Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g87 6/8 kr. 28-30
  • Gilead Adesuafo—Wɔyɛ Biako Ɛwom Sɛ Ɛsono Wɔn Mu Biara De

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Gilead Adesuafo—Wɔyɛ Biako Ɛwom Sɛ Ɛsono Wɔn Mu Biara De
  • Nyan!—1987
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ‘Misuae Sɛ Meremfa Me Ho Nto Nyamesom So’
  • ‘Eyi Ne Asetra Ma Yɛn’
  • Wɔn Botae a Ɛyɛ Biako
  • Yehowa Akwankyerɛ a Migye Toom Anigye So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Gilead—Sukuu A Adesuafo Ani Gye Ho!
    Nyan!—1984
  • Nea Ɛsɛ sɛ Yehu Wɔ Basabasayɛ Akuw Ho
    Nyan!—1998
  • ‘Na Yehowa Nsa Ka Wɔn Ho’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1987
g87 6/8 kr. 28-30

Gilead Adesuafo​—Wɔyɛ Biako Ɛwom Sɛ Ɛsono Wɔn Mu Biara De

WOFI aman ahorow ahorow ason te sɛ Finland, Italy, ne Australia mu​—nnipa 24 a wɔn ho abakɔsɛm yɛ 24. Nanso botae biako ka wɔn bom​—nea ɛfa Onyankopɔn a wɔbɛsom no sɛ asɛmpatrɛwfo wɔ amannɔne no ho.

Nanso ɔkwan bɛn so na nnipakuw a ɛsono wɔn mu biara yi betumi ayɛ biako wɔ atirimpɔw mu? Sɛnea ɛbɛyɛ a yebenya mmuae no, ma yenhu Ɔwɛn Aban Bible Gilead Sukuu a ɛto so 82​—sukuu a wɔde tete Yehowa Adansefo ma asɛmpatrɛw adwuma wɔ amannɔne no sukuufo no mu binom yiye.

‘Misuae Sɛ Meremfa Me Ho Nto Nyamesom So’

Ɛwom sɛ wɔtete sukuufo no pii sɛ Adansefo de, nanso afoforo bɛyɛɛ Adansefo nkyɛe biara ɛ. Alvin ka n’asetra wɔ kurow kɛse mu sɛ obibini abarimaa a na ɔrenyin wɔ Chicago, U.S.A. a na ɛyɛ den no ho asɛm wɔ ɔkwan yi so sɛ: “Mifii fie kɔtraa me nuabea nkyɛn bere a na madi mfe 13 no. Esiane ahofadi kɛse a na mewɔ bere a mafi fie no nti, me ne mmofra a wɔnom nsa ne nnubɔne bɔe. Sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛbɔ yɛn ho ban no, me ne me nnamfo no tew kuw bi na yɛyɛɛ basabasa na yɛnom nnubɔne a ɛyɛ asetra kwan a ɛte saa no fã. Esiane sɛ mpanyimfo a Baptistfo sɔfo bi ka ho na wɔtɔn nnubɔne a mmara mma ho kwan no maa yɛn nti, misuae sɛ meremfa me ho nto mpanyimfo ne nyamesom so. Enti bere a me nuabea no ne Yehowa Adansefo fii ase suaa Bible no, mannye wɔn nso anni saa ara.

“Mesakraa m’adwene bere a mekɔdɔm kuw bi a eyiyi nnipa mu no. Wohui sɛ yehia nniso pa. Wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛboaboa abibifo nyinaa ano na wɔaka akuw horow no abom na wɔako atia aborɔfo. Nokwarem no, wɔbɛyɛ eyi denam basabasayɛ so. Mifii ase hui sɛ eyi nyɛ onipa haw ahorow no ano aduru.

“Enti mede me ho too nyamesom so sɛnea ɛbɛyɛ a menya ano aduru. Mekɔɔ Memeneda asɔre no bi nanso edii me huammɔ. Awiei koraa no, mepenee so sɛ me ne Adansefo no besua Bible no. Wɔ afe biako akyi no, wɔbɔɔ me asu.”

Alvin ka osuahu bi a onyae bere a na ɔreka asɛm wɔ afie afie no: “Mekɔɔ kuw bi akannifo baanu a anka wɔyɛ m’atamfo fie. Ansa na merebehu nokware no, na me ne wɔn ako. Yɛn kuw no san kɔɔ wɔn mpɔtam hɔ na yɛkɔtotow wɔn mfɛnsere mu atuo. Akyiri yi wɔyɛɛ bi de tuaa yɛn so ka denam me mfɛfo baanu a wɔtow wɔn tuo bere a yɛrepue afi aguadidan bi mu no so. Afei mede Ahenni asɛmpa no gyina wɔn pon ano. Bere a wohuu me no, wofii ase serewee esiane gye a na wonnye nni nti. Me ho tɔɔ me sɛ wobuu me sɛ menyɛ obi a ohunahuna wɔn bio.”

‘Eyi Ne Asetra Ma Yɛn’

Martin ne British Merchant Navy tuu kwan kyinkyin wiase nyinaa mprenu ansa na ɔresan akɔtra England, ɔman a ofi mu no mu. Dɛn na osuahu a onyae no kyerɛ no? “Mihuu nokwasɛm ahorow. Misusuwii sɛ ebia ɛyɛ nea wobetumi adi wiase no mu haw ahorow ho dwuma da bi. Me ne me yere a na merebɛware no a wɔfrɛ no Elvira bɔɔ akwan horow a yebetumi afa so ayɛ biribi no ho nkɔmmɔ.” Ɔtoaa so sɛ: “Afei da koro awia a osu retɔ no, Ɔdansefo kumaa bi baa me fie. Ofii Bible no mu kyerɛɛ me sɛ yɛte nna a edi akyiri no mu. Me ho dwiriw me. Mifii ase suaa Bible no na mekɔɔ Kristofo nhyiam ahorow ase ntɛm ara. Awiei koraa no, wɔbɔɔ yɛn baanu nyinaa asu. Na ɛne ade a eye sen biara a yɛayɛ pɛn!”

Nanso dɛn nti na yɛpaw bere nyinaa som adwuma no sen sɛ anka yɛbɛyɛ honam fam adwuma a wɔde bere nyinaa yɛ? Elvira bua sɛ: “Yehuu ntɛm ara sɛ sika mma obi nnya anigye. Martin yɛ paanotofo a ne ho akokwaw enti obetumi ayɛ adwuma a wɔde bere fã yɛ. Na akyinnye biara nni ho​—ɔsom adwuma no ne asetra mfa yɛn.”

Heikki a ofi Finland ka osuahu bi a ɛte saa ara: “Na madi mfe 16 bere a me yɔnko sukuuni bi kae nea wasua afi Bible no mu kyerɛɛ me no. Enti me nso mifii ase ne Yehowa Adansefo suaa Bible no. Nanso me papa yɛɛ nhyehyɛe maa Lutheran asɔfo pii sɛ wɔmmɔ mmɔden ma mensakra m’adwene. Bere a me ne saa asɔfo yi ahyiam mpɛn pii akyi no, wɔn aba mu bui. Na mitumi kyerɛkyerɛ Kyerɛwnsɛm no mu sen wɔn. Wɔammue Bible no pɛnkoro mpo.”

Wɔ mfe kakraa bi akyi no, Heikki fii ase som Yehowa sɛ bere nyinaa ɔsomfo. Na ɔwɔ gyinae ahorow a ɛyɛ den a ɛsɛ sɛ osi. Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Adansi ho ade a na meresua kɔlege no ma medee ka. Mfe abien akyi no, migyaee adesua no na awiei koraa no mifii ase yɛɛ akwampae adwuma. Na menyɛ adwuma, minnyaa adwuma ho ntete biara nanso na mede ka a ɛsɛ sɛ mitua. Nanso Yehowa de nea mihia maa me bere nyinaa.”

Nanso dɛn nti na Heikki ne ne yere Anne paw asɛmpatrɛw adwuma no? Anne bua sɛ: “Bere a yɛyɛɛ akwampae adwuma no, yehui sɛ eye sɛ yɛbɛma Yehowa apaw yɛn adwuma ama yɛn. Bio nso, yɛwɔ ahoɔden na yenni abusua mu asɛyɛde biara a esiw yɛn kwan.”

Ansa na Mats resua nokware no afi Onyankopɔn Asɛm mu no na ɔyɛ obi a onnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ na na ɔyɛ komunistni wɔ ɔman a ofi mu a ɛne Sweden no mu. Mats kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Nyamesom ma mihuu onyame difudepɛfo ne otirimɔdenfo esiane hell-gya a ɛkyerɛkyerɛ ne ɔko ahorow a ohyira so no nti. Na mempɛ sɛ me ne onyame a ɔte sɛɛ bedi nkitaho enti na amammuisɛm ne anidaso biako pɛ a na ɛwɔ m’adwene mu. Nanso me wɔfa kɔɔ so too nsa frɛɛ me baa ne fie. Na mempɛ sɛ mɛkɔ efisɛ na minim sɛ ɔyɛ Kristoni.

“Nanso da koro bi bere a makɔsra no no, mekaa m’amammui adwen horow ho asɛm kyerɛɛ no. Ɔyɛɛ komm tiei na afei ɔde Bible no mu nokware ho adanse kyerɛɛ me. Ofii ase ne me suaa Bible no. Wɔ bere tiaa bi akyi no, misii gyinae sɛ megyae sraadi. M’asraafo mpanyimfo ho dwiriw wɔn. Wɔsomaa ɔsɔfo bi sɛ ɔne me mmɛkasa mpo. Mibisaa ɔsɔfo no sɛ ebia ɔte nka sɛ gyinae a masi no gyina Kyerɛwnsɛm so anaa. Bere a ɔyɛɛ komm bere tenten bi akyi no, ɔkae sɛ ‘Yiw.’ Wɔ asram du akyi no, wɔbɔɔ me asu.”

Mats de mfe asia traa Sweden kusuu fam a ɛbɛn beae a wɔfrɛ no borɔfo mu sɛ Arctic Circle de yɛɛ akwampae adwuma no. Na ɔte nka dɛn wɔ bere nyinaa som adwuma ne asɛmpatrɛw adwuma no ho? “Minnyaa adwene da sɛ megyae. Mede me ho koraa sɛ metu akɔ baabiara wɔ wiase no mu. Ɛnyɛ nwonwa sɛ mibisaa kwan sɛ mɛkɔ Gilead Sukuu.”

Wɔn Botae a Ɛyɛ Biako

Terry ne Lori yɛ awarefo a wofi United States. Wɔyɛ nhwɛso a ɛkyerɛ sɛnea ɛsono mmeae ahorow a Gilead Adesuafo a wɔto so 82 no fi. Terry suaa nokware no wɔ ne mmerenteberem bere a ne yɔnko dwumayeni dii no adanse wɔ adwuma mu no. Nea ɛne eyi bɔ abira no, Lori gyina hɔ ma Adansefo awo ntoatoaso anan a wofi n’abusua mu no. Ebia ɔka nkate a adesuafo no wɔ wɔ asɛmpatrɛwfo adwuma no ho botae biako no ho asɛm tiawa sɛ: “Migye di sɛ ɛha ne beae a Yehowa pɛ sɛ yɛtra.”

Adesuafo no mu biara som Onyankopɔn koro no ara a ɔne Yehowa no. Wɔn mu biara nya mfaso ahorow fi akwankyerɛ a Yehowa Asɛm ne n’ahyɛde de ma no mu. Mprempren wɔn nyinaa pene so sɛ wɔbɛkɔ asase ano nohɔ ma wɔakɔka Ahenni no ho asɛmpa no.​—Yesaia 6:8; Mateo 24:14.

[Pictures on page 28, 29]

Alvin Taylor sɛ́ nsɛmmɔnedifo kuw bi muni (wɔ atifi benkum so) ne afei sɛ asɛmpatrɛw adwuma sukuuni mprempren (wɔ anim) ne ne yere Betty ne Martin ne Elvira Evans

Wɔkɔ Gilead Sukuu no wɔ ɔdan yi mu wɔ Brooklyn, New York

[Kratafa 30 mfoni]

Terry (nifa so) ne Lori (mfinimfini) Gish te ɔpon a edi kan no ho resua ade, ne Heikki ne Anne Soumalainen (akyi wɔ nifa so)

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena