Mmofra Bisa Sɛ. . .
Dɛn Nti Na Ɛyɛ Den Saa Sɛ Me ne Me Nuabarima ne Me Nuabea Bɛbɔ No?
ANUANOM ntam ntɔkwaw—akɔ so fi Kain ne Habel bere so na abu so wɔ mmofra mu te sɛ ɔpakum. Ɛnyɛ sɛ wotan wo nuabarima anaa wo nuabea no ankasa. Ɛdɛn, ebia wode amemenemfe begye atom sɛ wowɔ ɔdɔ bi ma wo nua no, sɛnea mmofra a wodidi so yi yɛe no:
“Ɛtɔ mmere bi a me nuabeanom ne me nuabarimanom no ne wɔn ho wɔn ho nya akasakasa na meka sɛ mempɛ wɔn asɛm, nanso menkyerɛ saa ankasa. Yɛdodɔ yɛn ho yɛn ho ankasa.”
“Mihu sɛ medɔ me nuabarima no ɛwom sɛ menna no adi ankasa de.”
Mihu sɛ medɔ me nuabarima no wɔ me komam tɔnn, baabi a minnya saa nkate no mprempren no. Mekyerɛ sɛ, medɔ no.”
Wɔ ne nyinaa akyi no, ɛda adi sɛ ɔtan tumi yi ne ho adi wɔ saa anuanom ntam abusuabɔ yi mu. Dɛn na ebetumi afi mu aba? Abeawa bi a wadi mfe 15 ka kyerɛe sɛ: “Me ne me nuabea ne me nuabarima: yɛko mpɛn pii—mpɛn pii no ɛnyɛ hwee nti! Na saa ntɔkwaw ahorow no haw abusua no muni biara, na na yɛn nyinaa ani nnye.” Nuabarimanom ne nuabeanom binom ma ɔtan a wɔtentan wɔn ho wɔn ho no da adi mpo. (Abeawa bi a onnii mfe aduonu yɛɛ ne nuabarimanom ne ne nuabeanom a wɔde wɔn regu ɔtɔɔpoo a amã a ɛyɛ hyew wom mu ho mfonini.)
Dɛn nti na anuanom ntam akameakame taa ba?
Wɔ asɛm bi a epuei wɔ Seventeen nsɛmma nhoma mu mu no, abusua nsɛm mu hwehwɛfo Claudia Schweitzer de ade titiriw biako a enti ntawntawdi taa ba nuabarimanom ne nuabeanom ntam no ma: “Abusua biara wɔ nneɛma bi, ebi yɛ nkate mu de na ebi yɛ honam fam de.” Asɛm no toaa so sɛ: “Sɛ anuanom ne wɔn ho wɔn ho ko a, mpɛn pii no na wɔresi saa nneɛma yi a efi awofo ɔdɔ so kosi sika ne ntade so ho biribiara ka ho no ho akane.”
Yiw, mpɛn pii no onuabarima anaa onuabea a wowɔ no kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ mokyɛ ade. Sɛ nhwɛso no, ɛsɛ sɛ Camille a wadi mfe dunwɔtwe no ne ne nuabarimanom ne ne nuabeanom baanum no kyɛ adan a wɔda mu abiɛsa. Camille se: “Sɛ ɛtɔ bere bi a na mepɛ sɛ me nkutoo mewɔ hɔ, na mɛpɛ sɛ meto ɔpon no mu, nanso wɔwɔ hɔ bere biara.” Nokwarem no, ná Yesu mpo hia sɛ ne nkutoo tew ne ho mmere bi. (Marko 6:31) Enti sɛ wo nuabarima anaa wo nuabea bi hyɛn wo dan mu a wammɔ ɔpon no mu anaasɛ bere a ɛnyɛ wo nkutoo na wo te ɔdan no mu no, ebia worempɛ.
Eyi bɛyɛ asɛnnennen kɛse bere a mmanoma wɔ ofie hɔ na ɛsɛ sɛ mmofra ne ahɔho kyɛ ade no. Abeawa biako de anibere kae sɛ: “Obiara ammisa me ne me nuabarima no sɛ ebia yɛpene so sɛ agya mma nuabeanom baanu ne onuabarima betu abɛtra yɛn fi hɔ anaa. Wotu bae da koro bi ara kɛkɛ na wofii ase yɛɛ ade te sɛneabiribiara yɛ wɔn de. . . . Me yam a anka wɔasan kɔ faako a wofi bae.”
Afei hokwan ahorow ne ofie asɛyɛde kyekyɛ nso wɔ hɔ. Ebia mmofra a wɔanyinyin no rempɛ sɛ wɔbɛhwɛ kwan sɛ wɔn na ɛsɛ sɛ wɔyɛ ofie nnwuma no mu fã kɛse. Ebia mmofra nkumaa bɛpow sɛ wɔn nuanom mpanyimfo bedi wɔn so anaasɛ bere a wɔn nuanom mpanyimfo nya hokwan atitiriw bi no ɛbɛyɛ wɔn anibere. Abeawa bi a onnii mfe aduonu a ofi Engiresi Aburokyiri de awerɛhow ka sɛ: ‘Me nuabea no suasua afrika na me de mintumi. Me bo fuw na mebɔ mmɔden sɛ mɛma nneɛma mu ayɛ den ama no.’
Ɔkwan bɛn so na wubetumi ayi saa abufuw a edi kyinhyia yi afi hɔ? Fi ase denam mmɔden a wobɛbɔ sɛ wubedi pɛsɛmenkominya su biara a ɛbɛsɔre so no so. Ɛno kyerɛ sɛ ‘wonhwehwɛ nea ɛyɛ w’ankasa de, na mmom wohwehwɛ nea ɛyɛ wo yɔnko de.’ (1 Korintofo 10:24) Sɛ́ anka wobɛkasakasa wɔ “nea ɛyɛ wode” ho mmom no, ‘kyɛ ade fɛw so.’ (1 Timoteo 6:18) Ebia eyi bɛyɛ den yiye. Nanso nhwehwɛmufo bi kae yɛn sɛ: “Mfaso a ɛwɔ anuanom a wowɔ [a agya mma ka ho!] so no dɔɔso pii sen nea ɛnyɛ mfaso. Wɔ a anuanom wɔ hɔ no ma abofra nya tebea a ebetumi ama wasua sɛnea ɔne mmofra afoforo bɛbɔ. Osua ɔmane-ogye, sɛ ɔne afoforo bɛkyɛ n’agyapade.”
Ɛbɛn So Dodo Ma Ahotɔ
Diane a wadi mfe dunson no ne ne nuabarimanom baanan ne ne nuabeanom baasa na enyinii. Ose: “Sɛ muhu mo ho mo ho da biara da . . . Na sɛ wohwɛ sɛ onipa koro no ara yɛ ade koro a ɛhyɛ wo abufuw no da biara a—ɛno betumi aka wo.” Nanso, ɛtɔ bere bi a yɛn ankasa sintɔ ma asɛm no yɛ kɛse. Abofraa Andre ka fa ne ho sɛ: “Sɛnea woyɛ w’ade wɔ fie no ne sɛnea wote ankasa. Sɛ wopue abɔnten na wone nnipa afoforo bɔ a, ɛtɔ bere bi a wofa su foforo koraa. Nanso sɛ wowɔ fie wɔ nneɛma a atwa wo bo ahyia a wunim no dedaw no mu a, woyɛ ade sɛnea wote ankasa.” Nea enye no, ‘ade a woyɛ sɛnea wote ankasa no’ taa kyerɛ ɔpɔw, ayamye, ne nyansa a wotow kyene.
Nhoma a wɔfrɛ no The Private Life of the American Teenager no kɔ so ka sɛ: “Mpɛn pii no ɛyɛ den kɛse sɛ yɛne nnipa a wɔwɔ yɛn su ahorow no bi na wonim yɛn sintɔ ahorow nyinaa ne nea ɛtaa ma yɛn bu fuw no bɛbɔ.” Ampa, wo ne wo nuabarima anaa nuabea bi wɔ su pa biako bi a, ebia ɛno bɛtwe wo abɛn no. Nanso sɛ mo nyinaa wɔ su bi a enye nso ɛ? Mmebusɛm 27:19 se: “Sɛ nsu anim kyerɛ anim no, saa ara na onipa koma kyerɛ onipa koma.” Sɛ yehu sɛ yɛn su ahorow a enye no da adi wɔ yɛn nua mu a, mpɛn pii no yɛn bo fuw wɔ nea ɛkae yɛn no ho na yɛn ani bere.
Ɔkwan bɛn so na wubetumi akura asomdwoe mu? Ɛdenam Bible no afotu a ɛne sɛ ‘munkurakura mo ho mo ho ɔdɔ mu’ no a wubedi akyi no so. (Efesofo 4:2) Sɛ́ anka wobɛma wo nua no mfomso ne ne sintɔ ahorow no ayɛ kɛse mmom no, fa Kristofo dɔ a ‘ɛkata bɔne pii so’ no di dwuma. (1 Petro 4:8) Sɛ́ anka wobɛfa abusua no mufo saa ara kwa na wayɛ katee ne nea onni ayamye no, yi “abufuw, bobɔne, bɔnepɛ, abususɛm” fi wo ho gu na ‘ma wo kasa ho mmra nyam daa.’—Kolosefo 3:8; 4:6.
‘Wo na Mama Pɛ W’asɛm Kɛse!’
Nanso, ebia nea ɛtaa de ntɔkwaw ba kɛse wɔ anuanom ntam no ne awofo dɔ. Adwene ho ɔbenfo Lee Salk gye tom sɛ: “Ɔkwan biara nni hɔ sɛ ɔwofo betumi adɔ ne mma nyinaa pɛpɛɛpɛ efisɛ wɔyɛ nnipa ahorow ahorow na akyinnye biara nni ho sɛ ɛsono sɛnea wɔn mu biara yɛ n’ade wɔ yɛn [awofo] ho.”
Ná eyi yɛ nokware wɔ Bible mmere so. Na tete agya panyin Yakob (Israel) “dɔ [Yosef] sen ne mma nyinaa.” Ne nuanom no bo fuwii titiriw wɔ saa asɛm yi ho bere a Yakob ‘pam batakari bi’ a ɛda adi sɛ ɛyɛ atade a nnipa atitiriw na wɔhyɛ maa Yosef no. (Genesis 37:3) Wɔ bere bi akyi no wɔn nitan no kowiee ɔtan a ɛma wodi awu mu. Saa ara nso na sɛ ɛba bɛyɛ te sɛ nea w’awofo pɛ wo nuabarimanom anaa wo nuabeanom mu biako asɛm titiriw a ebetumi ayɛ yaw. Nanso ebinom de ɛyaw nka a wɔte no gu wɔn nuanom no so!
Nitan So Di
Anuanom ntam nitan taa yɛ nea efi nokwasɛm a ɛyɛ sɛ “onipa komam adwene yɛ bɔne fi ne mmofra ase” no mu. (Genesis 8:21) Na “koma mu na adwemmɔne fi.” (Mateo 15:19) Abeawa bi a ne din de Lynn kaakae sɛnea ɔtwee ne nuabea ho ninkunu araa ma bere a ne nsam bui mpo no, Lynn totoo n’ano sɛ ɔhyɛɛ da na ɔyɛɛ saa! Adwene a enti osusuw sɛ ɔyɛɛ saa no? Sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛde ne ho a ɔremmoa Lynn mma ɔmmobɔ mpasotam. Ɛda adi sɛ, Lynn nitan ho nkate no fi ne komam nsusuwii a ɛdaadaa no mu mmom sen tebea ankasa a na ɛwɔ hɔ no.
Saa ara nso na ebetumi aba bere a obi nya nitan esiane sɛ ɔwofo bi pɛ ne nua bi asɛm no. “Nitan yɛ nnompe mu porɔw.” (Mmebusɛm 14:30) Na mpɛn pii no ntease pa biara nni hɔ a enti ɛsɛ sɛ ɛma abufuw fi ase. Wɔ Yakob fam no, kae sɛ ná Yosef yɛ ne yere Rahel a na ɔdɔ no a wawu no ba. Nokwarem no na ɔte nka sɛ ɔbɛn ne ba yi titiriw! Nanso Yakob dɔ a na ɔwɔ ma Yosef no anyi ne mma afoforo no amfi mu, efisɛ ɔdaa sɛnea na osusuw wɔn yiyedi ho ankasa no adi. (Genesis 37:13, 14) Saa ara nso na ebia w’awofo bɛka akɔ wo nuanom biako ho esiane nneɛma bi nti. Nanso eyi nkyerɛ sɛ wɔnnɔ wo. Enti sɛ wote abufuw anaasɛ nitan nka a, hu sɛ wo koma a ɛnyɛ pɛ no na adi wo so. Bɔ mmɔden di nkate ahorow a ɛte sɛɛ no so.
Onua a wowɔ no nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ ɛde anuanom ntam ntɔkwaw ba—titiriw sɛ wobɔ mmɔden sɛ wode Bible nnyinasosɛm bedi dwuma a.a Ampa, anuanom a wowɔ no wɔ ne nsɛnnennen. Nanso ‘mfaso a ɛwɔ so no boro nea ɛnyɛ mfaso no so.’
[Ase hɔ nsɛm]
a Yɛbɛka eyi ho nsɛm pii wɔ asɛm bi a ɛbɛba daakye mu.
[Kratafa 20 mfoni]
Onuabarima anaa onuabea a wone da ɔdan koro mu no betumi de ntɔkwaw ankasa aba