Bible No Adwene
So Ɛsɛ sɛ Nsoromma Mu Nsɛnkyerɛnne Nya W’asetra So Nkɛntɛnso?
“MMOFRA NE MPANYIMFO PII HWEHWƐ WƆN HYƐBEA HO NSƐNKYERƐNNE WƆ NSOROMMA MU.”—POPE JOHN PAUL II.
SƐNEA nhwehwɛmu bi kyerɛ no, Amerikafo 4 biara mu 1 hwɛ nsoromma mu bere a wɔresi gyinae ahorow no. Ɛnyɛ saa beae no nkutoo na wɔde nsoromma mu nsɛnkyerɛnne bisa ade wɔ wiase. Ɛkame ayɛ sɛ wɔ wiase nyinaa no, wɔde nsoromma mu nsɛnkyerɛnne bisa sikasɛm, akwantu ho nhyehyɛe, obi adwuma a ɔsakra no, ayeforohyia da, ne sraadi nhyehyɛe ho afotu. Wɔkyerɛ sɛ obi nsoromma mu nsɛnkyerɛnne betumi ama wahu onipa a obetumi aware no, ne nea ɔmfata no. Efi Apuei kosi Atɔe no, nsoromma mu hwɛ agye nnipa ɔpepem pii adwene. Nanso ɛhefa na nsoromma mu hwɛ fii ase?
Ɛho Abakɔsɛm
Yebetumi aka sɛ tete aman bi na wofii nsoromma mu hwɛ ase. Bible ka “nsoromma akuw mu nsɛnkyerɛnne” mpo ho asɛm. (2 Ahene 23:5, NW) Ɛda adi sɛ na Hindufo ne Chinafo, Misrifo, Helafo, ne nnipa foforo de nsoromma mu nsɛnkyerɛnne bisa ade. Nanso tete Babilon na wodii kan huu nsoromma mu nsɛnkyerɛnne ho biribi.
Babilonfo hwɛɛ nsoromma mu de bɔɔ mmɔden sɛ wobehu nea ɛbɛba daakye. Bere a wohuu sɛnea wim abɔde nenam soro no, wɔyɛɛ ho nhoma pii. Wɔnam eyinom so kaa nsɛm a ebesisi wɔ nnipa asetram ne asase so siei. Mpɛn pii no, na wonsi amammui ne sraadi mu gyinae ahorow kosi sɛ wɔbɛfrɛ nsoromma mu ahwɛfo ma wɔde afotu ama ansa. Enti, asɔfokuw bi a wose wɔwɔ nyansa soronko ne tumi a ɛkorɔn sen nnipa de benyaa nkɛntɛnso kɛse. Nokwarem no, na wɔwɔ baabi wɔ Babilon asɔredan akɛse nyinaa mu a wɔhwɛ nsɛm a ebesisi wɔ asase so.
Wɔ nnɛ mmere yi mu no, nsoromma mu nsɛnkyerɛnne kɔ so di dwuma titiriw wɔ nnipa pii asetra mu. Ɛtɔ da bi a, wɔn a wɔkyerɛ sɛ wonnye awo nsoromma nni mpo no tumi de bisa ade de gye wɔn ani anaasɛ wɔde hwɛ sɛnea ɛte ara kwa. Ɛwom sɛ nsoromma mu ahwɛfo aka nsɛm bi asie ma abam. Nanso so eyi kyerɛ sɛ nsoromma a wɔde bisa ade no yɛ nea mfaso wɔ so? Sɛ yɛbɛka no yiye paa a, Onyankopɔn tete asomfo buu nsoromma mu hwɛ ho anigye dɛn?
Asiane Ahorow a Ahintaw
Nea ɛne Babilonfo bɔ abira no, Yudafo anokwafo amfa nsoromma so ammisa ade—esiane ntease pa bi nti. Onyankopɔn bɔɔ wɔn kɔkɔ pefee sɛ: ‘Mma wonnhu wo mu obi a . . . ɔhyɛ abosonkɔm, ɔbayifo ne ɔdebisafo ne ntafoayifo, ne kaberɛkyerefo ne samanfrɛfo ne osumanni ne nea obisa afunu, efisɛ [Yehowa, NW] akyide ne wɔn a wɔyɛ eyinom.’a—Deuteronomium 18:10-12.
Onyankopɔn asomfo sɔre tiaa nsoromma mu hwɛ denneennen. Sɛ nhwɛso no, Ɔhene nokwafo Yosia ‘tutuu wɔn a wɔhyew nnuhuam ma Baal ne owia ne ɔsram ne owia atrae nsoromma ne ɔsoro asafo no.’ Wɔkae sɛ nea Yosia yɛe no ‘teɛ wɔ Yehowa ani so,’ na Onyankopɔn hyiraa no wɔ ho. (2 Ahene 22:2; 23:5) Ebia ebinom bebisa sɛ, ‘So anyɛ yiye koraa no, nsɛm a nsoromma mu ahwɛfo ka sie no bi mmam?’
Anigyesɛm ne sɛ, yɛkenkan abeawa bi a na “ɔde nkɔmhyɛ ma ne wuranom nya ade bebree” ho asɛm wɔ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu. Ɛda adi sɛ nsɛm a abeawa yi kae no bi baa mu, efisɛ ne wuranom nyaa ne tumi no so mfaso. Nanso dɛn na ɛmaa abeawa yi tumi kaa nsɛm a ebesisi daakye no? Bible ka sɛ na ɔwɔ “akɔm honhom.”—Asomafo no Nnwuma 16:16.
Bible kyerɛ sɛ “wiase nyinaa da ɔbɔne no,” Satan Ɔbonsam, tumi mu. (1 Yohane 5:19) Esiane sɛ Satan ne adaemone no ma nsɛm sisi na ama nsɛm bi a wɔka siei aba mu nti, wɔagye nnipa ɔpepem pii adwene.
Nokwasɛm no ara ne sɛ nsoromma mu hwɛ yɛ “ɔbonsam nnɛɛdɛe” a ɔde nya nnipa so nkɛntɛnso de ma wodi n’atirimpɔw ho dwuma no biako. Enti, ɛnyɛ nwonwa sɛ Bible tu Kristofo fo sɛ ‘wonnyina pintinn’ ntia Satan nnɛɛdɛe—a nsoromma mu hwɛ ka ho. (Efesofo 6:11) Nanso so eyi kyerɛ sɛ yenni daakye ho akwankyerɛ biara?
Bible No—Akwankyerɛ a Edi Mu
Nnipa ɔpepem pii ahu sɛ Bible no yɛ akwankyerɛ a wotumi de ho to so bere a wosi gyinae ahorow no. Sɛnea odwontofo Dawid kae no, “Yehowa nkaesɛm yɛ nokware, ɛma ayemfo hu nyansa.” (Dwom 19:7, NW; 119:105) Eyi nkyerɛ sɛ Bible no kyerɛ nea ɛsɛ sɛ obi yɛ pɛpɛɛpɛ wɔ tebea biara mu. Nanso Onyankopɔn Asɛm kura nnyinasosɛm a ebetumi aboa yɛn ma yɛatete yɛn adwene tumi. Eyi nso bɛma yɛatumi ahu papa ne bɔne na aboa yɛn ma yɛasi gyinae a nyansa wom.—Hebrifo 5:14.
Enti, ntease pa mu no, nokware Kristofo mfa wɔn ho nhyehyɛ nsoromma mu hwɛ mu, mfa nnyigye wɔn ani anaasɛ wɔmfa nhwɛ sɛnea ɛte kɛkɛ. Mmom no, wofi nyansam tie Onyankopɔn Asɛm mu kɔkɔbɔ a ɛfa adaemone nkɛntɛnso ne anifere kwan so adeyɛ a ɛte saa biara ho no. Sɛ woma Bible no nya w’asetra so nkɛntɛnso na ɛnyɛ nsoromma mu hwɛ a, wubetumi anya Onyankopɔn nhyira daa.—Dwom 37:29, 38.
[Ase hɔ asɛm]
a Abosonkɔm kyerɛ sɛ wɔbɛfa ahonhonsɛmdi so ahu nsɛm, titiriw nsɛm a ebesisi daakye.
[Mfonini wɔ kratafa 16]
Apuei fam nsoromma mu nsɛnkyerɛnne
[Mfonini wɔ kratafa 16]
Atɔe fam nsoromma mu nsɛnkyerɛnne