Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g87 12/8 kr. 24-27
  • Paapa No Australia Nsrahwɛ No—So Ɛyɛ Akwantu Ara Kwa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Paapa No Australia Nsrahwɛ No—So Ɛyɛ Akwantu Ara Kwa?
  • Nyan!—1987
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Hwɛ, Tie, na Bu Atɛn”
  • “Wɔde Paapa no Anim Popa Wɔn Nsa Ho”
  • Hena na Otuaa Ɛka No?
  • Biakoyɛ​—Wɔ Hena Akwan So?
  • “Ebia Ohia Kasa Kyerɛwfo Foforo”
  • “Asɔre no Abue ne Nsam Ama Mo”
  • Nkrasɛm a Wɔde ma Australiafo
  • So Adepa bi Fii mu Bae?
  • Nea John Paul II Reyɛ—So Obetumi Aka N’asɔre A Emu Apaapae No Abom?
    Nyan!—1980
  • Paapa No—Dɛn Nti Na Wagye Din Saa?
    Nyan!—1984
  • Paapa No Akwantu Ahorow
    Nyan!—1984
  • Paapa Ho Akwantu Ahorow—Dɛn Nti Na Ɛho Hia?
    Nyan!—1984
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1987
g87 12/8 kr. 24-27

Paapa No Australia Nsrahwɛ No​—So Ɛyɛ Akwantu Ara Kwa?

Efi Australia “Nyan!” kyerɛwfo hɔ

WƆ DWODA, November 24, 1986 no, New Zealand Wimhyɛn Adwuma no wimhyɛn bi a wɔfrɛ no Boeing 767 sii fam wɔ Canberra a ɛyɛ Australia kuropɔn no mu. Ná Paapa John Paul II te mu a ɔrebɛsrasra wiase nsasepɔn no mu nea esua sen biara no so sɛ n’aburokyiri nsrahwɛ a ɛware sen biara no fã.

Wɔn a wɔbɛmaa no akwaaba no ne Australia amrado panyin no ne ɔsoafo panyin no ne wɔn yerenom ne nokwarem no, Roman Katolek Asɔre no mu atitiriw pii, efisɛ na eyi yɛ obi a ɔnyɛ nyamesom kannifo nko na mmom ɔmampanyin nso nsrahwɛ.

Wowiee amanne ahorow nyinaa no, John Paul de ne kasa a edi kan no maa Australiafo nyinaa na ɛnyɛ Roman Katolekfo nko. Ofii ase sɛ: “Meba Australiafo nyinaa, nnipa a akyinnye biara nni ho sɛ wɔyɛ koma pafo no nkyɛn sɛ adamfo. . . . Mikyia ɔman mũ no nyinaa: mmofra ne mpanyin, mmerɛwfo ne ahoɔdenfo, wɔn a wogye di ne wɔn a akyinnyegye ahyɛ wɔn koma so nyinaa.”

Sɛ “wɔn a wogye di” no ne Roman Katolekfo a, wɔn a wɔwɔ Australia no dodow reyɛ adu ɔpepem 4​—nnipa dodow no mu ɔha biara mu 25. Na ɛwom sɛ wɔabu Australia sɛ ɔman a wɔmpɛ nyamesom bere tenten ni de, nanso wɔn a wɔkɔ asɔre sɛ Katolekfo wɔ saa asase yi so no dodow kɔ soro sɛnea ɛsɛ. Nokwarem no, Australia Katolekfo no mu ɔha biara mu 35 kosi 38 kɔ Mass daa.

Nanso wɔ eyi nyinaa akyi no, Australia Katolek Asɔre no wɔ ne nsɛnnennen Wɔ 1950 mfe no mu no, adwumayɛ ho nsɛnnennen bi maa asɔre no mu paee, na ɛde kuw ahorow a ebiara wɔ ne yɔnko ho anibɔne bae. Afei nso, nnipa dodow a wɔkɔ Mass no so retew, na asɔfo no dodow so rehuan. Nea ɛka ho no, Katolek asɔremma no mufo pii rebu wɔn ani agu asɔre no nkyerɛkyerɛ a ɛfa awo ano a wosiw, yafunu a wotu gu, ne awaregyae ho no so.

“Hwɛ, Tie, na Bu Atɛn”

Asɛmti a wɔpaw de gyinaa hɔ maa paapa no nsrahwɛ no ne “Kristo ne ɔkwan no, nokware ne nkwa.” Ná eyi yɛ Kyerɛwnsɛm mu asɛmti fɛfɛ, na na pii rehwɛ kwan sɛ paapa no de akwankyerɛ ne nokware bi a ɛfa nsɛnnennen a Katolekfo ne Australiafo nyinaa hyia no ho bɛma. Ná ebinom hwɛ kwan sɛ ɔbɛkasa atia nuklea akode a wɔsɔ hwɛ wɔ Pasifik no​—asɛnnennen a ɛda Australia pon ano pɛɛ. Ná afoforo nso ho pere wɔn sɛ ɔbɛka bi ama Aboriginefo no asase hokwan ahorow no anaasɛ ɔbɛka adwuma mu ntawntawdi ho asɛm na ebia waka mmea hokwan ahorow ho asɛm.

Ná nsrahwɛ no sohwɛfo a ɔne Australiani Ɔsɔfopɔn Brian Walsh a wayɛ ɔsɔfo mfirihyia 30 no wɔ anidaso sɛ wɔbɛka nneɛma bi a ɛho hia ho asɛm wɔ paapa no kasa ahorow no mu. Enti ɔhyɛɛ obiara a akyinnyegyefo mpo ka no nkuran sɛ “hwɛ, tie, na afei bu atɛn.”

“Wɔde Paapa no Anim Popa Wɔn Nsa Ho”

Ná Paapa John Paul akɔ aburokyiri nsrahwɛ bɛboro 30 ansa na ɔreba Australia, na aman 60 ne nea ɛboro saa a ɔkɔe mu no huu nkaede ahorow pii a wɔyeyɛe de dii ɛda no a na wɔwɔ anidaso sɛ ɛbɛma wɔn a wɔyɛe no anya mfaso pii. Ná Australia nso ka ho. Asɔre no bɔɔ mmɔden sɛ ebedi nneɛma a ɛte saa a wɔtɔn no so akodu baabi a wɔwɔ anidaso sɛ “biribi a enye koraa remfi mu mma.” Nanso na eyi yɛ nea ɛho asɛm yɛ den. Sɛ nhwɛso no, Katolekni ɔbea kokorani bi a wonim no yiye kasae dennen faa afahyɛ no tii mpopaho bi ne sɛnea nkurɔfo no “de paapa no anim popaa wɔn nsa ho” no ho. Saa ɔbea kokorani no ara kae nso sɛ: “Fa w’ani bu sɛ wɔde Bepɔw so Asɛnka no rema na nkaede atɔfo no adetɔnfo afoforo, TV mfoninitwafo ne Portaloo [nneɛma ahorow a wɔde siesie wɔn ho] atwa hɔ ahyia.”

Nanso, ɛnyɛ nkaede ahorow, ntere, T-shirt ne nkrataa ahorow no na ɛma wɔkasae pii no. Ɛyɛ ade mũ no nyinaa ho akyigyinafo no. Ná akyigyinafo no biako yɛ beer adwumakuw bi a wɔyɛɛ beer a ɛwɔ nkankyee mu a paapa no kyɛw da ho. Esiane sɛ Australiafo ka wɔn a wɔnom beer kɛse wɔ wiase no ho nti, saa adeyɛ yi maa wonyaa mfaso pii. Nanso ɛde basabasayɛ ne ɔkasatia a ano yɛ den nso bae.

Ná okyigyinafo biako nso yɛ Australia sikatu adwumakuw bi a wonim no yiye sɛ ɛsɔre tia Aboriginefo asase hokwan a ɛyɛ ɔsɛmpɔw a wonim sɛ paapa no gyina akyi denneennen no. Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ wɔkae sɛ saa akyigyina no a wɔpenee so no yɛ nea na wɔnhwɛ kwan. Nokwarem no, ebinom kasae yiye wɔ sɛ ebia okyigyinafo ho hia mpo no ho. Ɔbea kokorani foforo nam nea ɔkae so daa sɛnea ɔmpene so no adi bere a ɔkae sɛ: “Sɛ Yesu reba a, anka obiara rennyina n’akyi. Na anka ɔbɛkasa atia adwumakuw a egyina nneɛma akyi ho adwene no mpo.”

Hena na Otuaa Ɛka No?

Ɛwom sɛ Katolek Asɔre no pii too nsa frɛɛ paapa no de, nanso ɛte sɛ nea ɔsrasra aman a onya nsato fi nniso no anaasɛ ɔmampanyin no hɔ nkutoo. Ná eyi kyerɛ sɛ wɔ Australia nsrahwɛ no mu no, amantam no ne ɔman no nniso ankasa na wɔkyɛɛ ɛka no tuae.

Wɔn a wɔnyɛ Katolekfo binom tee nka sɛ ɛyɛ ntɛnkyea sɛ wɔrema wɔatua ka no bi, titiriw no esiane sɛ ebinom gye dii sɛ ɛnyɛ nea anka wɔrema wɔate Canterbury Ɔsɔfopanyin no nnansa yi nsrahwɛ bi ho asɛm mpo no nti. Nea na ɛhaw ebinom kɛse mpo ne nokwasɛm a ɛyɛ sɛ na wobu ano sɛ ɛka no boro sika a wɔsɛee wɔ Ɔhemmaa Elizabeth II nsrahwɛ bi a na edi anim no ho so mpɛn 12 no.

Biakoyɛ​—Wɔ Hena Akwan So?

Nanso, nea ɛbɛyɛ na asɔfosɛm kakra bi aba nsrahwɛ no mu nti, paapa no kasa kyerɛɛ nyamesom kuw afoforo ananmusifo 14 a wohyiam wɔ Melbourne na ɔyɛɛ asɔre a obiara betumi akɔ ase bi, na ɔhyɛe sɛ wɔmfa wɔn adwene a enhyia wɔ nneɛma ho no nyinaa nto nkyɛn na wɔmmɔ asomdwoe ho mpae no.

Sɛ wɔhwɛ ne nyinaa mu a, Australia Protestantfo yɛɛ wɔn ade nyansa mu ne ɔkwan pa so wɔ paapa no nsrahwɛ wɔ ɔman no mu no mu. Nanso asɔre no mu bi, te sɛ Anglicanfo, Presbyteriafo, ne Baptistfo maa emu daa hɔ sɛ wonnye paapa no ntom sɛ ɔyɛ Kristofo nyinaa ti anaa nea wɔka sɛ na ɔsomafo Petro yɛ Rome ɔsɔfo Panyin no. Wosii so dua sɛ nsɛm a ɛte saa a wɔka no nni nnyinaso wɔ Kyerɛwsɛm anaasɛ asɔre abakɔsɛm mu. Ɔkwan foforo so no, Uniting Asɔre a nnipa pii kɔ bi wɔ Australia no gyee nsrahwɛ no toom na wɔkae sɛ wɔ wɔn asɔre no mu nnipa pii fam no, paapa no yɛ wɔn nso paapa wɔ ɔkwan bi so.

“Ebia Ohia Kasa Kyerɛwfo Foforo”

Ɛda adi sɛ wɔkyerɛw paapa no kasa no nyinaa wɔ Australia na wɔde kɔɔ Rome maa paapa no ankasa kyerɛw kɔɔ Polish kasa mu na wɔ baabi a ohu sɛ ɛho hia no ɔde bi kekaa ho. Ɔfoforo nso kyerɛɛ ase bio kɔɔ Engiresi kasa mu, na Australia ɔsɔfo panyin bi san hwɛɛ nea wɔayɛ no mu. Afei paapa no bobɔɔ kasa ahorow no nyinaa so wɔ nea mprempren ɔyɛ paapa dwumadi ahorow ho ɔkyeame a ɔyɛ Irelandni no anim.

Vatican nsɛnkyerɛwfo adadafo no ate nea paapa no ka wɔ ne kasa ahorow mu no mpɛn pii. Nanso wɔ ne nyinaa akyi no, ɛyɛ den ma sɛnkyerɛwfo a wɔn ho akokwaw no mpo sɛ wɔbɛte ɔkasa no a wɔfrɛ no paapa kasa no yiye. Italy sɛnkyerɛwfo kuw bi kasamafo bi tee nka sɛ mpɛn pii paapa no kasa yɛ nea emu nna hɔ na ɛware dodo. Australia nsɛm ho amanneɛbɔfo bi daa abasamtu adi sɛ na ɔkasa tenten no yɛ nea nokwasɛm a ɛho nhia sɛ wɔka ahyɛ no ma. Sɛnkyerɛwfo foforo rekyerɛw wɔ Sunday Telegraph atesɛm krataa no mu no, ɔkae sɛ: “Ne kasa no yɛ ade dedaw no ara, na mpɛn pii ɛkyerɛ nea wotumi hu dedaw, na ɛtɔ mmere bi a emu yɛ den. . . . Ebia ohia ɔkasa kyerɛwfo foforo . . . Sɛ ne kasa ahorow no ma akyerɛwfo a wɔn ho akokwaw mpo adwenem yɛ wɔn basaa a, ɛnde ɛsɛ sɛ ɛma ɔpapahwekwa bi a ɔrehwehwɛ nneɛma mu nkyerɛkyerɛmu no adwene nyinaa tu fra.”

“Asɔre no Abue ne Nsam Ama Mo”

Nanso, wɔ basaayɛ a nsɛnkyerɛwfo kaa ho asɛm no nyinaa akyi no, na asɔre no wɔ anidaso sɛ kasa ahorow no remma mpapahwekwa a wɔrehwehwɛ nneɛma mu ntease no adwene nyinaa ntu mfra. Ná wɔahyɛ nnipa no nyinaa nkuran sɛ ‘wɔmmra, wɔnhwɛ, na wontie,’ na wɔbae mpempem mu ampa. Dodow a wɔbae a ɛsen biara wɔ beae biako bi no ne nea wobu akontaa sɛ ɛyɛ ɔpepem nkyem anan mu biako wɔ Sydney Randwick Apɔnkɔ Mmirikatubea hɔ no. Wɔ ɔkasa a John Paul mae wɔ hɔ no mu no, ɔde n’adwene sii wɔn a wobu wɔn sɛ Katolekfo a wɔahwe ase no so. Bere a wɔabae ne nsam kɛse no, ɔkae sɛ: “Mepɛ sɛ meka kyerɛ wɔn a wɔafi wɔn honhom mu fie mu rekyinkyin no nyinaa sɛ, Monsan mmra! Asɔre no abue ne nsam ama mo, asɔre no dɔ mo.”

Wɔ honam fam no, ɛda adi sɛ na ɛyɛ akwantu a ɔbrɛ wom ma obi a wadi mfe 66. Sɛ wɔka ne nyinaa bom a, na paapa no atwa akwansin bɛyɛ 6,800 wɔ bɛyɛ dapɛn biako mu na na wakɔ aguabɔ bɛboro 50 ase a Eucharist (Mass) a wɔbɔe amansin nkurow akɛse mu a Darwin ne Alice Springs ka ho ase. Wɔ gyidifo pii fam no, na ɛyɛ nkate mu osuahu kɛse. Ɔbarima bi a ɔwɔ Australia Atɔefam hɔ kae sɛ: “Bere a Paapa no duu [Perth] no na ɛte sɛ bere a Kristo kɔhyɛn Yerusalem no.” Ɔfoforo a ɔwɔ Melbourne no ka faa ba a ɔbaa hɔ no ho sɛ: “Ɔwɔ sɛnea wɔde nipadua kasa a wohu wɔ Indiafo ahintasɛm ahorow mu no bi.” Pii sui wɔ baguam.

Nsrahwɛ so ahwɛfo no ani gyee nnipa pii a wohyiaam no ho titiriw. Wɔn a wɔbaa ase no mu pii ani gyee nnwontofo kuw bi a wɔyɛ 14 a wɔbɔ rock nnwom, asɔre nnwontofo a wɔatete wɔn yiye, atuo 21 a wɔtoto de maa akwaaba, paapa awɛnfo, santen ahorow, ne frankaa ahorow no ho. Na asereseresɛmyifo mpo wɔ hɔ a wɔka sɛ wɔayɛ wɔn ho nhyehyɛe “na ama nkurɔfo aserew.”

Katolek ɔsɔfo bi a ɔyɛ Sydney Sunday Telegraph no sɛnkyerɛwfo nso no kyerɛwee sɛ: “Enti, eyi ne ɔkwan a Paapa kwantuni no nam so rebehyia Australiafo: wɔn a wɔnyɛ Katolekfo ne Katolekfo nyinaa wɔ ahokeka a ɛkɔ ntɛmntɛm mu, wɔ agodi a wɔde fi kurow biako so kɔ afoforo so a ne bo yɛ den mu.” “Paapa no de okunini bi ho guasodeyɛ kɛse na ɛbae sɛ ɔkwantuni.” Sydney Morning Herald no samufo asɛm bi kaa nea na ɛte sɛ “ahwɛde” a wosii so dua no ho asɛm: “Ɛha na wohu Paapa no ɔsato wɔ. Ɛte sɛ nea ahwɛde no ne nkrasɛm no. . . . Asemmisa a ɛhaw obiara adwene no ne sɛ: tumi a ɛwɔ no bɛtra hɔ bere tenten bɛn?”

Nkrasɛm a Wɔde ma Australiafo

Nkrasɛm bɛn na ɛwɔ kasa ahorow (a wɔkyerɛwee wɔ Australia) no mu ma ɔpepem pii a wobetiei no?

Nea Wɔde ma Mmubuafo: Kristo dɔ no betumi adan honam mu sintɔ biara ma abɛyɛ adepa ne nea ɛyɛ fɛ na ebetumi ama obi afata ama nea wɔbɔɔ no sɛ ɔmmɛyɛ no.

Ɛdefa Adwuma a Wonnya Nyɛ Ho: Ɛho hia sɛ amanfo hu sɛ nnipa ho hia sen nneɛma afoforo. Ɛsɛ sɛ nkurɔfo kae bere nyinaa sɛ odwumayeni ho hia kɛse sen mfaso ne mfiri.

Nea Wɔde Maa Nsɛnkyerɛwfo: Ɛsɛ sɛ wohu wɔn asɛyɛde sɛ ɛnyɛ nneɛma bɔne ho amanneɛ nko na ɛsɛ sɛ wɔbɔ na mmom wɔbɛboa ayi afi hɔ, asɛnnennen a ɛne sɛ ɛnyɛ nnepe ho amanneɛbɔ nkutoo na wɔde ma na mmom wɔbɛhyɛ ho nkuran.

Nea Wɔde Maa Aboriginefo: Wɔrentumi nsakra nea wɔayɛ dedaw no. Nsase a wɔagyaw ama Aboriginefo da so ara wɔ hɔ na ehia sɛ wɔkyekye so nkurow no yiye a ɛno na wonnya nyɛe.

John Paul kaa hia a asomdwoe ho hia nso ho asɛm esiane sɛ na 1986 Amanaman Ntam Asomdwoe Afe no rebɛn n’awiei nti. Bere a paapa no rekasa akyerɛ nnipakuw a wɔn dodow boro 30,000 a wɔyɛ mmofra titiriw wɔ Mmofra Afahyɛ bi ase wɔ Sydney no, ɔkae sɛ: “Sɛ mopɛ asomdwoe a, monyɛ atɛntrenee ho adwuma, . . . mommɔ nkwa ho ban, . . . mompae nokware, . . . monyɛ afoforo sɛnea mobɛpɛ sɛ wɔyɛ mo no.”

Wɔ ne kasa a ɔde dii nkra no mu no, ɔhyɛɛ Australiafo sɛ wɔnkae nnipa ko a wɔyɛ ne baabi a wɔrekɔ, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, sɛ ɔman no, wohwɛ sɛ wɔbɛyɛ kɛse. Afei bere a nnwom “Onyankopɔn Nhyira Australia” ne “Ɔnam Kwan so Rekɔ Gundagai” no nenam mu no, John Paul II foroo Qantas wimhyɛn fitaa a ɛho hyerɛn a ɛsan kɔfaa Seychelles Nsupɔw no so de n’ani kyerɛɛ Rome no atrapoe no.

So Adepa bi Fii mu Bae?

Dɛn na efii paapa nsrahwɛ no mu bae? Brisbane atesɛm krataa Courier Mail de baa awiei wɔ ɔkwan a ɛka adwene yi so: “Ayɛ nsrahwɛ a abasow ne nea ɛnsow aba, ahodwiriw ne abasamtuw wɔ mu. . . . Ɛho behia sɛ Australia Katolek asɔre no dwene nneɛma ho yiye. Sɛ Paapa John Paul II a otumi twetwe nkurɔfo kɛse no antumi antwetwe Katolekfo ansan amma asɔredan no mu a, ɛnde ɛte sɛ nea ɛrentumi nyɛ yiye sɛ biribiara a asɔfo mpanyin a wɔwɔ ha no bɛyɛ no bedi nkonim.”

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 26]

“Paapa no de okunini bi ho guasodeyɛ kɛse na ɛbae sɛ ɔkwantuni”

[Kratafa 27 mfoni]

Aboriginefo mmarima too santen fefɛw Paapa John Paul II nsa ho

[Asɛm Fibea]

Reuters/Bettmann Newsphotos

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena