Mmofra Bisa Sɛ. . .
Mɛyɛ Dɛn Atumi Ne Me Nuabarima Ne Me Nuabea Abɔ?
NUABARIMANOM ne nuabeanom nyinaa ko! Saa na mmofra—ne mpanyimfo—pii te nka. Na wɔ nokwasɛm a ɛyɛ sɛ mmofra bɛboro mpem ɔha a wɔwɔ United States na wɔbɔ amanneɛ sɛ wɔtwe atuo anaa nkrante wɔ wɔn nuabarima anaa wɔn nuabea so no nyinaa akyi no, abusua mu basabasayɛ ho ɔbenfo bi ka sɛ: “Nnipa pii mfa anuanom ntam basabasayɛ aniberesɛm.”
Enti ebia worente nka sɛ ɛho hia biara sɛ wunya asomdwoe wɔ wo ne wo nuabarima anaa wo nuabea ntam, ɛwom sɛ ebia mpɛn pii no mo adwene ntaa nhyia de. Nanso, sɛ ɛba sɛ ntawntawdi a ɛte saa no nkowie basabasayɛ mu mpo a, ɛsɛe abusua no asomdwoe. Sɛ nhwɛso, abeawa Camille ka fa sɛnea n’awofo yɛ wɔn ade bere a ɔne ne nuabea nya akasakasa no ho sɛ: “Yɛn awofo mpɛ. Nea wɔmpɛ koraa ne sɛ yɛbɛko—ɛma wɔyɛ basaa.” Nea ɛho hia kɛse no, akasakasa a ɛba daa no ma nkate ahorow a enye sɔre. Bible no se: “Na nea nitan ne atutuw wɔ no, ɛhɔ na sakasaka ne nnebɔne nyinaa wɔ.”—Yakobo 3:16.
Asɛm bi a edii eyi anim no de nea enti a abusua mu mmofra adwene ntaa nhyia no bi mae.a Nea ɛka ho ne: ɔpɛ a wonni sɛ wɔbɛkyɛ ade, kokoam a wonnya ntra, mmanomma nsɛnnennen, ne ahoɔyaw. Sɛnea Mmebusɛm 14:6 kyerɛ no, saa ntease yi a wubenya no ho bɛba wo mfaso efisɛ “nimdeɛ nyɛ nhumufo nya ná.” Wɔ ɔkwan foforo so no, nea enti a ɛyɛ den sɛ mobɛbɔ no mu ntease a wubenya no ma ɛyɛ mmerɛw sɛ wubehu ɔkwan a wubetumi afa so ne wo nuabea anaa wo nuabarima abɔ. Nea edidi so yi yɛ nyansahyɛ ahorow pɔtee bi.
Nkitahodi so a Wɔnam Siw Akokoakoko Ano
“Nnyina sã a, ogya dum.” Saa na Mmebusɛm 26:20 ka. Wɔtaa de saa nnyinasosɛm yi di dwuma wɔ kwae mu gya mu trɛw ano a wosiw denam asase no baabi a wɔprapra na wotwa ɛhɔ nnua nyinaa no so no mu. Sɛ ogya no fi ase a, sɛnea ɛte no, ɛbɛkɔ akɔpem saa beae no nkutoo na afei adum. Wubetumi de saa nnyinasosɛm no ara adi dwuma de asiw wo ne wo nuabarima anaa wo nuabea ntam akasakasa ano. Ɔkwan bɛn so? Ɛdenam nkitahodi ne nsɛm a mubesiesie ansa na akasakasa no ano ayɛ den no so.
Sɛ nhwɛso no, so asɛnnennen no fa kokoam a wunnya ntra ho? Sɛ saa a, bere a ɔsɛmpɔw no nnya nsɔree no, bɔ mmɔden sɛ mobɛtra ase na moayɛ nhyehyɛe pɔtee bi. (‘Mehia ɔdan no saa ɛda/nnɔnhwerew yi mu, na wo nso woafa no eyinom mu.’) Afei “momma mo asɛm nyɛ yiw yiw, dabi dabi” denam nhyehyɛe no a mobɛkyerɛ obu ama so. (Mateo 5:37) Sɛ biribi si a ɛbɛma ɛho ahia sɛ moyɛ nsakrae a, di kan ma ɔfoforo no nhu, sen sɛ wode nsakrae no bɛhyɛ ne so a wommɔ no amanneɛ.
So moreko wɔ agyapade ho? Abofra bi nwiinwii sɛ: “Me nuabea taa fa me nneɛma a ommisa me. Ɔfaa me nneɛma a mede keka m’anim no mpo, na otumi bɛka kyerɛɛ me sɛ menntɔ nea eye!” Ebia wubetumi de akɔ w’awofo hɔ sɛ asennifo a wotwa to. Nanso, eye nso sɛ wo ne wo nuabarima no anaa wo nuabea no bɛtra ase bere a mo bo mfuwii mu. Mommɔ mmɔden sɛ mo adwene behyia wɔ adefɛm nhyehyɛe bi ho a ebia biako bɛyɛ sɛ ɛsɛ sɛ mubisa bere nyinaa ansa na moafa. Nokwarem no, sɛnea ɛte wɔ tebea afoforo pii mu no mmara hene a ɛwɔ Mateo 7:12 no ne ano aduru ankasa: “Ade biara a mopɛ sɛ nnipa nyɛ mma mo no, mo nso monyɛ wɔn saa ara.”
Enti munni nkitaho! Munsusuw nsɛm ho. Momfa mmara pɔtee bi nsisi hɔ. Wɔ saa kwan yi so no, mubetumi ahu sɛ ‘ogya no dum’ ansa na afi ase!
‘Ɛmfata!’
Abofra bi ka sɛ: “Me nuabea nsa ka biribiara a ɔhwehwɛ. Nanso sɛ edu me so a, wommua me koraa.” So ɛte sɛ nea woahu eyi bi pɛn? Nanso hyɛ saa nsɛm “biribiara” ne “koraa” no nsow. So tebea no yɛ bɔne saa ampa? Sɛ yɛn bo fuw a, yetumi gugu anibere a ɛwɔ tebea bi mu no mu. Bible no de saa nkuranhyɛ yi ma sɛ: “Momma nnipa nyinaa nhu mo dwo!” (Filipifo 4:5) Nea dwo a wubedwo no kyerɛ ankasa ne sɛ ‘wugyae mu siesie’ anaa ‘wonhwehwɛ sɛ wɔbɛyɛ biribiara pɛpɛɛpɛ.’ So ntease wom sɛ wobɛhwɛ kwan sɛ awofo a wɔnyɛ pɛ ne wo bedi wɔ ɔkwan a ɛyɛ pɛ so? So ntease wom sɛ wobɛhwɛ kwan sɛ nnipa baanu a ɛsono wɔn mu biara benya biribiara pɛpɛɛpɛ? Dabida!
Wɔyɛ asiane a ɛwɔ hɔ sɛ wubetumi aka ntɛmntɛm sɛ w’awofo yɛ ade sɛnea ɛmfata no ho nhwɛso wɔ Bible mu asɛm a ɛfa Yosef ho no mu. Ne nuanom tan no efisɛ na wɔn agya Yakob pɛ n’asɛm titiriw. Nanso, bere bi a na Yosef nuanom no rehwɛ wɔn nguan wɔ akyirikyiri baabi no. Yakob daa no adi sɛ odwen ne mma afoforo no nso ho kɛse denam Yosef a ɔsomaa no sɛ ɔnkɔhwɛ sɛnea wɔn ho te no so. Saa ara nso na ebia wubehu sɛ wo bo a efuw wɔ wo nuabarima anaa wo nuabea a onya ‘ɔhwɛ titiriw’ no nni nnyinaso.—Genesis 37:1-4, 13.
Sɛ wowɔ nuabarimanom anaa nuabeanom a wɔyɛ agya anaa ɛna mma a, ɛsɛ sɛ wokae eyi titiriw. Asɛm bi a epuei wɔ ‘Teen nsɛmma nhoma no mu kae sɛ: “Nsonsonoe bi a ɛho hia wɔ nea ɛyɛ pɛ ne nea ɛfata ntam. Ankorankoro biara wɔ ne nipasu ne n’ahiade ahorow . . . Sɛ́ anka wobɛbɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ wo nso saa ara mmom no, ɛho hia sɛ wuhu sɛ w’agya yere anaa wo na kunu no rebɔ mmɔden sɛ obedi mo nyinaa mo ahiade ho dwuma. Sɛ wonte nka sɛ wɔredi w’ahiade ho dwuma a, ɛnde wubetumi aka ho asɛm akyerɛ w’agya yere no anaa wo na kunu no.”
Nuabarimanom ne Nuabeanom Yɛ Nhyira?
Ebia ɛtɔ bere bi a ɛbɛyɛ den sɛ wubegye eyi atom—titiriw bere a wɔma wo bo fuw no. Nanso mpɛn pii no mmoa a wɔmmfa nni dwuma wɔ nuabarimanom ne nuabeanom a wɔne wɔn bɔ mu no ne sɛ wobɛkae mfaso horow a wɔma wunya no! Mmofra adwene ho ɔbenfo James P. Comer kae yɛn sɛ “nuabarimanom ne nuabeanom ntam ntɔkwaw yɛ ade titiriw wɔ mmofraase araa ma ebia yɛn werɛ fi sɛ yɛn nuanom yɛ yɛn ahokafo ne yɛn nnamfo.” Ɛda adi sɛ Diane gye tom. Ose: “Ɛyɛ anigye sɛ wowɔ nuabarimanom ne nuabeanom. Wowɔ obi a wo ne no bɛkasa na woaka w’anigyede ho asɛm akyerɛ no.” Ɔwɔ baason.
Ne nuabarima Dennis de ka ho sɛ: “Obi wɔ hɔ bere nyinaa a wubegye nsusuwii ahorow afi ne nkyɛn.” Anne Marie ne ne nuabarima Andre gye mfaso a ɛwɔ so sɛ wowɔ ɔhokafo a ɔbɛn wo no tom: “Ɛwom sɛ wubetumi ne nnamfo apue de, nanso wo nuabarimanom ne wo nuabeanom no wɔ wo nkyɛn bere nyinaa. Sɛ wopɛ sɛ mudi agoru anaa mokɔ agodibea bi a, wɔwɔ hɔ bere nyinaa.” Donna hu mfaso foforo a eye nso: “Wowɔ obi a wo ne no bɛkyɛ ofie nnwuma.” Afoforo nso aka wɔn nuabea anaa wɔn nuabarima no ho asɛm sɛ “ɔfotufo ne otiefo titiriw” ne obi a “ɔte nea merefa mu no ase.”
Bio nso, susuw daakye mfaso horow ho. Wɔ asetra mu akyiri yi no, wubehyia nsɛnnennen a mprempren wurehyia wɔ wo nuabarima ne wo nuabea ho no ara bi wɔ afoforo ho. Ahoɔyaw, agyapade hokwan ahorow, nsisi, kokoam a wunnya ntra, pɛsɛmenkominya, nipasu mu nsonsonoe—nsɛnnennen a ɛtete sɛɛ no nyinaa yɛ asetra fá. Enti bu wo nuabarimanom ne wo nuabeanom a wubesua sɛnea wo ne wɔn bɛbɔ no sɛ ntetee wɔ adesamma abusuabɔ a ɛyɛ anigye na ɛtaa yɛ nea ɛma obi ani tan no mu.
Onyankopɔn ho a Wubedwen
Nanso, nkanyan a ɛsen biara a ɛsɛ sɛ ɛma wonya abusua mu asomdwoe no ne hu a wubehu sɛ ebetumi ama wo ne Onyankopɔn ntam ayɛ yiye no. Andre a wadi mfe dunson no si Bible no nsɛm a ɛwɔ 1 Yohane 4:20 no so dua bere a ɔka sɛ: “Sɛ wuntumi ne nnipa a wuhu wɔn no mmɔ a, ɛbɛyɛ dɛn na woatumi ne Yehowa a wunhu no no abɔ?”
Yegye tom sɛ ɛnyɛ mmerɛw bere nyinaa sɛ wobɛkae eyi. Anne Marie ankasa ka sɛ: “Sɛ woreko a, ɛtɔ bere bi a wonsusuw sɛnea ɛka wo ne Yehowa ntam abusuabɔ no ho. Nea wususuw ho ara ne ɔkwan a wobɛfa so ama onipa foforo no anim agu ase anaasɛ wubedi were.” Nanso sɛ wubenya Onyankopɔn mpeneso a, ɛse sɛ ‘wuhu no w’akwan nyinaa mu.’—Mmebusɛm 3:6.
Eyi nkyerɛ sɛ ɛremma da sɛ wo ne wo nuabeanom ne wo nuabarimanom adwen renhyia. Nanso wubetumi asua sɛ wobɛyɛ saa a “bobɔne ne abufuw ne ano kurokuro” nka ho. (Efesofo 4:31) Sɛ nhwɛso no, abeawa bi a wadi mfe 15 taa hwehwɛ sɛ obenya ɔkwan bi afa so na ɔne ne nuabarimanom ne ne nuabeanom ako. Nanso wɔ bere a osuaa sɛnea wosua Bible ne sɛnea wɔde di dwuma wɔ asetra mu akyi no, ɔkae sɛ: “Mempɛ ntɔkwaw bio na mmom mebɔ mmɔden sɛ mɛpow.” Dɛn nti na wommɔ mmɔden sɛ wo nso wobɛyɛ saa ara? Ebia wubehu mpo sɛ onuabarima anaa onuabea a wowɔ no nyɛ ade bɔne saa koraa.
[Ase hɔ nsɛm]
a Hwɛ “Mmofra Bisa Sɛ . . . Dɛn Nti Na Ɛyɛ Den Saa Sɛ Me ne Me Nuabarima ne me Nuabea Bɛbɔ No?” no wɔ January 8, 1988 Nyan! mu.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 30]
“Nsonsonoe bi a ɛho hia wɔ nea ɛyɛ pɛ ne nea ɛfata ntam. Ankorankoro biara wɔ ne nipasu ne n’ahiade ahorow”
[Kratafa 29 mfoni]
Nnya adwene sɛ ɛmfata sɛ ɛtɔ bere bi a wɔde adwene kɔ onuabarima anaa onuabea bi so sen sɛnea wɔyɛ wɔ wo ho no