Mfiridwuma Mu Nnuru Mu Ade A Enye
NÃ ANADWO dumien abɔ apa ho kakraa bi wɔ December anwummere bi a emu yɛ nwini wɔ 1984 mu na mfiridwuma mu asiane a ɛsen biara wɔ abakɔsɛm mu no sii. Wɔ wiase mufo a womfi India Adehyeman mu no mu no, nnipa kakraa bi na na wɔate edin Bhopal a ɛyɛ mfiridwuma kurow bi a nnipa bɛboro 800,000 na wɔte mu a ɛkame ayɛ sɛ ɛwɔ ɔman no mfinimfini pɛɛ no pɛn. Ná kurow no mufo a wɔadeda no nnim nneɛma a edi awu a na ɛrekɔ so wɔ baabi a nsaano-bo betumi adu hɔ no mu.
Wɔ U.S. Union Carbide adwuma a ɛwɔ Bhopal mu no, ankorɛ bi a ekura methyl asocyanate (MIC) a ɛyɛ awuduru a etumi di awu kɛse a wɔde yɛ nnuru a wɔde kum mmoawa mmoawa tɔn 45 no mu fii ase yɛɛ hyehyeehye a na ɛyɛ hu. Mpofirim, mframa a awuduru wom pue faa tokuru bi a ano atu mu na efii ase trɛw owu ne yawdi mu wɔ kurow a emu ayɛ dinn no mu. Ekunkum nea ɛboro mmarima, mmea, ne mmofra 2,500. Ɛmaa nnipa bɛboro ɔpepem ɔha foforo nso didii dɛm.
Mmoa ɔpepem pii a wowui—nsu mu akoɔ, anantwi, ne akraman—maa afunu dedaa nkuraase a esiw akwan ne kurow mu mmɔnten. Bhopal dan bɛyɛɛ baabi a wɔhyew afunu, na wɔhyew afunu awia ne anadwo. Apa a wɔhyew afunu wɔ so aduɔson a wɔde afunu 25 toatoa so wɔ biara so hyew afunu no wɔ ogya a ɛrefram mu. Wosiee afoforo nso wɔ ɔdamoa a wosie nnipa pii wom a wɔde ahoɔhare atu mu—afunu dodow bi wɔ bere koro mu.
Akyiri yi amanehunu foforo kaa Europa na wɔfrɛɛ no “Rhine so Bhopal.” Nnuru a etu fii mfiridwuma bi a ɛwɔ Basel, Switzerland mu no de awuduru a wɔrehwie agu tɔn 40 guu Rhine mu. Ekunkum mpataa ne aberekuri ɔpepem ɔhaha pii bere a “ɛtene kɔɔ Germany ne Franse ahye so, ekoduu Rhine asase so na afei ɛnam Netherlands kɔɔ Kusuufam Po no mu no.” Atesɛm krataa biako bi kae wɔ samufo asɛm mu sɛ: “Ná wonim sɛ Swissfo ho tew, wɔn mfiridwuma nyɛ hu, na na nnuru mu mfiridwuma nso ka ho. Afei de ne nyinaa atwam.”
Wɔn a wɔtete Bhopal ne wɔn a wɔtete Asubɔnten Rhine ho no abɛyɛ mfiridwuma mu nyansahu mfe a ɛde nnuru bɛboro 66,000 afrafra a wɔaboaboa ano hoahoa ne ho no mu amanehunufo. Wɔyɛɛ emu pii sɛnea ɛbɛma asetra ayɛ mmerɛw ama onipa, nanso nea ɛbɔ eyi abira no, emu dodow pii di awu kɛse na ebetumi de nneɛma a edi awu na ɛsɛe ade aba, wɔ adesamma ne abɔde nhyehyɛe no nyinaa so. Ɔbenfo biako bi kaa saa nnuru yi ho asɛm sɛ ɛyɛ “okumfo.”
Nnuru no mu pii na ne din wowaree a nnipa kakraa bi na wotumi bobɔ din, na sɛnea ɛbɛyɛ mmerɛw no wɔde nkyerɛwde te sɛ PCB, DDT, PCDD, PCDF, TCDD na ɛfrɛ no. Saa awuduru ahorow a wɔde nkyerɛwde ahorow na ɛfrɛ no yi nyinaa di nnipa ne asase so nneɛma a ɛsɛ sɛ nnipa de ne ho to so na watumi atra ase no nyinaa awu. U.S. Nneɛma a Atwa Yɛn ho Ahyia ho Banbɔ Kuw no kasamafo bi kae sɛ “wɔde nnuru ahorow ɔpepem pii gu nneɛma a atwa yɛn ho ahyia no mu” afe biara. Nneɛma a ɛte saa a wogyae mu no de mframa pa, asase ani nsu, nsu a ɛwɔ asase ase a wotumi nom no to asiane mu, na ɛde awuduru gu dɔte mu wɔ mfe du du a ɛbɛba no nyinaa mu.
U.S. Nneɛma a Atwa Yɛn ho Ahyia ho Banbɔ Kuw no bu ano sɛ wɔ United States nkutoo no, wɔde nnuru a ebetumi apira a wɔto gu no galɔn ɔpepepepepem 1.5 na egu asase ase nsu mu afe biara. Bere a yenim sɛ nnuru a etumi fra nsu mu galɔn biako biara betumi asɛe asase so nsu galɔn ɔpepem 20 adu baabi a wɔnom a enye no, ɛyɛ ahodwiriw sɛ yebehu adesɛe kɛse a ɛde amanehunu ba a awuduru galɔn ɔpepepepepem 1.5 no reyɛ no.
Esiane nnuru a epira ne nea wohwie gu a wɔnhwɛ no yiye no nti, nsubɔnten ne nsuwansuwa nyinaa resɛe. Mpataa rewuwu. Bere a nsubɔnten ne nsuwansuwa no tene kogu po mu no, nnuru ahorow a ekunkum no ka wɔn ho kɔ, na wɔ mmeae a bere bi na nkwa a ɛwɔ po mu dɔɔso no, ɛnnɛ, sɛnea po mu nneɛma ho ɔbenfo Jacques Cousteau a wagye din no kyerɛ no, wonhu mpataa wɔ hɔ bio.
Nneɛma ahorow a wogu ho fi no de nnomaa ne mmoa nkwa nso to asiane mu. Wuram mmoa turo ahorow mpo nyɛ hintabea biara. The New York Times a ɛbae February 4, 1986 no bɔɔ amanneɛ sɛ: “Ɔman wuram mmoa turo ahorow du na wɔde awuduru agu ho fi na ebia 74 foforo nso da asiane mu. . . . Kuayɛ mu nsu a ɛsen a selenium ne nnuru afoforo wom no akunkum nsu ho nnomaa a wɔwɔ hintabea hɔ no mu pii.”
Wiase abenfo nka daakye ho asɛmpa biara. Asase so nneɛma a ɛresa ntɛmntɛm no nsõ dɔte ne mframa ne nsu a wɔresɛe no no nkutoo so. Asase so sutɔbea kwae ahorow a ɛyɛ nwonwa a amoma wɔn nhaban a ɛte sɛ nsa so anammɔn ɔhaha pii wɔ wim wɔ mfe mpempem pii mu ni no nso ɛ? So asiane wɔ hɔ sɛ eyinom nso bɛkɔ te sɛ nea nneɛma afoforo resɛe sɛnea yehu no anaa? Sɛ́ yegye tom anaasɛ dabi no, saa Yehowa nsa ano nnwuma fɛfɛɛfɛ no ka yɛn asetra, sɛnea asɛm a edi hɔ no bɛkyerɛ no.