Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g99 11/8 kr. 4-7
  • Gyidihunu Dɛn Nti na Agye Nhini Saa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Gyidihunu Dɛn Nti na Agye Nhini Saa?
  • Nyan!—1999
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mmɔden a Wɔbɔ sɛ Wobegu Gyidihunu Wɔ China
  • Adwene a Ensi Pi
  • Nea Enti a Agye Nhini Saa
  • So Gyidihunu Ahorow Di W’asetra So?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
  • Nyamesom Ne Gyidi Hunu Nnamfo Anaasɛ Atamfo?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
  • So Gyidi Hunu Rentumi Mpira?
    Nyan!—1987
  • Nokware Nyamesom Yi Ehu Fi Hɔ Ɔkwan Bɛn So?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1999
g99 11/8 kr. 4-7

Gyidihunu Dɛn Nti na Agye Nhini Saa?

SƐNEA ebia wunim no, nnipa pii da so ara gye di sɛ, sɛ agyinamoa tuntum twam w’anim a ɛkyerɛ mmusu na ebinom nso suro mpo sɛ wɔbɛfa antweri ase. Nnipa pii nso gye di sɛ Fida biara a ɛto so 13 yɛ da bɔne ma enti enye sɛ saa da no, obi bɛtra abansoro a ɛtɔ so 13 so. Gyidihunu a ɛtete saa abu so ɛwom mpo sɛ ntease biara nnim de.

Susuw ho hwɛ. Dɛn nti na nnipa binom de adanko yɛ suman hyɛ wɔn ho anaasɛ wɔde wɔn nsa bɔ dua mu de kyerɛ sɛ wɔrehwɛ biribi pa bi kwan no? So ɛnyɛ adwene a wokura sɛ nneyɛe a ɛtete saa no bɛma wɔanya biribi pa no nti na wɔyɛ saa? A Dictionary of Superstitions nhoma no ka sɛ: “Obi a ɔde ne ho to gyidihunu so gye di sɛ nneɛma pɔtee bi, mmeae, mmoa, anaasɛ nneyɛe tumi ma esi obi yiye (suman pa) na obi nso ensi no yiye (ti bɔne).”—Hwɛ Galatifo 5:19, 20.

Mmɔden a Wɔbɔ sɛ Wobegu Gyidihunu Wɔ China

Ɛda adi sɛ, wontumi nguu gyidihunu ase nnɛ. Sɛ nhwɛso no, wɔ 1995 mu no, Mmarahyɛ Bagua a ɛwɔ Shanghai no hyɛe sɛ wontwa gyidihunu mu na wommu no sɛ ɔman no abakɔsɛm a ne bere atwam. Ná botae no ne sɛ “ebeyi atetesɛm afi hɔ, asakra ayiyɛ ho amammerɛ ahorow na aboa ma ɔmanfo anya nneɛma a ɛtete saa ho adwene a ɛfata.” Nanso dɛn na afi mu aba?

Sɛnea amanneɛbɔ bi kyerɛ no, nnipa a wɔwɔ Shanghai no ani da so ara gye gyidihunu ho. Nea ɛkyerɛ sɛ wɔmpene mma wontwa Chinafo amammerɛ a ɛne hyew a wɔhyew sika wɔ nananom nna so mu no, obi a na wakɔ nna bi so aba kae sɛ: “Yɛhyew sika yuan ɔpepepem 19 [bɛyɛ sɛ US dɔla ɔpepepem abiɛsa].” Ɔde kaa ho sɛ: “Ɛyɛ yɛn amammerɛ. Ɛma anyame no ani gye.”

Guangming Daily atesɛm krataa a agye din no sii sɛnea mmara a wɔhyɛe no antumi anyɛ adwuma no so dua, na ɛkae sɛ “akɔmfo bɛyɛ ɔpepepem anum na wɔwɔ China bere a wɔn a wɔwɔ nyansahu ne mfiridwuma ho nimdeɛ yɛ ɔpepepem 10 pɛ.” Atesɛm krataa no kae sɛ: “Ɛte sɛ nea nnipadɔm no ani gye akɔmfo no ho.”

The Encyclopedia Americana, Amanaman Ntam de a Wɔyɛe no, ka gyidihunu a agye nhini nnɛ no ho asɛm sɛ: “Wɔ ɔman biara mu no, ɛnyɛ tete amammerɛ ho ban nko na wɔbɔ, na mmom wɔsan kyerɛkyerɛ mu ma no nya asekyerɛ foforo.” The New Encyclopædia Britannica a wɔyɛe nnansa yi ara no ka sɛ: “Wɔ nea wɔfrɛ no anibue mmere, a wogye biribi a adanse wom nkutoo di yi mu mpo no, nnipa kakraa bi na sɛ ɛto nea ɛyɛ den a, wɔrennye ntom sɛ wɔwɔ biribi biako anaa abien a enni nnyinaso anaa gyidihunu bi mu gyidi.”

Adwene a Ensi Pi

Ɛda adi sɛ nnipa pii na wɔn adwene mu yɛ wɔn naa, esiane sɛ wɔmma afoforo nhu nea wɔyɛ no kokoam. Nhoma kyerɛwfo bi ka sɛ nea enti a nkurɔfo mpɛ sɛ wɔbɛka nea wogye di ho asɛm no fi suro a wosuro sɛ afoforo bebu wɔn sɛ wɔyɛ agyimifo no. Enti, ebia nnipa a wɔtete saa no bɛfa amammerɛ a ɛyɛ gyidihunu no sɛ wɔn asetra fa anaasɛ wɔn su. Sɛ nhwɛso no, agumadifo bɛfa amanne a wɔyɛ ansa na wɔafi agumadi ase no sɛ wɔn su.

Nnansa yi ara sɛnkyerɛwfo bi kaa anansesɛm bi a ɛka krataa bi a wɔkyerɛw de kɔmema nkurɔfo pii a na ɛsɛ sɛ obiara a ne nsa bɛka bi no nso de kɔma ɔfoforo no ho asɛm. Mpɛn pii no, wɔka sɛ ebesi nea obetumi de krataa no akɔma obi foforo no yiye, nanso nea wamfa ankɔma ne yɔnko no de mmusu bɛba ne so. Enti krataa no bedii sɛnkyerɛwfo no hɔ a na ɔnhwɛ kwan ma enti nea ɔkae ne sɛ: “Monte ase sɛ ɛnyɛ gyidi bi a mekura nti na mereyɛ eyi. Mepɛ sɛ mekwati mmusu ara kɛkɛ.”

Wɔn a wosua nnipa asetra ho ade ne atetesɛm ho abenfo ka sɛ sɛ obi bɛgye atom sɛ “ne nsusuwii yɛ gyidihunu” no gyina n’ankasa so; wɔmpɛ sɛ wɔbɛka obi suban ho asɛm saa kwan yi so. Wɔn ani gye nsɛm a “emu da hɔ kɛse” na ɛfata te sɛ “nkurɔfo amammerɛ ne wɔn gyidi,” “atetesɛm,” anaa “nsɛm a nkurɔfo agye atom” ho. Dick Hyman kaa no pen wɔ ne nhoma, Lest Ill Luck Befall Thee—Superstitions of the Great and Small mu sɛ: “Te sɛ bɔne ne ɔpakum no, nnipa kakraa bi na wɔka wɔ baguam sɛ wɔpene gyidihunu so, nanso nnipa pii na wɔde wɔn ho hyem.”

Nanso, ɛmfa ho din biara a wode bɛfrɛ no no, gyidihunu da so ara wɔ hɔ. Dɛn nti na eyi te saa wɔ nnɛ a mfiridwuma ne nyansahu anya nkɔanim no?

Nea Enti a Agye Nhini Saa

Ebinom ka sɛ gyidihunu a nnipa bɛgye atom no fata. Ebinom mpo ka sɛ gyidihunu a yɛgye tom no fi awosu. Nanso, nhwehwɛmu ahorow a wɔayɛ nkyerɛ saa. Nokwasɛm no ne sɛ nkurɔfo nam nea wɔde akyerɛkyerɛ wɔn no so na ɛgye biribi di.

Ɔbenfo Stuart A. Vyse kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Te sɛ su afoforo pii no, obi nya su a ɛne gyidihunu no wɔ n’asetram. Wɔamfa su a ɛne sɛ yɛbɛbɔ dua mu de ahwɛ biribi pa bi kwan anwo yɛn; yesuae.” Wɔka sɛ nkurɔfo nya nkonyaayi mu gyidi bere a wɔyɛ mmofra, na ɛno akyi koraa bere a “wɔanyinyin na wɔn adwene mu abue no” ɛma wobenya mu gyidi. Ɛhe na wonya gyidi a ɛtete saa no fi?

Gyidihunu pii bata nyamesom gyidi ahorow a nkurɔfo ani gye ho no ho. Sɛ nhwɛso no, ná gyidihunu yɛ wɔn a wɔtraa Kanaan asase no so ansa na Israelfo no rekɔ hɔ no som fã. Bible no ka sɛ na Kanaanfo no ani gye abosonkɔm, ntafoayi, abayisɛm, ne kaberɛkyerɛ ho, na na wɔkɔ samanfrɛfo ne asumanfo hɔ kobisa afunu.—Deuteronomium 18:9-12.

Ná wonim tete Helafo nso yiye sɛ wɔde gyidihunu abata wɔn som ho. Ná wogye abosonkɔm, asumansɛm, ne ntafoayi di te sɛ Kanaanfo no ara pɛ. Ná Babilonfo hwɛ aboa mmerɛbo mu, a wɔhwɛ kwan sɛ ɛbɛkyerɛ wɔn nea wɔnyɛ. (Hesekiel 21:21) Ná wɔsan nim wɔn yiye wɔ kyakyatow ho, na na wɔhwehwɛ mmoa fi nea Bible frɛ no “siade bosom” no hɔ. (Yesaia 65:11) Wonim wɔn a wɔto kyakya nnɛ no yiye sɛ nnipa a wɔde wɔn ho to gyidihunu so.

Anwonwasɛm ne sɛ, asɔre horow pii ahyɛ kyakyatow ho nkuran ankasa. Nhwɛso biako ne sɛnea Katolek Asɔre no kamfo kyakyatow a wɔfrɛ no bingo no kyerɛ no. Saa ara na ɔbarima bi a n’ani gye kyakyatow ho kae sɛ: “Migye di sɛ Katolek Asɔre no gye tom sɛ [wɔn a wɔto kyakya wɔ gyidihunu mu awerɛhyem paa,] efisɛ daa mmea nkokorafo de wɔn nnaka a wɔde gyigye sika kogyina baabi a wɔresi akan. Ɛbɛyɛ dɛn na Katolekni a ɔte sɛ yɛn mu dodow no ara atumi adi nkonim wɔ kyakya a wɔnam pɔnkɔ amirikatu so tow no mu bere a ɔrempɛ sɛ oyi ntoboa ma ‘ɔbea kokorani’? Enti yebeyi ntoboa. Na da a yebedi nkonim no, yɛde sika pii kyɛ a yegye di sɛ ɛbɛma yɛakɔ so adi nkonim.”

Nhwɛso horow a ɛfata a ɛkyerɛ abusuabɔ a nyamesom ne gyidihunu wɔ no bi ne Buronya ho gyidihunu ahorow no, afahyɛ a Kristoman asɔre no de sii hɔ. Nea ɛka ho ne gyidi a wɔwɔ sɛ sɛ obi few obi ano wɔ nyankonnuru dua ase a ɛbɛkɔ akowie aware mu ne gyidihunu pii a ɛfa Papa Buronya ho no.

Lest Ill Luck Befall Thee nhoma no ka sɛ mmɔden a wɔbɔe sɛ “wobehu nea ebesi daakye” no na ɛde gyidihunu bae. Enti nnɛ, te sɛ nea akɔ so wɔ abakɔsɛm nyinaa mu no, mpapahwekwa ne wiase akannifo nyinaa kɔ akɔmfo ne afoforo a wɔka sɛ wɔwɔ ntafoayi tumi nkyɛn kɔhwehwɛ mmoa. Don’t Sing Before Breakfast, Don’t Sleep in the Moonlight nhoma no kyerɛkyerɛmu sɛ: “Ná ɛsɛ sɛ nnipa gye di sɛ suman ne ntafoayi betumi ayi nneɛma a ɛyɛ hu a ɛwɔ hɔ ne nea ɛbɛba nyinaa afi hɔ.”

Enti gyidihunu a wɔde wɔn ho hyem atumi ama nnipa adi wɔn hu so. Cross Your Fingers, Spit in Your Hat nhoma no ka sɛ: “[Adesamma nyinaa] wɔ ntease biako nti a wɔde wɔn ho to gyidihunu so. Sɛ wɔkɔ tebea bi a ɛboro [wɔn] ahoɔden so—a egyina ‘akrayɛ’ so—mu a, gyidihunu a wɔde [wɔn] ho to so no ma [wɔte] nka sɛ wɔwɔ ahobammɔ.”

Ɛwom sɛ nyansahu ama adesamma asetra atu mpɔn de, nanso wɔda so ara te nka sɛ wonni ahobammɔ. Nokwasɛm ni, ahobammɔ a nnipa te nka sɛ wonni no akɔ soro esiane ɔhaw ahorow a nyansahu de aba no nti. Ɔbenfo Vyse ka sɛ: “Gyidihunu ne tumi a ɛboro nnipa de so a wɔde wɔn ho to so agye nhini wɔ yɛn asetram . . . efisɛ yɛte nka sɛ yenni ahobammɔ koraa wɔ wiase yi mu.” The World Book Encyclopedia de asɛm no baa awiei sɛ: “Ebetumi aba sɛ gyidihunu bɛkɔ so ayɛ asetra mu nneɛma fã mpɛn dodow a nnipa . . . adwene mu yɛ wɔn naa wɔ daakye ho no.”

Asɛm no nyinaa ne sɛ nea ɛma gyidihunu kɔ so no gyina ehu a ɛwɔ adesamma mu ne nyamesom gyidi ahorow a ɛtaa akyi no so. Ɛnde, so yebetumi aka no koraa sɛ gyidihunu so wɔ mfaso, esiane sɛ ɛboa nkurɔfo ma wotumi nya ahotoso nti? So empira? Anaasɛ ɛyɛ biribi a asiane wom a ɛsɛ sɛ yɛkwati?

[Kratafa 5 mfonini]

Akɔmfo bɛyɛ ɔpepem anum na wɔwɔ China nkutoo

[Kratafa 6 mfonini]

Asɔre pii nam bingo kyakya a wɔtow no so ama gyidihunu akɔ so

[Kratafa 7 mfonini]

Buronya amammerɛ te sɛ obi ano a wobɛfew wɔ nyankonnuru dua ase no yɛ gyidihunu ankasa

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena