Mmofra Bisa Sɛ . . .
Na Sɛ Ɔmfa Ne Dɔ Mma Me Ɛ?
“Mahaw, na mayɛ basaa. Manya ne ho dɔ. Nanso minnim sɛnea ɔte nka wɔ me ho. Dɛn na menyɛ? So ɛsɛ sɛ meka kyerɛ no sɛ medɔ no? Dabi, dabi, mintumi nyɛ saa! Dɛn na afoforo bɛka afa me ho?”—Huda.a
NÁ Huda, Labanonni ababaa bi, anya obi a ɔmfa ne dɔ mma no ho dɔ. Ɛyɛ ɔhaw a abu so. Ababaa foforo a wɔfrɛ no Zeina nso nyaa osuahu a ɛte saa ara. Ɔka sɛ: “Ná mihu no bere nyinaa efisɛ na ɔyɛ yɛn fipamfo. Ná ne ho yɛ fɛ yiye. Enti minyaa ne ho dɔ.”
Nokwarem no, mfomso biara nni ho sɛ wubenya nkate a emu yɛ den ama obi—sɛ ɛkɔba sɛ onii no yɛ obi a Kristoni betumi aware no ma ayɛ yiye a. (Mmebusɛm 5:15; 1 Korintofo 7:39) Saa ara na ɛnyɛ mfomso sɛ ababaa bi bɛpɛ sɛ ɔware nya abusua. Na sɛ wunya obi a ɔfata ho dɔ bere a onnim—anaasɛ ɔnte nka wɔ wo ho—sɛnea wowɔ ma no no nso ɛ?
Ɔdɔ Ho Yare Mu Yaw
Te sɛ Huda no, ebia wobɛte nka sɛ wowɔ nkate fam haw mu. Anigye kɛse a wubenya wɔ bere bi mu no betumi akowie awerɛhodi mu ntɛm ara. Zeina kae sɛ: “Ɛtɔ mmere bi a na mete nka sɛ abeawa a ɔwɔ anigye sen biara wɔ amansan yi mu, na ɛtɔ mmere bi nso a, na mete nka sɛ ɔwerɛhoni a ɔsen biara.” Obi dɔ a ɔmfa mma wo betumi agyaw wo adwennwen, kɔdaanna, ne adwenemhaw mpo.
Bible ka wɔ Mmebusɛm 13:12 sɛ: “[Akwanhwɛ, NW] a ɛkyɛ muba ma koma yare.” Na sɛ akwanhwɛ bi amma mu koraa a, ebetumi ahaw adwene yiye! Ebia wubedwen saa nipa yi ho bere nyinaa, na wo ho bɛpere wo sɛ wobɛte asɛm ketewa biara a ɛfa ne ho. Ebia wobɛfa akwan bi so de atwetwe n’adwene anaa wobɛfa akwan bi a ɛho nhia so ne no abɔ. Na sɛ ɔwɔ hɔ a ɛbɛyɛ den ama wo sɛ wobɛyɛ w’ade ɔkwan a ɛsɛ so.
Nneɛma betumi ahaw adwene yiye bere a ɔdɔ a woda no adi no ma ɔde n’adwene si wo so, na afei mmere foforo no ɔyɛ n’ade sɛ nea onni wo ho anigye biara no. Na sɛ wuhu sɛ onya obi foforo ho bere anaa ɔreda ayamye anaa nidi ketewa bi adi akyerɛ afoforo a, ebetumi ama woatwe ninkunu. Bible ka sɛ: “Anibere yɛ atirimɔden, na abufuw yɛ ɔbrammiri, na hena na obetumi agyina ninkuntwe anim?”—Mmebusɛm 27:4.
Huda gye toom sɛ: “Metwee ninkunu a ɛte saa araa ma sɛ mansesa me su a, anka mebɔɔ dam.” Ebetumi ama woatan wo ho nso. Huda kae sɛ: “Mibuu me ho fɔ sɛ minyaa ɔdɔ maa obi a ɔnnɔ me, na merehaw me ho.”
Bere a wɔ Atɔe fam nsase so no, ababaa bi betumi afi ne pɛ mu afrɛ aberante bi ada ne nkate adi akyerɛ no no, ɛnyɛ mmabaa nyinaa na wobetumi ayɛ saa. Na wɔ aman bi mu no, wobebu no sɛ nea ɛmfata anaa biribi a ɛnteɛ mpo sɛ ɔbea befi ne pɛ mu ayɛ saa. Ɛnde, dɛn na wubetumi ayɛ bere a woanya obi ho dɔ, nanso ɔmfa ne dɔ mma wo no?
Wo Nkate a Wobɛhwehwɛ Mu Yiye
Nea edi kan no, bɔ mmɔden tɔ wo bo ase hwehwɛ wo nkate ahorow mu wɔ ɔkwampa so. Bible bɔ kɔkɔ sɛ: “Nea ne ho da ne koma so no yɛ ɔkwasea.” (Mmebusɛm 28:26) Dɛn ntia? Efisɛ yɛn koma daadaa yɛn mpɛn pii. (Yeremia 17:9) Na mpɛn pii no, nea yɛte nka sɛ ɛyɛ ɔdɔ no dan biribi foforo. Huda gye toom sɛ: “Ná mihia obi a obenya me ho bere na wadɔ me. Na mihia obi a ɔbɛdɔ me na wahwɛ me. Efi me mmofraberem no minnyaa obi nnɔɔ me da. Ɛno haw me yiye.” Sɛ wufi abusua a ɔdɔ nnim anaa nea basabasayɛ wom mu a, saa ara na ebia wobɛhwehwɛ ɔdɔ na woahwɛ kwan sɛ wobegye wo atom. Nanso so ɔbarima ne ɔbea ntam dɔ ne ano aduru?
Awerɛhosɛm ne sɛ nnipa a wɔte nka sɛ wonni anigye na wɔyɛ ankonam no ntaa nyɛ aware mu ahokafo pa. Wɔkɔ aware bere a wɔhwɛ kwan sɛ wɔn nsa bɛka nea wɔte nka sɛ wohia paa no. Nanso nokware anigye fi ɔma mu, ɛnyɛ ogye mu. (Asomafo no Nnwuma 20:35) Na ɔbea tumi siesie ne ho yiye ma aware bere a n’ankasa wɔ ne ho mu ahotoso pa, na ‘ɔnhwɛ ne nko de, na mmom afoforo de nso no.’—Filipifo 2:4.
Sɛ wo ho pere wo sɛ wobɛware a, ɛyɛ mmerɛw koraa sɛ, sɛ ɔbarima anaa ɔbea kyerɛ wo ho anigye kakra a, wobɛyɛ ade ma atra so. Ɛtɔ mmere bi a nnamfo ne abusuafo na ɛma ababaa bi nya ɔbarima ne ɔbea ntam dɔ ho akɔnnɔ. Aman bi twe adwene si so kɛse sɛ abeawa bi bɛware bere a ɔsõ aware pɛ no. Women in the Middle East nhoma no ka sɛ: “Sɛ ɔbea reyɛ adi mfe aduasa, na ɔda so ara yɛ ɔhokwafo a, ɛhaw n’abusuafo yiye.” Esiane sɛ abusua nidi ho asɛm wom nti, ebia agya bi bɛbɔ mmɔden sɛ ɔde ne babea bɛma aware bere a osua koraa no.
Nanso, ɛsɛ sɛ wosusuw Bible nnyinasosɛm ahorow ho mmom sen amammerɛ. Na Kyerɛwnsɛm no hyɛ mmofra nkuran sɛ wɔntwɛn nkosi sɛ ‘wɔn baabun bɛsõ aware’ ansa na wɔaware. (1 Korintofo 7:36) Na sɛ wote nka sɛ wo nnamfo anaa w’awofo rehyɛ wo ɔkwan a ɛmfata so sɛ ware nso ɛ? Bible ka kyerɛ yɛn sɛ Sulemit abeawa a na osuro Nyankopɔn no kaa ne mfɛfo ntam sɛ ‘wonnnyan anaa wɔnnhwanyan ɔdɔ a ɛwɔ ne mu no kosi bere a ɛno ara pɛ.’ (Nnwom mu Dwom 2:7) Ebia ka a wobɛka saa pintinn no bɛsow aba, titiriw no, sɛ w’awofo suro Nyankopɔn a.
Nokware no a Wobɛma Ada Adi
Nanso, ɛsɛ sɛ awiei koraa no, woma nokware a ɛfa onipa a wote nka sɛ wodɔ no ho no da adi. Saa a wobɛyɛ no nyɛ mmerɛw, na ɛbɛhaw wo wɔ nkate fam. Nanso Kyerɛwnsɛm no tu fo sɛ: “Tɔ nokware, na ntɔn.” (Mmebusɛm 23:23) Bisa wo ho sɛ, ‘So ntease pa bi nti na medɔ no? Nneɛma bɛn na minim fa saa nipa yi ho ankasa? Dɛn na minim fa ne nsusuwii, ne nkate, n’adwenkyerɛ, ne su, n’abrabɔ, ne mmɔdenbɔ, ne dom akyɛde, ne n’asetra kwan ho?’
Ade biako nso a ɛsɛ sɛ wususuw ho ne sɛ ebia onipa no akyerɛ wo ho anigye ankasa anaa ɔnkyerɛe no. Mpɛn pii no, yetumi nya ayamye anaa adamfofa ara kwa ho adwene a ɛmfata. Huda kae sɛ: “Ná ɔreda ayamye adi ara akwa, nanso minyaa ne nsɛm ne ne nneyɛe no ho adwene sɛ ɔrekyerɛ m’ankasa ho anigye efisɛ na mepɛ no saa. Bere a mihui sɛ n’ani nnye me ho no, mefɛree. Metee nka sɛ memfata no, ne sɛ asɛm wɔ me ho.”
Ebia woate nka saa ara esiane asɛm bi a ɛte saa nti. Nanso, hu sɛ gye a saa nipa yi ani annye wo ho no nkyerɛ sɛ obiara ani nnye wo ho. Anyɛ yiye koraa no, ɛnyɛ ɔno nko ne aberante a ɔwɔ wiase!
Ɔhaw no a Wubedi So
Ne saa mpo no, ebegye bere bi ansa na woadi wo nkate no so. Dɛn na ebetumi aboa? Ade biako ne sɛ wobɛka ho asɛm akyerɛ ‘nokware adamfo’ bi—Kristoni a ne ho akokwaw a obetie wo. (Mmebusɛm 17:17) Ebia ɔbea bi a ne mfe akɔ anim wɔ asafo no mu a wubetumi aka ho asɛm akyerɛ no. Kristofo a wɔyɛ awofo nso betumi adi dwuma titiriw de mmoa ama. Zeina ka sɛ: “Kristoni bea bi a ɔwɔ yɛn asafo mu huu me haw no, na ofii ahokokwaw mu boaa me. Minyaa abotɔyam kaa biribiara kyerɛɛ no. Ɔhyɛɛ me nkuran sɛ menka nkyerɛ m’awofo. Enti meka kyerɛɛ wɔn, na wɔtee m’ase boaa me.”
Kae tumi a mpaebɔ wɔ no nso. (Dwom 55:22) Huda ka sɛ: “Yehowa mpae a mebɔe no boaa me ma midii me yawdi no so. Mekenkan Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma mu nsɛm a mfaso wɔ so no nso.” Bio nso, ɛho hia sɛ worentew wo ho. (Mmebusɛm 18:1) Ɛne afoforo mmɔ. Zeina ka sɛ: “Ade foforo a ɛboaa me ne sɛ na mehwehwɛ biribi yɛ bere nyinaa, na mebɛyɛɛ ɔkwampaefo [bere nyinaa ɔsɛmpakafo]. Me ne mmea foforo a wɔwɔ asafo no mu bɔe kɛse nso. Eyi boaa me ma mituu mpɔn wɔ honhom fam.”
Bible ka sɛ “ɔdɔ wɔ ne bere,” na ebetumi aba sɛ bere a ɛsɛ mu no, wubehyia obi a ɔde ne dɔ bɛma wo. (Ɔsɛnkafo 3:8) Yehowa Nyankopɔn bɔɔ nnipa sɛ wonnya aware mu dɔ mu anigye, na ebia awiei koraa no wo nso wubetumi anya saa nsiesiei pa a yɛn Yɛfo Kunini no ayɛ no. Enkosi saa bere no, dɛn nti na womfa wo sigyadi bere a ‘adwennwen nnim’ no nyɛ pii, sɛnea ɔsomafo Paulo ka no? (1 Korintofo 7:32-34) Sɛnea ɛte biara no, wubetumi anya awerɛhyem sɛ Bible bɔhyɛ a edi so yi bɛbam: “Wubue wo nsam, na woma ateasefo nyinaa nya nea wɔpɛ di mee.”—Dwom 145:16.
[Ase hɔ asɛm]
a Wɔasesa edin no bi na amma wɔanhu wɔn a yɛreka wɔn ho asɛm no.
[Kratafa 17 mfonini]
Ɛtɔ mmere bi na sɛ obi yɛ yɛn adɔe a, yetumi nya adwene foforo wɔ akyi