Dɛn Na Nsoromma Ka Kyerɛ Wo?
EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ BRAZIL HƆ
“WOATE sɛ wɔnam nsoromma mu hwɛ so reka sɛ yɛrekɔpem Mars July a ɛreba yi?” Cole Porter nnwom a ɛkanyan anigye mu nsɛm yi kyerɛkyerɛ tetefo gyidi a agye din a ɛne sɛ onipa daakye ne nsoromma wɔ abusuabɔ bi no mu yiye.a Nanso, so abusuabɔ bi wɔ ɔsoro abɔde horow no ne adesamma asase yi so asetra ntam ankasa? Sɛ ɛte saa a, ɔkwan bɛn so na ɛka adesamma? Sɛ ɛnte saa a, ɛnde atirimpɔw bɛn ho dwuma na nsoromma di ankasa?
Ɛnyɛ nwonwa sɛ nnipa pii ani gye nsɛm a ebesisi daakye ho, sɛ yesusuw nsɛm bi a ɛyɛ nwonwa a asisi nnansa yi ho a—Berlin Ɔfasu no a wɔabu agu ne kan Soviet Union a emu paapaee ntɛmso, amammui akannifo mu ahotoso a wonni, nitan a asɔre wɔ mmusuakuw ntam wɔ Afrika ne Europa, nyamesom ntam ɔtan a ɛwɔ India ne Ireland, nneɛma bo a ɛkɔ soro ntɛmntɛm wɔ aman pii mu, ne mmofra atuatew. Amanneɛbɔ bi a efi Hamburg Sukuupɔn mu bae kyerɛe sɛ, 1992 ne afe a wodii ako kɛse sen biara fi bere a Wiase Ko II baa awiei, na akodi 52 na ɛkɔɔ so wɔ aman ahorow so. Sɛnea wɔbɛhwɛ kwan no, nnipa a wɔdɔ asomdwoe bisa sɛ: ‘Ɛhe na yebetumi anya kommyɛ, asomdwoe, ne dwoodwoo asetra afi?’
Daakye mu ahotoso a enni hɔ ama adebisa anya nkɔanim ntɛmntɛm wɔ akwan horow pii so. Ebia nsoromma mu hwɛ ne nea agye din kɛse. Nsoromma mu hwɛ a ɛnte sɛ nsoromma ho nimdeɛ no yɛ “nkɛntɛnso a wɔkyerɛ sɛ nsoromma ne okyinnsoromma ahorow no wɔ wɔ nnipa asetra ne asase so nsɛm so a wogyina so hyɛ nkɔm denam wɔn gyinabea ahorow ne wɔn hwɛbea so.” Ɛnnɛ, nnipa ɔpepem pii ntumi nkwati sɛ wɔbɛkenkan wɔn awo nsoromma gyinabea ho nsɛm a ɛma wohu wɔn daakye no.b
Nneɛma afoforo a nsoromma mu ahwɛfo kyerɛ sɛ wotumi ka ho nsɛm sie ne nea aware ne akwahosan mu nsɛnnennen bɛkɔ akowie, amammui akannifo sɔre ne wɔn asehwe, ɛda a eye sen biara sɛ wobue adwuma foforo bi ano, ne nɔma ahorow a ɛsɛ sɛ wɔde di dwuma na wɔadi loto.
Nsɛm ho amanneɛbɔ adwuma, Reuters bɔɔ amanneɛ sɛ na Nancy Reagan taa kɔ nsoromma mu hwɛfo Joan Quigley hɔ kobisa bere a ɛsɛ sɛ ne kunu a na ɔyɛ United States ɔmampanyin saa bere no kasa kyerɛ amanfo ne bere a ɛsɛ sɛ ne wimhyɛn tu na esi. New Catholic Encyclopedia daa no adi sɛ “Pope Julius II [1503-13] de nsoromma mu hwɛ dii dwuma de kyerɛɛ da a na ɛsɛ sɛ wɔde no si agua so, na Paul III [1534-49] de dii dwuma de kyerɛɛ dɔnhwerew a eye sɛ ɔne Asɔfo Mpanyin yɛ wɔn nhyiam biara.” Alfred Hug, Switzerland adwumakuw bi a ɛnam nsoromma mu hwɛ so tu adwumawuranom fo wɔ aguadi ho no panyin ma awerɛhyem sɛ etumi di dwuma yiye. Osi so dua sɛ, “wɔakyerɛw wɔ nsoromma no mu.”
Ɛda adi sɛ, nnipa pii te nka sɛ nsoromma wɔ nnipa asetra so tumi bi. Ɔkwan bɛn so na nsoromma mu hwɛ fii ase? So Bible, tete nhoma no, ka nsoromma mu hwɛ ne nsoromma mu ahwɛfo ho asɛm bi?
[Ase hɔ nsɛm]
a “Wɔ tete China no, . . . na wosusuw sɛ ewim nsɛnkyerɛnne ne asiane ahorow yɛ biribi a ɛda nneyɛe pa ne nneyɛe bɔne a Ɔhempɔn no ne ne nniso yɛ no adi.”—The International Encyclopedia of Astronomy.
b Awo nsoromma gyinabea yɛ “okyinnsoromma horow gyinabea ho mfonini ne wɔn hwɛbea ho nsɛnkyerɛnne wɔ bere pɔtee bi mu (te sɛ bere a wɔwo obi)” na nsoromma mu ahwɛfo de di dwuma bɔ mmɔden sɛ wɔde bɛka nsɛm a ebesisi onipa bi asetram daakye.