Mete Ase Wɔ Owu Kurom
Obi a na ɔwɔ hɔ bere a asɛm no sii a ɔyɛ Ɔwɛn Aban Asafo somfo a ɔwɔ Bhopul amanneɛbɔ
BHOPAL—sɛ ɛnyɛ nnansa yi ara a, ebia anka wontee kurow a nnipa bɛyɛ 800,000 wom a ɛwɔ India mfinimfini yi din da. Esiane sɛ wɔakyekye Bhopal wɔ mmepɔw abiɛsa so a atare akɛse abien a ɛkame ayɛ sɛ ehyia mu wɔ kurow no mfinimfini ne agorudibea ahorow a ɛyɛ fɛ ne lɔre akwan a nnua ahorow sisi nkyɛn wom nti, ɛyɛ fɛ yiye. Nanso afei wɔ December 8 a etwaam no mu no, mframa bɔne bi pue fii Union Carbide aduruyɛ adwumayɛbea a ɛwɔ kurow no mu no mu na ɛmaa adwumayɛ mu asiane a ɛsen biara wɔ abakɔsɛm mu bae. Enti da koro pɛ, Bhopal bɛyɛɛ owu kurow.
Me ne me yere Mary a yɛn babarima a onnii mfe aduonu a wɔfrɛ no Carl ka ho te bɛn Union Carbide adwumayɛbea no ho pɛɛ. Asase ketewaa bi a ne trɛw bɛyɛ anammɔn 490 na ɛda yɛn fie no ne adwumayɛbea no ntam. Ɛnde dɛn nti na yɛte nkwa mu a biribiara nyɛɛ yɛn bere a nnipa mpempem pii a wɔn mu fã kɛse no ara nte mmɛn adwumayɛbea no koraa wuwui anaasɛ wopirapirae kɛse?
Ɔkwan a Mframa no Nam So Bɔe
Bere a yɛrekɔda Kwasida anwummere, December 2 no, mframa a emu yɛ nwini bɔ faa nnua ahorow a esisi mmepɔw abiɛsa a ɛwɔ Bhopal no so no mu na na ɔsram a ɛkame ayɛ sɛ atwa puruw no hyerɛn wɔ n’atare no so. Anadwo no, mmɛn a ɛwowɔ Union Carbide adwumayɛbea hɔ a wɔbɔe no nyanee yɛn. Nanso yɛamfa anyɛ asɛm na bere bi akyi no, yɛsan dae. Ná yɛtaa te sɛ wɔbɔ adwumayɛbea hɔ mmɛn no a wɔde refrɛ adwumayɛfo a wosiesie mfiri horow no sɛ wommedi biribi a egye ntɛmpɛ ho dwuma anaasɛ wɔbɔ de sua sɛnea sɛ asiane bi ba a, wobetumi abɔ wɔn ho ban. Wɔ nokwarem no, sɛ yɛba fie anadwo wɔ awɔwbere mu a, mpɛn pii yɛte nnuru a wɔde kunkum mmoawa nketenkete no hua.
Nanso, anadwo yi de, yɛante ehua soronko biara, biribi a ɛkyerɛ sɛ ade a ɛyɛ hu yi afi ase. Ná ɛyɛ asiane kɛse a ɛbɛma nnipa bɛboro 2,500 ahwere wɔn nkwa a ɛbɛkã nnipa a wɔte kurow no mu nkyem anan mu biako. Nnipa mpempem pii aniwa befura kakra anaasɛ ebefura koraa anaasɛ wɔn ahrawa ne wɔn adwene ho bɛka. Ebekunkum anantwi bɛyɛ 3,000 ne mmoa nketewa a wɔdɔɔso pii. Ná ɛyɛ ade a ɛyɛ hu a ɛbɛma ehu aka nkurɔfo akyiri yi—mframa a asɛe a ɛbɛkɔ so atra hɔ ne nneɛma a ebefi mframa bɔne no mu aba a ɛremma ntɛm ne ɔyare bɔne ahorow ho hu.
Dɛn na ɛde asiane yi bae? Sɛnea adwumayɛbea no so panyin kyerɛ no, mframa bɔne bi a wɔfrɛ no methyl isocyanate pue fii ankora anaa bare a ɛwom no mu bere a ano den a ayɛ no ma ɛpaee no. Nyansahufo binom gye di sɛ mframa bɔne a wɔfrɛ no phosgene a wɔde dii dwuma wɔ Wiase Nyinaa Ko I mu no nso ka ho.
Mframa bɔne a wɔfrɛ no methyl isocyanate ka nnipa te sɛ mframa bɔne bi a esiw ahome kwan (nerve gas) no. Ebetumi akum obi ntɛm ara na etumi kum obi nso bere a akɔ ne honam mu no. Wɔ ɔdasum akyi, mframa bɔne yi tons pii pue fraa mframa a yɛhome no mu bɛyɛ simma 40 ansa na wotumi siw ano. Nanso mframa a ɛrebɔ no de mframa bɔne no fii afie a ɛbemmɛn no mu kɔe. Sɛ ɛnyɛ saa a, anka ɛda adi sɛ wobehu sɛ yɛawuwu wɔn yɛn mpa so na wobesiesie yɛn aka nnipa pii ho wɔ adamoa kɛse biako mu a yɛn mfonini nkutoo na wɔde behu yɛn akyiri yi.
Anadwo a Ɛyɛ Hu
Bere a mframa bɔne no puei no, omununkum fitaa kɛse bi sii wɔ wim a ayɛ hann anadwo no mu. Awɔwbere mu mframa a emu yɛ nwini no de baa asase so na ɛhyɛn afie mu, adan a anantwi wom mu kɔfaa bɔs gyinabea atitiriw a ɛwɔ kurow no mu mu na ɛkɔɔ keteke gyinabea a ɛwɔ hɔ no. Ɛretrɛw no, efii ase danee ne ho de n’ani kyerɛɛ gua a wɔtɔn nnuadewa wɔ so no so na ɛkɔɔ ayaresabea a ɛwɔ kurow no mu no mu.
Mframa bɔne yi fã foforo nso de n’ani kyerɛɛ ɔtare a ɛwɔ kesee fam no so na ɛkɔɔ kurow no fã a wɔakyekye no foforo no mu. Bere a ɛrekɔ no na ɛrekunkum nkurɔfo. Bere a mpempem pii a mframa bɔne no ama wɔn aniwam hyehye wɔn na wɔn menewam asiwsiw nyanee no, wotuu mmirika kɔɔ mmorɔn ahorow no so. Ɛkame ayɛ sɛ wɔn a wɔhomee mframa bɔne no bi a wɔbɛn adwumayɛbea no nyinaa wuwui ntɛm ara. Afoforo a wɔn ani afurafura a wɔrefe a wohintihintiw toaa so kɔe nanso wokowuwui wɔ lɔre kwan no so.
Mpofirim ara nnipa a wɔwɔ kurow no mu nyinaa fii ase sɛ wɔreguan na yɛtee nteɛteɛm a ɛse “bhago, bhago” (kyerɛ sɛ “munguan, munguan”) . Mmusua ahorow mufo mu paapaee bere a wɔfraa nnipadɔm a wɔrekɔ no mu no. Ankyɛ biara polisifo mfiri a akasam sisi so fii ase nyan nkurɔfo na wɔsoaa nnipa fii mmeae horow a mframa bɔne no kɔfae no ntɛm ara sɛnea wobetumi. Anadwo mũ no nyinaa no, nkurɔfo a wɔtɔn petrol no mu binom maa mfiri horow a ɛrebɔ mmɔden sɛ ebefi kurow no mu no petrol a wɔantua ho sika biara: Nnipa mpempem pii a wɔnam fam, wɔn a wɔte motor ne baesekre so, motor a wɔasi dan wɔ so a wɔde fa nnipa, kar, bɔs ne lɔre ahorow mu fii kurow no mu kɔe. Nnipadɔm a wɔreguan no tiatiaa mmofra so kunkum wɔn. Lɔre ahorow faa ebinom so bere a wonhu ade yiye na wɔreguan no. Afoforo a wɔreguan a wonnim baabi a wɔrekɔ a wodii mframa bɔne no akyi a wonnim ho hwee no wuwui anaa wopirapirae kɛse.
Wɔn a wosusuw guan a wobeguan no ho kɛse ne ɔyɔnko Kristoni bi a ɔyɛ Yehowa Adansefo mu biako no. Onua Paulose nyanee bɛyɛ 2:30 a.m. bere a ɔtee sɛ wɔrebɔ mmɛn no ne biribi a ne hua ano yɛ den a ɛte sɛ ammonia no. Esiane sɛ onim sɛ mframa bɔne no betumi afi Union Carbide adwumayɛbea hɔ nkutoo na aba nti, odii kan hwɛɛ faako a mframa no bɔ kɔ no, na afei ɔde n’abusua no guanee ntɛm ara fii faako a mframa bɔne no bɔ kɔ no a wantwɛn amfa ntade a ɛbɛma wɔn ho ayɛ wɔn hyew mpo. Wɔbɔɔ mmɔden faa nnipadɔm kɛse a wɔreguan no mu na woguan kɔɔ bepɔw bi a ɛwɔ kurow no akyi so a mframa a emu tew a efĩ biara nni mu a efi ɔtare no so a ɛmaa wɔn ho dwoo wɔn no bɔ bɛfa no. Wɔ wɔn aniwa ne wɔn koko a ɛyɛɛ wɔn yaw akyi no, hwee anyɛ wɔn bio.
Bere a ade rekye no, aban adwumayɛfo fii ase dii ho dwuma. Aban mpanyimfo a wɔde biribi akatakata wɔn anim sɛnea ɛbɛyɛ a mframa bɔne no ntumi nkɔ wɔn mu no kɔɔ baabi a yɛte wɔ adwumayɛbea no nkyɛn a nnipa pii awuwu wɔ hɔ no. Wɔn a wodii kan kɔɔ hɔ ne Bhopal dikro, Ɔbenfo Bisarya ne ne babarima, Robin. Robin reka beae a efi yɛn fie kɔ hɔ no bɛyɛ anammɔn 650 ho asɛm no, ɔkae sɛ, “Nea wutumi hu ara ne nnipa ne mmoa afunu.”
Wɔtoo nsa frɛɛ nnuruyɛfo a wɔwɔ kurow no mu nyinaa na wɔbae ntɛm ara bɛboae. Ankyɛ biara, nnipa a wɔayɛ basaa a wɔpɛ sɛ wɔsa wɔn yare bɛhyɛɛ Hamidia Ayaresabea a ɛso no ma. Wɔ bere tiaa bi akyi no, na baabi a ayarefo no da no ayɛ ma aboro so, na wosisi ntamadan wɔ ayaresabea hɔ. Wobuebuee mmeae nketewa a wɔhwɛ wɔn wɔ hɔ wɔ kurow no mu nyinaa.
Ɔhaha pii guan kɔɔ nkurow a ɛbemmɛn no mu nanso wowuwui bere a wɔrekɔ no anaa bere a wokodui no. Bere a wɔahwɛ ɔbarima biako yare awie no, ɔtee nka sɛ nne ho ye. Bere a oduu fie no, ɔsɔɔ sigaret ano nomee na owui wɔ hɔ ara. Aberantewaa bi de ne maame ne ne papa amu kɔe sɛ wɔnkɔhyew, ɔsan baa fie na ɔhwee fam wui. Ná abeawa bi a yehyiaa no abusua mufo baakron awu.
Dwoda a Yehuu Nneɛma a Ɛyɛ Hu No
Nanso wɔ yɛn fam no, yɛanhu nneɛma a ɛyɛ hu sen biara no kosii sɛ yenyan 4:50 a.m., a ɛyɛ bere a yɛde nyan daa no, na yefii ase siesiee yɛn ho maa da no dwumadi ahorow no. Yetumi dae wɔ asomdwoe mu bere a nnipa a wɔawuwu ne wɔn a wɔrehu amane atwa yɛn ho ahyia no!
Bere a yɛmaa yɛn babarima, Carl, kɔe sɛ ɔnkɔyɛ n’adwuma a ɔde bere fã yɛ wɔ atesɛm krataa adwumayɛbea a ɛwɔ kurow no mu akyi no, me ne me yere yɛɛ nhyehyɛe sɛ yɛbɛkɔ akɔyɛ asɛnka adwuma a yɛyɛ daa no. Yɛn nyinaa, a yɛn babarima no ka ho, yɛ Yehowa Adansefo a wɔyɛ bere nyinaa asomfo. Nanso na nnipa ne mmoa afunu gugu baabiara a yɔkɔe saa Dwowda anɔpa yi. Na obi di yɛn anim wɔ lɔre kwan no so rekɔ, nanso mpofirim ara otwa hwee fam na owui.
Bere a yekyinkyin kurow no mu no, na ɛyɛ den sɛ wobehu sɛ afiri bi nam lɔre kwan no so. Na wɔatotow aguadidan ahorow nyinaa mu. Wɔammedi gua. Bere a yeduu bɔs gyinabea no, yehui sɛ ɛfe ne tiafi gugu fam hɔ nyinaa. Adwumayɛfo a wɔwɔ keteke gyinabea hɔ a wɔreyɛ adwuma no mu pii wuwui wɔ hɔ.
Keteke gyinabea no so panyin a wɔfrɛ no Harish Dhurve a na wahome mframa bɔne no bi hui sɛ n’adwumayɛfo no rewuwu. Otumi bɔɔ keteke gyinabea a edi hɔ no amanneɛ na ɔbɔɔ wɔn kɔkɔ sɛ wɔmma keteke biara mma Bhopal. Wohui sɛ wawu wɔ ne pon ho. Akwantufo bi a wɔbae sɛ wɔrebɛfa keteke a ebetu 1:30 a.m. no wuwui wɔ Bhopal. Keteke dwumayɛni bi a ɔde keteke bi baa kurow no mu ansa na wɔde kɔkɔbɔ no mae no wui bere a obedui no.
Yɛresan akɔ fie Dwowda awia no, yɛkɔtoo nnipadɔm a wɔasiw yɛn kwan a wɔreteɛm sɛ mframa bɔne no pii apue enti yɛn nyinaa nsan yɛn akyi. Eyi maa ehu kaa yɛn na ɛdaa adi sɛ ɛnyɛ nokware. Yehuu aban mfiri pii a nnipa afunu pii gugu mu. Wɔ dɔnhwerew biako biara ntam no, na nnipa a wɔawuwu no dodow kɔ soro—269, 566, 1,217 na awiei koraa no, wɔn dodow no bɛyɛɛ nea ɛboro 2,500. Atesɛm krataa bi a wotintimii December 5 mu asɛmti bi kae sɛ, “Onipa biako wu simma biara.”
Adekyee ne adesae biara, yehu ogya a ɛhyew amu no wusiw. Ntɛm ara, wɔdanee mmeae horow a biribiara nni hɔ no baabi a wɔhyew afunu yi, na wɔhyew ɔha bere koro mu mpo. Wɔsesaw mmoa kɔɔ kurow no akyi na wɔtow wɔn guu abon a emu dɔ mu na wɔkataa wɔn so. Nnipa kakraa bi na wokowiaa nneɛma fii afie a nnipa aguan afi mu no mu, nanso wɔn mu fã kɛse no ara yɛɛ nea wobetumi nyinaa de boaa wɔn a wɔrehu amane no. Yɛde anigye kɔkaa yɛn afipamfo no ho wɔ sika a wɔde mae ne aduan a wɔnoaa maa ayarefo no mu.
Nnuruyɛfo ne nyansahufo fi ɔman no mu nyinaa baa kurow no mu bɛboae. Na aduruyɛ mu abenfo a wɔwɔ nyarewa ahorow a ɛka aniwa ne koko a wɔsa mu osuahu fii aman afoforo mu bae. Nea ɛyɛ awerɛhow no, mmea a ɛdaa adi sɛ mframa bɔne no anka wɔn ankasa kɛse biara no wowoe a na wɔn mma no awuwu wɔ wɔn yam dedaw. Afoforo a wɔtee yaw nka kɛse pɔnee bere a wobeduu ayaresabea hɔ no.
Nea ɛyɛ anigye no, Memeneda a ɛyɛ nnafua a abien pɛ a atwam no ntam no, na me yere de Nyan! a aba foforo no biako akɔma Oduruyɛfo A. M. Shali. Me yere bisaa oduruyɛfo no sɛ, “So wunni adagyew koraa?” Obuae sɛ, “Eyi ne bere a yɛnyɛ adwuma pii.” Ɔde kaa ho sɛ, “Esiane sɛ ɔhyew ne osu a ɛtɔ no agyae na yɛwɔ awɔwbere a eye mu nti, eyi yɛ bere pa. Enti nnuruyɛfo nni adwuma pii a wɔyɛ.”
Nanso bere a yetwaa Oduruyɛfo Shali ayaresabea no ho Dwowda anɔpa no, na nnipa a wɔato santen bɛyɛ anan anaa anum a wɔrekɔ ma wɔasa wɔn yare a wopiapia wɔn ho wɔn ho no tenten du lɔre kwan no mu. Na wɔasisi wɔn ti ase sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛbɔ wɔn aniwa a ɛrehyehye wɔn no ho ban afi awia no ho. Akyiri yi, Oduruyɛfo Shali ka kyerɛɛ yɛn sɛ wɔbɛfrɛɛ no ntɛm anɔpa, na ɔne ne kunu a aboafo bi ka wɔn ho ayɛ adwuma Dwowda no nyinaa ne anadwo de ahwɛ wɔn a mframa bɔne no bi kaa wɔn no yare a wɔantua ho sika biara. Ɔkae sɛ, sɛ wonya ayaresa a eye ntɛm ara a, wobetumi ahu ade. Nanso sɛ wɔanhwɛ wɔn yare a, wɔn aniwa kurutiayisi no bɛporɔw na wɔrentumi nhu ade. Ɔkae sɛ “Sɛ wuhu sɛ eyinom rehu amane a, ɛbɛyɛ dɛn na nnipa betumi asusuw fi a wobefi ɔko a wɔde nuklea akode bedi dwuma wom no ase?”
Yɛn Mfɛfo Adansefo a Yɛkɔhwehwɛɛ Wɔn
Wɔn a na wɔn ho hia kɛse ne yɛn mfɛfo Kristofo anuanom a wɔwɔ Bhopal a wɔn nyinaa te kurow no fã a ayɛ dedaw a mframa bɔne no bɔ faa hɔ no. Hwɛ sɛnea yɛn koma tɔɔ yɛn yam bere a yɛkɔsraa wɔn na yehui sɛ wɔn nyinaa a wɔyɛ nnipa 12 no te ase na wɔampira no!
Yɛn ani sɔɔ yɛn Kristofo nuayɛ no ankasa, bere a Adansefo a wofi mmeae horow fii ase bae sɛ wɔrebɛhwɛ sɛnea yɛn ho te no. Nea odii kan bae ne Onua Barret a ɔyɛ obi a ɔyare komayare no. Ɔde keteke twaa akwansin 209 anadwo no. Yehuu no no, yɛn ani gyei araa ma nusu fii yɛn aniwam bae. Yefii ase nyaa telegram ne nkrataa ahorow, na eyi nso hyɛɛ yɛn nkuran kɛse.
Anidaso wɔ Awerɛhow Bere Mu
Da biara, nnipa mpempem pii ba kurow no mu bɛhwehwɛ wɔn adɔfo. Aban nnwuma ahorow yɛɛ adwuma anadwo ne awia sɛnea ɛbɛyɛ a wobesie amu no na amfa ɔyare bi amma. Ɔmansin no soafo panyin, Arjun Singh kae sɛ wɔremmuae Union Carbide adwumayɛbea no wɔ kurow no mu bio. Nanso ebegye bere tenten ansa na Bhopal werɛ afi anadwo a nnipa wuwui no.
Akatua biara nni hɔ a sɛ wɔde ma nnipa a wonyaa nkwa no a, ɛbɛma awufo no asan aba nkwa mu bio anaa ɛbɛma anifuraefo no ahu ade. Nanso Obi wɔ hɔ a obetumi ayɛ eyinom nyinaa, ɔne Yehowa Nyankopɔn. N’adansefo a wɔwɔ Bhopal a wɔda No ase sɛ wɔte nkwa mu no ani gye sɛ wɔde asɛmpa a ɛma awerɛkyekye a ɛkyerɛ sɛ ɛrenkyɛ asiane ahorow a ɛte saa a nnipa ma ɛba no resiane wɔn bio no kɔ wɔn afipamfo nkyɛn.
[Kratafa 14 mfoni]
Wɔn dɔfo a wɔde no rekɔ akɔhyew no
[Kratafa 16 mfoni]
Nnipa baanu a wɔn aniwa sɛee a wɔrekyerɛ wɔn kwan