Bible No Adwene
So Gyidi Hunu Rentumi Mpira?
BERE bi a asuafo a wosua adwene ho nimdeɛ ho ade de antweri twerii ɔfasu bi ho wɔ London borɔn bi a nnipa fa so pii so no, ɛyɛɛ asɛnnennen maa wɔn a woretwam no: fa ɔkwan no so na wura antweri no ase, anaasɛ fi ɔkwan no so na kwati antweri no. Nnipa a wɔnam fam no du biara mu baason kwatii antweri no.
Nokwarem no, nnipa pii wɔ hɔ a sɛ wobisa wɔn yiye a, wobegye atom sɛ wɔwɔ gyidi hunu biako anaa abien bi a wɔn ani gye ho. Na wo nso ɛ? Sɛ ɛtɔ da bi a so wote nka sɛ ɛsɛ sɛ wode twɛre bɔ dua mu, woka wo nsateaa to so, anaa wotow nkyene fa wo mmati so? Sɛ saa a, so woagyina asusuw ho da sɛ dɛn nti na ɛte saa?
Ebinom mmu gyidi hunu sɛ ɛyɛ aniberesɛm biara. Sɛnea ɔkyerɛwfo Robertson Davies kyerɛkyerɛ mu no: “Wakasa tia nsusuwii nhwehwɛmu, nneɛma a etu fa wim a wonhu ne suban (UFO’s) , anwonwa kwan so ayaresa, asetra yi akyi ho nsusuwii . . . nanso gyidi hunu de wodi ho yaw ara kwa.”
Afoforo nso bu gyidi hunu ade ketewaa bi, nea ɛnyɛ aniberesɛm koraa. Gyidi hunu ho nhoma biako bi se: “Momma yɛmfa no saa ara mfa nnyigye yɛn ani.” Saa na nnipa pii yɛ no. Wosusuw sɛ, ‘Sɛ ɛmfa adepa mma a, anyɛ yiye koraa no, empira nso.’ Nanso so ɛte saa?
Empira Anaasɛ Epira?
Dr. Alan Dundes a ɔyɛ atetesɛm ho akyerɛkyerɛfo wɔ sukuupɔn bi mu no se: “Nneyɛe biara nni ho a enni ntease bi. Sɛ amanne bi nkyerɛ hwee wɔ sɛnea nkurɔfo susuw nneɛma ho no mu a anka worenni akyi.’ Nhwehwɛmufo se gyidi hunu yɛ “mfɛnsere a wɔnam mu hu nkurɔfo nsusuwii mu.” Enti dɛn nti na yemmue saa “mfɛnsere” no na yenhu adwene horow a ɛwɔ akyiri no? Adwene ho nimdefo Edward Hornick se “gyidi hunu yɛ asetra mu nnyinaso pa no mu biako.” Nanso so wunnye ntom sɛ nnyinaso biara ye a eye no gyina fapem ko a ɛwɔ no so? Sɛ nhwɛso no, akongua a esi wo mukaase fam hɔ no yɛ nnyinaso pa a empira. Nanso sɛ akongua no si anhwea a emu yɛ mmerɛw so a wobɛtra so? Dabida.
Saa nokwasɛm no fa gyidi hunu, “asetra mu nnyinaso pa” no ho. Ne nnyinaso ne dɛn? So egyina Bible nkyerɛkyerɛ a emu yɛ den so, anaasɛ ebia egyina atoro nyamesom nkyerɛkyerɛ a ɛte sɛ anhwea a emu yɛ mmerɛw so?
Ebia wubesusuw sɛ, ‘Ɛno de ɛmfa ho koraa. Ɔkwan bɛn so na antweri a obi kwati, twɛre a wɔde bɔ duam, anaa amanne a ɛtete saa no betumi ayɛ nea ɛne nyamesom gyidi ahorow wɔ biribi yɛ?’ Nanso, twaka bi da wɔn ntam. Fa antweri ho gyidi hunu no sɛ nhwɛso.
Ɛtɔ bere bi a na nyansa wom sɛ wobekwati antweri na adwinnade bi a ɛrefi atɔ fam no anka wo, nanso so ɛnyɛ nokware sɛ sɛ antweri bi nyɛ nea ebetumi de asiane aba mpo a, nnipa binom kwati ara sɛnea ɛbɛyɛ a wobekwati “ti bɔne”? Dɛn so na saa amanne no gyina? Wiɛ, antweri a ɛtwere ɔfasu ho no twa ahinasa. Encyclopaedia of Superstitions kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Na ahinasa ayɛ Baasakoro sɛnkyerɛnne bere nyinaa.” Enti antweri ase a wubewura no kyerɛ sɛ worebu Baasakoro no animtiaa, wuretiatia asase kronkron so, ne sɛ, sɛnea nhoma koro no ara ka no, wode Wo ho “bɛto ɔbɔnefo no nsam.” Nanso, so Baasakoro yɛ Bible nkyerɛkyerɛ a emu yɛ den?
Nea ɛne no bɔ abira no, Baasakoro nkyerɛkyerɛ no fi tete abosonsom nkyerɛkyerɛ mu. Onyankopɔn Asɛm no pow Baasakoro nsusuwii no. Ɛka sɛ Yehowa yɛ kɛse sen Kristo. (Yohane 14:28; 1 Korintofo 11:3) Enti antweri ho gyidi hunu no gyina atoro nyamesom nsusuwii so. Saa ara na nkyene a wɔtow fa mmatiri so gyidi hunu no nso te.
Nkyene a wɔde kora nneɛma so no bɛyɛɛ nkwa ne siade ho sɛnkyerɛnne. Sɛnea gyidi hunu kyerɛ no, sɛ wuhwie nkyene gu a, ɛsɛ sɛ wopata Ɔbonsam ne adaemone no. Na esiane sɛ bere biara wɔwɔ wo benkum so, adebɔne afã (sinister a wɔkyerɛ ase adebɔne wɔ ha no yɛ Latin asɛmfua a ɛkyerɛ “benkum so”) nti, ɛsɛ sɛ wotow bi fa wo mmati so wɔ benkum. So mpata nkyerɛ wo ho a wode rema? Yiw, ɛno yɛ nea etia Bible kɔkɔbɔ a ɛde ma no: “Munsiw ɔbonsam kwan,” “na momma ɔbonsam kwan,” ne ‘munnyina ne ɔbonsam . . . nni asi.’ (Yakobo 4:7; Efesofo 4:27; 6:1) Enti, saa gyidi yi nso gyina gyidi ahorow a ɛne Bible no bɔ abira so.
Epira—Wɔ Ɔkwan Bɛn So?
Ebia wobɛsɔre atia aka sɛ, ‘Ebia ɛno yɛ nokware, nanso sɛ mikwati antweri anaasɛ metow nkyene gu a, ɛnyɛ sɛ midwen Baasakoro no anaa ɔbonsam ho, na awie sɛ medi wɔn ni. Ɛyɛ su bi ara kɛkɛ. Ɔkwan bɛn so na ebetumi apira me?’ Wɔ saa kwan yi so: Sɛ wunim sɛ amanne ahorow bi a efi gyidi hunu mu gyina atoro so, nanso wokɔ so di amanne a ɛte saa no akyi a, ɛnde na wote sɛ obi a onim sɛ n’akongua si anhwea a emu yɛ mmerɛw so nanso ɔka sɛ: ‘Merennwene anhwea a emu yɛ mmerɛw no ho, enti ɛrempira me,’ na ɔtra akongua no so. (Adiyisɛm 22:15) Ɔda asiane mu, na saa na ebia wo nso wobɛyɛ. Dɛn ntia?
Ebia wubefi ase de wo ho ato gyidi hunu so ara, na bere a wubehu no, na adi w’asetra so. Na esiane sɛ gyidi hunu gyina atoro so nti, ebia nea ɛbɛba ne sɛ wobɛba abɛyɛ “atoro agya” Satan akoa. (Yohane 8:44) Ɛno nso betumi ama woayɛ akoa ama adeyɛ foforo a ɛno nso gyina atoro so—ahonhonsɛmdi.
Ampa, sɛ wanhwɛ no yiye a gyidi hunu bɛyɛ te sɛ nea empira biara, nanso san hwɛ no yiye na wubehu sɛ ɛyɛ nea anyɛ yiye koraa no ɛho nni mfaso na etumi pira nso.