Yɛn Asase no Asɛe Adu He?
EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ PHILIPPINES HƆ
Ɔyarefo no tebea nye koraa. Wanya nyarewa bebree. Ne home nye papa. Wanya atiridii a ɛsen nea wanya biara pɛn. Mmɔden biara a wɔbɔ sɛ wɔbɛsa yare no nyɛ yiye. Wɔahu awuduru wɔ nipaduam nsu horow mu. Sɛ wɔsa yare yi a, ɛma nyarewa pii ka nipadua no afã horow mpofirim. Sɛ ɛyɛ ɔyarefo ankasa a, ɛda adi sɛ nnuruyɛfo bɛka yare dodow no ho asɛm sɛ enni sabea na ebetumi akum no. Bere a wonhu nea wɔnyɛ bio no, wɔyɛ biribi de kyekye ɔyarefo no werɛ sɛnea wobetumi biara kosi sɛ obewu.
NANSO, eyi nyɛ onipa a ɔyare. Ɛyɛ yɛn fie—asase no. Tebea a yɛaka ho asɛm wɔ atifi hɔ no kyerɛkyerɛ nea ɛreto yɛn asase yi mu ma ɛfata. Mframa a asɛe, asase so hyew a ɛreyɛ, nsu a asɛe ne wura a edi awu yɛ nyarewa a aka asase a ɔyare paa no mu kakraa bi kɛkɛ. Te sɛ nnuruyɛfo a yɛaka wɔn ho asɛm wɔ atifi hɔ no, animdefo no ntumi nhu nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ.
Nsɛm ho amanneɛbɔ taa de nsɛmti ne nsɛm te sɛ eyi twe adwene si asase no tebea a asɛe so: “Ɔtopae a wɔtow yi mpataa ama ɛpo bun adan beae a wodi awu kɛse.” “Nsu Pa Ho Sukɔm Betumi Ade Asiafo Ɔpepepem Biako Wɔ Mfirihyia 24 Mu.” “Afe biara wɔde nwura a edi awu tɔn ɔpepem aduanan kɔ wiase nyinaa.” “Mmura 1,800 a ɛwɔ Japan mu bɛyɛ abiɛsa biara mu abien na wɔde awuduru asɛe no.” “Mframa a Ɛsɔn Owia Ahoɔden So mu Tokuro a Ɛsɛe Ade Ho Asɛm Asɔre Bio Wɔ Antarctic na Ayɛ Kɛse.”
Ɛbɛyɛ nnipa bi su sɛ dawuru a wɔbɔ daa fa asiane a nneɛma a atwa yɛn ho ahyia de ba ho no mfa wɔn ho, na ebia wosusuw mpo sɛ ‘bere dodow a ɛnka me de, ɛnsɛ sɛ mehaw wɔ ho.’ Nanso, sɛ ɛka yɛn anaa ɛnka yɛn no, asase no so nneɛma a asɛe wɔ baabiara no ka nnipa pii. Esiane sɛ seesei efĩ aka yɛn asase no nyinaa nti, ɛda adi sɛ aka yɛn asetra fã kɛse no ara dedaw. Ne saa nti, ɛsɛ sɛ obiara ma asase no yiyedi ne ɛho ban a yɛbɛbɔ ho hia no. Anyɛ yiye koraa no ɛhe bio na yebetumi atra?
Ɔhaw no atrɛw akodu he ankasa? Asase no asɛe akodu he? Ɔkwan bɛn so na ɛka nkurɔfo asetra? Ma yensusuw nneɛma kakraa bi a ɛboa ma yehu nea enti a yɛka sɛ ɛnyɛ sɛ yɛn asase no asɛe kɛkɛ, mmom no, asɛe paa no ho nhwɛ.
◼ ƐPO: Woyi nam tra so wɔ po no fã kɛse no ara. Amanneɛbɔ bi a efi Amanaman Nkabom Asoɛe a Ɛhwɛ Abɔde a Atwa Yɛn Ho Ahyia Ho Nsɛm So no ka sɛ “nnwumakuw a woyi po mu mpataa no mu ɔha mu 70 yi mpataa no araa ma mpataa foforo a wɔwo wɔn no dodow ntumi nhyɛ nea woyi fi mu no ananmu.” Sɛ nhwɛso no, wɔ 1989 ne 1994 ntam no, ankɔanwona, nwanwagyan, wiriwiriwa, ne nkamfena a wɔwɔ Atlantic Kusuu fam no dodow so tewee ɔha mu 95. Sɛ eyi kɔ so a, dɛn na ɛbɛkyerɛ ama nnipa ɔpepem pii a po mu nam titiriw na wodi no?
Bio nso, wobu akontaa sɛ afe biara, po mu mpataa tɔn ɔpepem 20 kosi 40 na woyi wɔn san de wɔn gu po mu—a mpɛn pii no wɔapirapira anaa wɔawuwu. Dɛn nti na wɔsan tow wɔn gu po mu? Efisɛ ɛnyɛ wɔn na mpataayifo no hia wɔn, nanso wobɛhwɛ no na wɔabɛfra nam a wɔpɛ sɛ woyi wɔn no mu.
◼ KWAE: Kwae a wɔsɛe no de ɔhaw pii ba. Nnua a wobu gu brɛ asase no tumi a ɛde twetwe carbon dioxide no ase, na wɔkyerɛ sɛ eyi na ɛde ɔhyew aba asase so no. Afifide ahorow bi a wonya nnuru a wɔde gye nkwa fi mu titiriw no ase retɔre. Nanso, ɛkame ayɛ sɛ sɛe ara na wogu so resɛe kwae no a wonnyae. Nokwarem no, kwae a wɔsɛe no no akɔ anim wɔ nnansa yi mfe mu. Kwae ho animdefo bi te nka sɛ sɛ eyi toa so a, kwaebirentuw ase betumi ahyew wɔ bɛyɛ mfe 20 mu.
◼ WURA A EDI AWU: Wura a edi awu a wɔtow gu asase so ne po mu no yɛ ɔhaw a ɛyɛ hu a ebetumi apira nnipa ɔpepem pii kɛse. Nneɛma ahorow a ebetumi de dɛmdi, ɔyare anaa owu abrɛ nnipa ne mmoa no bi ne awuduru a efi akode mu, fagude a edi awu, ne nneɛma a wonya fi rɔba a wɔyɛ mu.
◼ NNURU: Wɔde nnuru a aba foforo bɛyɛ 100,000 adi dwuma wɔ mfe 100 a atwam no mu. Saa nnuru yi didi kɔ yɛn mframa, asase mu nsu ne aduan mu. Emu kakraa bi na wɔayɛ emu nhwehwɛmu ahwɛ sɛnea ɛwɔ nkɛntɛnso wɔ nnipa akwahosan so. Nanso, wɔ nnuru a ɛtete saa mu no, dodow no ara na wɔahu sɛ ɛde kokoram anaa yare ba wɔ akwan bi so.
Nneɛma pii wɔ hɔ a ɛsɛe nneɛma a atwa yɛn ho ahyia no: mframa bɔne, nsufĩ a wɔnhwɛ no yiye, nsu yerɛwyerɛw a ɛtɔ, nsupa a wonnya. Nneɛma kakraa bi a wɔabobɔ din dedaw no di adanse kɛse sɛ asase no yare ankasa. So wobetumi asa no yare anaa wobedi nkogu?