Nyamesom Ne Gyidi Hunu Nnamfo Anaasɛ Atamfo?
MEMENEDA, June 11, 1983 no, na wotumi hu nkuraasefo a wɔte Indonesia supɔw a ɛne Java so no sɛ wɔretu mmirika akɔ wɔn afie mu na na wɔde ahopere resiw ntokuru a ɛwowɔ nsɛmso, mfɛnsere, ne apon mu no. Dɛn nti na na ehu aka wɔn? Na adekyesae afi ase na na nkuraasefo no suro sɛ ne sunsuma bɛkɔ wɔn adan mu na ama asiane ato wɔn.
Nnipa a wɔwɔ aman a wɔkyerɛ sɛ afei na wɔrenya nkɔso mu no de nyamesom mu kateeyɛ di gyidi a ɛte saa no akyi. Enti, wɔ Afrika mmeae bi no, nkurɔfo kwati sɛ wɔbɛnantew awia mu owigyinae efisɛ “wobetumi abɔ dam.” Wɔmma mmofra nni nkesua efisɛ wosuro sɛ “wɔbɛyɛ awifo.” Awofo renka mmofra dodow a wɔwɔ no nkyerɛ efisɛ “ebia abayifo bɛte sɛ worehoahoa wo ho na wɔafa wɔn mu biako.”—African Primal Religions.
Atɔe Famfo taa serew wɔ nneyɛe a ɛte sɛɛ ho sɛ ɛyɛ ehu a gyidi hunu de ba a wɔda no adi, ade a ‘nimdeɛ a abosonsomfo nni’ de ba. Nanso, ɛnyɛ nnipa a wɔnyɛ Kristofo nkutoo na wɔwɔ gyidi a ɛte saa. Ɔbenfo Wayland Hand a ɔyɛ tete amammerɛ ne Germanfo kasa horow ho nimdefo ka sɛ “wohu wɔ nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa no mu.” Ɛkame ayɛ sɛ ɔne ne yɔnko Ɔbenfo Tally aboaboa gyidi hunu ho nhwɛso ahorow ɔpepem biako ano wɔ United States nkutoo.
Esiane sɛ nnipa pii a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo no pɛ sɛ wohu wɔn awiei nti, wɔde wɔn ho to nsoromma mu hwɛ so—gyidi hunu fã a akyɛ sen fã biara no mu biako. Nea ɛyɛ nwonwa no, ɛtɔ bere bi a nyamesom akannifo gyina gyidi hunu akyi wɔ baguam. Sɛ nhwɛso no, da bi a awɔw wom wɔ New York, wɔ January 10, 1982 mu no, Eastern Greek Orthodox sɔfo Vasilios hwɛɛ Mass bi a wɔbɔe wɔ petee mu de dii Epiphany Afahyɛ no so. New York Post bɔ amanneɛ sɛ ɔtow sika kɔkɔɔ mmeamudua kyenee East River no mu wɔ ɛno akyi na ɔka kyerɛɛ bɛhwɛadefo no sɛ onipa a obedi kan akoyi mmeamudua no bedi yiye wɔ ne nkwa nna a aka no nyinaa mu.
Nanso so Kristofo gyidi horow ne gyidi hunu hyia? Ɔkyerɛwfo bi kae bere bi sɛ: “Gyidi hunu nhwiren apue wɔ gyidi adamoa so.” Ɛnde so ɛnyɛ nea wobɛhwɛ kwan sɛ Kristofo nyamesom bɛko atia ehu a gyidi hunu de ba anaasɛ ebeyi afi hɔ?
Nyamesom—So Eyi Ehu a Gyidi Hunu De Ba Fi Hɔ?
Ɛsɛ sɛ nokware som yɛ saa, na ɛyɛɛ saa wɔ afeha a edi kan no mu. Ɛwom sɛ na Kristofo a wodi kan no te Romafo wiase a gyidi hunu wom no mu de, nanso wɔpow gyidi hunu ahorow. Nanso wɔ Kristo asomafo no wu akyi no, atoro nyamesom nkyerɛkyerɛ a gyidi hunu ahorow ka ho fii ase baa asafo no mu. (1 Timoteo 4:1, 7; Asomafo no Nnwuma 20:30) Sɛnea A History of the Christian Church kyerɛ no, ɛmaa asɔfo kuw a wɔde nneɛma a wɔde di dwuma wɔ nsoromma mu hwɛ mu dii dwuma na wodii gyidi hunu ahorow akyi no bae. Ankyɛ biara wɔtoo nneyɛe a agye din a ɛte saa no din sɛ “Kristosom.”
Nnɛ nso ɛ? Nyamesom da so ara ma gyidi hunu ho amanne horow ho kwan. Susuw Suriname a mpɛn pii wobetumi ahu Afrikafo asefo a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo no sɛ wɔbobɔ sɛbɛ a wɔkyerɛ sɛ wɔde bɔ wɔn ho ban wɔ ahonhommɔne ho wɔ hɔ no ho. Obi kae sɛ: “Saa nnipa yi tra ase, didi, yɛ adwuma na wɔda wɔ ehu mu da biara.” Nnipa ɔpepem pii a wɔwɔ wiase nyinaa no suro awufo “ahonhom” saa ara. Nea ɛyɛ awerɛhow no, nyamesom ama gyidi hunu a ɛte saa no anya nkɔso mpɛn pii.
Fa nea esii wɔ Afrika supɔw a ɛne Madagascar no so sɛ nhwɛso. Bere a Kristoman asɛmpatrɛwfo fii ase kaa wɔn gyidi horow ho asɛm kyerɛe no, Madagascafo no tiei nanso wɔampɛ sɛ wobegyae wɔn tete gyidi ahorow no mu.
Dɛn na asɔre ahorow no yɛe wɔ ho? Daily Nation a ɛyɛ Kenya atesɛm krataa bi no ka sɛ: “Na asɛmpatrɛwfo a wodi kan no wɔ afoforo ho koma na wɔyɛ fakaa na wogyee tebea yi toom.” Dɛn na efii mu bae? Ɛnnɛ, wɔfrɛ Madagascafo fã sɛ wɔyɛ Kristofo. Nanso wɔn nso wosuro wɔn nananom a wɔawuwu “ahonhom!” Enti, wɔtaa to nsa frɛ ɔsɔfo ma obehyira wɔn nana bi nnompe so ansa na wɔasan de no akɔto abusua no adamoa mu. Nanso nyamesom akannifo ama atoro a ɛkyerɛ sɛ wɔnam gyidi hunu nneyɛe so betumi adɛfɛdɛfɛ Onyankopɔn, Ɔbonsam, nananom a wɔawuwu no na wɔama wɔn adanmude no anya nkɔso.
Ɛte saa ara wɔ South Africa, faako a nnipa a wɔwɔ hɔ no mu ɔha biara mu 77 kyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo na nnipa pii kɔ asɔre no. Nanso saa asɔrekɔfo no mu ɔpepem pii da so ara kura Afrikafo tete ɔsom a suro a wosuro nananom a wɔawuwu no ka ho no mu. Enti wɔ aman a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo no pii mu no nyamesom yɛ nkataanim ara kwa. Yi nkataanim no na wubetumi ahu sɛ kan gyidi hunu no da so ara wɔ hɔ na anyin.
Nanso nokware nyamesom yi ehu a gyidi hunu de ba no fi hɔ. Ɔkwan bɛn so? Nea etumi yɛ eyi ne nimdeɛ. Dɛn ho nimdeɛ? Na ɔkwan bɛn so na wubetumi anya?