Mmofra Bisa Sɛ . . .
Mɛyɛ Dɛn Atumi Ade Me Ho Afi Me Nua Mmɔdenbɔ a Akɛntɛn Me So no Ho?
“Na anka mepɛ sɛ nkurɔfo hu me nipaban ankasa, nanso bere nyinaa na mete nka sɛ ɛsɛ sɛ meyɛ m’ade sɛnea me nuabeanom ayɛ de agye din no. Metee nka sɛ mintumi nnu nea me nuabeanom ayɛ no ho da.”—Clare.
SO WOWƆ nuabarima anaa nuabea bi a ɛte sɛ nea onim biribiara yɛ? So w’awofo taa hyɛ wo nkuran sɛ suasua wo nua a ɔte saa no? Sɛ ɛte saa a, ebia wubesuro sɛ ne mmɔdenbɔ bɛkɔ so akɛntɛn wo so—ɛne sɛ, bere nyinaa wɔde wo bɛtoto nea wayɛ ho ansa na woahu bo a wosom.
Barrya nuabarimanom mpanyimfo no nyinaa awie Asomfo Ntetee Sukuub a wobu no kɛse no na wɔyɛ Kristofo a wɔwɔ din pa. Barry ka sɛ: “M’ahotoso ho baa asɛm esiane sɛ metee nka sɛ mintumi nyɛ asɛnka adwuma anaa menkasa baguam te sɛ wɔn nti. Na adamfofa yɛ me den efisɛ na metaa di me nuabarimanom no akyi kɔ baabiara a wɔto nsa frɛ wɔn no. Metee nka sɛ me nuanom nti na na nkurɔfo pɛ m’asɛm no.”
Sɛ wowɔ nua a wɔtaa kamfo no a, ɛrenyɛ den sɛ wubenya ne ho tan. Wɔ Bible mmere no mu no, na aberantewa Yosef da nsow koraa wɔ ne nuabarimanom mu. Ɛkaa ne nuanom no dɛn? “Wɔtan no, na wɔmfa abodwo ne no nkasa.” (Genesis 37:1-4) Nokwarem no, na Yosef yɛ ɔhobrɛasefo. Nanso ebia wo nua no nam ne mmɔdenbɔ a ɔtwe w’adwene kɔ so daa no so bɛma ninkuntwe ne menasepɔw abɛda mo ntam.
Mmabun binom tew atua wɔ eyi nyinaa ho—ebia wɔbɛhyɛ da ama wɔn mmɔdenbɔ wɔ sukuu sɔhwɛ mu aba fam, wɔbɛtew mmɔden a wɔbɔ wɔ Kristofo nnwuma mu no so, anaasɛ wɔbɛyɛ nneɛma bi a ɛyɛ ahodwiriw. Ebia wɔbɛka sɛ sɛ wontumi nyɛ wɔn ade te sɛ wɔn nua de a, ɛnde na ɛho nhia koraa sɛ wɔsɔ biribiara hwɛ. Nanso, awiei koraa no, atuatew bepira wo. Ɔkwan bɛn na wubetumi afa so ade wo ho afi wo nua mmɔdenbɔ a akɛntɛn wo so no ho wɔ ɔkwan a ɛbɛma woanya anigye so?
Nhoahoa Wɔn
Sɛ wohwɛ adwene a wɔtaa de si wo nua so no a, anhwɛ yiye a wubegye adi sɛ ɔyɛ pɛ na wuntumi nyɛ sɛ ɔno da. Nanso, so ɛte saa ankasa? Bible ka no pen sɛ: ‘Yɛn nyinaa ayɛ bɔne, na Onyankopɔn anuonyam abɔ yɛn.’—Romafo 3:23.
Yiw, ɛmfa ho yɛn nuanom mmɔdenbɔ ne wɔn dom akyɛde no, wɔda so yɛ ‘nnipa a wɔtɔ sin’ te sɛ yɛn ara. (Asomafo no Nnwuma 14:15) Biribiara nni hɔ a enti ɛsɛ sɛ wohoahoa wɔn anaasɛ wosom wɔn. Yesu Kristo nkutoo ne onipa a watumi ayɛ nhwɛso a ɛyɛ pɛ pɛn.—1 Petro 2:21.
Sua Biribi Fi Wɔn Nkyɛn!
Afei, bɔ mmɔden hu wo tebea no sɛ ɔkwan a wubetumi afa so asua biribi. Sɛ nhwɛso no, susuw Yesu Kristo nuabarimanom ne nuabeanom no ho hwɛ. (Mateo 13:55, 56) Susuw nneɛma a na anka wobetumi asua afi wɔn nua a na ɔyɛ pɛ no hɔ ho hwɛ! Nanso, “ne nuanom po annye no anni.” (Yohane 7:5) Ebia ahantan ne nitan na esiw wɔn gyidi ho kwan. Ɛyɛ Yesu honhom fam nuanom—n’asuafo—no na wogyee nsa a ofii ayamye mu to frɛe sɛ: “Munsua me” no so. (Mateo 11:29) Yesu wusɔre no akyi ansa na ne honam fam nuanom no behuu sɛnea ɔsom bo fa. (Asomafo no Nnwuma 1:14) Nanso ansa na saa bere no reba no, na wɔahwere hokwan soronko a wonyae a anka wobetumi de asua biribi afi wɔn nua a na ɔda nsow no nkyɛn no.
Kain dii mfomso a ɛte saa ara. Na ne nua Habel yɛ Onyankopɔn akoa a ɔda nsow. Bible ka sɛ “[Yehowa, NW] ani sɔɔ Habel ne n’ayɛyɛde no.” (Genesis 4:4) Nanso, biribi nti, Onyankopɔn ‘ani ansɔ Kain ne n’ayɛyɛde no.’ Na anka Kain betumi ada ahobrɛase adi na wasua biribi afi ne nua no hɔ. Nanso, “Kain bo fuwii pii” na awiei koraa no, okum Habel.—Genesis 4:5-8.
Yɛnka sɛ wubenya abufuw a ɛte saa wɔ wo nua ho. Nanso sɛ woma ahantan ne nitan ba w’akwan mu a, hokwan pii a ɛsom bo betumi ahwere wo. Sɛ wowɔ nua a ɔbɔ mmɔden wɔ nkontaabu mu, waben wɔ abakɔsɛm sua mu, wasua agoru bi a w’ani gye ho ahu no yiye, ɔwɔ nimdeɛ soronko wɔ Kyerɛwnsɛm no mu, anaasɛ ɔbɔ mmɔden wɔ baguam ɔkasa ma mu a, ɛsɛ sɛ woko tia nitan! Anyɛ hwee koraa no, “nitan yɛ nnompe mu porɔw” na ebetumi apira wo. (Mmebusɛm 14:30; 27:4) Sɛ anka wubenya wo nua no ho menasepɔw no, bɔ mmɔden sua biribi fi ne nkyɛn. Gye tom sɛ ɔwɔ adom akyɛde anaa nimdeɛ bi a wunni bi. Hwɛ sɛnea wo nua no yɛ ne nneɛma—anaasɛ, ne papa mu no, ma ɔmmoa wo.
Barry a yɛaka no ho asɛm dedaw no benyaa ne nuanom nhwɛso pa no so mfaso. Ɔka sɛ: “Mihui sɛnea me nuanom no wɔ anigye ankasa no, efisɛ na wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛboa nkurɔfo wɔ asafo no ne asɛnka adwuma no mu. Enti misii gyinae sɛ medi me nuabarimanom no nhwɛso akyi ma enti mede me ho hyɛɛ Ahenni Asa ne Betel adansi adwuma mu. Osuahu a minyae no aboa ma manya me mu ahotoso, na aboa ma me ne Yehowa ntam abusuabɔ mu ayɛ den.”
Nneɛma a Wobɔ Mu Mmɔden a Wubehu
Ebia wusuro sɛ sɛ wusua wo nua suban pa no a, ɛbɛma wo nipasu ankasa ayera. Nanso ɛnsɛ sɛ ɛba saa. Ɔsomafo Paulo hyɛɛ afeha a edi kan no mu Kristofo nkuran sɛ: “Monhwɛ me nsua me!” (1 Korintofo 4:16) So na eyi kyerɛ sɛ Paulo pɛ sɛ wɔsesa wɔn nipasu ankasa? Ɛnte saa koraa. Nneɛma pii wɔ hɔ a wubetumi ada nsow wom. Sɛ wommɔ mmɔden wɔ nkontaabu mu te sɛ wo nua a, ɛnkyerɛ sɛ wotɔ sin. Nea ɛkyerɛ ara ne sɛ woyɛ soronko.
Paulo de afotu a mfaso wɔ so yi ma sɛ: “Ma obiara nsɔ n’ankasa n’adwuma nhwɛ, ɛno na obenya n’ankasa ne ho biribi ahoahoa ne ho, na ɛnyɛ obi ho.” (Galatifo 6:4) Adɛn nti na wommɔ mmɔden mma ɔdom akyɛde ne nimdeɛ a wowɔ no nnya nkɔanim? Ebia ɔman foforo so kasa, nnwinnade a wɔde bɔ nnwom, anaa kɔmputa a wubesua no bɛboa wo ma w’ani agye wo nipasu ho na ɛbɛma woanya nimdeɛ bi a mfaso ankasa wɔ so. Nhaw wo ho sɛ wobɛyɛ nneɛma pɛpɛɛpɛ! Sua sɛnea wobɛyɛ nneɛma yiye, da nsiyɛ ne ahokokwaw adi. (Mmebusɛm 22:29) Ebia wufi awosu mu mmɔ mmɔden wɔ biribi ho, nanso Mmebusɛm 12:24 ka sɛ: ‘nsiyɛfo nsa bedi panyin.’
Nanso, nea ɛho hia titiriw ne wo honhom fam nkɔso. Honhom fam nimdeɛ so mfaso tra hɔ daa sen ɔdom akyɛde biara a afoforo tumi hu no ntɛm ara no. Susuw Esau ne n’ata Yakob ho hwɛ. Esiane sɛ na Esau yɛ “onipa a onim ahayɔ ne ɔhamuni” nti, na n’agya kamfo no paa. Ebetumi aba sɛ mfiase no, na ɛnyɛ den koraa sɛ wobebu ani agu Yakob so esiane sɛ na ɔyɛ “onipa a odwo a ɔte ntamadan mu” nti. (Genesis 25:27) Esau ankɔ so annyin wɔ honhom fam na ɔhweree nhyira pii. Yakob maa n’ani kũũ honhom fam nneɛma ho na Yehowa hyiraa no kɛse. (Genesis 27:28, 29; Hebrifo 12:16, 17) Asuade bɛn na ɛwɔ eyi mu? Ma w’ani nkũ wo honhom fam yiyedi ho ‘na wo kanea nhyerɛn,’ ‘na wo nkɔso bɛda adi ade nyinaa mu.’—Mateo 5:16; 1 Timoteo 4:15.
Clare a yɛadi kan aka ne ho asɛm no ka sɛ: “Na m’ani gye ho sɛ mɛyɛ m’ade sɛ me nuabeanom mpanyimfo no. Nanso akyiri yi misii gyinae sɛ mede Kyerɛwnsɛm mu afotu a ɛka sɛ ‘mentrɛw’ me dɔ mu no bɛyɛ adwuma. Me ne afoforo a wɔwɔ asafo no mu boom yɛɛ asɛnka adwuma, na mehwehwɛɛ akwampa a metumi afa so aboa wɔn a wɔwɔ asafo no mu no. Metoo nsa frɛɛ anuanom mmarima ne mmea pii a ɛsono mfe a wɔadi baa yɛn abusuafie noaa aduan maa wɔn. Seesei, mewɔ nnamfo pii, na manya ahotoso kɛse ankasa.”—2 Korintofo 6:13.
Ebia w’awofo bedi mfomso wɔ bere ne bere mu aka sɛ suasua wo nuabarima anaa wo nuabea. Nanso sɛ wokae sɛ wo yiyedi ho hia w’awofo a, ɛbɛma yawdi no so atew kakra. (Mmebusɛm 19:11) Nanso, ebia ɛbɛyɛ papa sɛ wubefi obu mu ama w’awofo ahu sɛnea ntotoho a ɛte saa a wɔyɛ no ma wote nka. Ebia wɔbɛhwehwɛ akwan foforo de ada wɔn nkate adi.
Mma wo werɛ mmfi da nso sɛ sɛ wosom Yehowa Nyankopɔn a, n’ani rempa wo so. (1 Korintofo 8:3) Barry bɔ ne nyinaa mua sɛ: “Mihu sɛ mpɛn dodow a mesom Yehowa no, dodow no ara na minya anigye kɛse. Sɛnea nkurɔfo kyerɛ me nuabarimanom ho anisɔ no, saa ara na wohu me nipasu ankasa na wɔkyerɛ me ho anisɔ.”
[Ase hɔ nsɛm]
a Wɔasesa edin ahorow no bi.
b Wɔyɛ ma Yehowa Adansefo.
[Mfonini wɔ kratafa 12]
So wɔtaa kyerɛ wo nua ho anigye?
[Mfonini wɔ kratafa 13]
Hwehwɛ wo dom akyɛde ne nneɛma a w’ani gye ho
[Mfonini wɔ kratafa 13]
“Ma wo kanea nhyerɛn” denam wo honhom fam nimdeɛ a wobɛma anya nkɔanim so