ho.” Ampa, Amerikani nyansahufo John Wheeler kae nnansa yi sɛ ne man betumi “anya nsoromma mu ahwɛfo 20,000 bere a ɔsoro abɔde ho adenimfo a wobenya no yɛ 2,000 pɛ no.”
Nsoromma mu hwɛ aba so kɛse wɔ Atɔe Fam aman no mu araa ma Carl Jung a ɔyɛ adwenemyare ho ɔbenfo a ofi Switzerland a wawu no kyerɛwee sɛ: “Adu sukuupɔn ahorow a wɔbarae wom bɛyɛ mfe 300 a atwam ni no aboboano.” Ampa, mprempren wɔkyerɛkyerɛ nsoromma mu hwɛ ho ade wɔ sukuupɔn ahorow bi a ɛwɔ Atɔe Fam no mu. Ebia obi bebisa sɛ, ‘So ebetumi aba sɛ nokware bi wɔ nsoromma mu hwɛ mu?’
[Ase hɔ nsɛm]
a Wosusuw sɛ afe biara owia no twa nsoromma akuw 12 a wɔfrɛ no zodiac nsoromma akuw no ho. Nsoromma kuw biara wɔ ne “sɛnkyerɛnnede.” Nsoromma mu ahwɛfo ka sɛ wobu sɛnkyerɛnnede a owia no twa ho wɔ bere a wɔwoo wo no mu sɛ wo sɛnkyerɛnnede