Antweri a Wode Bedi Dwuma—So Wode Akwankyerɛ Ahorow Yi Yɛ Adwuma?
Efi Nyan! kyerɛwfo a ɔwɔ Ireland hɔ
NA ƐSƐ sɛ Paul de kanea foforo hyɛ nea ɛwɔ wɔn fie anim a ahye no ananmu. Afei nso, na ɛsɛ sɛ ɔpopa abansoro mfɛnsere a ɛhwɛ abɔnten no ho—na ne yere aka eyi ho asɛm akyerɛ no mpɛn pii. Nanso, Paul tuu dwumadi a ɛte saa hyɛɛ da mpɛn pii. Dɛn ntia? Efisɛ na ɛsɛ sɛ ogyina antweri so.
Na ne nsusuwii no fata. Na onim sɛ asiane a ɛwɔ antweri a obi de di dwuma ho no yɛ hu na ebetumi ama obi apira kɛse, anaa adi no awu mpo. Asiane a ɛtete saa taa sisi esiane sɛ nea ɔde antweri no di dwuma no nnim ɔkwampa a ɛsɛ sɛ ɔfa so nti.
Dɛn na na ebehia sɛ Paul yɛ ansa na wafi ase de antweri adi dwuma? Nyansahyɛ du yi na etumi boaa no ma otumi wiee ne dwumadi no.
So Antweri no Yɛ Papa?
1 Ɛsɛ sɛ wunya antweri papa. Sɛ antweri a wugyina so reyɛ adwuma no yɛ tiaa a, ɛbɛma woatwe wo mu dodo. Sɛ ɛware dodo nso a, wuntumi mfa nsi yiye. Mfa antweri a ne nan yɛ anan mforo ɔfasu. Fa antweri a ɛfata anaa nea wɔde tweri ɔfasu di dwuma.
2 Hwɛ hu sɛ w’antweri no te apɔw. So wokora so wɔ abɔnten? Sɛ antweri a wɔde dua ayɛ fɔw a, ɛyɛ kɛse, nanso sɛ ɛwo a, ɛyɛ ketewa. Ɛwɔ hɔ wɔ hɔ a, nnua a wɔde abeabea mu no gogow, na ɛma antweri no nyinaa gow. So nnua a wɔde abeabea mu no apaapae anaasɛ ɛreporɔw? Ɛyɛ a wɔtaa de nkankyee toto nnua a wɔde abeabea antweri no mu no biara ase. So wɔde nkankyee a ɛtete saa no atoto ase yiye? So nkyerewa a wɔde amiamia nnade no mu no awewe nkannare? Wotumi de nnade ne nhama hyehyɛ antweri ahorow bi ho na ama wɔatumi atwe mu ayɛ no tenten. So nnade a ɛtete saa no ma wotumi bae antweri no mu yiye? So ahama a wɔde twe mu no reyɛ mmerɛw na ne tenten no fata? Yɛ nsiesiei biara a ɛfata no ntɛm ara.
Wɔtaa tutu ntokuro wɔ nnade a wɔde beabea antweri no mu no so. Hwɛ sɛ womma dɔte nkɔhyehyɛ ntokuro no biara mu. Ɛsɛ sɛ wode biribi bobɔ antweri biara ase na ampa. Hwɛ hu sɛ nsensanee a ɛwowɔ antweri no anan mu biara da so wɔ hɔ a ɛnwee.
3 Yɛ ahwɛyiye bere a wode antweri rekɔ baabi foforo. Sɛ wode to kar mu a, fa hyɛ ade a ɛfata mu, anaasɛ kyekyere bɔ biribi mu wɔ kar no mu. Ebia antweri a ɛware paa no nkɔ kar no mu, enti ɛsɛ sɛ wode ahyɛnsode bi bɔ ho na ama obi a ɔwɔ kar no akyi atumi ahu.
Sɛ antweri no ware a, ɛyɛ papa sɛ nnipa baanu beso mu. Nanso, sɛ wopɛ sɛ wo nkutoo ma so a, ɛnde eye sɛ wode wo nsa biako bɛhyem de ato wo kɔn ho na wode wo nsa foforo no aboa. Nea ɛbɛyɛ na ankɔpem obi ampira no no, ɛsɛ sɛ woma anim no kɔ soro kakra. Afei nso hwɛ sɛ antweri no mu akyɛ pɛpɛɛpɛ bere a ɛso wo no! Ebinom de antweri a wɔde pira afoforo no yɛ aseresɛm. Nanso, eyi nyɛ aseresɛm ankasa—ɛnkanka sɛ wo na antweri no piraa wo a.
Sɛ wode antweri no to wo kɔn ho a, fa wo nsa biako kura mu na fa biako no nso to so. Yɛ ahwɛyiye wɔ elɛtrik nhama ne ahyɛnsode biara a ɛwɔ kwan mu no ho!
4 Fa antweri no si yiye. Nea ɛbɛyɛ na woanya ahobammɔ no, ɛsɛ sɛ woma kwan a ɛfata te sɛ digrii 75 da antweri no ne ban a ɛtweri no no ntam.
5 Kyekyere antweri no soro na fa ade a emu yɛ duru to ase. Hwɛ hu sɛ wode antweri no ti atweri beae a ɛfata. Hwɛ hu sɛ beae a antweri no ti tweri no fata na ɛnyɛ toro. Mfa antweri nsi ahwehwɛ anaa rɔba so da. Sɛ ebetumi a, ma antweri no ti nkɔ soro bɛyɛ sɛ anammɔn abiɛsa na kyekyere bɔ biribi mu.
Sɛ woreforo antweri no nea edi kan a, ma ɛntra w’adwenem sɛ, wobɛkyekyere soro no abɔ biribi mu. Sɛ wonkyekyeree na wudi kan foro a ɛyɛ asiane na saa ara na asiane wom bere a wasane hama a wode kyekyeree soro no na woresian no. Nea ɛbɛyɛ a wubetumi aforo asan asi a hwee nyɛ wo no, ɛyɛ papa sɛ wobɛma obi aso mu ama wo. Nanso, sɛ antweri no tenten mmoro mita 5 nkutoo a, na wubetumi ayɛ eyi.
Sɛ faako a wode antweri no asi no sian a, fa biribi a emu yɛ duru to ase anaa kyekyere antweri no ase dade no bɔ biribi mu. Sɛ faako a antweri no si no nna so nanso ɛhɔ yɛ den a, tutu hɔ na siesie hɔ ma ɛnna so yiye. Sɛ faako a antweri no si no yɛ mmerɛw a, fa biribi a ɛyɛ den to hɔ na fa antweri no si so.
Sɛ wode antweri a ɛwɔ nan anan redi dwuma a, hwɛ hu sɛ ne nan no nyinaa sisi hɔ yiye, a wabue mu pɛpɛɛpɛ.
Wowɔ Ahobammɔ?
6 Hwehwɛ wo mpaboa ase. Ansa na wobɛforo antweri no, hwɛ hu sɛ nsu biara nni wo mpaboa ase. Popa atɛkyɛ biara a ebetumi ama woawatiriw afi antweri no so ahwe ase.
7 So nneɛma mu yiye. Nea ɛbɛyɛ a wunkura nneɛma pii bere a woreforo antweri no, sɛ ebetumi a, fa nnwinnade a wuhia no gu kotoku mu bɔ w’asen. Hwehwɛ ɔkwan foforo a wobɛfa so aso nneɛma a ɛho nhia pii no mu, na bere a woreforo antweri no, mfa nneɛma pii nkurakura wo nsam mforo na ama woatumi aso antweri no mu yiye. Mpere wo ho, na mmom to wo bo ase na yɛ ahwɛyiye.
Sɛ wode nnwinade a ɛde anyinam ahoɔden na edi dwuma na ɛreyɛ adwuma a, mfa wo nsa abien nyinaa nkura mu. Sɛ nhwɛso no, sɛ wode adwinnade a wɔde tu biribi mu tokuro redi dwuma a, ebetumi agyae adwuma yɛ anaasɛ ebetumi afom dekode no ho ma woahwe ase. Nsɔ nnwinnade a ɛtete saa nsi so; ebetumi afiri atɔ fam bere a ɛda so reyɛ adwuma no.
8 Dwen afoforo ho. Sɛ woreyɛ adwuma wɔ beae a nnipa pii fa a, fa antweri no si baabi a obiara betumi ahu, na sɛ ebetumi a, bɔ ho ban. Kae sɛ ɛnyɛ obiara na obehu bere a wode antweri no rekɔ baabi foforo no. Fa yɛ nsɛnkwaa ka sɛ obiara nhwɛ ne ho yie, na hwɛ sɛ kwan mu da hɔ.
Ɛsɛ sɛ wokae sɛ nkyerewa nketenkete a ɛka wo nnwinnade a wode aforo antweri no ho a ebefi atɔ no mpo betumi apira obi. Sɛ worekɔ baabi kakra na sɛ wunim sɛ antweri no nsi yiye a, ɛsɛ sɛ woma obi gyina ho anaasɛ wode to fam kosi sɛ wobɛba. Nnyaw no hɔ a obiara nnyina ho.
9 Susuw w’akwahosan ho. Esiane sɛ antweri a wɔforo gye ahokeka ne mmɔdenbɔ nti, sɛ wuhu sɛ wonte apɔw anaasɛ woayɛ basaa a, mforo.
10 Ma w’ani nna hɔ bere a woreforo antweri no. Ma w’ani nna hɔ bere nyinaa. Sɛ woforo antweri no a mma obi foforo biara mmforo bi. Mforo bere a mframa rebɔ denneennen no. Sɛ ɛyɛ antweri a ɛwɔ nan anan a, mforo nkogyina n’atifi anaasɛ sɛ ɛyɛ antweri a ɛware a, ntra faako a aka nnade anan ma woadu ne ti no. Sɛ ɛyɛ antweri a wotumi bobɔ a, ɛnsɛ sɛ wotwe mu pii; anyɛ yiye koraa no, ɛsɛ sɛ woma nnade a wɔde abea mu no bɔ so abiɛsa bere nyinaa. Ntwe wo mu pii. Sɛ wotwe wo mu dodo wɔ antweri no so a, wubetumi ate ahwe. Ma antweri no so kosi baabi a ɛfata, sɛ ɛno bɛma adwuma no akyɛ mpo a, sen sɛ wubepira. Sɛ woreforo antweri a, ntwitwa w’ani.
Wɔ ahwɛyiye a wobɛyɛ nyinaa akyi no, asiane betumi ato wo bere a wode antweri redi dwuma no. Ebia nyansahyɛ yi a wode bedi dwuma no bɛboa wo ma woakwati asiane yi mu pii. Nyansahyɛ yi na ɛboaa Paul. Bere a ɔde dii dwuma no, otumi de kanea foforo hyɛɛ nea na ahye a na ɛwɔ wɔn mfikyiri no ananmu. Na mfɛnsere no a na ɛsɛ sɛ ɔpopa mu no nso ɛ? Ebia . . . obetumi ayɛ ɛno akyiri yi!
[Mfonini ahorow wɔ kratafa 22, 23]
1 Ɛsɛ sɛ wunya antweri papa
2 Hwɛ hu sɛ w’antweri no te apɔw
3 Hwɛ yiye bere a wode antweri rekɔ baabi foforo
4 Fa antweri no si yiye
5 Kyekyere antweri no soro na fa ade a emu yɛ duru to ase
6 Hwehwɛ wo mpaboa ase
7 So nneɛma mu yiye
8 Dwen afoforo ho
9 Susuw w’akwahosan ho
10 Ma w’ani nna hɔ bere a woreforo antweri no