Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g97 11/8 kr. 23-25
  • Dɛn Nti na Me Nua Nkutoo na Wonya Ne Ho Bere?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn Nti na Me Nua Nkutoo na Wonya Ne Ho Bere?
  • Nyan!—1997
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Enti a Wɔyɛ Nyiyim
  • Nyiyim—So Ɛyɛ Atɛnkyea?
  • Sua a Wubesua sɛ Wubenya Nhumu
  • Mɛyɛ Dɛn Atumi Agyina Nyiyim Ano?
    Nyan!—1997
  • Mɛyɛ Dɛn Ayɛ Nhwɛso Pa Ama Me Nuanom Nkumaa?
    Nyan!—1991
  • Dɛn Nti Na Ɛyɛ Den Saa Sɛ Me ne Me Nuabarima ne Me Nuabea Bɛbɔ No?
    Nyan!—1988
  • Adɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Misiesie Me Ne Me Nuanom Ntam?
    Mmabun Bisa Sɛ
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1997
g97 11/8 kr. 23-25

Mmofra Bisa Sɛ . . .

Dɛn Nti na Me Nua Nkutoo na Wonya Ne Ho Bere?

“Nea ɛhaw me ne sɛ sɛ me nuanom mmarima ne mmea yɛ biribi bɔne mpo a, wonya wɔn ho bere kɛse—wɔ nea eye ne nea enye nyinaa ho. Nanso esiane sɛ meyɛ osetie nti, wobu ani gu me so.”—Kay a wadi mfe 18.a

“Wonya me nuanom mmarima ne mmea ho bere kɛse, na wɔhwɛ wɔn yiye. Bere a wonya ma me no mu fã kɛse no ara yɛ bere a wɔrema me afotu. Sɛ mihu sɛ wotu wɔn nso fo a, anka m’ani begye.”—Ruth a wadi mfe 15.

“Ɛte sɛ nea wɔma me nuanom mmarima ne mmea mpanyimfo no nya hokwan pii na wonya wɔn ho bere kɛse.”—Bill a wadi mfe 13.

EFI da a wɔwoo yɛn no, yɛn nyinaa hia sɛ yɛn awofo nya yɛn ho bere. Na sɛ wote nka sɛ wonnya wo ho bere sɛnea ɛfata a, ɛbɛyɛ nea ntease wom sɛ ɛbɛhaw wo na ahyɛ wo abufuw. Ɛte saa titiriw bere a ɛte sɛ nea wo nuanom—mpanyimfo ne mmofra, wɔn a wɔn suban ye, ne wɔn a wɔn aso yɛ den nyinaa—na bere nyinaa wonya wɔn ho bere no. Ebia wobɛte nka mpo sɛnea Dawid tee nka bere a ɔkyerɛw eyi no: “Nnipa werɛ afi me sɛ owufo, mayɛ sɛ ade a wɔtow kyene.”—Dwom 31:12.

Sɛ́ wubehu sɛ wonya bere ma wo nua bere a anka ɛsɛ sɛ wo na wonya ma wo no betumi ayɛ wo yaw. Nanso so eyi kyerɛ ankasa sɛ wɔnnɔ wo? Ɛnte saa koraa. Ɛtɔ mmere bi a wonya mmofra bi ho bere kɛse esiane sɛ wɔwɔ mmɔdenbɔ soronko bi anaasɛ wɔwɔ adamfofa su nti. Kenneth a wadi mfe 11 no ka sɛ: “Ɛwom mpo sɛ me nuabarima ketewa, Arthur, gyina gyinapɛn abiɛsa de, nanso ɔne mmofra a wogyina gyinapɛn anum na ɛbɔ fekuw. Ɔbɔ mmɔden wɔ agumadi ne akontaabu mu nso. Nokwarem no, onya abodin a ɛsen biara wɔ ne sukuu dwumadi nyinaa mu. Ɛtɔ da bi a, misusuw sɛ nkurɔfo pɛ n’asɛm sen me, nanso m’ani mmere no. Nanso, ebia na m’ani bere no kakra.”

Afei nso, mmofra bi wɔ hɔ a ɛte sɛ nea wɔn awofo nya wɔn ho bere kɛse esiane sɛ wɔyɛ piesie—anaa kaakyire nti. Bible ka aberantewaa Yosef ho asɛm sɛ: “Na esiane sɛ Yosef yɛ ne nkwakoraa bere mu ba nti, Israel dɔ no sen ne mma nyinaa.” (Genesis 37:3, 4) Ɔkwan foforo so no, Todd a wadi mfe 18 no tee nka sɛ wɔpɛ ne nuabarima asɛm esiane sɛ ɔyɛ piesie nti. Ɔka sɛ: “Bere bi wɔka kyerɛɛ yɛn sɛ yɛmfa yɛn mmofraberem mfonini a yɛn ani gye ho paa mmra mmɛyɛ sukuu mu dwumadi bi. Me mfonini kakraa bi pɛ na mitumi nyae, na mihui sɛ me nua panyin no wɔ mfonini pii. Ɛmaa misusuw nea enti a ɛte saa ho.”

Nanso, mpɛn pii no, wonnya bere pii mma wo esiane sɛ wo nua bi rehyia ɔhaw bi nti—ebia ɔhaw ahorow a wunnim. Cassandra a wadi mfe 22 seesei no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Bere a midii mfe 16 no, me nua panyin hyiaa asɛnnennen bi. Ná ontumi nsi gyinae sɛ ɔbɛsom Yehowa, na ɛkame ayɛ sɛ m’awofo de wɔn bere nyinaa maa no. Saa bere no, mante nea enti a na ɛte saa no ase. Metee nka sɛ wɔnnwen me ho koraa. Ɛmaa midii awerɛhow, na metee nka sɛ wɔabu ani agu me so—ade a na ɛhyɛ abufuw nso.”

Nea Enti a Wɔyɛ Nyiyim

Nanso, ɛtɔ mmere bi a, awofo di fɔ wɔ nyiyim ankasa a wɔyɛ no ho. Ɛna bi gye toom sɛ: “Minim sɛ me babarima, Paul, di yaw pii wɔ hu a ohu anigye kɛse a yɛkyerɛ wɔ yɛn babea no ho no. Waka akyerɛ yɛn pen sɛ, ‘Sɛ Liz ka biribi a, bere nyinaa Wo ne Paapa hwɛ mo ho anim.’ Mfiase no, na yenhu nea ɔreka ho asɛm no. Afei yebehui sɛ yɛtaa hwɛ yɛn ho anim de kyerɛ sɛ ‘wunhu sɛ ne ho yɛ nwonwa.’ Efi bere a ɔtwee yɛn adwene sii so no, yɛayɛ nsakrae kɛse sɛ yɛrenyɛ saa bio.”

Nanso dɛn nti koraa na awofo yɛ nyiyim nea edi kan? Sɛnea wɔtetee wɔn no betumi ayɛ ade biako. Sɛ nhwɛso no, sɛ na wo maame yɛ kaakyire a, ebetumi ama wapɛ ne ba a ɔyɛ kaakyire no asɛm kɛse. Obetumi agyina saa abofra no akyi bere nyinaa a onnim. Anaasɛ ebia ɔwofo bi betumi akyerɛ abofra a ɔne n’adwene hyia wɔ nneɛma ho no ho anigye. Susuw nea Bible no ka fa Isak ne Rebeka ho wɔ wɔn mma ntaafo Yakob ne Esau ho no ho: “Mmofra no nyinii. Na Esau yɛɛ onipa a onim ahayɔ ne ɔhamuni, na Yakob de, ɔyɛ onipa a odwo a ɔte ntamadan mu. Na Isak dɔ Esau, efisɛ ne hanam yɛ no dɛ; na Rebeka dɔ Yakob.”—Genesis 25:27, 28.

Sɛ ɛte sɛ nea w’awofo dɔ wo nuanom mu biako a, dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ?b Wubetumi ne w’awofo abɔ ho nkɔmmɔ wɔ odwo kwan so a wunnunu wɔn. (Mmebusɛm 15:22) Sɛ wufi obu mu tie wɔn a, wubetumi ahu biribi afi adwene a wokura no mu. Eyi betumi aboa ma woadwudwo wo koma. (Mmebusɛm 19:11) Abeawa bi a wadu ne mpanyin afe so ka sɛ: “Ná ɛhaw me kɛse sɛ me Maame pɛ me nuabarima asɛm sen me. Bere a mibisaa no ho asɛm no, ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ esiane sɛ ɔsɛ Paapa paa nti na ɔpɛ n’asɛm. Na esiane sɛ mesɛ ɔno maame kɛse nti na Paapa pɛ m’asɛm. Saa ara na esiane sɛ me ne no sɛ nti, yɛnka. Na esiane sɛ me nuabarima ne me papa sɛ nti na wɔn nso nka no. Esiane sɛ ɔkyerɛkyerɛɛ mu saa nti—ɛwom mpo sɛ m’ani annye ho kɛse de—mitumi gye toom.”

Nyiyim—So Ɛyɛ Atɛnkyea?

Nanso, dɛn nti na awofo ntumi ne obiara nni nsɛm pɛ? Beth a wadi mfe 18 seesei no ka sɛ: “Bere a midii mfe 13 no, metee nka sɛ ɛsɛ sɛ wɔne me ne me nuabarima no nyinaa di nsɛm pɛ—wɔne yɛn di no pɛ wɔ biribiara mu. Nanso na me na wɔka m’anim bere nyinaa, bere a na wɔnka n’anim koraa no. Na na ɔne Paapa de bere pii yɛ kar no ho adwuma. Ɛyɛ nsisi.”

Nanso nyiyim nkyerɛ atɛnkyea ankasa. Susuw sɛnea Yesu Kristo ne n’asomafo no dii nsɛm no ho. Akyinnye biara nni ho sɛ, na ɔdɔ 12 no nyinaa, nanso wɔn mu 3 pɛ na ɔfrɛɛ wɔn kɔhwɛɛ nneɛma atitiriw bi, a ebi ne Yairo babea a onyanee no ne ahosakra no. (Mateo 17:1; Marko 5:37) Bio nso, na Yesu adamfo paa ne ɔsomafo Yohane. (Yohane 13:23; 19:26; 20:2; 21:7, 20) So na eyi yɛ nyiyim? Ɛte saa. So na ɛmfata? Dabida. Efisɛ ɛwom sɛ ebetumi aba sɛ na Yesu pɛ asomafo no bi asɛm ankasa de, nanso wammu n’ani angu wɔn a aka no ahiade so.—Marko 6:31-34.

Saa ara na ebetumi aba sɛ wɔhyɛ da nya wo nuanom mu biako ho bere soronko esiane wɔn dom akyɛde, nipasu, anaa ahiade ahorow nti. Ɛda adi sɛ, ebetumi ayɛ yaw sɛ wubehu eyi. Nanso asɛm no ne sɛ, So wɔrebu ani agu w’ahiade so ankasa? Sɛ wuhia w’awofo afotu anaa wɔn mmoa a, wɔyɛ aso ma wo? Sɛ ɛte saa a, so wubetumi aka sɛ wɔresisi wo ankasa? Bible hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛne afoforo nni nsɛm “sɛnea wɔn ahiade te.” (Romafo 12:13, NW) Esiane sɛ wo ne wo nuanom yɛ nnipa a ɛsono obiara ahiade nti, ɛrentumi nyɛ yiye sɛ w’awofo ne mo bedi nsɛm pɛpɛɛpɛ bere nyinaa.

Enti, Beth, a yɛbɔɔ ne din ahyɛase no behui sɛ ɛnyɛ bere nyinaa na eye sɛ wɔne obiara di nsɛm pɛ, na saa ara na ɛrentumi nyɛ yiye bere nyinaa sɛ wɔne obiara bedi nsɛm pɛ. Ɔka sɛ: “Mibehui sɛ me ne me nuabarima no yɛ nnipa baanu a yɛyɛ soronko, na ɛsɛ sɛ wɔne yɛn di nsɛm wɔ akwan soronko so. Sɛ mehwɛ m’akyi a, ɛyɛ me nwonwa sɛ mantumi anhu saa bere a na meyɛ abofra no. Misusuw sɛ na ɛyɛ ɔkwan a wofa so hwɛ nneɛma saa bere no kɛkɛ.”

Sua a Wubesua sɛ Wubenya Nhumu

Yiw, “ɔkwan a wofa so hwɛ nneɛma” no ne sɛnea woyɛ w’ade wɔ wo tebea ho no wɔ pii yɛ. Te sɛ kyikyi a anim ayɛ bisii no, wo nkate betumi ama woahu nneɛma ɔkwan foforo so. Na nkate fam ahiade a obi wɔ sɛ n’awofo benya ne ho bere, na wanya wɔn anim dom no yɛ biribi a emu yɛ den. Nhwehwɛmufo Stephen Bank ne Michael Kahn ka sɛ: “Sɛ awofo tumi nya tebea pa de di wɔn mma ahiade ahorow ho dwuma pɛ koraa mpo a, abofra biara besusuw sɛ awofo no pɛ mmofra a aka no mu biako asɛm.”

Sɛ nhwɛso no, susuw nea mmofra baasa a yɛbɔɔ wɔn din ahyɛase no kae no ho bio. Ɛte sɛ nea na anidaso biara nni wɔn tebea no mu, nanso nokwasɛm ne sɛ: Wɔyɛ anuanom! Yiw, wɔn mu biara susuw sɛ awofo no nya wɔn a aka no ho bere kɛse, na ɔno de wɔrebu ani agu ne so! Enti, mpɛn pii na ɛyɛ a yenya adwene a ɛmfata wɔ nneɛma ho. Mmebusɛm 17:27 ka sɛ: “Nea ne honhom dwo yɛ nhumu nnipa.” Sɛ́ obi benya nhumu no kyerɛ sɛ ɔde anidahɔ bebu nneɛma sɛnea ɛte ankasa, na ɛnyɛ nkate. Nhumu betumi aboa wo ma woahu sɛ ɛwom sɛ ebia w’awofo ne mo nyinaa nni nsɛm pɛpɛɛpɛ de, nanso wodwen mo nyinaa yiyedi ho! Eyi a wubehu no betumi aboa wo ma woakwati abufuw ne yawdi.

Na sɛ ɛte saa ankasa sɛ wonnya wo ho bere sɛnea ɛfata nso ɛ? Dɛn na wubetumi ayɛ? Yebesusuw eyi ho wɔ Nyan! mu asɛm bi a ɛbɛba akyiri yi no mu.

[Ase hɔ nsɛm]

a Wɔasesa edin no bi.

b Asɛm bi a ɛbɛba akyiri yi bɛka sɛnea wogyina nyiyim ano ho asɛm akɔ akyiri.

[Kratafa 24 mfonini]

Nyiyim betumi ayɛ sɛ nea ɛmfata

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena