Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g87 3/8 kr. 28-30
  • Wiase Nsɛm

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wiase Nsɛm
  • Nyan!—1987
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔsom Mu Ɔtaa wɔ Greece​—Dɛn Ntia?
  • Wosiw Nnipadɔm Basabasayɛfo Ano
  • Ɔsɔfo Panyin no Kasa
  • Nea Nsɛm Amanneɛbɔfo Yɛe Wɔ Ho
  • Mmara a Atwam
  • Nsɛm a Ɛwɔ Asennibea wɔ Crete
  • Wobu Yehowa Adansefo Bem Wɔ Greece
    Nyan!—1997
  • “Sɛ́ Anka Menya Sika Kɔkɔɔ No, Minyaa Dɛnkyɛmmo”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Onyankopɔn a Wotumi De Ho To Ne So a Mesom No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • United States Amammui Nhyehyɛe No Ne Yehowa Adansefo
    Nyan!—1988
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1987
g87 3/8 kr. 28-30

Wiase Nsɛm

“Nyan!” ka asɛnnennen bi a asɔre wɔ ‘faako a demokrase fii ase’ no ho asɛm wɔ ha.

Ɔsom Mu Ɔtaa wɔ Greece​—Dɛn Ntia?

WƆ KWASIDA June 15, 1986 mu no, Yehowa Adansefo bɛyɛ 700 hyiaam wɔ asomdwoem wɔ Galaxias Sinidan mu wɔ Larisa, Greece. Na wɔreyɛ wɔn ɔmansin nhyiam a wɔyɛ no asram asia biara no na ama wɔasua Bible no na wɔde Kristofo nnyinasosɛm a ɛwom no adi dwuma yiye wɔ wɔn asetra mu.

Na nhyiam yi ne nnɛyi Mmara a ɛwɔ Greece a wɔhyɛe wɔ 1975 mu a ɛkyerɛ sɛ “Greekfo benya hokwan ahyiam wɔ asomdwoem a ɛnyɛ nea wokura akode” no hyia. Ɛka nso sɛ: “Ɔsom ahorow a yenim nyinaa benya ahofadi na wɔayɛ wɔn som mu amanne a wɔrensiw wɔn kwan na wɔde mmara nso bɛbɔ wɔn ho ban.”

Nanso bɛyɛ saa da no nnɔndubiako wɔ June mu no, nsɛm a enye sisii wɔ sinidan a Yehowa Adansefo ahyiam wom wɔ asomdwoem no mu. Kurow no mu atesɛm krataa I Larisa ka nea esii no ho asɛm sɛ: “Nnipa ɔhaha pii ne titiriw no, Kristofo [Greekfo Ortodoks] ahyehyɛde ahorow no mufo a wɔwɔ yɛn kurow yi mu a asɔfo kakraa bi di wɔn anim fii ase boaboaa wɔn ho ano na wɔdaa no adi sɛ wɔn ani nnye nnipa a wɔwɔ sinidan no mu​—Yehowa Adansefo bɛboro 700 no ho. Na ɛte sɛ nea nnipadɔm no rebɛkɔ sinidan no mu na wɔama wɔagyae nhyiam no yɛ.”

Nnipadɔm no twaa sinidan no ho hyiae nnɔnhwerew pii na tebea no mu yɛɛ den kɛse. Dɛn na ɛmaa nea nnipadɔm yi yɛ de tiaa Kristofo Adansefo no annan nsɛmmɔnedi?

Wosiw Nnipadɔm Basabasayɛfo Ano

Atesɛm krataa no toa so sɛ: “Ɔmantam no mu aban mmaranimfo panyin no de polisifo pii baa hɔ na wɔbɛhwɛɛ asɔretiafo a na wɔrekɔ so hurow na wɔtow asɔre nnwom no nso so.”

Ɛyɛɛ dɛn na awiei koraa no Adansefo no nyaa wɔn ti didii mu wɔ tebea a na emu yɛ den yi mu? Kurow no mu atesɛm krataa a wɔfrɛ no Eleftheria se: “Na ɛsɛ sɛ ɔmantam no mu aban mmaranimfo ma Asennibea a Edi Kan no, Owura Spiros Spiliopoulos . . . tra hɔ nnɔnhwerew pii na ɔde . . . anifere dii dwuma sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛma nnipadɔm no afi hɔ akɔ wɔ bɛyɛ awia nnɔnabien ne fã bere a na Yehowa Adansefo no reba abefi sinidan no mu no, na ɔnam saa yɛ so siw basabasayɛ a na ebetumi aba no ano.”

Basabasayɛ a na ebetumi aba no yɛ nea ɔsɔfo bi asɛm a atesɛm krataa yi ara fa kae no kyerɛkyerɛ mu yiye: “Bere foforo a odikro no de sinidan no bɛma [Adansefo] no, yɛbɛfa yɛn sofi na yɛabubu biribiara agu!”

Asɔre no mpanyimfo susuw asɔfo no ne wɔn akyidifo no subammɔne yi ho dɛn? Eleftheria bɔɔ amanneɛ sɛ: “Ɔsɔfo Panyin Seraphim kaa asɛm bi a ɛkyerɛ sɛ ɔpene nea wɔn asɔremma anokwafo no mu pii a wɔde wɔn ho hyɛe ɔyɛkyerɛ no mu yɛe no so.” Atesɛm krataa no de kaa ho sɛ “ɔdaa anigye kɛse adi wɔ hu a ohuu ortodoksfo nnamyɛ wɔ hɔ no ho na ofi koma nyinaa mu pɛ sɛ Awurade boa na ɔhyɛ anokwafo no den sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ ɛho hia a, wɔbɛma wɔate wɔn nka kɛse ne wɔ ɔkwan a etu mpɔn so.”

Ɔsɔfo panyin no kasa tiaa Larisa kurow no wɔ ma a wɔmaa kwan maa ‘asɔre no ne yɛn man no atamfo yɛɛ wɔn anti Kristo nhyiam’ wɔ sinidan no mu no ho. Afei ohunahunaa amammui mpanyimfo no sɛ: “Yɛn man ne yɛn mmerante yɛ Ortodoksfo na n’aban asoafo nni ho kwan sɛ wɔbɛboa n’atamfo kɛse.” Ɔde kaa ho sɛ: “Kristofo Ortodoksfo remma eyi ho kwan na wɔremfa mfiri wɔn akannifo.”

Ɔsɔfo Panyin no Kasa

Katee a Greek Ortodoks Asɔre no yɛ ho nhwɛso foforo yi haw Greekfo a wɔnyɛ asɔre no mufo no mu pii. Asɔfo no ataa Adansefo no na wɔagu wɔn anim ase nso mfe pii.

Kurow no mu atesɛm krataa, I Alithia, tintimii asɛm bi a Sarantos Vounatsos kyerɛwee no wɔ asɛmti a ɛne “Yɛ a Wɔyɛ Ade Te sɛ Farisifo” no ase. Ɔreka basabasa a nnipadɔm no yɛe ho asɛm no, obisae sɛ: “Dɛn nti na wɔyɛ eyi nyinaa? Na henanom ne emu atitiriwfo? [Adansefo] no, yɛɛ nhyiam bi, sɛ ɛnyɛ atoro na meredi a. Na afoforo no nso ɛ? Asɔfo binom ne nnipadɔm a wodii wɔn akyi no!”

Vounatsos toaa so sɛ: “Nnipadɔm no teɛteɛɛm sɛ, ‘Mommɔ [Adansefo] no asɛnduam.’ Nanso so na nnipa yi, saa nnipadɔm yi, yɛ Kristofo? Wɔteɛteɛɛm saa na wɔde kateeyɛ nso na ɛyɛɛ saa! Nea ɛyɛ awerɛhow no, na wɔn ‘kannifo’ yɛ . . . ɔsɔfo bi a ɔteɛteɛm denneennen. Ohunahunaa wɔn, ɔkaa abususɛm na ɔkaa nsɛm de hoahoaa ne ho na eduu baabi no ɔma wɔkae ‘obi a ɔfa nkurɔfo nnommum efisɛ bere a ɔde ne watch kyerɛe no, ɔmaa wɔn a wɔwɔ sinidan no mu no nyinaa simma anum sɛ wɔmfa mfi hɔ, anyɛ saa . . . wobefi ase akunkum wɔn! Wɔtee sɛ ɔka sɛ ‘Me nuanom, anyɛ saa a, yɛbɛkɔ hɔ akɔpɛtɛw wɔn ti.’”

Ɔkyerɛwfo no kasa tiaa nea ɔsɔfo no yɛ de tiaa Adansefo no na obisae sɛ: “Dɛn ntia? So wɔapira wo? Ɔkwan bɛn so? Wɔde wɔn nhyiam no na ɛyɛ saa? Ɛnde dɛn nti na monyɛ nhyiam? So wɔbɔɔ w’asom? Ɛnde dan biako a aka no ma wɔn! Nanso wode aniwa nsi aniwa ananmu di dwuma! Dɛn ntia? So wɔde sekan too wo menewam. Na so wobɛyɛ basabasa? Ɛyɛ mfomso sɛ wɔbɛyɛɛ ɔsɔfo! . . . So wopɛ sɛ woyɛ w’ade sɛ farisifo? Wiɛ, ɛnde hwɛ yiye efisɛ sɛ wokɔ so a, [Onyankopɔn] renyi mmɔborohunu anaasɛ ɔdom adi nkyerɛ wo bio na yɛn nso saa ara.”

Wɔ July mu no, Athens atesɛm krataa a wotintim no Kwasida a wɔfrɛ no Eleftherotipia no tintim asɛm bi wɔ asɛmti yi ase sɛ: “Ɔsom Mu Ɔtaa: Europa Bɔ Greece Sobo Bere a Asɔrefo a Wɔyɛ Katee Hyew Nneɛma, Hunahuna Nkurɔfo na Wɔhwe Wɔn No.” Ɛkae sɛ nsɛm ho amanneɛbɔ dwumadi a ɛwɔ aman afoforo so no aka ɔsom mu ahofadi a ɛwɔ Greece no ho asɛm. Ɛfaa The Wall Street Journal a wotintim no June 16, 1986 a etintim asɛm bi wɔ asɛmti a ɛne “Greece Ortodoks Asɔre no Sɔre Tia Asɔre Afoforo” no ase no mu asɛm kae.

Nea Nsɛm Amanneɛbɔfo Yɛe Wɔ Ho

Eleftherotipia kae sɛ Ortodoks Asɔre no wɔ asoɛe a ɛhwɛ ɔsom mu atuatew ho nsɛm so wɔ aban ananmusifo ɔmantam no mu. Ɔsɔfo Antonios Alevizonoulos “kyerɛw nkrataa ahorow a ɛkasa tia Evangelistfo, Pentekostfo ne Yehowa Adansefo dwumadi ahorow ne wɔn a osusuw sɛ wɔyɛ ɔsom mu atuatewfo a ‘wɔrema onipa no ne adesamma abusua no nkwa ho aba asɛm no nyinaa.’”

Wɔfaa Protestantni sɛmpatrɛwfo bi asɛm kae sɛ wɔakyere nnipa ɔhaha pii esiane sɛ wɔrebɔ wɔn gyidi ho dawuru nti wɔ mfe kakraa bi a atwam no mu a “Yehowa Adansefo 890 a wɔkyeree wɔn wɔ 1983 mu nkutoo nso ka ho.”

Eleftherotipia no mu amanneɛbɔ koro no ara kɔɔ so bobɔɔ atirimɔdenne a wɔyɛ tia Yehowa Adansefo a wɔwɔ Greece no bi din. Nea ɛka ho ne Adansefo no afie a wɔahyew, adan a wɔyɛ adesua wom apon ne mfɛnsere a wɔabubu ne mmɔden a wɔbɔ sɛ wɔbɛsɛe Adansefo no Bible nhyiam ahorow no.

Nea ɛde asɛm no baa awiei ne bere a wɔkyerɛe sɛ ɔkokorani bi tow hyɛɛ ɔdansefo bi a wadi mfe 79 so wɔ borɔn bi so a awiei koraa no owui no. Ɛnyɛ nwonwa sɛ atesɛm krataa koro yi ara kaa “ɔsom mu ahofadi ho mmara a emu agow wɔ baabi a demokrase fii ase” no ho asɛm.

So ɛyɛ wo nwonwa sɛ wubehu sɛ ɛsɛ sɛ ɔsom mu ɔtaa ne kateeyɛ kɔ so ne sɛ, asɔfo betumi ama nnipadɔm ayɛ basabasa wɔ Greece a wɔaka ho asɛm wɔ mfehaha pii mu sɛ ɛhɔ na ‘demokrase fii ase’ wɔ saa bere yi mu?

Mmara a Atwam

Nea ɛma eyi tumi ba ne tete mmara bi a ɛda so ara wɔ hɔ a ɛwom sɛ ɛnka ɔman no Mmara ho no. Bɛyɛ sɛ mfe aduonu a atwam ni wɔ 1930 mfe no awiei mu hɔ no, na sodifo tirimɔdenfo Metaxas na odi Greece a na ɛyɛ ahemman no so. Saa bere no mu no, wogyee mmara bi toom a na wokura adwene sɛ ɛbɛma wɔasiw asɔredan ahorow a ɛnyɛ Greek Ortodoksfo de a wobesisi no ano.

Na ahyɛde a edi so yi ka saa tete mmara no ho: “Wɔde obi a ɔbɔ ne gyidi ho dawuru bɛto afiase na wɔabɔ no ka de atwe n’aso.” Nanso wɔkyerɛkyerɛɛ gyidi ho dawuru a wɔbɔ no mu dɛn? Saa mmara no kae sɛ: “Asɛm a ɛne ‘gyidi ho dawuru a wɔbɔ’ no kyerɛ: mmɔden a wɔbɔ sɛ wɔbɛka biribi ma anya obi ahonim so tumi a adwene no ne sɛ wɔbɛsɛe n’ahonim.”

Mmara a atwam yi a wɔde di dwuma no ma wosisii Yehowa Adansefo ne afoforo kɛse wɔ Greece. Na ɛsɛe ahofadi ho nnyinasosɛm pa a Greece Mmara no hyɛ ho bɔ no.

Nsɛm a Ɛwɔ Asennibea wɔ Crete

Ɔsom mu ahofadi ho asɛm no sɔree nnansa yi wɔ Greece supɔw a ɛwɔ Crete mansin no mu so. Yehowa Adansefo kɔɔ asennibea sɛ wɔde wɔn ahyehyɛde no rekɔhyɛ mmara ase. Wɔpenee so. Nanso Crete asɔfo mpanyimfo kyerɛe sɛ wɔmpene so na wotwaam.

Dɛn ntia? Wɔkyerɛ sɛ Yehowa Adansefo nkyerɛkyerɛ ne Kristoni a obi yɛ no ho nkyerɛkyerɛmu a Greek Ortodoks Asɔre no de ma no nhyia! Nanso wonim Yehowa Adansefo yiye wɔ wiase nyinaa sɛ Kristofo a wogye Yesu Kristo di sɛ Agyenkwa, Onyankopɔn Ba kronkron a odi ne nkyerɛkyerɛ ahorow so. Kristofo a Yehowa Adansefo yɛ no yɛ nea nniso ahorow a ɛwɔ wiase nyinaa no agye atom kɛse wɔ mmara mu na ɛma nea asɔre no ka no yɛ nea ntease nnim.

Yehowa Adansefo de asɛm no akɔdan Greek asennibea bi a ɛkorɔn. Wɔwɔ ahotoso sɛ wobebu atɛntrenee a wɔremma Greek Ortodoks asɔfo no nnya wɔn so nkɛntɛnso kɛse.

Sɛnea ɛte no, nkurɔfo gyidi ho dawuru a wɔbɔ ho mmara no (ne Crete asennibea gyinaesi no) yɛ aniwusɛm ma Greek aban no. Ɛsɛe din a ɔman no wɔ wɔ aman afoforo so sɛ ‘baabi a demokrase fii ase no.’

Enti yɛwɔ anidaso sɛ Greek asennibea no bebu atɛn a ɛne wɔn Mmara a eye no ne ɔsom mu ahofadi ho nnyinasosɛm a ɛwɔ Amanaman Nkabom no Hokwan Ahorow a Onipa Wɔ Ho Mpaemuka no mu a Greece gye tom no hyia.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena