Mmofra Bisa Sɛ . . .
Mɛyɛ Dɛn Ntumi Nim Mpanyimfo Ma Wɔate M’ase?
“ƐNYƐ awofo pii tamfo a wonim no dedaw—‘ɔwofo ne ɔba ntam mpaapaemu’—ne nea apaapae awofo ne wɔn mma ntam.” Saa na The Private Life of the American Teenager nhoma no akyerɛwfo ka. Na se ɛnyɛ ɔwofo ne ɔba ntam mpaapaemu na ɛma okũ bɛdaa wɔn ntam a, ɛnde na ɛyɛ den? “Ɔhaw no ankasa ne nea esi wɔ nnipa ntam abusuabɔ biara mu no—kasa a wɔnnkasa, tie a wontie ne mmɔden a wɔmmɔ sɛ wɔbɛte ɔfoforo adwenkyerɛ ase no.”
Eyi ne ɔhaw a Inge a ɔyɛ Germanni abeawa no ne n’awofo hyiae no. Ogye tom se, “Efi mfiase pɛɛ no, mepow m’awofo na ɛmaa okũ bɛdaa yɛn ntam.” Sɛ ɛyɛ ɛnnɛ a, anka ɔbɛyɛ n’ade soronko. Ose: “Mɛbɔ mmɔden afa no sɛ mene wɔn, na mahu nea wosusuw.” Dɛn na ama wɔsesa yi? Efisɛ mprempren Inge ahu sɛ ɔkwan pa a mmofra betumi afa so aboa mpanyimfo ma wɔate wɔn ase ne sɛ wɔbɛbɔ mmɔden sɛ wɔbɛte mpanyimfo ase. Nanso ebia w’adwenem bɛyɛ wo naa wɔ ɔkwan a wubetumi afa so ayɛ eyi no ho.
Kasa!
Nkitahodi yɛ ɔkwan a wɔfa so te obi ase, efisɛ sɛ ɛno nni hɔ a worenntumi nhu nea ɔfoforo susuw. Na nea ehia titiriw no, worenhu nea enti a osusuw nneɛma ho wɔ ɔkwan a ɔfa so no so no. Nanso nkitahodi yɛ afanu adwuma. Germanfo nsɛmma nhoma mu asɛm bi a ne ti ne “Ɛtɔ Bere Bi a Ade Biako Pɛ a Enni Hɔ Ne Ntease Kakraa Bi” no ka sɛ “ɛsɛ sɛ mmofra ka wɔn tirim asɛm kyerɛ wɔn awofo kɛse.” Bere koro no ara mu no, etu awofo fo sɛ, “wonhu wɔn mma no yiye.”
Sɛ́ wobɛka wo tirim asɛm akyerɛ w’awofo no kyerɛ sɛ wobɛka nea wususuw akyerɛ wɔn pefee. Ɛsɛ sɛ woka nea wususuw anaasɛ wote nka no kyerɛ wɔn pefee nanso ɛsɛ sɛ wode anifere di dwuma. Ɛdenam nsɛm a wubebisa a ɛnyɛ wɔ ɔkwan a wo ne wɔn redi asi so na mmom wɔ koma pa mu no, wubetumi ahu nea wɔpɛ sɛ wɔkyerɛ. Sɛ nhwɛso no, so woasusuw ho pɛn sɛ wubebisa wɔn—anaasɛ mpanyimfo afoforo—nyansahyɛ a wɔde bɛma na aboa wo wɔ nnamfo a wɔfata a wobɛpaw anaasɛ botae a mfaso wom wo w’asetra mu ho? Mmebusɛm 20:5 se, “Ɔbarima komam agyinatu te sɛ nsu a emu dɔ, nanso nea ɔwɔ nhumu bɛsaw.” Nea wubetumi asua afi nnipa afoforo hɔ—yiw, ne mpanyimfo mpo hɔ—no bɛma wo ho adwiriw wo. Nanso nea edi kan no, ɛsɛ sɛ wokasa.
Ma yɛmfa Amy osuahu no nyɛ nhwɛso. Ose: “Me werɛ remfi bere a midii mfe dunum no da, meka kyerɛɛ me na sɛ minnye Onyankopɔn nni. Ebia ɛno haw no kɛse, efisɛ ɔpɛ nyamesom yiye. Nanso sɛ anka ɔbɛkasa atia me no, obisaa me nea enti a mereka saa mmom na yɛkaa ho asɛm bɛyɛ dɔnhwerew biako.” Ɛwom sɛ Amy mmɛyɛɛ Kristoni ara de, nanso nnɛ ogye tom sɛ: “Efi saa bere no masesa m’adwene kakra, nanso m’ani gye ne ho sɛ nneɛma nhaw no na ne bo mfuw. Ebia onim sɛ mɛba.”
Ebia wobɛka sɛ, ‘Eye, sɛ m’awofo bɛte nneɛma ase saa de a, ɛnde asɛm biara remma.’
Nanso kae, mpanyimfo nso wɔ wɔn sintɔ ahorow. Larry a ɔyɛ agye a osusuw ne mma ho no gye toom sɛ: “Ɛyɛ den kɛse ma me sɛ menya ɔdɔ ne ntease a minim sɛ ɛsɛ sɛ minya ma me mma no, efisɛ woanyi bi edi ankyerɛ me bere a ne merenyin no. Minhu ɔkwan a mɛfa so ayɛ saa.”
Enti sɛ eyi te saa wɔ w’abusua mu a, bɔ mmɔden sɛ wobɛma nneɛma ayɛ mmerɛw ama w’awofo. Fi ase. Da ɔdɔ ne ntease adi kyerɛ wɔn, na ebia ɛrenkyɛ na wɔafi ase ada ɔdɔ ne ntease kɛse edi nkyerɛ wo. Eyi te saa efisɛ ɔdɔ sãn. Bible no ka wɔ Onyankopɔn ho sɛ: “Yɛdɔ, efisɛ ɔno na ɔdɔɔ yɛn kan.”—1 Yohane 4:19.
Karen a wadi mfe 17 no hui sɛ eyi te saa Ose: “Minnye nni sɛ mmofra pii ne wɔn awofo di wɔ ɔkwan a eye so. Sɛ́ obi bɛyɛ ɔwofo no yɛ adwuma a ɛyɛ den na ɛtɔ bere bi a ɛsɛ sɛ yɛboa.” Eyi kyerɛ bɔ a wobɛbɔ mmɔden sɛ wo ne wɔn bedi nkitaho, biribi a ɛnyɛ bere nyinaa na ne yɛ yɛ mmerɛw no. Ogye tom sɛ, “Ná egye boasetɔ wɔ me fam.” Na wɔ ne fam no, ɛyɛ nea ɛho baa mfaso; ɛho betumi aba mfaso ama wo nso.
Yɛ Aso Tie na Sua!
Ɔkasa ho hia, aso a wobɛyɛ nso ho hia kɛse. Kristoni ɔsomafo Yakobo tu yɛn nyinaa fo sɛ ‘yɛnyɛ ntɛm ntie, na yɛnyɛ nyaa nkasa.’ (Yakobo 1:19) Ampa, ‘tie a yebetie’ no kyerɛ pii sen nsɛm a yɛbɛte; ɛkyerɛ te a yɛbɛte nea wɔreka no ase.
Enti sɛ wopɛ sɛ woka sɛnea wote nka anaasɛ w’adwene kyerɛ mpanyimfo a, yɛ saa, a ɛnyɛ atirimpɔw no ne sɛ wo ne wɔn begye akyinnye na mmom sɛ wobɛyɛ aso atie na woasua. Sɛ wo ne wɔn adwene nhyia a, bisa wo ho nea enti a ɛte saa. ‘So onipa a me ne no rekasa no anya osuahu ahorow bi a minyaa bi? So onim nneɛma bi a minnim? So ɛsono ne tebea ahorow bi?’ Eyi betumi aboa wo ma woasiesie wo ho sɛ wubesua ade afi afoforo hɔ.
Saa na ɛsɛ sɛ asetra yɛ—ade a wɔkɔ so sua bere nyinaa. Ɛkyerɛ nsakrae a obi bɛkɔ so ayɛ wɔ ne nsusuwii, adwene a ɔwɔ wɔ nneɛma a ɛtete saa mu na wakɔ so anya adwene a emu da hɔ nso. Sɛ woanya mfe 20 dedaw a, wunim sɛ eyi yɛ nokware, na ebia wubegye atom sɛ adwen horow bi a na wukura bere a na wunnya nnii mfe aduonu no asesa kɛse bere a afei de worenyin no. Wɔka sɛ onipa a ɔnsesa n’adwene ne nea “wawu” dedaw a hu na onhui. Enti “enwu” ansa na wo bere adu.
Nya Nkɔso!
Ɔpanyin bi tuu n’adamfo aberantewaa bi fo mfirihyia bɛyɛ 2,000 a atwam ni no sɛ: “Yɛ . . . nhwɛso ɔkasa mu, abrabɔ mu, ɔdɔ mu, gyidi mu, ahotew mu.” Ná saa ɔpanyin a ɔne Kristoni ɔsomafo Paulo ani gye Timoteo yiyedi ho. Ná ɛdenam yɛ a Timoteo bɛyɛnhwɛso pa na waguan mmerante bere mu akɔnnɔ no so no, ɔbɛba abɛyɛ onipa a ɛnyɛ den sɛ afoforo bɛte n’ase na wɔagye no atom.—1 Timoteo 4:12; 2 Timoteo 2:22.
Yɛn nyinaa—mmofra ne mpanyim—betumi asua biribi afi eyi mu. Sɛ yɛpɛ sɛ wogye yɛn tom na wote yɛn ase a, ɛnsɛ sɛ yɛyɛ eyi wɔ ɔhyɛ so na yɛka sɛ “ɛsɛ sɛ wofa me sɛnea mete no ara.” Ɛsɛ sɛ yenya ɔpɛ sɛ yɛbɛyɛ nsakrae ankasa wɔ yɛn su ne yɛn nneyɛe mu sɛnea ɛbɛyɛ a nkurɔfo bɛpɛ sɛ wogye yɛn tom.
Enti sɛ biribi wɔ w’asetra mu a ɛmma mpanyimfo nte w’ase bere nyinaa—wo ntade anaasɛ w’ahosiesie, nnamfo anaasɛ anigyede a wopaw—a, anyɛ yiye koraa no nya ɔpɛ wɔ nokwarem sɛ wubesusuw nyansahyɛ ahorow a efi nnipa a wɔanyin na wɔwɔ osuahu sen wo nkyɛn no ho. Eyi bɛboa wo ma woadi nneɛma a enye no ho dwuma, na ɛbɛma woayɛ onipa a ɛnyɛ den mma mpanyimfo sɛ wɔbɛdɔ no na wɔapɛ n’asɛm.
Ntease Ankasa a Wubenya
Nya awerɛhyem sɛ mpanyimfo a wosusuw wo ho wɔ hɔ ankasa. Bisa Robert a ɔyɛ aberante a ofi Federal Republic of Germany no. Wɔ krataa bi a ɔkyerɛw kɔmaa Ɔwɛn Aban Asafo no bere a onnya nnii mfe aduonu no mu no, ɔkae sɛ: “Minyin bɛyɛɛ obi a na biribiara a meyɛ no yɛ den ma me. Ná egye me bere tenten ansa na mawie sukuu adwuma. Ná minni nnamfo na na minni m’awofo mu ahotoso. Ná meyɛ ɔsoɔdenfo ne obi a ɔyɛ basabasa. Mebɔɔ mmɔden sɛ mekum me ho bere bi. Afei mibehuu Yehowa Adansefo. Nhyira bɛn ara ni! Mahu ade a ɛwɔ hɔ a ɛso bi nni no—ɔdɔ.
Bere a worehwehwɛ ɔdɔ ne ntease no, ebia wubehyia abasamtu ahorow. Nanso mpa abaw. Kɔ so ara hwehwɛ na wubenya nnamfo ankasa, yiw, a mpanyimfo mpo ka ho, ne titiriw no, wɔ Kristofo asafo no mu. Wubehu sɛ wɔte sɛ ademude a ahintaw a ɛhyerɛn sen nea woadi kan ahu no nyinaa.
Na sɛnea Robert hui no, Yehowa Nyankopɔn ho ade a wubesua na woabɔ mmɔden sɛ wo ne no benya abusuabɔ a emu yɛ den no bɛboa wo ankasa. Bere a nnipa nte w’ase no, ‘wubetumi adan w’adesoa ato [Yehowa] so’ wɔ mpaebɔ mu. Ɔyɛ adamfo a ɔte yɛn ase bere nyinaa. Ɔnte sɛ nnipa binom a ebia wunim wɔn, ɔnyɛ obi a onni adagyew a ɔde betie yɛn haw ahorow, ɛmfa ho sɛ ebia ɛyɛ ketewa dɛn ara. Ɛnyɛ nea ɔrenyɛ aso mma wo. Ɔremfa kasa tenten ntwitwa w’asɛm no mu. Obetie. Ne bɔhyɛ a awerɛkyekye wom ne sɛ “obeso wo mu.”—Dwom 55:22.
[Picture on page 22, 23]
Nya ɔpɛ sɛ wobɛkasa . . . na yɛ ntɛm tie