Yɛn Asase Fɛfɛ No—Emu Ahe na Yebegyaw Ama Yɛn Mma?
SƐNEA amanneɛbɔ ahorow a wɔde ama kyerɛ no, mmofra ɔpepepem 1.7 na wɔawo wɔn aba wiase fi afe 1970. Sɛ wɔyɛ ɔman biako mufo a, anka ɛno ne nea ɛso sen biara wɔ wiase. So ɛmfata sɛ yebebisa sɛ, Wiase bɛn na yɛregyaw ama wɔn?
Bɛboro mfirihyia 25 ni no oduruyɛfo bi a wagye din a ɔwɔ U.S. Public Health Service adwuma mu kae sɛ: “Yɛn nyinaa te ehu bi a ehunahuna yɛn mu sɛ biribi betumi asɛe nneɛma a atwa yɛn ho ahyia no akodu baabi a onipa bɛba abɛka abopɔn a wɔn ase atɔre no ho.”
Wɔ mfe a abɛsen no mu no, saa ehu no mu ayɛ den. Afe a etwaam no, ɔman nhyiam bi a abɔde ho abenfo bɛyɛ ɔha kasa kyerɛɛ wɔn no bɔɔ kɔkɔ sɛ nneɛma asetɔre bi reba a ɛte sɛ nea ɛtɔree abopɔn bi ase koraa, ne sɛ wɔ eyi mu de ɛnyɛ abɔde mu nneɛma bi a ɛkɔ so nti na mmom “denam adesamma dwumadi so.”
Afe yi, kuw a wɔfrɛ no Watchworld Institute no de n’amanneɛbɔ a ɛne State of the World 1987 no mae. Ɛkae sɛ: “Wiase a wobetumi akora so no di n’ahiade ho dwuma a ɔmma hokwan a awo ntoatoaso a ɛbɛba no wɔ no so ntew. Ɛdenam akwan horow pii so no, nnɛɛmafo nni saa nnyinasosɛm yi akyi. Sɛ́ wobetumi akora asase so nneɛma so no ho asemmisa sɔre wɔ asasepɔn biara so. Baabi a adesamma dwumadi akodu no de asase no ankasa so a wobetumi atra to asiane mu.”
Kuw no amanneɛbɔ no kae sɛ nea nnipa a wɔboro ɔpepepem 5—a wɔn dodow kɔ anim ɔpepem 83 afe biara—hwehwɛ no bunkam nea asase no so abɔde nhyehyɛe mu afifide tumi yɛ no so.
Nnuru a wɔde sɛe nneɛma rema wim mframa so atew na ebetumi de “ɔhonam ani akisikuru, ahoɔden a wɔde ko tia nyarewa a ɛsɛe, ne nnɔbae a ɛnyɛ yiye pii” aba.
Sɛ osu a emu yɛ yerɛdɛdɛ anyae tɔ a, ɛnyɛ atare ne kwae pii na ebewuwu nko na mmom nsu yerɛdɛdɛ no bɛsɛe asase no kɛse na “ebia ebegye mfe du du, sɛ ɛnyɛ mfe ɔhaha mpo a, ansa na asan ayɛ yiye.”
Mfuyɛ akwan ahorow a wɔhyɛ mu den “ama asase ani dɔte pa a wɔhwere no akɔ soro atra sɛnea wonya dɔte foforo.”
Kwae a ɛresa ma mframa carbon dioxide a efi wim ba so tew, na nneɛma funu a ɛhyew gyae carbon dioxide pii mu sen nea nnua a aka no ne po betumi agye. Nea efi mu ba ne ɔhyew a ɛbɛnnan sukyerɛma na ama nsu ayiri afa mpoano nkurow mu no.
Nsutɔbea kwae a ɛsɛe no kyerɛ sɛ nsu kyinhyia a ɛma nsu tɔ no so bɛtew na ebetumi de anhweatam aba.
Nnuru a edi awu, nsu bɔne, ngo a wɔnnoae, nuklea asiane ahorow, nea wɔde twetwe nsɛm firi mframa mu, asbestos—wobetumi abobɔ nneɛma pii a ɛyɛ bɔne a nnipa ayɛ de atia nneɛma a atwa yɛn ho ahyia no din.
State of the World 1987 bɔ kɔkɔ sɛ: “Ɛmmae da sɛ nhyehyɛe a ɛho hia na wɔatumi atra asase so no pii aka abom ayɛ basaa saa. Nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ho nsɛnnennen afoforo nso wɔ mmere ne asase so mmeae ahorow mu a ɛboro tumi a amammui ne asetra nhyehyɛe biara a ɛwɔ hɔ wɔ no so. Ɔman biako biara nni hɔ a ebetumi ama asase so wim tebea ayɛ yiye, abɔ mframa pa ho ban, akora okyinsoromma no kwae ne dɔte a ɛkata so no so, anaasɛ ɛbɛma nsu yerɛdɛdɛ a ɛsɛe atare ne nsuwansuwa no agyae. Amanaman ntam nkabom ade a wɔbɛkɔ so akura mu nkutoo na ebetumi ayɛ ho bi.”
Saa nkabom yi retwentwɛn ne nan ase, na bere resa. Wɔsɛe sika ɔhaha pii wɔ akode ho akansi no mu; kakraa bi kɛkɛ na wɔsɛe no wɔ nneɛma a atwa yɛn ho ahyia a ɛno na ɛkora yɛn so a ani a wobu gu so betumi ama akum yɛn no ho. Efi 1983 mu no United States nkutoo de dɔla ɔpepepem 9 na adi Ahobammɔ Titiriw Nhyehyɛe ho dwuma na wɔrepɛ dɔla ɔpepepem 33 foforo a wɔde bedi ho dwuma fi 1986 kosi 1991 mu—nanso nneɛma a atwa wɔn ho ahyia no ho asɛm nhia wɔn. Aman afoforo a wɔanya mfiridwuma mu nkɔanim no nso yɛ saa ara. State of the World 1987 ka ɔhaw no ho asɛm tiaa sɛ: “Bere adu sɛ yɛne yɛn ho yɛn ho nya asomdwoe sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi ne asase no anya asomdwoe.”
Amanneɛbɔ no kyerɛ sɛ: “Daakye bi a wobetumi akora so hwehwɛ sɛ yebedi carbon dioxide a ɛredɔɔso no ho dwuma, yɛbɔ mframa pa fibea ho ban, yɛsan nya kwae ne dɔte pa, yɛma nnipa dodow nkɔanim no so tew, yɛma nneɛma a ɛma ahoɔden ahorow nya nkɔanim, na yesiesie nea n’ankasa tumi nya n’ahoɔden no yiye wɔ bere koro mu. Awo ntoatoaso biara nhyiaa nsɛnnennen a emu yɛ den a ɛsɛ sɛ wodi ho dwuma ntɛm ara saa da. Ná awo ntoatoaso a abɛsen kɔ no dwen nea ɛbɛba daakye ho, nanso yɛn na yedi kan a yɛahyia gyinaesi a ɛne sɛ ebia asase a yɛn mma benya adi no bɛyɛ nea wɔtra so ma ɛyɛ yiye anaa.”
Asɛm a edi hɔ no kyerɛ sɛnea awuduru ahorow de ɔhaw reba no.