Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g87 9/8 kr. 27-30
  • Sraadi A Eye A Mihui

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sraadi A Eye A Mihui
  • Nyan!—1987
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Me Mmofraase Ntetee
  • Bere a Edi Kan a Mekaa Asraafo Asetra Hwɛe
  • France Amannɔne Asraafo
  • Asetra Foforo Wɔ Asase Foforo bi So
  • Me de Ahwɛyiye Yɛɛ Ade
  • Sraadi a Eye No!
  • Mitumi De Me Ho Too Yehowa So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Mmɔden A Mabɔ Sɛ Mɛyɛ “Odwumayɛni A Enhia Sɛ Ɔfɛre”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Minyaa Nokware Ahonyade wɔ Australia
    Nyan!—1994
  • Nneɛma a Mekae sɛ Sraadi Abakɔsɛm Kyerɛwfo
    Nyan!—1993
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1987
g87 9/8 kr. 27-30

Sraadi A Eye A Mihui

NÁ ƐYƐ 1944 wɔ wiase nyinaa ko a ɛto so abien no mu. Sɛ Germanni a Germany atamfo afa no dommum no, ɔpɛ a na mewɔ sɛ meguan no nyinii kosii sɛ egyee m’adwene nyinaa. Ná biribi foforo biara ho nhia me bio. Ɛno nti na me ne me mfɛfo nneduafo 13 huru fii keteke a ɛde ɔhare rekɔ mu wɔ baabi a ɛbɛn Spanish Morocco hye so mu no.

Nea ɛyɛ nwonwa no, wɔ yɛn ho a etwitwii kɛse akyi no, yɛn nyinaa nyaa nkwa. Nanso yɛn ahofadi no ankyɛ. Nnanan akyi no, Arabfo anhweatam so polisifo a wɔtete apɔnkɔ so bɛkyeree yɛn. Nanso ahofadi ho ɔpɛ no mu kɔɔ so yɛɛ den. Na ebegye nea ɛsen honam a atwitwi, kyere a wɔsan kyeree me no ho aniwu, ne asotwe a ano yɛ den na atumi akum ano.

Asram pii twaam, na na yɛyɛ nneduafo wɔ Casablanca. Yɛfaa guan a yebeguan ho adwene foforo. Saa bere yi de, yɛde animia tuu tokuru bi a ne tenten yɛ anammɔn 65. Egyee asram abiɛsa adwumadenyɛ, nanso awiei koraa no anadwo a yɛde beguan no dui. Bio, yɛn nyinaa tumi guanee!

Yenyaa berɛ tiaa mu ahofadi foforo bi a na ɛte sɛ nea anidaso wom, nanso wɔkyeree yɛn wo nna kakraa bi akyi. Saa bere yi na yɛn asotwe no yɛ afoforo ho a woyii yɛn fii na wɔde yɛn kɔtoo afiase soronko bi mu ɔsram biako a adwumaden ka ho. Ɛno akyi no woyii yɛn kɔɔ afiase a afoforo wom mu.

Ná madi mfe 19 pɛ, na saa osuahu ahorow yi kaa me wɔ ɔkwan a ɛtra hɔ kyɛ so. Saa bere no mu no na migye di yiye sɛ mewɔ sraadi a eye no mu, na ɛno maa mmɔden a mebɔe no nyinaa yɛɛ te sɛ nea ɛfata.

Me Mmofraase Ntetee

Wɔwoo me wɔ September 1925 mu, wɔ baabi a ɛbɛn Bremen wɔ Germany atifi fam. Ná me papa yɛ obi a onim bɔɔlbɔ, asuguare, ne sukyerɛmma so nantew yiye, enti minyinii no na m’ani gye agumadi ho yiye. Nanso na mepɛ akenkan nso. Sɛ edu Buronya, ayi, anaa da titiriw bi nkutoo a na na m’awofo kɔ asɔre. Sɛ mekɔ asɔre a me ho dwiriw me wɔ nnipa dodow a wɔda bere a ɔsɔfo no rekasa no ho.

Bere a merenyin no, na mekenkan abaninsɛm ho nhoma na m’ani gyei sɛ mesua aman afoforo ho ade. Mekae sɛ mekenkanee nhoma bi a na ɛka Torres Strait​—ɛpo kɛse bi a ɛda Papua New Guinea ne Australia ntam no ho asɛm. Saa asase fã a ɛwɔ akyirikyiri na ɛyɛ nwonwa yi ho asɛm maa m’ani gyei, na na mewɔ anidaso bi sɛ dabi mɛkɔ akɔsra saa beae yi.

Ná yɛwɔ nhoma a ɛka wiase nneɛma nyinaa ho nsɛm no bi, na wɔ eyi mu na mekenkan wiase som ahorow ne wɔn anyame a ɛsonosono wɔn nyinaa no ho asɛm. Na ɛtɔ bere bi a, midwen ho sɛ ebia wɔ eyinom nyinaa mu no nokware Nyankopɔn bi wɔ hɔ anaa. Ná me papa taa nya krataa bi a wɔfrɛ no Der Sturmer a wɔde fa post office. Edin Yehowa a na wɔde di dwuma wɔ Bible mu nsɛm a na wɔafa aka asɛm wom mu no yɛɛ me nwonwa. Papa kyerɛkyerɛɛ mu sɛ na eyi ne Yudafo Nyankopɔn no din. Ná makenkan tete anyame te sɛ Odin, Thor, ne Frigga, ne Hindufo anyame Siva, Vishnu, ne Brahma ho ade, nanso na minhyiaa edin Yehowa no da.

Bere a Edi Kan a Mekaa Asraafo Asetra Hwɛe

Bere a merenyin wɔ Hitler nniso ase no, mebɛyɛɛ Hitler Mmerante kuw no muni. Ebeduu 1939 no na Wiase Ko II afi ase, na ɛwom sɛ na madi mfe 14 pɛ de, nanso wɔtetee me maa akodi. Ankyɛ na atopae a wofi soro totow no bɛyɛɛ ade a yehu da biara. Ɛbere bi, ɔtopae a ɛredɛw a ɛfaa yɛn dan suhyɛ no mu bɛtɔɔ me mpa ho pɛɛ no maa mebɔɔ piriw nyanee. Mede anhwea a wɔde agu kotoku mu dum no na ɛdenam saa kwan no so no, mekoraa yɛn dan no so.

Wɔ 1943 mu no, mekɔdɔm asraafo kuw bi na wɔde me kɔɔ France sɛ wɔnkɔtete me. Wɔ mfitiase ntetee no akyi no wɔde me kɔɔ akono wɔ Nettuno ne Anzio wɔ Italy. Aboba hwirow me nan mu, na medaa ayaresabea adapɛn asia wɔ Bologna. Mesan bɛtoaa adwuma so na ɛno akyi bere tiaa bi no, wɔfaa me dommum wɔ Siena wɔ Italy.

Ɛyɛ bere a na keteke de yɛn rekɔ French Morocco no na me ne me mfɛfo 13 no bɔɔ mmɔden sɛ yebeguan nea edi kan no. Wɔsan kyeree yɛn no akyi no, wɔde yɛn kɔɔ ɔko-mu-nneduafo atrae bi a ɛwɔ High Atlas mmepɔw a ɛbɛn Sahara Anhweatam no so. Ɛhɔ na misuaa sɛnea wɔde dɔte ne sare ne nsu a wɔde afra yɛ ntayaa. Akyiri yi woyii yɛn kɔɔ Casablanca afiase bi mu. Ɛhɔ na yɛbɔɔ mmɔden a ɛto so abien sɛ yebeguan ma enti yetuu tokuru no.

France Amannɔne Asraafo

Ɛwom sɛ ɔko no baa awiei wɔ 1945 mu de, nanso yɛkɔɔ so yɛɛ nneduafo wɔ Morocco. Wɔ 1947 mu no, wɔde yɛn kɔɔ France, faako a meyɛɛ deduani kosii 1948 mu. Na m’adwuma a edi kan wɔ bere a wogyaee me no akyi ne sɛ na mibu nnua a wɔde pae ntaboo wɔ Pyrenees. Nanso, wɔ 1950 mu no, medɔm France Amannɔne Asraafo a wɔko tia komunism no. Nea edi kan no, wɔde me kɔɔ Sidi-bel-Abbès a ɛwɔ Algeria na akyiri yi mekɔɔ Philippeville kɔko boaa Franse asraafo.

Akyiri yi hurae bɔɔ me araa ma asraafo nnuruyɛfo kae sɛ mewu. Metee apɔw nanso wɔkae sɛ merentumi nyɛ adwuma bio. Nea ɛyɛ anigye no na adu sɛ mikogye m’ahome a ebegye nna pii, enti mekae sɛ wɔnsan mfa me nkɔ Africa Atifi Fam.

Bere a mewɔ hɔ no, misusuw aguan foforo ho nanso saa bere yi na ɛyɛ me nkutoo. Mihui sɛ wɔ nnipa bɛyɛ ɔha biara a woguan mu no, wɔsan kyere mu 99. Enti meyɛɛ m’aguan nhyehyɛe no yiye. Mebɔɔ mmɔden koduu Lyautey Po so Hyɛn Gyinabea hɔ na meforoo hyɛn bi a ɛde akwantufo kɔ Germany, Bere a yɛnam po so a yɛn ani kyerɛ Germany no de, na mewɔ ahobammɔ.

Mibeduu Germany no, m’ani gyei sɛ me ne m’abusuafo asan abom bio wɔ mfe du akyi. M’adamfo bi a me ne no kɔɔ sukuu hwehwɛɛ Britania asraafo kuw bi a Germanfo na wɔwɔ mu no, mu kwan maa me, na ɛno bɛyɛɛ sraadi a ɛto so abiɛsa a mede me ho ahyem. Ná akatua no ye, nanso na sraadi refono me kɛse.

Asetra Foforo Wɔ Asase Foforo bi So

Minyaa hokwan sɛ metu akɔtra Canada anaa Australia. Mepaw Australia na wɔ June 1955 mu no, miduu Sidney a ɛne New South Wales ahenkurow no mu. Metee sɛ menya adwuma ayɛ wɔ faako a wɔregye nsu mu ban na ama wɔanya anyinam ahoɔden ne nsu a wɔde bɛgugu nneɛma a wɔaduadua so wɔ Snowy Mmepɔw no so wɔ Sidney kusuu fam bɛyɛ akwansin 300 no. Na minim sɛ eyi yɛ adwuma a ebegye ahoɔden, nanso na akatua no ye, na metee sɛ Germanfo ne Europafo atubrafo afoforo pii yɛ adwuma wɔ hɔ.

Efi ɔko no mu no, na minsusuw ɔsom ho pii biara. Esiane nea mihui wɔ ako no mu nti, na mahaw wɔ ho. Ná mentee Yehowa Adansefo nka da, nanso na me yɔnko dwumayɛni bi a na ose ɔyɛ ɔdansefo taa ka wiase haw ahorow no ano aduru ho asɛm kyerɛ me, na na ntease wɔ nea aka no mu. Nanso ɛno akyi bere tiaa bi no, ɔsan kɔɔ Sidney, na me ne no ntam tewee.

Ɛbɛyɛ saa bere yi ara mu na mihyiaa Christa, na mewaree no. Mekaa nneɛma a na Ɔdansefo no aka akyerɛ me no ho asɛm kyerɛɛ me yere, na n’ani gyee nea ɔtee no ho. Enti wɔ Sidney nsrahwɛ bi mu no, mehwehwɛɛ no. Ɛwom sɛ ɔyɛ Germanni de, nanso na otumi kenkan Engiresi kasa no yiye na ɔmaa yɛn nhoma bi a ɛwɔ Engiresi kasa mu a ɛne From Paradise Lost to Paradise Regained. Esiane sɛ na me ne Christa baanu nyinaa da so resua Engiresi kasa no nti, na yɛnte nea nhoma no ka nyinaa ase, ɛwom sɛ na yɛnam mfonini ahorow no so te pii ase de.

Bere a ɔdansefo no ka kyerɛɛ yɛn sɛ yebenya nhoma no bi wɔ German kasa mu no, dapɛn awiei bi a nsu retɔ no yɛyɛɛ ntɛm kɔɔ Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea a ɛwɔ Australia wo Strathfield. Yɛn nsa kaa nhoma no bi wɔ hɔ, na mekenkan no anadwo mũ no nyinaa wiei. Yɛsan kɔɔ nhyiam bi ase wɔ Strathfield Ahenni Asa so. Ná obiara wɔ adamfofa su, na ɛyɛɛ yɛn sɛ ɛyɛ nokware nnamfo ankasa, na ɛnyɛ nea wɔahyɛ da ayɛ wɔn ho saa. Yefii nhyiam no ase kɔe a na Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma pii ne nhoma afoforo a ɛwɔ German kasa mu ayɛ yɛn bag mu ma.

Me de Ahwɛyiye Yɛɛ Ade

Ɛwom sɛ na nea yɛresua no yɛ nsɛm a ɛyɛ nwonwa de, nanso mehwɛɛ yiye sɛ meremfa biribi nkyekyere me ho wɔ ɔkwan biara so. Nea enti a na eyi te saa no fã bi fi me maame osuahu a onyae wɔ ne som ho no mu no. Wɔ 1936 mu no, ogyaee Lutheran Asɔre efisɛ nea ɔtee na ohui sɛ wɔyɛ no buu n’abaw mu. Nanso wannyaw ne gyidi wɔ Onyankopɔn mu no mu na na ɔtaa ka ho asɛm kyerɛ me.

Afei bere a mekɔyɛɛ ɔsraani wɔ 1943 mu no, na ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa kɔ asɔre kotie ɔkasa a ɔsɔfo bi mae no, ɔmaa yɛn awerɛhyem sɛ, sɛ yewu wɔ ɔko mu a, yɛbɛkɔ ɔsoro ntɛm ara akɔka tete akokodurufo no nyinaa ho. Akyiri yi wɔ ɛkã ne ntokuru ahorow mu no, mihui sɛ asraafo no pii wɔ mmeamudua a wɔde rebɔ wɔn ho ban. Na me hokafo bi a aboba kaa no ma owui wɔ me nkyɛn pɛɛ no wɔ bi. Bere a midii me ho so akyi no, nea midii kan susuw ho ne sɛ: ‘Dɛn na mmeamudua no yɛ maa no?’

Bere a mihui sɛ ɔko-mu-nneduafo a Engiresifo akyere wɔn no nso wo mmeamudua ahorow no, me ho dwiriw me. Misusuwii sɛ: ‘Sɛ eyi ne Kristosom a, ɛnde na Kristosom nyɛ ɔsom a mepɛ.’ Ɛdɛn, mmarima a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo wɔ afãnu no nyinaa​—na wokunkum wɔn ho wɔn ho!

Bere foforo a mihuu ɔsɔfo no, mibisaa no eyi ho asɛm. Ɔkae sɛ, sɛ ɔko rekɔ so a ɛsɛ sɛ woko ma wo man, nanso sɛ ɔko no twam a ɛsɛ sɛ obiara san kɔ n’asɔre mu. Ná eyi ara dɔɔso ma me! Midwenee ho sɛ: ‘Biribi atõtõ kɛse.’ Afei metee nea enti a Mama gyaee n’asɔre no ase.

Enti na ntease wom sɛ mɛhwɛ yiye. Nanso ankyɛ na migye dii sɛ nokware nkrasɛm a ɛwɔ Bible mu no yɛ soronko. Asɔreasɔre no nyaatwom adeyɛ no nyɛ nea Bible kyerɛkyerɛ. Afei na mitumi hu nea enti a basabasayɛ ne haw pii wɔ asase so no. Na m’ani gyei sɛ mihuu onii a Yehowa yɛ no. Ɔne nokware Nyankopɔn no wɔ afoforo nyinaa mu, ɔnyɛ Yudafo nko de sɛnea na me papa aka no.

Afei nso, mihuu faako a Kristo Yesu ba mu no. Ɔne Yehowa Ba a ɔdɔ no no, na Yehowa somaa no baa asase so sɛ ɔmmɛkyerɛ yɛn nea yɛnyɛ na ɔmfa agyede mma sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi anya daa nkwa. Mihui sɛ Onyankopɔn Ahenni no bɛma asase ayɛ paradise na, nea ɛka ho no, ama atra hɔ daa.

Sraadi a Eye No!

Ankyɛ na yehui sɛ, sɛ yebetumi akɔ Kristofo nhyiam daa a, ɛsɛ sɛ yegyae dapɛn awiei akwantu a yɛde kogye yɛn ani no, anaasɛ ɛsɛ sɛ yetwa so. Ná me haw biako nso ne sigaret a menom no pii no. Wɔ mfe 16 mu no, na menom sigaret 40 kosi 60 da biara, na ɛtɔ da bi a tawa ne abua nso. Bere a wɔdaa no adi kyerɛɛ me sɛ ɔhonam a wogu ho fĩ wɔ ɔkwan a ɛte sɛɛ so no nsɔ Onyankopɔn ani no, mede da koro gyaee saa afĩde no yɛ.

Wɔ February 1963 mu no, mene Christa de nsu mu asubɔ yɛɛ yɛn ho so a yɛahyira ama Yehowa no ho sɛnkyerɛnne. Ɛno akyi bere tiaa bi no, yefii bere nyinaa som adwuma ase sɛ akwampaefo, na wɔ January 1965 mu no, wɔpaw yɛn sɛ ɔkwampaefo atitiriw. Afei de na mayɛ ɔsraani wɔ Yehowa “asraafo” mu.

Wɔ 1967 mu no yɛkɔɔ Papua New Guinea, na yedii kan somee wɔ Port Moresby ne akyiri yi wɔ Poppendetta. Yɛsan kɔɔ Australia kodii bere tiaa bi na afei wɔ 1970 mu no, yɛsan kɔɔ Papua New Guinea, faako a yɛsomee kosii September 1971 mu no. Wɔ mmeae a yɛyɛɛ adwuma wɔ hɔ no biako mu no, yɛboae ma wosii Ahenni Asa abien, na yɛboaa pii ma wosuaa nokware no. Yɛde ɔkorow tuu kwan kɔɔ mmeae ahorow pii​—a na motor bɔ ho. Wɔ mfe abiɛsa ne fã mu no nnipa a yɛboaa wɔn no mu 29 bɔɔ asu.

Atiridii bɔɔ yɛn baanu nyinaa. Metɔɔ mum nnɔnhwerew 48 na na wɔnhwɛ kwan sɛ mɛtra ase. Awiei koraa no, wɔ 1981 mu no, yesii gyinae sɛ yɛbɛsan akɔ Australia, faako a yɛtoaa so somee sɛ akwampaefo atitiriw wɔ Brisbane ne akyiri yi wɔ Cairns, wɔ Queensland atifi fam no. Mprempren yɛresom wɔ Thursday Island wɔ Torres Strait no mu, wɔ Australia atifi fam hɔ baabi. Ɛyɛ saa beae a ɛwɔ akyirikyiri no na mekenkanee ho asɛm bere a na meyɛ abofra no, na na minnye nni ankasa sɛ mɛkɔ hɔ da bi.

Sɛ yetwa yɛn ani hwɛ yɛn akyi wɔ mfe 23 a yɛde ayɛ akwampae adwuma no a, yennuu yɛn ho da sɛ yɛdɔm saa “asraafo” yi. Yɛn koma ani gye sɛ yɛatumi aboa nnipa bɛyɛ 60 ma wɔahyira wɔn nkwa so ama Yehowa Nyankopɔn. Yenya anigye pii wɔ bere nyinaa asɛnka adwuma no mu na yɛhyɛ afoforo nkuran bere nyinaa sɛ wɔmfa wɔn ho nhyɛ saa adwuma a nhyira wom yi mu.

Meda Yehowa ase daa sɛ, wɔ bere a masom wɔ aman ahorow abiɛsa asraafo mu, na adi me huammɔ pii ne wu a anka miwu mpɛn pii akyi no, mitumi de me ho hyɛɛ ne nkonimdi sraadi no mu sɛ Kristo Yesu sraani. (2 Timoteo 2:3) Yiw, awiei koraa no mihuu sraadi a eye no na mebɔ mpae sɛ mɛkɔ so asom nokwaredi mu sɛ ɔkofo daa.​—Sɛnea Seigmar Soostmeyer ka kyerɛe.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 28]

Ɔtopae bi a ɛredɛw a ɛfaa yɛn dan suhyɛ mu no maa mebɔɔ piriw nyanee

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 29]

Mmarima a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo wɔ afãnu no nyinaa​—na wokunkum wɔn ho wɔn ho!

[Kratafa 27 mfoni]

Bere a na mesom wɔ Franse Amannɔne Asraafo mu no

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena