Mmofra Bisa Sɛ . . .
Mɛyɛ Dɛn Ayɛ Nhwɛso Pa Ama Me Nuanom Nkumaa?
NA PAUL nim sɛ ne nua kumaa no pɛ television hwɛ yiye. Enti da koro ne ho dwiriw no bere a ohui sɛ wadum afiri no bere a dwumadi bi rekɔ so no. Dɛn nti na ɔyɛɛ saa? Paul nua no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Na ɛyɛ dwumadi a ɛho ntew. Minim sɛ ɛyɛ wo a anka wubedum no, enti na m’ankasa dum no no.”
Enti bere a Paul nnim mpo no, na wayɛ nhwɛso a ne nua kumaa no di akyi—na hwɛ nhwɛso pa ara a ɛyɛ. So wowɔ anuanum nkumaa? Ɛnde nea woka anaa woyɛ no betumi anya wɔn so nkɛntɛnso saa ara. Nhoma Sibling Rivalry, a Seymour V. Reit kyerɛwee no ka sɛ: “Ade a ɛma obi suasua ne nua panyin no mu yɛ den yiye, na ɛno na ɛkyerɛ abofra ketewaa no nneyɛe mu fã kɛse kwan. Anuanom mpanyimfo yɛ wɔn a wosua wɔn.”
Enti sɛ wopɛ anaasɛ wompɛ no, esiane sɛ woyɛ onua panyin na w’adwenem abue kakra nti, akyinnye biara nni ho sɛ wo nuanom nkumaa de wo bɛyɛ wɔn nhwɛso. Ebia wɔbɛbɔ mmɔden sɛ wobesuasua sɛnea wokasa na woyɛ nneɛma. Nokwarem no, ɛtɔ da bi a, sɛ wobɛyɛ nhwɛso pa ama wo nuanom bere nyinaa no yɛ den.a Linda, abeawa bi a onnii mfe aduonu no ka sɛ: “Me nkutoo na meyɛ nhwɛso ma obiara. Enti me maame ka sɛ ɛno nti na ɛsɛ sɛ meyɛ adepa wɔ sukuu no . . . Mewɔ asɛyɛde pii dedaw.” Sɛ mote fie a ɔwofo no yɛ obiako pɛ mu titiriw a, nhyɛso no betumi ayɛ nea emu yɛ den. Abarimaa bi kyerɛw ne nuanom nkumaa ho asɛm sɛ: “Ɛte sɛ nea me ne wɔn agya.”
Nanso, onuapanyin a obi yɛ no so wɔ mfaso. Sɛ nhwɛso no, ɛma wutumi nya wo nuanom so nkɛntɛnso pa. Ma yɛnhwɛ nea eyi kyerɛ.
Wɔ Fie
Tete bɛ bi ka sɛ: “Wɔde nyansa na esi dan, na wɔde nhumu ma egyina.” (Mmebusɛm 24:3) Nokwarem no, w’awofo na ɛsɛ sɛ wosiesie mo fie no, wɔn na wɔbɛma ɛhɔ ayɛ asomdwoe ne ahotɔbea. Nanso sɛ w’ankasa da nyansa ne nhumu adi a, wubetumi aboa yiye ma anigye aba mo abusua no mu.
Sɛ nhwɛso no, sɛ Mama anaa Papa ka sɛ kɔtow nwura gu anaa pra wo dan mu a, dɛn nawoyɛ? Wobrɛ wo ho ase? Woyɛ osetie? Anaasɛ wotew atua na woyɛ nyiyiano? Sɛ saa a, sɛ wo nuanom nkumaa no nso fi ase yɛ nyiyiano a, mma ɛnyɛ wo nwonwa. Ade a nyansa ne ntease wom a ɛsɛ sɛ woyɛ ne sɛ wubetie nsɛm a ɛwɔ Mmebusɛm 1:8 no: “Me ba, tie w’agya nteɛso, na mpo wo na mmara.”
Nokwarem no, ɛtɔ da bi a na wowɔ nea enti a ɛsɛ sɛ wokasa ho. Abeawa bi a wadi mfe 18 de awerɛhow kae sɛ: “Misusuw sɛ me maame mfa asodi ahe biara nto me nuabarimanom baanu no so. Biribiara ho asodi da me so: fie adwuma, nhwɛso pa a ɛsɛ sɛ wɔyɛ, biribiara.” Ebia ntease wɔ n’asɛm no mu. Nanso sɛ anka wobɛtew atua no, so ɛnyɛ papa sɛ wo ne w’awofo besusuw asɛm no ho bɔkɔɔ wɔ obu kwan so? Wubetumi ama wɔahu wo nkate ne nea wususuw sɛ ɛbɛma tebea no ayɛ yiye no. Ɛdenam w’awofo a wo ne wɔn bɛkasa so no, ɛnyɛ sɛ wobɛma asetra ayɛ anigye ama wo nko, na mmom na worekyerɛ wo nuanom nkumaa no ɔkwan a wɔfa so di nsɛnnennen ho dwuma te sɛ ɔpanyin.
Nanso kae sɛ, wo ne w’awofo ka asɛm no wie a, wɔn na wobesi gyinae a etwa to wɔ asɛm no mu. Enti ma w’ani nnye wɔn gyinaesi no ho. Wɔ saa kwan yi so nso no, na woreyɛ nhwɛso pa ama wo nuanom nkumaa no.
Fie adwumayɛ a wubedi kan ayɛ no betumi ama woakwati ɛho akasakasa a emu yɛ den. Ɔkwan foforo so no, so bere biara wɔka kyerɛ wo sɛ nyi wo ntade ngu fam, anaasɛ wusiesie nneɛma a wɔnka nkyerɛ wo? Nhwɛso pa a wobɛyɛ wɔ eyi mu a wonkasa yi bɛma wo nuanom nkumaa no mu bi ahu sɛ wɔ abusua no mu no, ɛsɛ sɛ obiara soa n’ankasa adesoa na ama nneɛma akɔ yiye.—Fa toto Galatifo 6:5 ho.
Wɔ Sukuu
‘Mempɛ sukuukɔ.’ ‘Minhu nea enti a ɛsɛ sɛ mekɔ. Minsua hwee.’ ‘Bere biara a menya hokwan no, megyae sukuu.’ Wɔtaa te sɛ mmofra ka sukuu ho adwemmɔne ho nsɛm yi. Na so wo nuanom nkumaa te sɛ wokasa saa? So wohu sɛ wontaa nkɔ sukuu? Eyi betumi anya wɔn nneyɛe wɔ sukuu ho no so nkɛntɛnso.
Nhwɛso pa a wobɛyɛ no kyerɛ sɛ wobenya sukuukɔ ho adwempa a ɛfata. Ebia eyi renyɛ mmerɛw. Nanso kae sɛ: Sukuukɔ betumi aboa ma woanya nkɔso wɔ adwene ne honhom mu nyinaa. Bere koro no ara mu no, ebetumi aboa ma woasua biribi a sɛ wunyin a wode bɛhwɛ wo ho. Nhoma Questions Young People Ask—Answers That Work wɔ ɔfa bi a wɔato din sɛ “School and Work.”b Eyi kura nsɛm a ɛso wɔ mfaso a ebetumi ama woanya adesua ho adwempa.
Akyinnye biara nni ho sɛ sukuukɔ ho adwempa bɛma wo nuanom nkumaa anya adwene koro no ara. Na ɛdenam anigye a wokyerɛ wɔ wɔn mmɔdenbɔ ne fie dwumadi ho —na wufi wo pɛ mu boa wɔn bere ne bere mu so no—wubetumi aboa ma wɔahu ade pii. Nanso sɛnea woyɛ w’ade wɔ sukuu no nso ɛ? Ɔkwan bɛn so na wo ne akyerɛkyerɛfo, afotufo ne sukuu mu mpanyimfo di? So woyɛ obi a ɔma anobow, wopɛ akyinnyegye anaasɛ woyɛ nhwɛso pa denam obu a wokyerɛ ma mpanyimfo no so?—Fa toto Tito 3:1, 2 ho.
Wo nuanom no behu nnamfo a wofa no nso. Sɛ wufi ase ne wɔn a wɔwɔ nnipadɔm a “wɔaba so” no bɔ fekuw a, ebetumi ama “wɔaba” Onyankopɔn nkyɛn! Kyerɛwsɛm a yɛtaa fa ka asɛm, 1 Korintofo 15:33 New World Translation, bɔ kɔkɔ sɛ: “Mommma wɔnnnaadaa mo! Fekubɔ bɔne sɛe abrabɔ a mfaso wɔ so.” Bere koro no ara mu no, wobɛto nhyɛase a asiane wom ama wo nuanom. Abofra bi a Kristoni bea tetee no no powee sɛ ɔbɛfa Yehowa akwan so, na ofii ase ne mmofra bi a wɔnom nnubɔne bɔɔ fekuw. Ankyɛ na ofii ase nom nnubɔne. Osuroe sɛ ne nua kumaa no bedi ne nhwɛso bɔne no akyi nti, ɔbɔɔ no kɔkɔsɛ: “Nnom nnubɔne da!” Nanso ne nneyɛe no nyaa nkɛntɛnso sen ne nsɛm, nti ne nua no fii ase bɔɔ fekubɔne koro no ara. Akyinnye biara nni ho sɛ, worempɛ sɛ w’ahonim bɛhaw wo sɛ wato w’ankasa nua hintidua!—Fa toto Mateo 18:7 ho.
Nhwɛso a Wobɛyɛ Wɔ Ɔsom Mu
Wɔ Kristofo mmofra fam no, nea ɛho hia yiye ne sɛ wɔbɛyɛ nhwɛso pa wɔ ɔsom ho nsɛm mu. Ɛnyɛ sɛ w’anidahɔ, obu a emu dɔ, ne kasa a ɛhyɛ nkuran no bɛma wo soro Agya no koma ani agye nko, na mmom ebetumi anya wo nuanom nkumaa so nkɛntɛnso pa a ɛbɛtra hɔ daa.—Mmebusɛm 27:11.
Sɛ nhwɛso no: Baguam asɛnka yɛ den ma Yehowa Adansefo mmofra binom. (Mateo 24:14; 28:19, 20) Te sɛ Yeremia a ɔtraa ase tete mmere mu no, mmofra no bi te nka sɛ wɔmfata. (Fa toto Yeremia 1:6 ho.) Ebinom mpo fɛre sɛ wɔn nnamfo behu wɔn sɛ wɔreyɛ nkwagye adwuma yi. So ɛte sɛ nea su horow a ɛnteɛ yi siw wo nuanom no kwan? Sɛ saa a, ɛnde nya adwempa wɔ asɛnka adwuma no ho. Fa yɛ wo suban sɛ wo ne w’abusua no bɛkɔ asɛnka daa. Sɛ wo nuanom hu sɛ worenya anigye ne akomatɔyam wɔ adwuma yi yɛ mu a, ebetumi ama wɔasuasua wo gyidi.—Fa toto Hebrifo 13:7 ho.
Fa abeawa bi a onnii mfe aduonu a ne din de Crystal no sɛ nhwɛso. Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Me botae ne sɛ mede anyɛ yiye koraa no, asram abien bɛyɛ akwampae boafo afe biara wɔ ahohuru bere mu.”c Nkɛntɛnso bɛn na ne mmɔdenbɔ no anya wɔ ne nuabarima kumaa no so? Crystal ka sɛ: “Me nuabarima a wadi mfe 12 no kyɛ wɔ asɛnka adwuma no mu fi bere a mifii ase yɛɛ eyi no.”
Kristofo nhyiam horow nso ma wunya hokwan foforo a wode bɛyɛ nhwɛso pa. Ɛyɛ Kyerɛwnsɛm mu ahwehwɛde sɛ wobɛkɔ daa. (Hebrifo 10:24, 25) Dɛn nti na wonkyerɛ wo nuanom sɛnea wobetumi ayɛ nhyehyɛe pa na wɔadi so na wɔatumi ayɛ wɔn sukuu adwuma ntɛm na ama wɔatumi akɔ nhyiam horow no? Sɛ wohu sɛ wusiesie wo ho yiye ma nhyiam horow no bere nyinaa, na wobɔ mmɔden de wo ho hyem a, wobetumi asua sɛnea wobenya mu anigye pii.
Sɛ wobɛtra ase ma ɛne nea Onyankopɔn hwehwɛ ahyia no nyɛ mmerɛw. Nanso Onyankopɔn hwehwɛ sɛ Kristofo mmofra nyinaa “yɛ nhwɛso . . . ɔkasa mu, abrabɔ mu, ɔdɔ mu, gyidi mu, ahotew mu” sɛ wɔwɔ anuanom anaa wonni bi. (1 Timoteo 4:12) Dɛn nti na wumfi ase wɔ fie? Saa a wobɛyɛ no betumi de nsakrae pa kɛse—aba wo nuanom asetra ne wo de nso mu!
[Ase hɔ nsɛm]
a Hwɛ asɛm “Dɛn Nti Na Ɛsɛ sɛ Me Yɛ Nhwɛso Ma Me Nuanom Nkumaa?” wɔ October 22, 1989, Awake! mu.
b Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc. na wotintimii.
c Wɔ Yehowa Adansefo mu no, ɔkwampae boafo de nnɔnhwerew 60 ka asɛm wɔ asɛmpaka adwuma no mu.
[Kratafa 20 mfoni]
Sɛnea wo no w’awofo di no betumi anya sɛnea wo nuanom ne wɔn bedi no so nkɛntɛnso