Mmofra Bisa Sɛ . . .
Mɛyɛ Dɛn Atumi Agyina Nyiyim Ano?
“Mesen me nuabea mfe abien, na ne nkutoo na wonya ne ho bere. . . . Ɛyɛ nsisi.”—Rebecca.a
BERE dodow a wonya wo nuabarima anaa wo nuabea ho bere no, bere dodow no ara na ebia wobɛte nka sɛ wɔagyaw wo. Na sɛ wowɔ nua bi a ɔwɔ ɔdom akyɛde soronko, a ɔrehyia ɔhaw ahorow a anibere wom, anaa ɔne w’awofo adwene hyia anaa ɔsɛ wɔn a, ebia ebehia sɛ wobɔ mmɔden kɛse ansa na wɔanya wo ho bere bi! Bere dodow a wudwen ho no, bere dodow no ara na ebetumi ayɛ wo yaw na ahyɛ wo abufuw.b
Nanso, Bible bɔ kɔkɔ sɛ: “Mo bo huru a, monnyɛ bɔne! Monkasa mo komam wɔ mo dabere, na monyɛ komm.” (Dwom 4:4) Bere a woahaw na wo bo afuw no, ɛrenyɛ den sɛ wobɛka biribi anaa wobɛyɛ biribi a ebia akyiri yi wubenu wo ho. Kae sɛnea Onyankopɔn anim dom a Abel nyae no maa Kain bo fuwii. Onyankopɔn bɔɔ no kɔkɔ sɛ: “Bɔne butuw ɔpon ano, na w’akyi kwan na ɛhwehwɛ, nanso di no so.” (Genesis 4:3-16) Kain antumi anni ne nkate so, na ekowiee ɔsɛe mu!
Ɛwom, ɛnyɛ sɛ worebɛyɛ owudifo te sɛ Kain. Nanso, nyiyim betumi akanyan nsusuwii ne atenka bɔne. Enti asiane horow betumi abutuw wo pon ano! Emu bi ne dɛn? Na ɔkwan bɛn so na wubetumi adi tebea yi so?
Di Wo Tɛkrɛma So!
Bere a Beth dii mfe 13 no, na ɔte nka sɛ n’awofo pɛ ne nuabarima asɛm sen no, na wosisi no. Ɔka sɛ: “Me ne me maame kekaa mu guu yɛn ho so mpɛn pii, nanso mfaso biara amfi mu amma. Ná mintie nea ɔka, na na ɔno nso ntie nea meka, enti yɛannya hwee amfi mu.” Ebia wo nso woahu sɛ, nteɛteɛm sɛe asɛm koraa. Efesofo 4:31 ka sɛ: “Momma wonyi anobow nyinaa ne bobɔne ne abufuw ne ano kurokuro ne abususɛm, ɛne bɔnepɛ nyinaa mfi mo mu.”
Ɛho nhia sɛ wobɛteɛteɛm de akyerɛ w’adwene. Mfaso taa ba nneɛma a wodi ho dwuma wɔ odwo mu so. Mmebusɛm 25:15 ka sɛ: “Abodwokyɛre dan ɔtemmufo ti, na tɛkrɛmabere bu dompe mu.” Enti, sɛ ɛte sɛ nea w’awofo yɛ nyiyim a, nkekam ngu wɔn so nkasakasa ho. Twɛn bere a ɛfata, na afei wo ne wɔn nka ho asɛm wɔ odwo ne obu kwan so.—Fa toto Mmebusɛm 15:23 ho.
Sɛ wode w’adwene si w’awofo sintɔ ahorow so, anaa wokasa tia wɔn wɔ sɛnea wɔyɛ “nsisi” no ho a, pam na wopam wɔn fi wo ho, anaa woma wɔda wɔn ho so. Fa w’adwene si sɛnea wɔn nneyɛe no aka wo no so mmom. (‘Sɛ mubu mo ani gu me so a, ɛyɛ me yaw ankasa.’) Akyinnye biara nni ho sɛ ɛbɛka wɔn ma wɔasusuw wo ho anibere so. Afei nso, ‘yɛ ntɛm tie.’ (Yakobo 1:19) Ebetumi aba sɛ w’awofo wɔ biribi pa a enti wonya wo nua no ho bere pii no. Ebia nneɛma ahorow bi rehaw no a wunnim.
Nanso sɛ wo bo taa huru na wokasa abufuw so ntɛmntɛm nso ɛ? Mmebusɛm 25:28 de “ɔbarima a ontumi nsianka ne honhom” toto kurow a “afasu nni ho” ho; n’ankasa nkate horow a ɛtɔ sin no betumi afa ne so. Ɔkwan foforo so no, di a wutumi di wo nkate so no kyerɛ ahoɔden ankasa a wowɔ! (Mmebusɛm 16:32) Ɛnde, dɛn nti na wontwɛn nkosi sɛ wo bo bedwo ansa na woaka nea ɛhaw wo no ho asɛm, anaasɛ wontwɛn nkosi n’adekyee mpo? Afei nso, sɛ wufi adi kotu mpase anaa wokɔteɛteɛ w’apɔw mu a, wubehu sɛ ɛbɛboa wo ma woafi tebea no mu. (Mmebusɛm 17:14) Wubetumi akwati sɛ wobɛka asɛm bi a ɛyɛ yaw anaa nyansa nnim, denam ka a wobɛka w’ano atom so.—Mmebusɛm 10:19; 13:3; 17:27.
Anifere Kwan so Asoɔden
Afiri foforo a ɛsɛ sɛ wokwati ne asoɔden. Marie a wadi mfe 16 no hui sɛ sɛ ne nuabarima kumaa haw adwene wɔ abusua Bible adesua ase a, wɔntwe n’aso. Nea ɛte sɛ animhwɛ yi a ɛhaw no no nti, “ɔte dae” na wankasa wɔ adesua no ase. So wode kommyɛ anaa bua a wummua obiara akyerɛ sɛ wote nka sɛ biribi atõtõ?
Sɛ saa a, hu sɛ anifere kwan so adeyɛ a ɛte saa no ne Bible ahyɛde a ɛne sɛ yenni yɛn awofo ni, na yentie wɔn no bɔ abira. (Efesofo 6:1, 2) Bio nso, asoɔden sɛe wo ne w’awofo ntam abusuabɔ. Eye sɛ wobɛka nea ɛhaw wo no akyerɛ w’awofo. Mmebusɛm 24:26 kyerɛ sɛ “nea ɔma mmuae a ɛteɛ no” nya afoforo anim dom. Bere a Marie ne ne maame susuw asɛm no ho no, wɔbɛtee wɔn ho ase, na nneɛma fii ase kɔɔ yiye.
Asiane a Ɛwɔ Tew a Wobɛtew Wo Ho Mu
Ade foforo a enye wɔ di a wubedi nyiyim ho dwuma mu ne sɛ wobɛtew wo ho afi w’abusua ho anaasɛ wobɛkɔ wɔn a wɔnyɛ gyidifo nkyɛn akogye mmoa. Eyi na ɛtoo Cassandra: “Metew me ho fii m’abusua ho, na mede me ho kɔbɔɔ wiasefo nnamfo a mefaa wɔ sukuu mu no ho. Ná mewɔ mpenafo mpo a na m’awofo nnim. Afei mebɛhawee, na m’ahonim buu ne fɔ efisɛ na minim sɛ mereyɛ bɔne. Ná mepɛ sɛ migyae, nanso na minhu ɔkwan a mɛfa so aka akyerɛ m’awofo.”
Ɛyɛ hu sɛ wobɛtew wo ho afi w’abusua ne mfɛfo gyidifo ho—titiriw bere a woahaw na w’adwenem ayɛ wo basaa no. Mmebusɛm 18:1 bɔ kɔkɔ sɛ: “Nea watew ne ho no hwehwɛ anoyi daa, na ade biara ho yɛ no ahi.” Sɛ ɛyɛ den ma wo sɛ wobɛkɔ w’awofo anim saa bere yi a, hwehwɛ Kristoni adamfo bi a ɔte sɛ nea Mmebusɛm 17:17 ka ne ho asɛm no: “Adamfo dɔ bere nyinaa mu, na onua, wɔwoo no maa hiada.” Mpɛn pii no, ɛnyɛ den sɛ obi benya ‘adamfo pa’ a ɛte saa wɔ asafo no mufo a wɔn ho akokwaw mu.
Cassandra nyaa ‘adamfo pa’ wɔ ne hiada mu: “Bere a ɔmansin sohwɛfo [ɔhwɛfo kwantuni] bɛsraa yɛn asafo no, m’awofo hyɛɛ me nkuran sɛ me ne no nkɔ asɛnka. Ná ɔne ne yere brɛ wɔn ho ase yiye, na wɔkyerɛɛ me ho anigye ankasa. Ná mitumi ne wɔn kasa ankasa. Mante nka sɛ wobebu me fɔ. Wohui sɛ, tete a wɔtetee obi sɛ Kristoni no nkyerɛ sɛ ɔyɛ pɛ.” Nkuranhyɛ ne afotu a wofi ahokokwaw mu de mae no ara ne nea na Cassandra hia!—Mmebusɛm 13:20.
Asiane a Ɛwɔ Anibere Mu
Mmebusɛm 27:4 bɔ kɔkɔ sɛ: “Anibere yɛ atirimɔden, na abufuw yɛ ɔbrammiri, na hena na obetumi agyina ninkuntwe anim?” Anibere ne ninkunu a wɔtwe wɔ anuanom a wɔpɛ wɔn asɛm ho no ama mmerante ne mmabaa bi apere wɔn ho ayɛ nneɛma bi. Ɔbea bi kaa n’asɛm sɛ: “Bere a na meyɛ abofra no, na me ti nhwi te sɛ mmɛfe, na na me nuabea wɔ ti nhwi kuhaa a ɛyɛ fɛ a egu ne sisi akyi. Bere nyinaa na me papa kamfo ne nhwi no. Ná ɔfrɛ no, ne ‘buroni.’ Anadwo bi, bere a na wada no, mefaa me maame apaso a ɔde twitwa ntade no, na meyɛɛ nwaa kɔɔ ne mpa ho kotwaa nhwi no dodow a metumi gui.”−Siblings Without Rivalry, [Anuanom a Ɔtan Nni Wɔn Ntam] a Adele Faber ne Elaine Mazlish kyerɛwee.
Ɛnyɛ nwonwa sɛ Bible ka anibere ho asɛm sɛ “honam nnwuma” no mu biako. (Galatifo 5:19-21; Romafo 1:28-32) Nanso, ‘anibere’ wɔ yɛn nyinaa mu. (Yakobo 4:5) Sɛ wuhu sɛ worefa kwan bi so ama wo nua ho akyere no, anaa wɔ ɔkwan foforo so no, worebrɛ no ase a, ɛnde na akyinnye biara nni ho sɛ anibere “butuw ɔpon ano” repɛ adi wo so!
Sɛ wuhu sɛ wukura nsusuwii bɔne a ɛte saa a, dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ? Nea edi kan no, bɔ mmɔden bɔ Onyankopɔn mpae fa hwehwɛ ne honhom. Galatifo 5:16 ka sɛ: “Monnantew honhom mu, na munnni ɔhonam akɔnnɔ akyi.” (Fa toto Tito 3:3-5 ho.) Ebetumi aboa ma woasusuw sɛnea wote nka ankasa ma wo nua no nso ho. So wubetumi aka paa sɛ wunni wo nua no ho dɔ biara—wɔ wo menasepɔw no nyinaa akyi? Wiɛ, Kyerɛwnsɛm no kyerɛ yɛn sɛ “ɔdɔ nyɛ ahoɔyaw.” (1 Korintofo 13:4) Enti nnya adwemmɔne ne nsusuwii a ɛkanyan anibere. Sɛ w’awofo hyɛ da nya wo nua ho bere a, bɔ mmɔden sɛ wo ne wo nua no ani begye.—Fa toto Romafo 12:15 ho.
Nkɔmmɔ a wo ne w’awofo bɛbɔ wɔ eyi ho no nso betumi aboa. Sɛ afei wɔbɛte ase sɛ ehia sɛ wonya wo ho bere pii a, eyi bɛboa wo yiye ma woadi wo nua ho anibere a ɛhyɛ wo mu no so. Nanso sɛ nneɛma ansakra wɔ fie, na sɛ nyiyim no kɔ so nso ɛ? Mma wo bo mfuw, nteɛteɛm, na ntew w’awofo so atua. Bɔ mmɔden sɛ wubekura su pa mu, ayɛ osetie. Sɛ ɛho behia a, hwehwɛ mmoa fi Kristofo asafo no mufo a wɔn ho akokwaw nkyɛn. Nea ɛsen ne nyinaa no, bɛn Yehowa Nyankopɔn. Kae odwontofo no nsɛm no: “M’agya ne me na agyaw me, na [Yehowa, NW] de, ogye me.”—Dwom 27:10.
[Ase hɔ nsɛm]
a Wɔasesa edin no bi.
b Hwɛ asɛm “Dɛn Nti na Me Nua Nkutoo na Wonya Ne Ho Bere?” a ɛwɔ November 8, 1997 Nyan! mu no.
[Kratafa 15 mfonini]
Kyerɛ a wobɛkyerɛkyerɛ mu sɛ wote nka sɛ wɔabu wo animtiaa no betumi ama asɛm no atwa