Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g80 2/8 kr. 23
  • Wiase Nsɛm

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wiase Nsɛm
  • Nyan!—1980
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔkasa mu Ahofadi Anaa?
  • Te Asɛm Nnɛ, Yɛ Ɔsotifo Ɔkyena
  • China Asɔre Atia Tawanom
  • Monnantew Sɛnea Yehowa Kyerɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Asoroboa A Wɔsɛe Ade, Akuafo A Wɔahaw
    Nyan!—1980
  • Mogya A Wɔde Gye Nkwa​—Ɔkwan Bɛn So?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
Nyan!—1980
g80 2/8 kr. 23

Wiase Nsɛm

Ɔkasa mu Ahofadi Anaa?

◆ Bere a Westchester County, New York, sukuu bi mu osuani de “ɔkasafi” yaw ne kyerɛkyerɛfo no, wɔtwee n’aso sɛ ɔnkɔtra fie da koro. Nanso abarimaa no agya gyinaa ne ba no akyi sɛ ɔwɔ hokwan sɛ ɔma biribiara a ɔpɛ pue fi n’anom. Enti agya no de asɛm no kɔɔ asenniibea a ɔrebɔ ɔkyerɛkyerɛfo no ne ɔkyerɛkyerɛfo panyin no ka bɛyɛ ¢21,000, sɛ́, twe a wɔtwee abofra no aso sɛ ɔnkɔtra fie da koro wo “ɔkasafi” nti no siw ɔkasa mu ahofadi ho kwan a abofra no wɔ no ano. Ɛnyɛ ɛno nkutoo, na mmom abofra no “te adwene mu yaw ne brɛ a wɔabrɛ no ase no nka kɛse.”

Te Asɛm Nnɛ, Yɛ Ɔsotifo Ɔkyena

◆ Mmerantewa pii nnye nni sɛ nnwom a wɔde mfiri ne akasam bɔ no denneennen no tumi sɛe wɔn aso a wɔde te asɛm no efisɛ wontumi nhu nsonsonee biara wom. Nanso R. W. Fearn a ofi England Leeds Polytechnic adesuabea no kae sɛ mmerante pii renhu tumi a wɔde te asɛm a ano brɛ ase bɛyɛ sɛ ɔha mu nkyem 10 anaa 15 no. Nanso wɔ mfirihyia 20 anaa 30 akyi, bere a tumi a wɔde te asɛm yiye no ano fi ase brɛ ase ankasa no, ɔkae sɛ saa bere no na wobehu nsonsonee a aba asɛm a wɔnte no yiye mu no, efisɛ ɛno bɛkyerɛ sɛ ɛbɛyɛ den sɛ wɔbɛte asɛm, anaasɛ, wɔbɛdan asotifo koraa. Fearn de kaa ho sɛ: “Me mfɛfo a me ne wɔn sua nnuruyɛ no mu binom ahu mmerante a afei na wɔadi mfirihyia aduonu a wɔadan asotifo wɔ nnwom a ano yɛ den a wɔde akasam ne mfiri bɔ no denneennen nti.”

China Asɔre Atia Tawanom

◆ Mfehaha pii a atwam no na wobu Chinafo sɛ wiase yi mu nnipa a wɔnom tawa sen biara. Eyi ma wodua tawa nso kyɛn ɔman biara. Nanso afei de, Peking aban no atu ɔsa atia tawanom. Wɔde wɔn ani asi mmerante ne mmabaa so titiriw efisɛ mpanyimfo no kyerɛ sɛ wɔn a wɔanyinyin no ntumi nnyae tawanom. China nnuruyɛfo baanu bi a wɔagye din na wodi saa ɔsatu yi anim.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena