Ɔkoropɔn Yɛ Ade Sɛnea Ne Din no Te
Efi Suriname “Nyan!” kyerɛwfo hɔ
METEƐM sɛ “anan bɛn ni!” bere a Heinz Heyde a ɔyɛ mmoa ho ɔdenimfo ne ɔkyerɛwfo no de anan bi a ɛho yɛ akokɔsrade a ne kɛse te sɛ abofra bakɔn maa me no.
Me fiewura a ɔreserew no kae sɛ: “Sɛ aboa no nwui a, ɛyɛ akɛse. Eyi akyen na ama ayɛ ketewa kakra. Nea ɛso sen biara a mahu pɛn no wɔ mmɔwerɛ a ne tenten yɛ nsateakwaa abiɛsa,” saa na ɔka kaa ho bere a ɔde ne nsa rekyerɛ mmɔwerɛ tuntum a esisi nan bi a ne kɛse te sɛ me nsa so no.
Metee sɛ anan ne mmɔwerɛ a ɛyɛ fɛ yi yɛ nea ɛso bi nni hɔ wɔ nnomaa a wɔkyere mmoa no mu. Bere a mmoayɛnfo dii kan hwɛɛ anomaa a ne nan nen no, ɛma wɔkaee Hela anansesɛm mu kakae bi a ɔwɔ ntaban a mfrɛ no harpyja. Anansesɛm no kyerɛ sɛ harpyja de ne mmɔwerɛ akɛseakɛse a ɛte sɛ opete de no kyere nnipa. Enti wɔtoo ɔkɔre a ɔwɔ mmɔwerɛ akɛseakɛse yi din sɛ harpy ma ɛfatae.
Owura Heyde kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Wɔ Suriname no, ɔman no mufo binom frɛ no pia” (wɔbɔ din sɛ peea) . Esiane sɛ ɔkoropɔn no te kwaebirentuw a ɛwɔ Amerika a osu tɔ kɛse wɔ hɔ no mu nti, wɔntaa nhu no, nnipa a wɔwoware a wosua nnomaa ho ade mpo ntumi nhu no. Nanso ɛtɔ bere bi a obesi dua bi a ɛwɔ asubɔnten bi ho no so na osu dennennen sɛ “peeeeea, peeeeea” de kyerɛ sɛ waba hɔ. Enti na ɔman no mufo de saa din no frɛ no no.
Frɛ no sɛnea wopɛ, ɛyɛ ɔkoropɔn no din a wagye sɛ anomaa a ɔkyere mmoa no na wɔde nim no titiriw—na ɛma ehu ka nkurɔfo binom. Wagye saa dimmɔne yi akodu he?
Ɔkoropɔn Yɛ Adwuma
Esiane sɛ ɔkoropɔn ma ɔkwan tenten da n’ankasa ne obi a ɔrehwɛ no ntam nti, ɔntaa nna n’ahintasɛm ahorow a ɛyɛ nwonwa no adi.
Ɔkoropɔn yɛ anomaa a ne ho yɛ tuntum, nsonso, ne fitaa. Wubetumi ayɛ ne ho mfonini sɛ osi dua bi a ɛware sen biara atifi te sɛ ohoni bi wɔ kwae bi mu. Esiane sɛ wɔn mu ɔbere a wanyin sorokɔ yɛ anammɔn abiɛsa nti, ɔno ne ɔkɔre a ɔwɔ ahoɔden—ɔso sen biara—wɔ wiase no mu. Esiane sɛ ɔso na ɔwɔ ahoɔden kɛse nti, ɔyɛ kwae a osu tɔ kɛse wom no mu akagranman anaasɛ “nnomaa a wɔkyere mmoa no panyin” a wontumi ne no nni asi, sɛnea ɔmanfo no mufo de obu frɛ no no.
Ampa, sɛ ɔkoropɔn trɛw ne ntaban mu a, ɛnware te sɛ nnomaa a wɔkyere mmoa a wotu kɔ sorosoro te sɛ opete kɛse bi a wɔfrɛ no condor no de. Nanso faako a ɔkoropɔn no wɔ no mma ontumi ntu nkɔ sorosoro yiye; ɛho hia sɛ ɔde ahoɔhare dannan ne ho na otu ntɛmntɛm wɔ kwaebirentuw no mu. Wɔasiesie no yiye ama ahoɔhare. Esiane sɛ ɔbɔ ne ntaban mu kɛse na otu sisi nnua atifi nti, ɔde ahoɔhare tu fa kwae no mu, otie na ɔhwehwɛ mmoa a obetumi akyere wɔn no.
Aboa bi a wɔfrɛ no sloth sɛn dua bi baa so wɔ hɔ! Ɔkoropɔn no tu ntɛmntɛm na ɔtow hyɛ no so. Bere a aka kakraa bi na wadu aboa no nkyɛn no, ɔdan ne ho na oyi ne mmɔwerɛ adi. Ɔkyere aboa no, ɔtwe no fi dua no so na ɔde no tu kɔ—anomaa a ɔkyere mmoa ampa!
Nanso mpofirim ntua yi ma basabasayɛ si wɔ mmoadoma ahemman no mu. Nkoo, ne mmoa ahorow bi guan—esiane ntease pa nti. Wɔn nyinaa ka aduan a ɔkoropɔn di no ho. Nanso wɔn a ehu ka wɔn kɛse sen biara ne nkontromfi. Owura Heyde kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Sɛ nkontromfi hu ɔkɔre no pɛ a, wɔde kɔkɔbɔ ma. Wɔteɛteɛm denneennen efisɛ wonim sɛ ɛyɛ nkwa ne owu asɛm. Mahu wɔn sɛ wogyaa wɔn ho mu fi nnua atifi te sɛ mango a abere a ɛtetew tɔ kwae mu. Ehu kɛse ka nkontromfi akɛse no mpo!”
Ɔkyere Dɛn?
Owura Heyde asɛm a ɔkae no ma asɛm bi a ɛyɛ hu sɔre: So ɔkoropɔn betumi akyere biribi a ne kɛse te sɛ kontromfi a ɔso? Mibisaa Gerard Brunings a na ɔyɛn ɔkoropɔn wɔ mfe bi a atwam no mu no.
Owura Brunings buae sɛ: “Ampa obetumi. Bere bi ɔkoropɔn a na meyɛn no no tow hyɛɛ oguammaa bi so. Bere a onyin yɛɛ kɛse no, ofii ase taa akraman bi a wɔwɔ mpɔtam hɔ no! Da koro ɔkyere ɔkraman bi a anyɛ yiye koraa no, ne sorokɔ bɛyɛ anammɔn abien. Na ne mu yɛ duru araa ma anomaa no antumi amma no so. Enti bere a ɔrebɔ ne ntaban mu no, ɔtwee ɔkraman no faa lɔre kwan no so na okuraa no mu kosii sɛ obeduu ɔdan a mede me kar si mu no ho.”
Mmoa oduruyɛfo bi a wɔfrɛ no Marcel van Ommeren sii so dua akyiri yi sɛ: “Wɔwɔ ahoɔden ne akokoduru nso. Sɛ odi amia mpo a, ɔkɔ so ko.”
Mibisaa mmoa oduruyɛfo no sɛ: “Ɔkwan bɛn so na mofa yɛ ɔkoropɔn a ɔyare aduru?”
“Ɔkwan biako pɛ a metumi afa so ayɛ ɔkoropɔn aduru ne sɛ mede dua nkorata tenten bi besi ne koko so. Afei meteɛ me nsa ntɛm ara na mewɔ no paane—na mebɔ mmɔden sɛ meremmɛn ne mmɔwerɛ a ɛyɛ hu no.”
Sɛ anomaa a ɔwɔ aboɔden a ɔkyere mmoa yi ma ehu ka wo a, ɛnyɛ wo nkutoo. Nokwarem no, Owura Brunings kyerɛ sɛ nnipa bi a wɔtete kwae mu wɔ Suriname no bu ɔkoropɔn sɛ ɔtamfo a ne ho yɛ hu. Brunings kae sɛ: “Ebinom frɛ no loktoe tigri anaasɛ ‘wim ɔsebɔ.’ Wogye di pintinn sɛ ɔkoropɔn kyere mmofra nkumaa!”
Nanso nnomaa ho abenfo ka sɛ ɛnyɛ nokware.
Obubu Nneɛma Esiane Atirimpɔw Foforo Nti
Akwan horow a ɔkoropɔn fa so kyere mmoa no ama wagye din bi a ebetumi ama n’ase atɔre. Nanso ɔkoropɔn betumi de ne mmɔwerɛ ne n’ano a ɛyɛ den no ayɛ ade a ɛma asomdwoe ba. Mpɛn pii ɛrekɔ May awiei mu hɔ wɔ afe biara mu no, ɔkoropɔn paw onyina dua kɛse bi a ɔbɛyɛ ne mmerebu wɔ so. Mpɛn pii wɔde mmerebu dedaw na efi ase na “wɔsan yɛ no foforo” ma ɛyɛ te sɛ nea wɔpɛ no.
Sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛyɛ eyi no, akoropɔn abien no fi ase bubu nnua de yɛ ne nhyɛase a ne tenten yɛ anammɔn anan a ne kɛse yɛ anammɔn abien. Wobubu nnubaa momono fi nnua a ɛbɛmmɛn no so na wɔde siesie mmerebu no. Nea ɛyɛ anigye no, ɔbere no paw nnubaa no mu wɔ eyi yɛ mu. Neil L. Rettig a ɔyɛ akoropɔn ho ɔdenimfo no ka sɛ ɔbere no betumi de simma anum atu akyinkyin hɔ ansa na wapaw dubaa a ɔpɛ. Nanso onini no nte saa na obubu biara kɛkɛ. Wɔ mmoa mu mpo no, abere no pɛ ade a ɛyɛ fɛ.
Sɛ wɔnwene mmerebu no wie a, ɔkoropɔn ɔbere no tow nkesua abien na ɔkɔ abuw nnafua 56 wɔ owia a ano yɛ den ne osu a ɛtɔ kɛse mu. Onini no fi hɔ kɔ na ɔde aduan brɛ ne hokafo no pɛnkoro wɔ dapɛn biara mu. Ɔno nso wɛn mmerebu no na ɔma ne hokafo no kwan ma otu kosi dua bi a ɛbɛn so sɛnea ɛbɛyɛ a obedi n’aduan no. Sɛ ɔbere no home wie a, onini no san kɔ kwae no mu kosi sɛ ɔbere no de su a ɛne “peeeeea” bɛfrɛ no sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛma wakae n’abusua asɛyɛde ahorow a ɔwɔ no.
Bere a wɔasow nkesua biako no, (wobu wɔn ani gu nea ɛto so abien no so) onini no yɛ adwuma ahorow abien. Ɔbrɛ ɔkɔre ba no aduan mprenu da biara kosi sɛ obenyin kakra. Ɔbere no ma wɔn ba no aduan bɛyɛ asram abiɛsa. Wɔ ɛno akyi no, ɔkɔre ba no ankasa tumi didi—ɛwom sɛ ɔda so ara pɛ sɛ ne maame de aduan bɛhyɛ n’ano de. Wɔ ɔsram biako akyi no, ɔkɔre ba no tumi sɔre gyina hɔ na ɔnantew kyinkyin hɔ na osuasua n’awofo su a ɛne “peeeeeea” no.
Sɛ mframa a ano yɛ den bɔ fa mmerebu no so a, wotumi hu ɔkɔre ba no sɛ ɔbɔ ne ntaban mu na otu kakra. Sɛ wɔn ba no nya asram anum a, otumi tu kyinkyin nanso n’awofo kɔ so ma no aduan asram kakraa bi bio kosi sɛ obenya ahoɔden a ɛbɛma watumi atu akɔ. Ɛnkyɛ biara bere no du na bere a ɔbɔ ne ntaban mu mprɛnsa anaasɛ anan no, otu kɔ kwae no mu.
Ɛhɔ na ɔbɛyɛ n’ade sɛnea ne din a ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ anomaa a ɔkyere mmoa no te. Ampa, ɔkoropɔn din a ɔwɔ no betumi de ne nkwa ato asiane mu. Nanso Brunings ka sɛ: “Sɛ yɛde wimhyɛn tu fa kwae no so a, yehu wɔn wɔ bere ne bere mu sɛ wɔyɛ abien anaasɛ biako na ɔretu. Misusuw sɛ wobetumi akɔ so atra nkwa mu.”
[Kratafa 29 mfoni fibea]
©Zoological Society of San Diego