Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g00 12/8 kr. 10-12
  • Ano Aduru Ankasa!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ano Aduru Ankasa!
  • Nyan!—2000
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Awofo Betumi Adi Ɔhaw no Bi Ho Dwuma
  • Onyankopɔn Nniso Bedi Ɔhaw no Ho Dwuma Koraa
  • Mɛyɛ Dɛn Ntumi Nim Mpanyimfo Ma Wɔate M’ase?
    Nyan!—1986
  • Ɛsɛ sɛ Yɛkyerɛ Mmofra Ho Anigye na Yɛdɔ Wɔn
    Nyan!—2000
  • Tete Wo Ba Fi Ne Mmofraase
    Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba
  • Wɔ Wo Ba Fam No . . . Woyɛ Akyɛde A Ɛsen Biara!
    Nyan!—1980
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2000
g00 12/8 kr. 10-12

Ano Aduru Ankasa!

SUSUW wiase bi a wɔpɛ abofra biara asɛm, dɔ no, na awofo a wɔdɔ wɔn mma na wɔn ani gye wɔn ho na wofi wɔn pɛ mu de akwankyerɛ pa ma wɔn wom ho. Susuw wiase bi a abofra biara wɔ honam ne adwenem ahoɔden, a wonhu sɛ abofra biara nenam abɔnten basabasa, na wonhu mmofra a wɔato wɔn asaworam na ohia nti ehia sɛ wodi paa no ho!

Eyi yɛ nokware? Yiw. Wugye di? Yehowa Adansefo susuw saa, na ntease abien nti na wosusuw saa.

Awofo Betumi Adi Ɔhaw no Bi Ho Dwuma

Akyinnye biara nni ho sɛ wugye tom sɛ mpanyimfo wɔ tumi a wɔde bedi nneɛma a ɛhaw mmofra no bi ho dwuma—na ɛtɔ da mpo a wotumi siw ano. Nokwarem no, sɛ wɔpɛ sɛ wɔyɛ a, na wɔyɛ saa. Yiw, awofo no nim ɔkwan biako a wɔbɛfa so adi ɔhaw no ho dwuma.

Sɛ nhwɛso no, awofo a wotumi di Bible afotu a ese “ɔbea nnnyaa ne kunu, . . . na okunu nso nnnyaa ne yere” akyi no, nwo mma a ntetewmu ne awaregyae ma wɔn ho kyere wɔn.—1 Korintofo 7:10, 11.

Awofo a wotie Bible afotu na ‘wɔnantew fɛfɛɛfɛ a wɔmfa wɔn ho nhyɛ anigyede pii anaa asabow mu,’ no nwo mma a wohu amane esiane sɛ awofo no bow nsa anaa wɔnom nnubɔne no nti.—Romafo 13:13; Efesofo 5:18.

Awofo a wɔwɔ ɔpɛ sɛ wobetie Bible afotu na ‘wɔayi wɔn ho afi aguamammɔ mu’ ntaa nwo mma a wɔtow wɔn asaworam anaa ɔwofo biako pɛ na ɔtete wɔn.—1 Tesalonikafo 4:3; Mateo 19:9.

Awofo a wotie Bible afotu na ‘wonyi wɔn mma abufuw, na wɔmma wɔn koma ntu,’ na ‘wɔdɔ wɔn’ no, nwo mma a basabasa a wɔyɛ wɔn ma wɔte honam anaa nkate fam yaw.—Kolosefo 3:21; Tito 2:4.

Asɛm no nyinaa ne sɛ sɛ awofo nyinaa tie Yesu afotu a ɛwɔ Bible mu a ese, “Ade biara a mopɛ sɛ nnipa nyɛ mma mo no, mo nso monyɛ wɔn saa ara” no a, so anka wɔbɛwo mmofra ɔpepem pii ato wɔn asaworam a wɔnnɔ wɔn?—Mateo 7:12.

Anigyesɛm ne sɛ, awofo pii wɔ hɔ a wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔde nea yɛaka no bedi dwuma. Nanso, awerɛhosɛm ne sɛ, ɛnyɛ wɔn nyinaa na wɔwɔ ɔpɛ no, na ɛhɔ na ɔhaw no wɔ. Na mpo nnipa sintɔ ne ɔhaw bi a wontumi nyɛ ho hwee taa sɛe ɔpɛ a ebinom wɔ sɛ wɔde nea yɛaka no bedi dwuma no. Nnipa betumi adi mmofra haw no bi ho dwuma, nanso ɛda adi sɛ wontumi nni ɔhaw no nyinaa ho dwuma.

Onyankopɔn Nniso Bedi Ɔhaw no Ho Dwuma Koraa

Ɔkyerɛwfo John Ruskin a yɛkaa ne ho asɛm wɔ asɛm a edi kan mu no kaa no pefee sɛ “Ɔman no asɛyɛde a edi kan ne sɛ ɛbɛhwɛ sɛ abofra biara anya baabi ada, anya ntade pii, anya aduan pii, anya nhomasua, adu mpanyin afe so.” Nanso, Ruskin gye toom sɛ, “sɛ Aban no betumi [ayɛ] eyi a, ɛsɛ sɛ etumi nya wɔn a wonnim wɔn seesei no mpo so nkɛntɛnso.”

Nniso a efi Onyankopɔn nkutoo na ebetumi anya tumi wɔ nea Ruskin kaa ho asɛm no so ankasa. Na saa nniso no ara na wɔahyɛ ho bɔ—nea Yesu kaa ho asɛm wɔ Mateo 6:9, 10 no. Sɛ Onyankopɔn nniso yi di asase so koraa pɛ a, ebedi nnipa nyinaa so na ama ne manfo nyinaa a mmofra ka ho anya adan, ntade, nnuan, ne nhomasua. (Yesaia 65:17-25) Nanso nniso a edi mu yi bɛyɛ nea ɛkyɛn saa mpo.

Onyankopɔn Ahenni no bɛma nnipa adu pɛyɛ ho, na ama obiara a ɔte mu no atumi awo mma a asɛm biara nni wɔn ho. (Hiob 33:24-26) Mmofra benya asomdwoe na wɔbɛdɔ wɔn, adepa a wɔada no adi wɔ UN Mpaemuka a ɛfa Hokwan a Abofra Biara Wɔ Ho no mu. (Dwom 46:8, 9) Ɛho renhia sɛ yenya Amanaman Ntam Mmofra Afe anaa Apam a ɛfa Hokwan a Mmofra Wɔ ho bio da.

Ɛrenyɛ den koraa sɛ Kristo Yesu, a ɔyɛ ɔsoro ahenni no so Hene no bɛma awofo ne mmofra a wɔadi dɛm no adu pɛyɛ ho. Sa a wɔsaa yare wɔ anwonwakwan so bere a na ɔwɔ asase so no yɛ eyi ho adanse. (Luka 6:17-19; Yohane 5:3-9; 9:1-7) Mmofra ne awofo a wɔawuwu a obenyan wɔn no mpo renyɛ no asɛnkɛse bi!—Mateo 9:18-25.

Anigye bɛn ara ni sɛ yebehu sɛ aka kakraa bi na Onyankopɔn adi ama mmofra a wɔwɔ asase so no!

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 12]

Mmoa Ma Mmofra

Yehowa Adansefo wɔ ɔpɛ a emu yɛ den sɛ wɔbɛboa mmofra ma wɔakwati ɔhaw ahorow na wɔakyerɛ wɔn sɛnea wobedi ɔhaw afoforo a ɛba ɔkwan biara so no so. Enti, wɔ mfe pii a abɛsen kɔ mu no, wɔatintim nnwinnade pii a edi mmofra—wɔn a womfii sukuu ase ne wɔn a wɔadu mpanyin afe so—ahiade ho dwuma. Nnwinnade yi bi ne Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm ne Questions Young People Ask—Answers That Work ne video a wɔato din Young People Ask—How Can I Make Real Friends? Wubetumi anya eyinom bi afi Yehowa Adansefo a wɔte bɛn wo mpɔtam hɔ no nkyɛn anaasɛ kyerɛw wɔn a wotintim nhoma yi no.

Yehowa Adansefo ne wɔn mma bɔ wɔn haw ho nkɔmmɔ daa de kyerɛ sɛ wɔpɛ wɔn asɛm na wɔdɔ wɔn. Mpɛn pii no awofo no de nsɛm a ɛfata a ɛwɔ nnwinnade a yɛaka ho asɛm yi mu no di dwuma sɛ nhyehyɛe pa a wɔnam so de ntetee ma wɔn mma daa. Ebia wopɛ sɛ woyɛ nhyehyɛe a ɛte saa bi ma wo mma.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena