Yafunu A Wotu Gu—Hena Na Ne De Teɛ?
NNURUYƐFO baanu a wɔn ho akokwaw kɛse ka kyerɛ wo sɛ hokwan a wo ba no wɔ sɛ obenya nkwa no yɛ ɔha biara mu 0.1 pɛ. Sɛ wowo no anikan a, obedi dɛm kɛse na obetumi awu wɔ nna kakraa bi akyi. Dɛn na wobɛyɛ? So wobɛma nyinsɛn no atra hɔ saa ara? Anaa wubeyi agu?
Ebia wobete nka sɛ ɛnyɛ ade a ebetumi aba. Nanso ebetumi aba saa, na ɛbaa saa wɔ London wɔ Engiresi Aburokyiri. Nea ɛyɛ anigye no, ayaresabea no gyinaa awofo no gyinaesi a ɛkyerɛ sɛ wɔbɛma nyinsɛn no atra hɔ no akyi. Agya no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Wɔanka ankyerɛ yɛn wɔ bere biara mu sɛ ɛsɛ sɛ yeyi nyinsɛn no gu.” Mprempren wɔwɔ ɔbabarima a wɔwoo no no na onni dɛm a ɛyɛ soronko biara.
Nnuruyɛfo no mu biako kae sɛ: “Yɛn ani agye ankasa,” na ɔde kaa ho sɛ: “Nea ɛyɛ asɛnnennen ne sɛ abɔde mu nyansahu mu ade biara nni hɔ a wobetumi ahu no pɛpɛɛpɛ.” Ampa, nanso oduruyɛfo (anaasɛ ɔwofo) bi nsusuwii a ɛnteɛ no yɛ yafunu a wotu gu ho nsɛnnennen no mu biako pɛ.
Ntease Ahorow a Ɛne Ne Ho Bɔ Abira
Aduruyɛ ne abrabɔ ho nsɛm a wɔde kyerɛ sɛ wɔpene yafunu a wotu gu so anaasɛ dabi no yɛ nea egyina nkate so. Afanu no nyinaa mu nhyɛso akuw horow de koma pa ka nsɛm kyerɛ sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛte wɔn nka na woate wɔn ase na akyinnyegye no mu taa yɛ den. Hena na ne de teɛ?
Ɛda adi sɛ awofo a yɛadi kan aka wɔn ho asɛm no sii gyinae a ɛteɛ. Nanso sɛ anka nea nnuruyɛfo no kae no baa mu nso ɛ? Wɔ tebea a ɛte saa mu no, so anka ɛrenyɛ nea ɛteɛ sɛ ɛna no beyi nyinsɛn no agu?
Sɛ ɛyɛ den anaasɛ worentumi mma saa asemmisa no ho mmuae a, ɛnyɛ wo nkutoo. Nanso, nnyinasosɛm ahorow a ɛde akwankyerɛ ma wɔ hɔ a ebetumi aboa yɛn sɛnea yebehu no. Nanso di kan susuw sɛnea yafunu a wotu gu no yɛ asɛnkɛse wɔ wiase nyinaa no ho.