Asiane Ahorow—Nea Ɛma Ɛba No A Wɔhwehwɛ
“AFE a emu yɛ den sen biara wɔ abakɔsɛm mu,” ɛno ne asɛm bi a The Times a wotintim wɔ London no kae wɔ wimhyɛn akwanhyia ahorow wɔ 1985 mu ho no asɛmti. Nnipa bɛyɛ 2,000 a wowuwui no si so dua sɛ ɛyɛ afe a na emu yɛ den sen biara wɔ abakɔsɛm mu a ɛfa wimhyɛn akwanhyia ahorow ho.
Ogya a ɛsɛee ade sen biara wɔ Britaniafo agumadibea no bɛyɛɛ asiane kɛse maa Engiresifo kurow a wɔfrɛ no Bradford no wɔ May 1985 mu. Ogya no dɛw faa baabi a na bɛhwɛadefo bɛyɛ 3,000 gyinagyina hɔ no na ɛmaa nnipa 55 wuwui na ɔhaha pii nso pirapirae.
Wɔ mmeae afoforo wɔ mfe abien a atwam no mu no, asiane ahorow maa nnipa pii hweree wɔn nkwa. Asasewosow a esii wɔ September mu wɔ Mexico no kunkum nnipa bɛboro 9,000. Wɔ adapɛn kakraa bi akyi no, atɛkyɛ bi a ɛtene fii Nevado del Ruiz ogya bepɔw no so wɔ Colombia no sɛee Armero kurow no pasaa na ɛmaa nnipa bɛboro 20,000 wuwui.
Nea Ɛma Ɛba No a Wɔhwehwɛ
Sɛ asiane bi ba a, wofi ase hwehwɛ nea ɛma ɛbaa saa no mu na eyi tumi gye adapɛn anaasɛ asram pii. So ɛyɛ anibiannaso anaasɛ afiri bi a ɛho tɔɔ kyima anaasɛ amumɔyɛsɛm na ɛma ɛbaa saa? So wɔde kɔkɔbɔ a ɛfata mae? Ɔkwan a ahobammɔ wom bɛn so na wɔfae? So obi pɛe sɛ ɔfa ɔkwantiaa bi so?
Mpata a wɔn a asiane yi ka wɔn no gye no gyina eyi so. Gas mframa bɔne bi a enwunuu wɔ adwumayɛbea bi wɔ Bhopal, India, a wɔkaa ho asɛm sɛ “ɛne asiane kɛse a ɛsen biara wɔ abakɔsɛm mu” no mu no, wɔbɔɔ amanneɛ sɛ nnipa bɛboro 1,700 na wowuwui na nnipa bɛyɛ 200,000 nso pirapirae. Wɔkyerɛ sɛ mpata a wɔregye no boro adwumayɛkuw a ɛwɔ India yi sika a ɛwɔ no so. Esiane eyi nti, nea ɛma asiane no ba a wɔhwehwɛ ne prɛw a wɔprɛw to afoforo so no ma eyi yɛ bɛyɛ den kɛse.
Ɛnnɛ wimhyɛn akɛse no wɔ mfiri ahorow abien bi wom a ɛyɛ kyerɛwtohɔ. Biako yɛ kyerɛwtohɔ a ɛfa sɛnea wimhyɛn no yɛ adwuma wɔ anibu biara mu ho. Nea aka no nso yɛ afiri a ɛkyere nsɛm a wimhyɛn mu adwumayɛfo ka ara kosi sɛ asiane no bɛba no. Saa mfiri ahorow abien yi boa kɛse ma wohu nea ɛde wimhyɛn no akwanhyia no bae.
Wɔn a wɔyɛ nhwehwɛmu no bisa nnipa a wonya nkwa wom no nsɛm nso na ɛma wonya nea wobegyina so ahu nea ɛde akwanhyia no bae. Wɔ Japan no, obi a na ɔyɛ adwuma wɔ wimhyɛn mu nyaa nkwa wɔ wimhyɛn akwanhyia a ɛsen biara wɔ wiase abakɔsɛm mu no mu. Ɔkaa nsɛm a ɛho hia a ɛboaa wɔn a wɔreyɛ nhwehwɛmu no ma wohuu nea ɛmaa saa akwanhyia a nnipa 520 wuwui wom no bae.
Asuade Atitiriw a Wonya
Sɛ wohu nea ɛma ɛbae no a, wɔdan kɔ asiane a ɛte saa ara a ebetumi aba ano a wobesiw so. Wɔhwehwɛ hui sɛ ogya a ɛtɔɔ Bradford agumadibea dan no mu no fi wura a na ɛhyɛ ɔdan no ase a ɛda adi sɛ ebia sigaret anaasɛ mankyese na ɛma ɛdɛwee. Esiane eyi nti, aban mpanyimfo no de akwankyerɛ ahorow mae a wɔde besiw eyi ano wɔ agumadibea ahorow.
Wɔ England Manchester wimhyɛn gyinabea no, ogya bi amma wimhyɛn bi antumi antu na ɛmaa nnipa 55 wuwui. Esiane eyi nti, wɔde wɔn adwene sii ɔkwan a wobetumi afa so agye nnipa nkwa bere a asiane ba no so titiriw. Afei nso wɔhwɛɛ nneɛma ahorow a wɔde siw ogya ano no yiye.
Enti, wonya asuade atitiriw fi nhwehwɛmu a wɔyɛ wɔ nea ɛma asiane ahorow ba ho no mu. Anibiannaso, adwuma a wɔnyɛ no yiye, afiri bi a ɛho tɔ kyima, ne nneɛma afoforo a ɛtete saa ma wohu sɛnea asiane ahorow a ɛba no fã kɛse fi onipa no.
Na asiane ahorow a ɛnyɛ nea efi onipa no nso ɛ? Dɛn na nhwehwɛmu a ɛfa nea ɛma ɛba ho no da no adi?
Asiane Ahorow a Ɛnyɛ Nea Efi Onipa a Wodi Kan Ka Ho Asɛm
Ɛyɛ nea wɔatumi adi kan aka asiane ahorow a ɛnyɛ nea efi onipa te sɛ ahum ahorow a etu ho asɛm ansa na ɛreba. Wɔ Caribbean no, amanneɛbɔ bi kae sɛ “kɔkɔbɔ a wotumi di kan de ma” anya nkɔso. Ɛde kaa ho sɛ: “Wotumi di kan de ho kɔkɔbɔ no ma nnɔnhwerew 24 ansa na bere a wɔhwɛ kwan no adu a ahum no mu den nso ka ho.”
Ɛyɛ den sɛ wobetumi de kɔkɔbɔ adi kan ama wɔ asiane afoforo ho. Nanso bere bi, Chinafo tumi dii kan kaa asasewosow bi a ɛbɛba ho asɛm. Ɛdenam ɔkwan soronko bi a mmoa a wɔwɔ Liaoning mpɔtam hɔ faa so yɛɛ wɔn ade a wohui so no, wotumi bɔɔ aban mpanyimfo kɔkɔ wɔ asiane a ɛreba no ho. Woyii Haicheng kurow no mufo fii ho. Ɛno akyi no, ankyɛ na asasewosow no bae na ɛkame ayɛ sɛ ɛsɛee kurow no nyinaa. Esiane sɛ wotiee kɔkɔbɔ no nti, nnipa kakraa bi na wowuwui.
Nanso asasewosow ho kɔkɔbɔ a wodi kan de ma no ntaa nyɛ nea edi mu a wobetumi ayɛ ho biribi. Eyi ho nhwɛso ne nnipa bɛyɛ 242,000 a wɔkyerɛ sɛ wowuwui wɔ T’ang-shan asasewosow a esii wɔ China wɔ 1976 mu no. Nyansahufo betumi ahu mmeae ahorow pii a ɛhɔ yɛ hu, nanso wɔrentumi nkyerɛ bere a asasewosow no besi. Enti sɛnea amannɛebɔ bi kyerɛ no, bere a Mexico asasewosow a esii wɔ 1985 mu no anyɛ “asiane ahorow ho abenfo nwonwa” no, ɛsɛee ade kɛse.
Asiane Ahorow a Ɛnyɛ Nea Efi Onipa Ano a Wobesiw
Ɛho abenfo nni anidaso kɛse biara a ɛfa asiane a ɛte sɛɛ ano a wobesiw ho. Nokwarem no, sɛnea Natural Disasters: Acts of God or Acts of Man? nhoma no kyerɛ no, “nkurɔfo resesa wɔn tebea na ama ayɛ nea ebetumi de asiane ahorow aba kɛse, na ɛma wɔn ankasa nso yɛ mmerɛw wɔ ɛno mu.”
Sɛ nhwɛso no, wɔ wiase no afã horow a nnipa dɔɔso wɔ hɔ no, wɔtaa ma asase no yɛ nea afifide biara nni so na ɛtaa de ɔpɛ anaa nsuyiri ba. Bio nso, nhwɛso ahorow pii wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ nnipa a wɔte mmeae a asiane betumi asi wɔ hɔ a wɔnyɛ kɔkɔbɔ a wɔhyɛ da de ma no ho hwee.
So wobetumi ayɛ biribi de asiw abɔde mu tumi a ɛde asiane ahorow ba no ano? Ɛdefa asasewosow ho no, nyansahufo ahu sɛ nsu a wɔpɔmpe guu asubura bi a emu dɔ mu no maa ɛhɔ asase no wosowee kakraa. Wogye di sɛ wɔnam saa kwan yi so betumi ahu nea wɔbɛyɛ de abrɛ asasewosow ase. Nanso eyi ntumi nyɛɛ yiye biara. Sɛnea Disaster nhoma no ka no: “Mprempren de ɛnyɛ nea wonim pii wɔ saa kwan a wɔfa so yi ho sɛ ɛyɛ nea edi mũ . . . a wobetumi aka sɛ wɔmfa nni dwuma wɔ mmeae a nnipa dɔɔso wɔ hɔ.”
Mmɔden afoforo a wɔabɔ sɛ wɔde besiw asiane ahorow a ɛnyɛ nea efi onipa ano no nyɛɛ yiye ankasa. Susuw nea wɔasɔ ahwɛ wɔ ahum a etu ho no ho. Bɛyɛ mfe 25 bi ni no, wɔde wimhyɛn akɔ mmeae a ‘ahum no fi boaboa ano no abɔ mmɔden sɛ wɔnam nnuru ahorow so bɛma ahum no ano abrɛ ase. Nanso ɛkɔ so ara kunkum nnipa na ɛsɛe ade pii.
So Efi Tumi Bi a Ɛsen Onipa De?
Esiane sɛ ɛho kɔkɔbɔ no nyɛ nea wotumi de ho to so na siw a wobesiw ano no ntumi nyɛ yiye ankasa nti, nnipa pii ka sɛ efi tumi ahorow bi a ɛsen onipa de. Disaster nhoma no ka sɛ: “Wɔ wiase a abɔ mmɔden sɛ ɛde kɔkɔbɔ bɛma wɔ biribi ho mu no, asiane ahorow a emfi onipa ne ade kɛse biako a obiara ntumi nkyerɛkyerɛ mu anaasɛ onsiw ano.”
Ɛnde ɛnyɛ nwonwa sɛ nnipa pii ka sɛ asiane ahorow a ɛte sɛɛ fi Onyankopɔn. Nanso so eyi teɛ? So Onyankopɔn na ɔma asiane ahorow ba?